Esther 1 (BOATCB)

1 Saa asɛm yi sii ɔhene Ahasweros a ɔdii amantam ɔha aduonu nson so, firi India kɔsi Etiopia no ɛberɛ so. 2 Saa ɛberɛ no na ɔte ahennwa so wɔ Susa aban mu de di nʼahemman no so. 3 Nʼahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔtoo ɛpono kɛseɛ maa nʼahenemma ne ne mpanimfoɔ. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa ne atitire ne amantam mu mpanimfoɔ. 4 Afahyɛ no dii abosome nsia, na ɔdaa nʼahemman mu sika pepe ne emu animuonyam adi. 5 Yei nyinaa twaam no, ɔhene no too ɛpono sononko bi maa ahemfie hɔ asomfoɔ ne mpanimfoɔ nyinaa, ɛfiri ɔkɛseɛ so de kɔsi ɔketewa so. Ɛdii nnanson, na wɔyɛɛ no wɔ Susa ahemfie adihɔ turo mu. 6 Wɔde ntoma fɛfɛ nahanaha fitaa ne tuntum a wɔanwono mu sensɛnee adihɔ hɔ. Na wɔde nhoma kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkawa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkonnwa sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobire ne aboɔdemmoɔ ahodoɔ nsesɛeɛ so. 7 Wɔde nsakuruwa a wɔadi ho adwini ahodoɔ papa bi someeɛ, na adehyesa buu so hɔ, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no. 8 Nhyehyɛeɛ a na ɛwɔ asanom no ho ara ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obi ma ɔnom boro deɛ ɔbɛtumi so. Nanso, wɔn a wɔbɛtumi anom no deɛ, wɔnomee sɛdeɛ wɔpɛ, ɛfiri sɛ, na ɔhene no aka akyerɛ ne fiefoɔ no sɛ, obiara bɛtumi anom sɛdeɛ ɔpɛ. 9 Ɔhemmaa Wasti too ɛpono maa ahemfie mmaa no saa ɛberɛ korɔ no ara mu. 10 Afahyɛ no nnanson so a nsã afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ apiafoɔ baason a wɔhwɛ no no sɛ, 11 wɔmfa ɔhemmaa Wasti a ɔhyɛ ahemmaa kyɛ no mmrɛ no. Na ɔpɛ sɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ pa ara. 12 Nanso, wɔde ɔhene ɔfrɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmaa Wasti no, wamma. Yei maa ɔhene ani bereeɛ yie, maa abufuo hyɛɛ no ma. 13 Ntɛm so, ɔbisaa nʼafotufoɔ a wɔnim Persia mmara ne nʼamanneɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ, ɛfiri sɛ, na ɔtaa bisa wɔn afotuo. 14 Na afotufoɔ no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wɔfiri Persia ne Media. Na wɔyɛ ne nnamfo berɛboɔ a wɔkura dibea akɛseɛ wɔ ahemman no mu. 15 Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ ɔhemmaa Wasti? Asotweɛ bɛn na mmara no kyerɛ sɛ, wɔmfa mma ɔhemmaa a mesomaa me piafoɔ sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra na wamma no?” 16 Na Memukan buaa ɔhene no ne ahenemma no sɛ, “Ɛnyɛ ɔhene no nko na ɔhemmaa Wasti afom, na wafom ɔpanin biara ne ɔmanfoɔ a wɔwɔ wʼahemman no mu nyinaa. 17 Sɛ mmaa a wɔwɔ ɔman yi mu te sɛ ɔhemmaa Wasti ankɔ ɔhene frɛ no a, wɔbɛfiri aseɛ atwiri wɔn kununom. 18 Ansa na adeɛ bɛkye no, yɛn yerenom, wo mpanimfoɔ yerenom nyinaa bɛte deɛ ɔhemmaa no yɛeɛ, na wɔahyɛ aseɛ akasa wɔn kununom wɔ kwan korɔ no ara so. Na ntwirie no ne abufuo no to rentwa da wɔ wʼahemman mu ha. 19 “Enti, sɛ ɔhene bɛpene so a, yɛsusu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔatwerɛ no Persiafoɔ ne Mediafoɔ mmara mu a wɔntumi nsakra mu. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ sɛ wɔmpam ɔhemmaa Wasti mfiri wʼani so, na wɔnsi ɔhemmaa foforɔ a ɔsom bo kyɛn no. 20 Sɛ wɔde saa mmara yi to dwa, ma obiara te wɔ wʼahemman kɛseɛ yi mu a, mmaa awarefoɔ de obuo a ɛsɛ na ɛfata bɛma wɔn kununom.” 21 Ɔhene no ne nʼahenemma no faa no sɛ ɛyɛ adwene pa enti, wɔfaa Memukan afotuo no. 22 Ɔtwerɛɛ nkrataa kɔɔ nʼahemman no mu afanan nyinaa. Ɔtwerɛɛ ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so.

