Exodus 12 (BOATCB)

1 Ɛberɛ a na Mose ne Aaron da so wɔ Misraim asase so no, AWURADE ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 2 “Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, bosome yi bɛyɛ bosome a ɛdi ɛkan wɔ Yudafoɔ asranna so. 3 Ka kyerɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, saa bosome yi ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ odwammaa baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ efie biara nya odwammaa no baako. 4 Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe odwammaa no a, wɔtumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpasua no so a wɔn nso sua kyɛ odwammaa no. Aboa no kyɛ wɔ saa ɛkwan no so no gyina abusua no kɛseɛ ne ɛnam dodoɔ a wɔbɛtumi awe so. 5 Ɛsɛ sɛ aboa no yɛ deɛ wadi afe. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ odwan anaa abirekyie a ɔnnii dɛm. 6 Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yie nkɔsi ɔbosome a ɛdii ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nnwammaa no dasuo mu. 7 Wɔmfa wɔn mogya nsra efie biara aponnwa ho. Odwammaa a wɔbɛwe no wɔ fie hɔ no mogya na wɔmfa nyɛ saa ahyɛdeɛ yi. 8 Anadwo, obiara bɛwe aboa no a wɔatoto no nam no bi. Wɔmfa burodo a ɛnkaeɛ ne awɔnwono nni. 9 Wɔnnnoa ɛnam no na wɔnnwe no mono nso, na mmom, wɔntoto aboa mu no nyinaa, a ne ti ne nan ne nʼayamdeɛ nyinaa ka ho. 10 Sɛ moantumi anwe ne nyinaa anadwo no a, deɛ ɛbɛka no, sɛ adeɛ kye so a, monnwe na mmom monhye no. 11 Sɛdeɛ monwe ɛnam no nie: monwe wɔ ɛberɛ a mo ntadeɛ a mode tu ɛkwan hyehyɛ mo. Monsiesie mo ho mma ɛkwan tenten twa. Monhyɛ mo asopatere na momfa mo mpoma nkurakura. Monwe no ɔherɛ so. Saa adeyɛ yi, wɔbɛfrɛ no AWURADE Twam Afahyɛ. 12 “Na mɛtwam afa Misraim asase so anadwo yi na mmammarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mɛkum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ, mene AWURADE! 13 Mogya a mode bɛyɛ aponnwa no ho no bɛyɛ agyinahyɛdeɛ enti, sɛ mehunu mogya no a, mɛtwam akɔ, na sɛ merekum Misraim mmakan a, merenkum mo deɛ bi. 14 “Yei yɛ ɛda a ɛsɛ sɛ mokaeɛ. Afe biara, ɛfiri awontoatoasoɔ kɔsi awontoatoasoɔ ɛsɛ sɛ mohyɛ ɛfa no sɛ afahyɛ sononko ma AWURADE. Yei yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ ɛda biara. 15 Nnanson no mu, monni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ nko ara. Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, monyiyi mmɔreka biara mfiri mo afie mu. Obiara a saa ɛberɛ yi mu ɔbɛbu saa afahyɛ yi mmara yi so no, wɔbɛtwa no asuo afiri Israelman mu. 16 Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan ne ne nnanson soɔ no, nnipa no nyinaa bɛdi ɛda no sɛ ɛda a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduanenoa akyiri no, obiara nnyɛ adwuma foforɔ biara. 17 “Sɛ modi Apiti Afahyɛ yi a, ɛbɛma mo akae daa sɛ, saa ɛda no na meyii mo firii Misraim asase so. Enti, ɛsɛ sɛ afe biara, modi saa dapɔnna yi firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so. 18 Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ kɔsi nʼadaduonu ɛda baako so no, burodo a mmɔreka mfra mu nko ara na monni. 19 Saa nnanson no mu, ɛnsɛ sɛ wɔhunu mmɔreka kakra bi koraa wɔ mo afie mu. Enti, obiara a ɔbɛdi aduane a mmɔreka wɔ mu no, wɔbɛyi no afiri Israel asafo kuo no mu. Saa mmara yi ka amamfrafoɔ a wɔne mo te ne wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so nyinaa. 20 Mesane meti mu bio sɛ, saa nna no mu monnni biribiara a wɔde mmɔreka afra mu; monni burodo a mmɔreka mfra mu.” 21 Afei, Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyere odwammaa anaa abirekyie ba mma abusua biara, na monkum no sɛ Twam Afahyɛ aboa. 22 Montwa odwan no mogya ngu kyɛnsee bi mu. Momfa hisope mmɔ mogya no mu na momfa mpete aponnwatifi ne aponnwa mmienu a aka no ho sɛdeɛ mogya no bɛda ho. Mowie a, mo mu biara mmfiri nkɔ abɔntene saa anadwo no. 23 AWURADE bɛtwam afa asase yi so akunkum Misraimfoɔ. Na sɛ ɔhunu sɛ mogya wɔ aponnwatifi no ne aponnwa mmienu no ho a, ɔbɛtwa saa efie no ho akɔ a ɔremma ɔsɛefoɔ no nwura hɔ nkunkum mo mmakan. 