Daniel 7 (BOATCB)

1 Ɔhene Belsasar adedie afe a ɛdi ɛkan wɔ Babilonia mu no, Daniel soo daeɛ, hunuu anisoadehunu ahodoɔ ɛberɛ a ɔda ne mpa so no. Ɔtwerɛɛ daeɛ no mu nsɛm titire too hɔ. 2 Daniel kaa sɛ, “Mʼanisoadehunu no mu saa anadwo no, mehunuu ɔsoro mframa ɛnan a ɛrebobɔ fa ɛpo kɛseɛ no so. 3 Afei, mmoa akɛseɛ ɛnan bi pue firii ɛpo no mu a wɔn mu biara bɔbea nko. 4 “Na aboa a ɔdi ɛkan no te sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban. Mehwɛɛ no ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔpagyaa no ma ɔgyinaa ne nan mmienu so te sɛ onipa. Na wɔmaa no onipa adwen. 5 “Afei, mehunuu aboa a ɔtɔ so mmienu a na ɔte sɛ sisire. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfempadeɛ mmiɛnsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɔre na we ɛnam a wobɛtumi!’ 6 “Yei akyi no, mehunuu aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban ɛnan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a ɛtuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ tire ɛnan, na wɔmaa no tumi kɛseɛ. 7 “Yei akyi no, mʼanisoadehunu anadwo no, mehunuu aboa a ɔtɔ so ɛnan a ne ho yɛ hu yie, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛseɛ a ɛyɛ dadeɛ na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn na wawe, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. Ɔda nso koraa wɔ mmoa nkaeɛ no mu. Na ɔwɔ mmɛn edu. 8 “Ɛberɛ a megu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforɔ bi pueɛ wɔ mmɛn dada no ntam, na ɛtutuu mmɛn dada no mu mmiɛnsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so. 9 “Megu so rehwɛ no,“mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ,na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase.Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi.Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframana nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram. 10 Na ogya a ɛte sɛ asubɔntentene firii nʼanim baeɛ.Abɔfoɔ mpempem kotoo no,na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.Abadwafoɔ no tenaa ase,na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu. 11 “Na mekɔɔ so hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔkumm aboa no, na wɔtoo no twenee ogyaframa a ɛrederɛ framfram no mu. 12 Mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi firii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛree kakra. 13 “Anadwo a menyaa mʼanisoadehunu no, mehwɛ hunuu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no, wɔdii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. 14 Wɔmaa no tumi, animuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahodoɔ nyinaa somm no. Nʼahennie yɛ daa ahennie a ɛtoɔ rentwa da. Nʼahemman yɛ deɛ ɛrensɛe da.” 15 “Me, Daniel, deɛ mehunuiɛ no nyinaa haa me wɔ honhom mu, na mʼanisoadehunu no bɔɔ me hu. 16 Enti, mekɔɔ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no mu baako, kɔbisaa no saa nneɛma no nyinaa ase.“Ɔkyerɛɛ me aseɛ sɛ: 17 ‘Saa mmoa akɛseɛ ɛnan yi gyina hɔ ma ahemman ɛnan a wɔbɛsɔre asase so. 18 Nanso, Ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bɛgye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’ 19 “Afei, mepɛɛ sɛ mehunu aboa a ɔtɔ so ɛnan no a na ɔda nso wɔ nkaeɛ no mu no nkyerɛaseɛ. Na ne ho yɛ hu yie, na ɔde ne se a ɛyɛ dadeɛ ne nʼabɔwerɛ a ɛyɛ kɔbere no tete mmoa a ɔkyere wɔn no we, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. 20 Afei, mepɛɛ sɛ mete mmɛn edu a na ɛtuatua ne tiri ho ne deɛ ɛpuee akyire no ase. Ɛbɛsɛee deɛ na ɛwɔ hɔ dada no mu mmiɛnsa, na yei yɛ abɛn a ɛdi mu kyɛn nkaeɛ no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so. 21 Mehwɛeɛ no, na saa abɛn yi atu ateneneefoɔ no so sa redi wɔn so nkonim, 22 kɔsii sɛ, Deɛ ɔwɔ ho firi Tete no baeɛ, bɛbuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefoɔ no dii bem. Afei, ɛberɛ duruiɛ sɛ, wɔfa ahemman no. 23 “Afei, ɔkyerɛɛ me aseɛ sɛ, ‘Saa aboa a ɔtɔ so ɛnan yi yɛ ahemman a ɛtɔ so ɛnan a ɛbɛba asase so. Ɛbɛda nso wɔ ahemman a aka no nyinaa mu. Ɛbɛmene asase nyinaa, na atiatia so abubu no asinasini. 24 Ne mmɛn edu no yɛ ahemfo edu a wɔbɛfiri saa ahemman no mu. Afei, ɔhene foforɔ bɛsɔre a ɔda nso wɔ edu a aka no mu a ɔbɛbrɛ ahemfo no mu mmiɛnsa ase. 25 Ɔbɛkasa atia Ɔsorosoroni no, na wahyɛ ahotefoɔ no so. Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ, ɔbɛsesa wɔn afahyɛ kronkron ahodoɔ ne wɔn mmara no, na wɔde wɔn ahyɛ nʼase kɔsi mmerɛ bi. 26 “ ‘Nanso, abadwafoɔ bɛtena ase, na wɔagye ne tumi nyinaa, na wɔasɛe no korakora. 27 Afei, wɔde ahennie ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ ahemman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefoɔ, Ɔsorosoroni no nkurɔfoɔ. Na nʼahemman bɛtena hɔ daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ ɔsetie ama no.’ 28 “Asɛm no awieeɛ nie. Me, Daniel, mʼadwendwene yi haa me yie na mʼanim sesaeɛ na mede saa nsɛm yi siee mʼakoma mu.”

