2 Samuel 15 (BOATCB)

1 Yei akyi no, Absalom tɔɔ teaseɛnam ne apɔnkɔ, na ɔbɔɔ mmarima aduonum paa sɛ wɔbɛdi nʼanim. 2 Adekyeɛ biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no ɛpono ano. Na sɛ nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim sɛ ɔmmu ho atɛn a, Absalom bɛbisa faako a wɔfirie, na wɔakyerɛ abusuakuo a wɔfiri mu. 3 Na Absalom bɛka sɛ, “Wʼasɛm yɛ dɛ deɛ, nanso ɔhene nni obiara a ɔbɛtie. 4 Sɛ meyɛ ɔtemmufoɔ anka mepɛ. Anka nnipa de wɔn nsɛm bɛba mʼanim, na mabu wɔn atɛn.” 5 Sɛ nnipa pɛ sɛ wɔkoto no a, Absalom mma wɔn nyɛ saa na mmom ɔsɔ wɔn nsa, yɛ wɔn atuu. 6 Absalom yɛɛ saa de nyaa Israelfoɔ no nyinaa wɔ nʼafa. 7 Mfirinhyia ɛnan akyi, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔdeɛ mma AWURADE sɛdeɛ mahyɛ no bɔ no. 8 Ɛberɛ a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no sɛ, ‘Sɛ AWURADE de me sane ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔdeɛ ama no wɔ Hebron.’ ” 9 Ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ, kɔ na kɔdi wo bɔhyɛ so.” Enti, Absalom kɔɔ Hebron. 10 Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa kɔhwanyanee ɔmanfoɔ de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne sɛ, “Sɛ mote totorobɛnto nne pɛ a, monka sɛ, ‘Absalom adi ɔhene wɔ Hebron.’ ” 11 Absalom faa mmarima ahanu firii Yerusalem kaa ne ho a na wɔnnim Absalom nsusuiɛ yi ho hwee. 12 Ɛberɛ a Absalom rebɔ afɔdeɛ no, ɔsoma ma wɔkɔfaa Giloni Ahitofel a na ɔyɛ Dawid fotufoɔ firi ne kurom Gilo baeɛ. Ankyɛre nnipa bebree no ara bɛkaa Absalom ho, na atirisopam no mu yɛɛ den. 13 Ankyɛre, ɔbɔfoɔ bi baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ ɔhene Dawid sɛ, “Israel nyinaa atu di Absalom akyi sɛ wɔayɛ dɔm atia wo.” 14 Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monyɛ no ntɛm na yɛnnwane mfiri ha, ansa na waduru ha, sɛdeɛ amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kuro mu no nyinaa.” 15 Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, “Yɛgyina wʼakyi. Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛ.” 16 Enti, ɔhene no ne ne fiefoɔ sii so kɔɔ prɛko pɛ a wannya biribiara wɔ akyire sɛ ne mpenafoɔ edu bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfie no so. 17 Ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi, 18 maa Dawid akodɔm no bɛtwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔeɛ no yɛ Gitifoɔ ahansia a wɔfiri Gat a ne banbɔfoɔ nso ka ho. 19 Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no sɛ, “Adɛn enti na woka yɛn ho rekɔ? Sane kɔka wo nkurɔfoɔ ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔhɔhoɔ wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asuo. 20 Woduruu ha nnora nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyini anaa? Me mpo, mennim baabi a yɛbɛkorɔ. Sane wʼakyi na kɔfa wʼakodɔm ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokorɛ.” 21 Nanso, Itai ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Mede AWURADE din ne wo ara wo nkwa ka ntam sɛ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a deɛ ɛbɛsi biara mfa me ho, sɛ ɛyɛ nkwa anaa owuo.” 22 Dawid buaa no sɛ, “Ɛyɛ, ka yɛn ho.” Ɛno enti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fiefoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ. 23 Awerɛhoɔ kɛseɛ sii asase no so, ɛberɛ a ɔhene ne nʼakyidifoɔ resene korɔ no. Wɔtwaa Kidron bɔnhwa no de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so. 24 Abiatar ne Sadok ne Lewifoɔ no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara seneeɛ. 25 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok sɛ, “Sane fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ menya AWURADE anim adom a, ɔbɛsane de me aba ama mahunu Adaka no ne ne ntomadan no bio. 26 Nanso, sɛ ɔne me awie a, ma ɔnyɛ deɛ ɛyɛ ma no.” 27 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok sɛ, “Me nhyehyɛeɛ nie: Wo ne Abiatar nyɛ kodɛɛ nsane nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho. 28 Mɛtwɛn wɔ faako a wɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ ɛserɛ no so hɔ kɔsi sɛ mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ɛbɛsi Yerusalem, ansa na makɔ ɛserɛ so.” 29 Enti, Sadok ne Abiatar faa Onyankopɔn Adaka no de sane kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa hɔ. 30 Dawid faa ɛkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔ so no so a, ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne tiri so, ɛnna ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhoɔdie. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn tiri so, twaa adwo ɛberɛ a wɔgu so reforo bepɔ no. 31 Ɛberɛ a obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ, afei deɛ ne ɔfotufoɔ Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao AWURADE, ma Ahitofel ntu Absalom ɛfo bɔne!” 32 Wɔduruu Ngo Bepɔ no atifi baabi a nnipa som Onyankopɔn no, Dawid hunuu Husai a ɔfiri Arki a ɔretwɛn no. Na Husai asunsuane nʼatadeɛ mu, de dɔteɛ afɔre ne tirim, de kyerɛ awerɛhoɔdie. 33 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne me kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. 34 Sane kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom sɛ, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufoɔ sɛdeɛ da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufoɔ no.’ Ɛba saa a, wobɛtumi atia Ahitofel afotuo mu, asɛe no. 35 Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar wɔ hɔ. Ka adwene a wɔafa wɔ me ho, pɛ sɛ wɔkyere me no kyerɛ wɔn, 36 na wɔbɛsoma wɔn mmammarima Ahimaas ne Yonatan na wɔabɛhwehwɛ me, aka deɛ ɛrekɔ so akyerɛ me.” 37 Enti, Dawid adamfo Husai sane kɔɔ Yerusalem, kɔduruu hɔ berɛ korɔ no a Absalom nso duruu hɔ no mu.