24 “Na monkae sɛ yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma mo ne mo asefoɔ. 25 Na sɛ moba asase a AWURADE de bɛma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo ho bɔ no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no. 26 Na sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn; saa afahyɛ yi fa ɛdeɛn ho a, 27 mobɛbua wɔn sɛ, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔdeɛ ma AWURADE. Ɔtwaa Israelfoɔ afie ho wɔ Misraim. Ɛwom sɛ ɔkunkumm Misraimfoɔ deɛ, nanso ɔgyaa yɛn mmusua.’ ” Ɛberɛ a Mose kasa wieeɛ no, nnipa no nyinaa koto sɔreeɛ. 28 Na Israelfoɔ no dii Mose ne Aaron ahyɛdeɛ no so. 29 Ɛda no ara anadwo dasuo mu AWURADE kunkumm mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, ɛfiri Farao babarima panin so kɔsi odeduani babarima panin ne anantwie nso mmakan nyinaa. 30 Afei, Farao ne ne mpanimfoɔ ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ, efie biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu. 31 Enti, Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mesrɛ mo, mo nyinaa montu mfiri ha. Monkɔsom AWURADE sɛdeɛ mokaeɛ no. 32 Momfa mo nnwan ne mo anantwie na monkɔ. Nanso monhyira me ansa na moakɔ.” 33 Misraimfoɔ no nyinaa ani beree Israelfoɔ no so pampam wɔn sɛ wɔmfiri asase no so ntɛm, ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Yɛbɛwuwu.” 34 Israelfoɔ no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔ a mmɔreka mfra mu, na wɔde wɔn ntadeɛ kyekyeree wɔn mmɔrefɔtɔ nnaka de sisii wɔn mmati so. 35 Na Israelfoɔ no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntadeɛ afiri Misraimfoɔ no nkyɛn sɛdeɛ Mose kaa sɛ wɔnyɛ no. 36 AWURADE maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisadeɛ nyinaa. Ɛnam saa yɛ so maa Israelfoɔ no twee Misraimfoɔ ahonyadeɛ nyinaa kɔeɛ. 37 Anadwo no ara, Israelfoɔ no siim firii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmaa ne mmɔfra de wɔankan wɔn anka ho. 38 Nnipa ahodoɔ pii bi a wɔnyɛ Israelfoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ. Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie nyinaa kaa wɔn ho. 39 Wɔduruu baabi a wɔpɛ sɛ wɔdidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔreka amfra a wɔde kɔeɛ no bi too burodo diiɛ. Na mmɔreka nni mu, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ no pamoo wɔn. Ɛno enti wɔannya mu ɛkwan anyɛ aduane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so. 40 Israelfoɔ no tenaa Misraim mfeɛ ahanan ne aduasa. 41 Na ɛda a wɔdii mfeɛ ahanan ne aduasa no pɛ na AWURADE nkurɔfoɔ nyinaa firii asase no so. 42 Saa anadwo no ne ɛberɛ a AWURADE yi too hɔ de gyee ne nkurɔfoɔ firii Misraim asase so. Enti, saa anadwo korɔ no ara na Israelfoɔ no yi de too hɔ sɛ ɛda a Onyankopɔn gyee wɔn no afirinhyia ɛda. 43 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni:“Ahɔhoɔ biara nnwe odwammaa no ɛnam no bi. 44 Nanso, ɔsomfoɔ biara a wɔtee sika tɔɔ no no, sɛ wɔatwa no twetia deɛ a, ɔtumi we bi. 45 Ɔpaani anaa ɔhɔhoɔ biara nnwe bi. 46 “Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ efie baako mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe ɛnam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔwe ɛnam no fa biara wɔ abɔntene. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe mu. 47 Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa di saa nkaeɛda yi berɛ korɔ mu. 48 “Ahɔhoɔ a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abɛdi. Na sɛ ɛyɛ saa a, wɔbɛyɛ deɛ wɔwoo wɔn too mu mu. 49 Saa mmara yi ka Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo te no nso.” 50 Enti, Israelfoɔ no nyinaa dii AWURADE mmara no so sɛdeɛ ɔhyɛɛ Mose ne Aaron no. 51 Ɛda no ara na AWURADE yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so.