In Other Versions

Daniel 7 in the ANGEFD

Daniel 7 in the ANTPNG2D

Daniel 7 in the AS21

Daniel 7 in the BAGH

Daniel 7 in the BBPNG

Daniel 7 in the BBT1E

Daniel 7 in the BDS

Daniel 7 in the BEV

Daniel 7 in the BHAD

Daniel 7 in the BIB

Daniel 7 in the BLPT

Daniel 7 in the BNT

Daniel 7 in the BNTABOOT

Daniel 7 in the BNTLV

Daniel 7 in the BOATCB2

Daniel 7 in the BOBCV

Daniel 7 in the BOCNT

Daniel 7 in the BOECS

Daniel 7 in the BOGWICC

Daniel 7 in the BOHCB

Daniel 7 in the BOHCV

Daniel 7 in the BOHLNT

Daniel 7 in the BOHNTLTAL

Daniel 7 in the BOICB

Daniel 7 in the BOILNTAP

Daniel 7 in the BOITCV

Daniel 7 in the BOKCV

Daniel 7 in the BOKCV2

Daniel 7 in the BOKHWOG

Daniel 7 in the BOKSSV

Daniel 7 in the BOLCB

Daniel 7 in the BOLCB2

Daniel 7 in the BOMCV

Daniel 7 in the BONAV

Daniel 7 in the BONCB

Daniel 7 in the BONLT

Daniel 7 in the BONUT2

Daniel 7 in the BOPLNT

Daniel 7 in the BOSCB

Daniel 7 in the BOSNC

Daniel 7 in the BOTLNT

Daniel 7 in the BOVCB

Daniel 7 in the BOYCB

Daniel 7 in the BPBB

Daniel 7 in the BPH

Daniel 7 in the BSB

Daniel 7 in the CCB

Daniel 7 in the CUV

Daniel 7 in the CUVS

Daniel 7 in the DBT

Daniel 7 in the DGDNT

Daniel 7 in the DHNT

Daniel 7 in the DNT

Daniel 7 in the ELBE

Daniel 7 in the EMTV

Daniel 7 in the ESV

Daniel 7 in the FBV

Daniel 7 in the FEB

Daniel 7 in the GGMNT

Daniel 7 in the GNT

Daniel 7 in the HARY

Daniel 7 in the HNT

Daniel 7 in the IRVA

Daniel 7 in the IRVB

Daniel 7 in the IRVG

Daniel 7 in the IRVH

Daniel 7 in the IRVK

Daniel 7 in the IRVM

Daniel 7 in the IRVM2

Daniel 7 in the IRVO

Daniel 7 in the IRVP

Daniel 7 in the IRVT

Daniel 7 in the IRVT2

Daniel 7 in the IRVU

Daniel 7 in the ISVN

Daniel 7 in the JSNT

Daniel 7 in the KAPI

Daniel 7 in the KBT1ETNIK

Daniel 7 in the KBV

Daniel 7 in the KJV