In Other Versions

2 Samuel 15 in the ANGEFD

2 Samuel 15 in the ANTPNG2D

2 Samuel 15 in the AS21

2 Samuel 15 in the BAGH

2 Samuel 15 in the BBPNG

2 Samuel 15 in the BBT1E

2 Samuel 15 in the BDS

2 Samuel 15 in the BEV

2 Samuel 15 in the BHAD

2 Samuel 15 in the BIB

2 Samuel 15 in the BLPT

2 Samuel 15 in the BNT

2 Samuel 15 in the BNTABOOT

2 Samuel 15 in the BNTLV

2 Samuel 15 in the BOATCB2

2 Samuel 15 in the BOBCV

2 Samuel 15 in the BOCNT

2 Samuel 15 in the BOECS

2 Samuel 15 in the BOGWICC

2 Samuel 15 in the BOHCB

2 Samuel 15 in the BOHCV

2 Samuel 15 in the BOHLNT

2 Samuel 15 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 15 in the BOICB

2 Samuel 15 in the BOILNTAP

2 Samuel 15 in the BOITCV

2 Samuel 15 in the BOKCV

2 Samuel 15 in the BOKCV2

2 Samuel 15 in the BOKHWOG

2 Samuel 15 in the BOKSSV

2 Samuel 15 in the BOLCB

2 Samuel 15 in the BOLCB2

2 Samuel 15 in the BOMCV

2 Samuel 15 in the BONAV

2 Samuel 15 in the BONCB

2 Samuel 15 in the BONLT

2 Samuel 15 in the BONUT2

2 Samuel 15 in the BOPLNT

2 Samuel 15 in the BOSCB

2 Samuel 15 in the BOSNC

2 Samuel 15 in the BOTLNT

2 Samuel 15 in the BOVCB

2 Samuel 15 in the BOYCB

2 Samuel 15 in the BPBB

2 Samuel 15 in the BPH

2 Samuel 15 in the BSB

2 Samuel 15 in the CCB

2 Samuel 15 in the CUV

2 Samuel 15 in the CUVS

2 Samuel 15 in the DBT

2 Samuel 15 in the DGDNT

2 Samuel 15 in the DHNT

2 Samuel 15 in the DNT

2 Samuel 15 in the ELBE

2 Samuel 15 in the EMTV

2 Samuel 15 in the ESV

2 Samuel 15 in the FBV

2 Samuel 15 in the FEB

2 Samuel 15 in the GGMNT

2 Samuel 15 in the GNT

2 Samuel 15 in the HARY

2 Samuel 15 in the HNT

2 Samuel 15 in the IRVA

2 Samuel 15 in the IRVB

2 Samuel 15 in the IRVG

2 Samuel 15 in the IRVH

2 Samuel 15 in the IRVK

2 Samuel 15 in the IRVM

2 Samuel 15 in the IRVM2

2 Samuel 15 in the IRVO

2 Samuel 15 in the IRVP

2 Samuel 15 in the IRVT

2 Samuel 15 in the IRVT2

2 Samuel 15 in the IRVU

2 Samuel 15 in the ISVN

2 Samuel 15 in the JSNT

2 Samuel 15 in the KAPI

2 Samuel 15 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 15 in the KBV

