Deuteronomy 7 (BOATCB)

1 Sɛ AWURADE mo Onyankopɔn de mo ba asase a morebɛkɔ akɔtena so no so a, ɔbɛpam amanaman pii a wɔwɔ mo anim no a wɔyɛ Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom yɛ aman nson a wɔsoso na wɔyɛ den sen mo. 2 Sɛ AWURADE mo Onyankopɔn de saa aman yi hyɛ mo nsa na modi wɔn so a, monsɛe wɔn pasapasa. Mo ne wɔn nnhyehyɛ apam biara na monnhunu wɔn mmɔbɔ. 3 Mo ne wɔn nni awadeɛ na mommma mo mmammaa ne mo mmammarima nnware wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa. 4 Ɛfiri sɛ, wɔakɔsom wɔn anyame foforɔ. Na AWURADE abufuo bɛhuru atia mo na wasɛe mo. 5 Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn ne sɛ, mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn abosom adum no ngu. Montwitwa wɔn abosompɔ ngu na monhye wɔn ahoni. 6 Na moyɛ nnipa kronkron a moyɛ AWURADE mo Onyankopɔn dea. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na AWURADE mo Onyankopɔn ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ sononko. 7 Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sene nnipa a aka no enti na AWURADE anya mo ho dɔ no, na mo na mosua koraa wɔ nnipa no nyinaa mu. 8 Na mmom, ɛyɛ AWURADE dɔ a ɔdɔ mo, ne ne ntam a ɔdii so no: ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no bɛyi mo afiri nkoasom asase so ne Misraimhene Farao tumi ase no. 9 Monhunu sɛ AWURADE mo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokorɛ Onyankopɔn a ɔdi ne dɔ apam so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem a wɔdɔ no na wɔdi nʼahyɛdeɛ so. 10 Nanso, ɔntwentwɛn na ɔsɛe. Ɔtwe wɔn a wɔmpɛ nʼasɛm aso, sɛe wɔn. 11 Ɛno enti, monni ahyɛdeɛ ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so. 12 Sɛ motie mmara yi na modi ne nyinaa so nokorɛm a, AWURADE, mo Onyankopɔn, nso bɛdi nʼapam a ɔfiri ne nokorɛ dɔ mu ne mo agyanom pameeɛ no so. 13 Ɔbɛdɔ mo na wahyira mo na wayɛ mo ɔman kɛseɛ. Ɔbɛma mo awo mma bebree na wama mo asase adɔre na mo nyɛmmoa ase ayɛ bebree. Sɛ moduru asase a ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so a, mobɛnya aburoo, nsã, ngo, anantwie, nnwan ne mpɔnkye bebree. 14 Wɔbɛhyira mo aboro aman a wɔwɔ asase so nyinaa so. Mo mmarima renyɛ saadwe, na mo mmaa nso renyɛ abonini, na mo nyɛmmoa nso bɛwowo. 15 Na AWURADE bɛbɔ mo ho ban afiri yadeɛ nyinaa ho. Ɔremma owuyadeɛ a ebi bɔɔ mo wɔ Misraim no bi mmɔ mo, na ɔde saa yadeɛ no nyinaa bɛma mo atamfoɔ. 16 Monsɛe aman a AWURADE mo Onyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa no nyinaa. Monnhunu wɔn mmɔbɔ na monnsom wɔn anyame. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛsum mo afidie. 17 Mobɛbisa mo ho sɛ, “Na sɛ saa aman yi yɛ den kyɛn yɛn a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi apamo wɔn?” 18 Nanso, monnsuro wɔn. Monkae adeɛ a AWURADE, mo Onyankopɔn, de yɛɛ Farao ne ne manfoɔ nyinaa wɔ Misraim. 19 Mode mo ankasa mo ani hunuu amanehunu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwasɛm a ɛbaa wɔn so. Mohunuu tumi nsa ne abasa a wɔatrɛ mu a AWURADE, mo Onyankopɔn, nam so yii mo firii hɔ no. Nnipa a mosuro wɔn seesei no, AWURADE Onyankopɔn de wɔn bɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so. 20 Ɛno akyi, AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛma mmɔborɔ abɛpam kakra a aka no afiri wɔn atɛeɛ mu kɔsi sɛ wɔn ase bɛhye. 21 Monnsuro saa aman no, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔso na ne ho yɛ nwanwa no wɔ mo afa. 22 Nkakrankakra, AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no adi mo anim ɛkan. Ɔrenyi wɔn nyinaa mfiri hɔ prɛko pɛ; anyɛ saa a, nkekaboa no ase bɛdɔre ntɛm na wɔaba mo so. 23 Nanso, AWURADE, mo Onyankopɔn de wɔn bɛhyɛ mo nsa, na ɔbɛma wɔn adwene ayɛ basabasa kɔsi sɛ ɔbɛsɛe wɔn. 24 Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ mo nsa na mobɛpepa wɔn din afiri ɔsoro ase. Obiara rentumi nsɔre ntia mo; mobɛsɛe wɔn. 25 Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye wɔn. Mommma mo ani mmere ɛso dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no, na mommfa nto mo ho na anyɛ afidie anyi mo, ɛfiri sɛ, ɛyɛ AWURADE, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ. 26 Mommfa akyiwadeɛ biara mma mo fie, na moankɔyɛ nnome sɛ saa nneɛma no, na amma wɔansɛe mo. Ɛsɛ sɛ mokyi saa nneɛma no korakora, ɛfiri sɛ, ɛyɛ abusudeɛ.