In Other Versions

Esther 1 in the ANGEFD

Esther 1 in the ANTPNG2D

Esther 1 in the AS21

Esther 1 in the BAGH

Esther 1 in the BBPNG

Esther 1 in the BBT1E

Esther 1 in the BDS

Esther 1 in the BEV

Esther 1 in the BHAD

Esther 1 in the BIB

Esther 1 in the BLPT

Esther 1 in the BNT

Esther 1 in the BNTABOOT

Esther 1 in the BNTLV

Esther 1 in the BOATCB2

Esther 1 in the BOBCV

Esther 1 in the BOCNT

Esther 1 in the BOECS

Esther 1 in the BOGWICC

Esther 1 in the BOHCB

Esther 1 in the BOHCV

Esther 1 in the BOHLNT

Esther 1 in the BOHNTLTAL

Esther 1 in the BOICB

Esther 1 in the BOILNTAP

Esther 1 in the BOITCV

Esther 1 in the BOKCV

Esther 1 in the BOKCV2

Esther 1 in the BOKHWOG

Esther 1 in the BOKSSV

Esther 1 in the BOLCB

Esther 1 in the BOLCB2

Esther 1 in the BOMCV

Esther 1 in the BONAV

Esther 1 in the BONCB

Esther 1 in the BONLT

Esther 1 in the BONUT2

Esther 1 in the BOPLNT

Esther 1 in the BOSCB

Esther 1 in the BOSNC

Esther 1 in the BOTLNT

Esther 1 in the BOVCB

Esther 1 in the BOYCB

Esther 1 in the BPBB

Esther 1 in the BPH

Esther 1 in the BSB

Esther 1 in the CCB

Esther 1 in the CUV

Esther 1 in the CUVS

Esther 1 in the DBT

Esther 1 in the DGDNT

Esther 1 in the DHNT

Esther 1 in the DNT

Esther 1 in the ELBE

Esther 1 in the EMTV

Esther 1 in the ESV

Esther 1 in the FBV

Esther 1 in the FEB

Esther 1 in the GGMNT

Esther 1 in the GNT

Esther 1 in the HARY

Esther 1 in the HNT

Esther 1 in the IRVA

Esther 1 in the IRVB

Esther 1 in the IRVG

Esther 1 in the IRVH

Esther 1 in the IRVK

Esther 1 in the IRVM

Esther 1 in the IRVM2

Esther 1 in the IRVO

Esther 1 in the IRVP

Esther 1 in the IRVT

Esther 1 in the IRVT2

Esther 1 in the IRVU

Esther 1 in the ISVN

Esther 1 in the JSNT

Esther 1 in the KAPI

Esther 1 in the KBT1ETNIK

Esther 1 in the KBV

Esther 1 in the KJV

Esther 1 in the KNFD

Esther 1 in the LBA

Esther 1 in the LBLA

Esther 1 in the LNT

Esther 1 in the LSV

Esther 1 in the MAAL

Esther 1 in the MBV

Esther 1 in the MBV2

Esther 1 in the MHNT

Esther 1 in the MKNFD

Esther 1 in the MNG

Esther 1 in the MNT

Esther 1 in the MNT2

Esther 1 in the MRS1T

Esther 1 in the NAA

Esther 1 in the NASB

Esther 1 in the NBLA

Esther 1 in the NBS

Esther 1 in the NBVTP

Esther 1 in the NET2

Esther 1 in the NIV11

Esther 1 in the NNT

Esther 1 in the NNT2

Esther 1 in the NNT3

Esther 1 in the PDDPT

Esther 1 in the PFNT

Esther 1 in the RMNT

Esther 1 in the SBIAS

Esther 1 in the SBIBS

Esther 1 in the SBIBS2

Esther 1 in the SBICS

Esther 1 in the SBIDS

Esther 1 in the SBIGS

Esther 1 in the SBIHS

Esther 1 in the SBIIS

Esther 1 in the SBIIS2

Esther 1 in the SBIIS3

Esther 1 in the SBIKS

Esther 1 in the SBIKS2

Esther 1 in the SBIMS

Esther 1 in the SBIOS

Esther 1 in the SBIPS

Esther 1 in the SBISS

Esther 1 in the SBITS

Esther 1 in the SBITS2

Esther 1 in the SBITS3

Esther 1 in the SBITS4

Esther 1 in the SBIUS

Esther 1 in the SBIVS

Esther 1 in the SBT

Esther 1 in the SBT1E

Esther 1 in the SCHL

Esther 1 in the SNT

Esther 1 in the SUSU

Esther 1 in the SUSU2

Esther 1 in the SYNO

Esther 1 in the TBIAOTANT

Esther 1 in the TBT1E

Esther 1 in the TBT1E2

Esther 1 in the TFTIP

Esther 1 in the TFTU

Esther 1 in the TGNTATF3T

Esther 1 in the THAI

Esther 1 in the TNFD

Esther 1 in the TNT

Esther 1 in the TNTIK

Esther 1 in the TNTIL

Esther 1 in the TNTIN

Esther 1 in the TNTIP

Esther 1 in the TNTIZ

Esther 1 in the TOMA

Esther 1 in the TTENT

Esther 1 in the UBG

Esther 1 in the UGV

Esther 1 in the UGV2

Esther 1 in the UGV3

Esther 1 in the VBL

Esther 1 in the VDCC

Esther 1 in the YALU

Esther 1 in the YAPE

Esther 1 in the YBVTP

Esther 1 in the ZBP