2 Samuel 13 (BOATCB)

1 Na Dawid babarima Absalom wɔ nuabaa bi a na ne ho yɛ fɛ yie. Na saa ɔbaa no din de Tamar. Na Amnon a ɔyɛ ne nuabarima no kɔn dɔɔ no. 2 Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kɔsii sɛ ɛbɔɔ no yadeɛ. Na ɔyɛ ɔbaabunu enti, na Amnon susu sɛ ne dɔ no nkɔsi hwee. 3 Na Amnon wɔ adamfo oniferefoɔ bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima. 4 Ɛda koro bi, Yonadab bisaa Amnon sɛ, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no sɛ, “Medɔ Tamar, Absalom nuabaa no.” 5 Yonadab kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛkyerɛ wo deɛ wobɛyɛ. Sane kɔ na kɔda wo mpa so, na hyɛ da yɛ sɛ deɛ woyare no. Sɛ wʼagya bɛhunu wo a, ka kyerɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduane bi mma wo nni. Ka kyerɛ no sɛ, sɛ ɔno brɛ wo aduane di a, wo ho bɛtɔ wo.” 6 Enti, Amnon boapa yareeɛ. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma menni.” 7 Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fie, kɔnoaa aduane maa no. 8 Ɛberɛ a Tamar duruu Amnon efie hɔ no, ɔkɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu, sɛdeɛ sɛ Tamar refotɔ asikyiresiam a ɔbɛhunu. Enti, ɔtoo burodo sononko bi maa no. 9 Nanso, ɔde aduane no guu apaawa so bɛsii nʼanim no, wampɛ sɛ ɔdi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Obiara mfiri ha nkɔ!” Enti, wɔn nyinaa kɔeɛ. 10 Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar sɛ, “Fa aduane no brɛ me wɔ me pia mu, na bubu hyɛ mʼano.” Enti, Tamar maa so de kɔɔ hɔ. 11 Na ɛberɛ a ɔgu so de rema no no, ɔto hyɛɛ ne so, na ɔkaa sɛ, “Wo ne me nna, me nuabaa ɔdɔfoɔ.” 12 Na Tamar teaam sɛ, “Dabi, onua barima! Nni saa nkwaseasɛm no! Ɛnyɛ me saa! Wonim sɛ, sɛ woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛseɛ wɔ Israel. 13 Na ɛhe na anka mede saa aniwuo no bɛfa? Na wɔbɛka sɛ, wo nso woyɛ nkwaseafoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me.” 14 Nanso, Amnon ampene so. Na ɛsiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sene Tamar enti, ɔtoo no monnaa. 15 Ɛhɔ ara, Amnon dɔ no danee ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteateaam sɛ, “Firi ha kɔ ntɛm!” 16 Tamar nso teateaam sɛ, “Dabi. Sɛ worepam me afiri ha seesei no yɛ bɔne kɛseɛ koraa sene deɛ woayɛ me dada no.”Nanso, Amnon ampɛ sɛ ɔbɛtie no. 17 Ɔteaam frɛɛ ne ɔsomfoɔ hyɛɛ no sɛ, “Pam saa ɔbaa yi firi ha, na to ɛpono no mu!” 18 Enti, ɔsomfoɔ no pamoo no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛdeɛ na amanneɛ kyerɛ wɔ ɔhene babaa a ɔyɛ ɔbaabunu ho no. 19 Nanso, Tamar sunsuanee ne batakari no mu, de nsõ guu ne tiri mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de esu sii ɛkwan so. 20 Ne nuabarima Absalom hunuu no bisaa no sɛ, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada anaa? Yɛ dinn, me nuabaa; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wʼakoma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhoni baa wɔ Absalom fie. 21 Ɛberɛ a ɔhene Dawid tee asɛm yi no, ne bo fuu yie. 22 Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso, ɔtan Amnon yie, ɛfiri sɛ, wagu ne nuabaa Tamar anim ase. 23 Mfeɛ mmienu akyi, ɛda koro bi a na wɔretwitwa Absalom nnwan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hyeɛ so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmammarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ. 24 Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Me nnwan nwitwitwafoɔ reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfoɔ bɛba abɛka me ho anaa?” 25 Ɔhene buaa sɛ, “Dabi, me ba. Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo.” Ɛwom sɛ Absalom hyɛɛ no deɛ, nanso wampene sɛ ɔbɛkorɔ, na ɔhyiraa no kosɛkosɛ. 26 Na Absalom kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.”Ɔhene no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa Amnon?” 27 Nanso, ɔhyɛɛ no enti, ɔmaa Amnon ne ahenemma no nyinaa bɛkaa ne ho. 28 Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no sɛ, “Montie! Montwɛn na Amnon mmoro nsã, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ na moakum no. Monnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoɔduru nyɛ.” 29 Enti, Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmammarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfunumu so, na wɔdwaneeɛ. 30 Ɛberɛ a wɔresane akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duruu Dawid asom sɛ, “Absalom akunkum wo mmammarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa.” 31 Ɔhene no huri sii fam, sunsuanee nʼatadeɛ mu, daa fam. Nʼafotufoɔ nyinaa de ahodwirie ne awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, dedaa fam saa ara. 32 Nanso, ankyɛre biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no bɛduruu hɔ kaa sɛ, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Ɛfiri ɛberɛ a Amnon too ne nuabaa Tamar monnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa. 33 Dabi, wo mma no nyinaa nwuwuiɛ saa. Ɛyɛ Amnon nko ara.” 34 Saa ɛberɛ no, na Absalom adwane.Ɔwɛmfoɔ a ɔwɔ Yerusalem ɔfasuo so no hunuu sɛ ɛdɔm kɛseɛ firi atɔeɛ fam reba kuro no mu. Ɔtuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amaneɛ sɛ, “Mahunu sɛ ɛdɔm firi Horonaim ɛkwan a ɛda bepɔ no nkyɛn mu hɔ no so reba.” 35 Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛdeɛ mekaeɛ no.” 36 Ankyɛre na wɔbɛduruiɛ a, wɔretwa adwo, te anisuo, na ɔhene ne ne mpanimfoɔ nso twaa agyaadwoɔ. 37 Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom dwane kɔɔ ne nana barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn. 38 Ɔkɔtenaa Gesur hɔ mfeɛ mmiɛnsa. 39 Na Dawid a afei wagyae Amnon wuo no ho asɛm no pɛɛ sɛ ɔne ne babarima Absalom sane ka bom.