In Other Versions

Exodus 12 in the ANGEFD

Exodus 12 in the ANTPNG2D

Exodus 12 in the AS21

Exodus 12 in the BAGH

Exodus 12 in the BBPNG

Exodus 12 in the BBT1E

Exodus 12 in the BDS

Exodus 12 in the BEV

Exodus 12 in the BHAD

Exodus 12 in the BIB

Exodus 12 in the BLPT

Exodus 12 in the BNT

Exodus 12 in the BNTABOOT

Exodus 12 in the BNTLV

Exodus 12 in the BOATCB2

Exodus 12 in the BOBCV

Exodus 12 in the BOCNT

Exodus 12 in the BOECS

Exodus 12 in the BOGWICC

Exodus 12 in the BOHCB

Exodus 12 in the BOHCV

Exodus 12 in the BOHLNT

Exodus 12 in the BOHNTLTAL

Exodus 12 in the BOICB

Exodus 12 in the BOILNTAP

Exodus 12 in the BOITCV

Exodus 12 in the BOKCV

Exodus 12 in the BOKCV2

Exodus 12 in the BOKHWOG

Exodus 12 in the BOKSSV

Exodus 12 in the BOLCB

Exodus 12 in the BOLCB2

Exodus 12 in the BOMCV

Exodus 12 in the BONAV

Exodus 12 in the BONCB

Exodus 12 in the BONLT

Exodus 12 in the BONUT2

Exodus 12 in the BOPLNT

Exodus 12 in the BOSCB

Exodus 12 in the BOSNC

Exodus 12 in the BOTLNT

Exodus 12 in the BOVCB

Exodus 12 in the BOYCB

Exodus 12 in the BPBB

Exodus 12 in the BPH

Exodus 12 in the BSB

Exodus 12 in the CCB

Exodus 12 in the CUV

Exodus 12 in the CUVS

Exodus 12 in the DBT

Exodus 12 in the DGDNT

Exodus 12 in the DHNT

Exodus 12 in the DNT

Exodus 12 in the ELBE

Exodus 12 in the EMTV

Exodus 12 in the ESV

Exodus 12 in the FBV

Exodus 12 in the FEB

Exodus 12 in the GGMNT

Exodus 12 in the GNT

Exodus 12 in the HARY

Exodus 12 in the HNT

Exodus 12 in the IRVA

Exodus 12 in the IRVB

Exodus 12 in the IRVG

Exodus 12 in the IRVH

Exodus 12 in the IRVK

Exodus 12 in the IRVM

Exodus 12 in the IRVM2

Exodus 12 in the IRVO

Exodus 12 in the IRVP

Exodus 12 in the IRVT

Exodus 12 in the IRVT2

Exodus 12 in the IRVU

Exodus 12 in the ISVN

Exodus 12 in the JSNT

Exodus 12 in the KAPI

Exodus 12 in the KBT1ETNIK

Exodus 12 in the KBV

Exodus 12 in the KJV

Exodus 12 in the KNFD

Exodus 12 in the LBA

Exodus 12 in the LBLA

Exodus 12 in the LNT

Exodus 12 in the LSV

Exodus 12 in the MAAL

Exodus 12 in the MBV

Exodus 12 in the MBV2

Exodus 12 in the MHNT

Exodus 12 in the MKNFD

Exodus 12 in the MNG

Exodus 12 in the MNT

Exodus 12 in the MNT2

Exodus 12 in the MRS1T

Exodus 12 in the NAA

Exodus 12 in the NASB

Exodus 12 in the NBLA

Exodus 12 in the NBS

Exodus 12 in the NBVTP

Exodus 12 in the NET2

Exodus 12 in the NIV11

Exodus 12 in the NNT

Exodus 12 in the NNT2

Exodus 12 in the NNT3

Exodus 12 in the PDDPT

Exodus 12 in the PFNT

Exodus 12 in the RMNT

Exodus 12 in the SBIAS

Exodus 12 in the SBIBS

Exodus 12 in the SBIBS2

Exodus 12 in the SBICS

Exodus 12 in the SBIDS

Exodus 12 in the SBIGS

Exodus 12 in the SBIHS

Exodus 12 in the SBIIS

Exodus 12 in the SBIIS2

Exodus 12 in the SBIIS3

Exodus 12 in the SBIKS

Exodus 12 in the SBIKS2

Exodus 12 in the SBIMS

Exodus 12 in the SBIOS

Exodus 12 in the SBIPS

Exodus 12 in the SBISS

Exodus 12 in the SBITS

Exodus 12 in the SBITS2

Exodus 12 in the SBITS3

Exodus 12 in the SBITS4

Exodus 12 in the SBIUS

Exodus 12 in the SBIVS

Exodus 12 in the SBT

Exodus 12 in the SBT1E

Exodus 12 in the SCHL

Exodus 12 in the SNT

Exodus 12 in the SUSU

Exodus 12 in the SUSU2

Exodus 12 in the SYNO

Exodus 12 in the TBIAOTANT

Exodus 12 in the TBT1E

Exodus 12 in the TBT1E2

Exodus 12 in the TFTIP

Exodus 12 in the TFTU

Exodus 12 in the TGNTATF3T

Exodus 12 in the THAI

Exodus 12 in the TNFD

Exodus 12 in the TNT

Exodus 12 in the TNTIK

Exodus 12 in the TNTIL

Exodus 12 in the TNTIN

Exodus 12 in the TNTIP

Exodus 12 in the TNTIZ

Exodus 12 in the TOMA

Exodus 12 in the TTENT

Exodus 12 in the UBG

Exodus 12 in the UGV

Exodus 12 in the UGV2

Exodus 12 in the UGV3

Exodus 12 in the VBL

Exodus 12 in the VDCC

Exodus 12 in the YALU

Exodus 12 in the YAPE

Exodus 12 in the YBVTP

Exodus 12 in the ZBP