2 Samuel 15 in the KJV

2 Samuel 15 in the KNFD

2 Samuel 15 in the LBA

2 Samuel 15 in the LBLA

2 Samuel 15 in the LNT

2 Samuel 15 in the LSV

2 Samuel 15 in the MAAL

2 Samuel 15 in the MBV

2 Samuel 15 in the MBV2

2 Samuel 15 in the MHNT

2 Samuel 15 in the MKNFD

2 Samuel 15 in the MNG

2 Samuel 15 in the MNT

2 Samuel 15 in the MNT2

2 Samuel 15 in the MRS1T

2 Samuel 15 in the NAA

2 Samuel 15 in the NASB

2 Samuel 15 in the NBLA

2 Samuel 15 in the NBS

2 Samuel 15 in the NBVTP

2 Samuel 15 in the NET2

2 Samuel 15 in the NIV11

2 Samuel 15 in the NNT

2 Samuel 15 in the NNT2

2 Samuel 15 in the NNT3

2 Samuel 15 in the PDDPT

2 Samuel 15 in the PFNT

2 Samuel 15 in the RMNT

2 Samuel 15 in the SBIAS

2 Samuel 15 in the SBIBS

2 Samuel 15 in the SBIBS2

2 Samuel 15 in the SBICS

2 Samuel 15 in the SBIDS

2 Samuel 15 in the SBIGS

2 Samuel 15 in the SBIHS

2 Samuel 15 in the SBIIS

2 Samuel 15 in the SBIIS2

2 Samuel 15 in the SBIIS3

2 Samuel 15 in the SBIKS

2 Samuel 15 in the SBIKS2

2 Samuel 15 in the SBIMS

2 Samuel 15 in the SBIOS

2 Samuel 15 in the SBIPS

2 Samuel 15 in the SBISS

2 Samuel 15 in the SBITS

2 Samuel 15 in the SBITS2

2 Samuel 15 in the SBITS3

2 Samuel 15 in the SBITS4

2 Samuel 15 in the SBIUS

2 Samuel 15 in the SBIVS

2 Samuel 15 in the SBT

2 Samuel 15 in the SBT1E

2 Samuel 15 in the SCHL

2 Samuel 15 in the SNT

2 Samuel 15 in the SUSU

2 Samuel 15 in the SUSU2

2 Samuel 15 in the SYNO

2 Samuel 15 in the TBIAOTANT

2 Samuel 15 in the TBT1E

2 Samuel 15 in the TBT1E2

2 Samuel 15 in the TFTIP

2 Samuel 15 in the TFTU

2 Samuel 15 in the TGNTATF3T

2 Samuel 15 in the THAI

2 Samuel 15 in the TNFD

2 Samuel 15 in the TNT

2 Samuel 15 in the TNTIK

2 Samuel 15 in the TNTIL

2 Samuel 15 in the TNTIN

2 Samuel 15 in the TNTIP

2 Samuel 15 in the TNTIZ

2 Samuel 15 in the TOMA

2 Samuel 15 in the TTENT

2 Samuel 15 in the UBG

2 Samuel 15 in the UGV

2 Samuel 15 in the UGV2

2 Samuel 15 in the UGV3

2 Samuel 15 in the VBL

2 Samuel 15 in the VDCC

2 Samuel 15 in the YALU

2 Samuel 15 in the YAPE

2 Samuel 15 in the YBVTP

2 Samuel 15 in the ZBP