In Other Versions

2 Samuel 13 in the ANGEFD

2 Samuel 13 in the ANTPNG2D

2 Samuel 13 in the AS21

2 Samuel 13 in the BAGH

2 Samuel 13 in the BBPNG

2 Samuel 13 in the BBT1E

2 Samuel 13 in the BDS

2 Samuel 13 in the BEV

2 Samuel 13 in the BHAD

2 Samuel 13 in the BIB

2 Samuel 13 in the BLPT

2 Samuel 13 in the BNT

2 Samuel 13 in the BNTABOOT

2 Samuel 13 in the BNTLV

2 Samuel 13 in the BOATCB2

2 Samuel 13 in the BOBCV

2 Samuel 13 in the BOCNT

2 Samuel 13 in the BOECS

2 Samuel 13 in the BOGWICC

2 Samuel 13 in the BOHCB

2 Samuel 13 in the BOHCV

2 Samuel 13 in the BOHLNT

2 Samuel 13 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 13 in the BOICB

2 Samuel 13 in the BOILNTAP

2 Samuel 13 in the BOITCV

2 Samuel 13 in the BOKCV

2 Samuel 13 in the BOKCV2

2 Samuel 13 in the BOKHWOG

2 Samuel 13 in the BOKSSV

2 Samuel 13 in the BOLCB

2 Samuel 13 in the BOLCB2

2 Samuel 13 in the BOMCV

2 Samuel 13 in the BONAV

2 Samuel 13 in the BONCB

2 Samuel 13 in the BONLT

2 Samuel 13 in the BONUT2

2 Samuel 13 in the BOPLNT

2 Samuel 13 in the BOSCB

2 Samuel 13 in the BOSNC

2 Samuel 13 in the BOTLNT

2 Samuel 13 in the BOVCB

2 Samuel 13 in the BOYCB

2 Samuel 13 in the BPBB

2 Samuel 13 in the BPH

2 Samuel 13 in the BSB

2 Samuel 13 in the CCB

2 Samuel 13 in the CUV

2 Samuel 13 in the CUVS

2 Samuel 13 in the DBT

2 Samuel 13 in the DGDNT

2 Samuel 13 in the DHNT

2 Samuel 13 in the DNT

2 Samuel 13 in the ELBE

2 Samuel 13 in the EMTV

2 Samuel 13 in the ESV

2 Samuel 13 in the FBV

2 Samuel 13 in the FEB

2 Samuel 13 in the GGMNT

2 Samuel 13 in the GNT

2 Samuel 13 in the HARY

2 Samuel 13 in the HNT

2 Samuel 13 in the IRVA

2 Samuel 13 in the IRVB

2 Samuel 13 in the IRVG

2 Samuel 13 in the IRVH

2 Samuel 13 in the IRVK

2 Samuel 13 in the IRVM

2 Samuel 13 in the IRVM2

2 Samuel 13 in the IRVO

2 Samuel 13 in the IRVP

2 Samuel 13 in the IRVT

2 Samuel 13 in the IRVT2

2 Samuel 13 in the IRVU

2 Samuel 13 in the ISVN

2 Samuel 13 in the JSNT

2 Samuel 13 in the KAPI

2 Samuel 13 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 13 in the KBV