In Other Versions

Deuteronomy 7 in the ANGEFD

Deuteronomy 7 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 7 in the AS21

Deuteronomy 7 in the BAGH

Deuteronomy 7 in the BBPNG

Deuteronomy 7 in the BBT1E

Deuteronomy 7 in the BDS

Deuteronomy 7 in the BEV

Deuteronomy 7 in the BHAD

Deuteronomy 7 in the BIB

Deuteronomy 7 in the BLPT

Deuteronomy 7 in the BNT

Deuteronomy 7 in the BNTABOOT

Deuteronomy 7 in the BNTLV

Deuteronomy 7 in the BOATCB2

Deuteronomy 7 in the BOBCV

Deuteronomy 7 in the BOCNT

Deuteronomy 7 in the BOECS

Deuteronomy 7 in the BOGWICC

Deuteronomy 7 in the BOHCB

Deuteronomy 7 in the BOHCV

Deuteronomy 7 in the BOHLNT

Deuteronomy 7 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 7 in the BOICB

Deuteronomy 7 in the BOILNTAP

Deuteronomy 7 in the BOITCV

Deuteronomy 7 in the BOKCV

Deuteronomy 7 in the BOKCV2

Deuteronomy 7 in the BOKHWOG

Deuteronomy 7 in the BOKSSV

Deuteronomy 7 in the BOLCB

Deuteronomy 7 in the BOLCB2

Deuteronomy 7 in the BOMCV

Deuteronomy 7 in the BONAV

Deuteronomy 7 in the BONCB

Deuteronomy 7 in the BONLT

Deuteronomy 7 in the BONUT2

Deuteronomy 7 in the BOPLNT

Deuteronomy 7 in the BOSCB

Deuteronomy 7 in the BOSNC

Deuteronomy 7 in the BOTLNT

Deuteronomy 7 in the BOVCB

Deuteronomy 7 in the BOYCB

Deuteronomy 7 in the BPBB

Deuteronomy 7 in the BPH

Deuteronomy 7 in the BSB

Deuteronomy 7 in the CCB

Deuteronomy 7 in the CUV

Deuteronomy 7 in the CUVS

Deuteronomy 7 in the DBT

Deuteronomy 7 in the DGDNT

Deuteronomy 7 in the DHNT

Deuteronomy 7 in the DNT

Deuteronomy 7 in the ELBE

Deuteronomy 7 in the EMTV

Deuteronomy 7 in the ESV

Deuteronomy 7 in the FBV

Deuteronomy 7 in the FEB

Deuteronomy 7 in the GGMNT

Deuteronomy 7 in the GNT

Deuteronomy 7 in the HARY

Deuteronomy 7 in the HNT

Deuteronomy 7 in the IRVA

Deuteronomy 7 in the IRVB

Deuteronomy 7 in the IRVG

Deuteronomy 7 in the IRVH

Deuteronomy 7 in the IRVK

Deuteronomy 7 in the IRVM

Deuteronomy 7 in the IRVM2

Deuteronomy 7 in the IRVO

Deuteronomy 7 in the IRVP

Deuteronomy 7 in the IRVT

Deuteronomy 7 in the IRVT2

Deuteronomy 7 in the IRVU

Deuteronomy 7 in the ISVN

Deuteronomy 7 in the JSNT

Deuteronomy 7 in the KAPI

Deuteronomy 7 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 7 in the KBV

Deuteronomy 7 in the KJV