Daniel 7 in the KNFD

Daniel 7 in the LBA

Daniel 7 in the LBLA

Daniel 7 in the LNT

Daniel 7 in the LSV

Daniel 7 in the MAAL

Daniel 7 in the MBV

Daniel 7 in the MBV2

Daniel 7 in the MHNT

Daniel 7 in the MKNFD

Daniel 7 in the MNG

Daniel 7 in the MNT

Daniel 7 in the MNT2

Daniel 7 in the MRS1T

Daniel 7 in the NAA

Daniel 7 in the NASB

Daniel 7 in the NBLA

Daniel 7 in the NBS

Daniel 7 in the NBVTP

Daniel 7 in the NET2

Daniel 7 in the NIV11

Daniel 7 in the NNT

Daniel 7 in the NNT2

Daniel 7 in the NNT3

Daniel 7 in the PDDPT

Daniel 7 in the PFNT

Daniel 7 in the RMNT

Daniel 7 in the SBIAS

Daniel 7 in the SBIBS

Daniel 7 in the SBIBS2

Daniel 7 in the SBICS

Daniel 7 in the SBIDS

Daniel 7 in the SBIGS

Daniel 7 in the SBIHS

Daniel 7 in the SBIIS

Daniel 7 in the SBIIS2

Daniel 7 in the SBIIS3

Daniel 7 in the SBIKS

Daniel 7 in the SBIKS2

Daniel 7 in the SBIMS

Daniel 7 in the SBIOS

Daniel 7 in the SBIPS

Daniel 7 in the SBISS

Daniel 7 in the SBITS

Daniel 7 in the SBITS2

Daniel 7 in the SBITS3

Daniel 7 in the SBITS4

Daniel 7 in the SBIUS

Daniel 7 in the SBIVS

Daniel 7 in the SBT

Daniel 7 in the SBT1E

Daniel 7 in the SCHL

Daniel 7 in the SNT

Daniel 7 in the SUSU

Daniel 7 in the SUSU2

Daniel 7 in the SYNO

Daniel 7 in the TBIAOTANT

Daniel 7 in the TBT1E

Daniel 7 in the TBT1E2

Daniel 7 in the TFTIP

Daniel 7 in the TFTU

Daniel 7 in the TGNTATF3T

Daniel 7 in the THAI

Daniel 7 in the TNFD

Daniel 7 in the TNT

Daniel 7 in the TNTIK

Daniel 7 in the TNTIL

Daniel 7 in the TNTIN

Daniel 7 in the TNTIP

Daniel 7 in the TNTIZ

Daniel 7 in the TOMA

Daniel 7 in the TTENT

Daniel 7 in the UBG

Daniel 7 in the UGV

Daniel 7 in the UGV2

Daniel 7 in the UGV3

Daniel 7 in the VBL

Daniel 7 in the VDCC

Daniel 7 in the YALU

Daniel 7 in the YAPE

Daniel 7 in the YBVTP

Daniel 7 in the ZBP