2 Samuel 13 in the KJV

2 Samuel 13 in the KNFD

2 Samuel 13 in the LBA

2 Samuel 13 in the LBLA

2 Samuel 13 in the LNT

2 Samuel 13 in the LSV

2 Samuel 13 in the MAAL

2 Samuel 13 in the MBV

2 Samuel 13 in the MBV2

2 Samuel 13 in the MHNT

2 Samuel 13 in the MKNFD

2 Samuel 13 in the MNG

2 Samuel 13 in the MNT

2 Samuel 13 in the MNT2

2 Samuel 13 in the MRS1T

2 Samuel 13 in the NAA

2 Samuel 13 in the NASB

2 Samuel 13 in the NBLA

2 Samuel 13 in the NBS

2 Samuel 13 in the NBVTP

2 Samuel 13 in the NET2

2 Samuel 13 in the NIV11

2 Samuel 13 in the NNT

2 Samuel 13 in the NNT2

2 Samuel 13 in the NNT3

2 Samuel 13 in the PDDPT

2 Samuel 13 in the PFNT

2 Samuel 13 in the RMNT

2 Samuel 13 in the SBIAS

2 Samuel 13 in the SBIBS

2 Samuel 13 in the SBIBS2

2 Samuel 13 in the SBICS

2 Samuel 13 in the SBIDS

2 Samuel 13 in the SBIGS

2 Samuel 13 in the SBIHS

2 Samuel 13 in the SBIIS

2 Samuel 13 in the SBIIS2

2 Samuel 13 in the SBIIS3

2 Samuel 13 in the SBIKS

2 Samuel 13 in the SBIKS2

2 Samuel 13 in the SBIMS

2 Samuel 13 in the SBIOS

2 Samuel 13 in the SBIPS

2 Samuel 13 in the SBISS

2 Samuel 13 in the SBITS

2 Samuel 13 in the SBITS2

2 Samuel 13 in the SBITS3

2 Samuel 13 in the SBITS4

2 Samuel 13 in the SBIUS

2 Samuel 13 in the SBIVS

2 Samuel 13 in the SBT

2 Samuel 13 in the SBT1E

2 Samuel 13 in the SCHL

2 Samuel 13 in the SNT

2 Samuel 13 in the SUSU

2 Samuel 13 in the SUSU2

2 Samuel 13 in the SYNO

2 Samuel 13 in the TBIAOTANT

2 Samuel 13 in the TBT1E

2 Samuel 13 in the TBT1E2

2 Samuel 13 in the TFTIP

2 Samuel 13 in the TFTU

2 Samuel 13 in the TGNTATF3T

2 Samuel 13 in the THAI

2 Samuel 13 in the TNFD

2 Samuel 13 in the TNT

2 Samuel 13 in the TNTIK

2 Samuel 13 in the TNTIL

2 Samuel 13 in the TNTIN

2 Samuel 13 in the TNTIP

2 Samuel 13 in the TNTIZ

2 Samuel 13 in the TOMA

2 Samuel 13 in the TTENT

2 Samuel 13 in the UBG

2 Samuel 13 in the UGV

2 Samuel 13 in the UGV2

2 Samuel 13 in the UGV3

2 Samuel 13 in the VBL

2 Samuel 13 in the VDCC

2 Samuel 13 in the YALU

2 Samuel 13 in the YAPE

2 Samuel 13 in the YBVTP

2 Samuel 13 in the ZBP