Deuteronomy 7 in the KNFD

Deuteronomy 7 in the LBA

Deuteronomy 7 in the LBLA

Deuteronomy 7 in the LNT

Deuteronomy 7 in the LSV

Deuteronomy 7 in the MAAL

Deuteronomy 7 in the MBV

Deuteronomy 7 in the MBV2

Deuteronomy 7 in the MHNT

Deuteronomy 7 in the MKNFD

Deuteronomy 7 in the MNG

Deuteronomy 7 in the MNT

Deuteronomy 7 in the MNT2

Deuteronomy 7 in the MRS1T

Deuteronomy 7 in the NAA

Deuteronomy 7 in the NASB

Deuteronomy 7 in the NBLA

Deuteronomy 7 in the NBS

Deuteronomy 7 in the NBVTP

Deuteronomy 7 in the NET2

Deuteronomy 7 in the NIV11

Deuteronomy 7 in the NNT

Deuteronomy 7 in the NNT2

Deuteronomy 7 in the NNT3

Deuteronomy 7 in the PDDPT

Deuteronomy 7 in the PFNT

Deuteronomy 7 in the RMNT

Deuteronomy 7 in the SBIAS

Deuteronomy 7 in the SBIBS

Deuteronomy 7 in the SBIBS2

Deuteronomy 7 in the SBICS

Deuteronomy 7 in the SBIDS

Deuteronomy 7 in the SBIGS

Deuteronomy 7 in the SBIHS

Deuteronomy 7 in the SBIIS

Deuteronomy 7 in the SBIIS2

Deuteronomy 7 in the SBIIS3

Deuteronomy 7 in the SBIKS

Deuteronomy 7 in the SBIKS2

Deuteronomy 7 in the SBIMS

Deuteronomy 7 in the SBIOS

Deuteronomy 7 in the SBIPS

Deuteronomy 7 in the SBISS

Deuteronomy 7 in the SBITS

Deuteronomy 7 in the SBITS2

Deuteronomy 7 in the SBITS3

Deuteronomy 7 in the SBITS4

Deuteronomy 7 in the SBIUS

Deuteronomy 7 in the SBIVS

Deuteronomy 7 in the SBT

Deuteronomy 7 in the SBT1E

Deuteronomy 7 in the SCHL

Deuteronomy 7 in the SNT

Deuteronomy 7 in the SUSU

Deuteronomy 7 in the SUSU2

Deuteronomy 7 in the SYNO

Deuteronomy 7 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 7 in the TBT1E

Deuteronomy 7 in the TBT1E2

Deuteronomy 7 in the TFTIP

Deuteronomy 7 in the TFTU

Deuteronomy 7 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 7 in the THAI

Deuteronomy 7 in the TNFD

Deuteronomy 7 in the TNT

Deuteronomy 7 in the TNTIK

Deuteronomy 7 in the TNTIL

Deuteronomy 7 in the TNTIN

Deuteronomy 7 in the TNTIP

Deuteronomy 7 in the TNTIZ

Deuteronomy 7 in the TOMA

Deuteronomy 7 in the TTENT

Deuteronomy 7 in the UBG

Deuteronomy 7 in the UGV

Deuteronomy 7 in the UGV2

Deuteronomy 7 in the UGV3

Deuteronomy 7 in the VBL

Deuteronomy 7 in the VDCC

Deuteronomy 7 in the YALU

Deuteronomy 7 in the YAPE

Deuteronomy 7 in the YBVTP

Deuteronomy 7 in the ZBP