Exodus 21 (BOATCB)

1 “Mmara no nkaeɛ a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no nie: 2 “Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ma no nsom wo mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no na ɔnkɔ ne baabi kwa a ɔntua hwee. 3 Sɛ ɔbɛyɛɛ wʼakoa no na ɔyɛ osigyani na sɛ akyire no ɔware a, ɔno nko ara na sɛ mfeɛ nson no duru a ɔbɛkɔ. Na sɛ nso na waware ansa na ɔrebɛyɛ akoa deɛ a, ɔne ne yere no na ɛbɛkɔ. 4 Sɛ nso ne wura no na ɔmaa no ɔbaa wareeɛ wɔ ne nkoasom no mu, na sɛ wɔwo mmammarima ne mmammaa a, ɔyere ne mma no bɛyɛ owura no dea na okunu no akɔ ne baabi. 5 “Na sɛ ɔbarima no pae mu ka sɛ ‘Mepɛ me wura ne me yere ne me mma asɛm enti merenkɔ’ a, 6 ne wura no de no bɛba atemmufoɔ anim na wɔde fitiiɛ afiti nʼasom badwa mu na watena ne wura no nkyɛn sɛ akoa afebɔɔ. 7 “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa sɛ afenaa a, mfeɛ nsia no duru a, wɔrennyaa no sɛdeɛ wɔgyaa mmarima nkoa no. 8 Sɛ ne som no nsɔ onipa a ɔtɔɔ no no ani a, onipa ko a ɔtɔn no no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔsane bɛtɔ no bio. Nanso afenaa no wura no nni ho ɛkwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani biara, ɛfiri sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na wabu ɔtɔn no ho nhyehyɛeɛ so. 9 Na sɛ afenaawura no de afenaa no ma ne babarima aware a, afenaa no bɛyɛ owura no babaa. 10 Sɛ ɔno ara ankasa ware no na ɔsane ware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔte nʼaduane ne ntoma a ɔde ma no no so; na ɛnsɛ sɛ ɔkame no nna sɛ ɔyere. 11 Na sɛ wantumi anni saa ahyɛdeɛ mmiɛnsa yi so a, afenaa a ɔyɛ ɔyere no tumi kɔ kwa a ɔntua sika biara. 12 “Obiara a ɔbɛbɔ obi akum no no, wɔbɛkum no bi. 13 Sɛ ɛyɛ asiane a ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wanhyɛ da a, mɛkyerɛ onii no baabi a ɔnnwane nkɔhinta. 14 Sɛ obi boapa taataa ɔfoforɔ so pɛ sɛ ɔkum no a, onii no gyina afɔrebukyia anim koraa a, montwe no nkɔkum no. 15 “Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame no, kum na ɛsɛ sɛ wɔkum no. 16 “Obi a ɔwia onipa no, sɛ wɔkyere no sɛ saa onipa no wɔ ne nsam anaasɛ watɔn no a, wɔnkum no. 17 “Deɛ ɔdome nʼagya anaa ne maame no, kum na ɛsɛ sɛ wɔkum no. 18 “Sɛ mmarima baanu reko na wɔn mu baako de ɛboɔ anaa kuturuku bɔ ɔbaako no pira no, na wanwu, nanso ɛka no to mpa so, 19 na akyire no, ɔtumi sɔre nante na mpo sɛ ɔtɔ ne nan so a, ɔbarima a ɔbɔɔ ne yɔnko no di bem, nanso ɔbaako no berɛ a wasɛe no no, ɔbɛtua ho sika ama no, asane atua nʼayaresa ka nyinaa kɔsi sɛ ne ho bɛtɔ no. 20 “Sɛ obi hwe nʼakoa anaa nʼafenawa ma no wu a, ɛsɛ sɛ wɔtwe nʼaso. 21 Nanso, sɛ nna bi akyi akoa no anwu a, ɛnneɛ, owura no renkɔ asotwe biara mu, ɛfiri sɛ, akoa no yɛ nʼagyapadeɛ. 22 “Sɛ mmarima baanu reko na ɔko no mu wɔpira ɔpemfoɔ ma ɔpɔn, nanso wanwu a, wɔbɛbɔ ɔbarima a ɔpiraa no no ka biara a ɔpemfoɔ no kunu de bɛto atemmufoɔ anim ama wɔapene so no. 23 Na sɛ opira no mu no, ɔbaa no nam so wu a, wɔnkum saa ɔbarima no. 24 Sɛ ɔpemfoɔ no pira nʼani a, pira ɔbarima no nso ani; sɛ ne se tu a, tu ne deɛ bi. Nsa nsi nsa anan, ɛnan nsi ɛnan anan, 25 ɔhyeɛ nsi ɔhyeɛ anan, apirakuro nsi apirakuro anan na ntampeɛ nsi ntampeɛ anan. 26 “Sɛ ɔbarima bi bɔ nʼakoa anaa nʼafenawa ani so ma nʼani bɔ a, ɛsiane nʼani no enti, ɛsɛ sɛ akoa anaa afenaa no kɔ ne baabi kwa. 27 Sɛ owura tu nʼakoa se a, ne se no enti, ɔmma no nkɔ ne baabi. 28 “Sɛ nantwie pem ɔbaa anaa ɔbarima ma no wu a, wɔnsi nantwie no aboɔ. Wɔnnwe ne nam no. Ne wura no nso, obiara mmfa ne nsa nka no, 29 gye sɛ wɔate sɛ mmerɛ bi a atwam no, nantwie no pempem nnipa ma wɔabɔ ne wura no amaneɛ a ɔnka ho hwee; sɛ ɛba saa na sɛ ɔkum obi a, wɔnsi nantwie no aboɔ na ne wura no nso, wɔnkum no. 30 Sɛ nso owufoɔ no abusuafoɔ pɛ a, wɔbɛbɔ nantwiewura no ka. Atemmufoɔ na wɔbɛkyerɛ ɛka no ano. 31 Mmara korɔ no ara kyere nantwie a ɔbɛpem abarimaa anaa abaayewa. 32 Na sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahasa ne aduanan mmienu (342), na wɔasi nantwie no aboɔ. 33 “Sɛ ɔbarima bi tu abura, na wankata so, na nantwie anaa afunumu kɔtɔ mu a, 34 ɛka biara a aboa no wura bɛbɔ abura no wura no, ɛsɛ sɛ abura wura no tua na ɔfa aboa a wawu no. 35 “Sɛ ɔbarima bi nantwie pira nantwie foforɔ na sɛ ɔwu a, mmoawuranom baanu no bɛtɔn aboa a ɔnwuiɛ no na wɔakyɛ sika no mu. Wɔn mu biara nso bɛfa aboa a wawu no fa. 36 Na sɛ aboa no pempem dada na sɛ ne wura no abu nʼani agu so deɛ a, ɛnneɛ, sika mu kyɛ biara remma; na mmom, ɔbarima a ne nantwie wɔ hɔ no bɛtua nantwie a wawu no ho ka nyinaa na wafa no.

In Other Versions

Exodus 21 in the ANGEFD

Exodus 21 in the ANTPNG2D

Exodus 21 in the AS21

Exodus 21 in the BAGH

Exodus 21 in the BBPNG

Exodus 21 in the BBT1E

Exodus 21 in the BDS

Exodus 21 in the BEV

Exodus 21 in the BHAD

Exodus 21 in the BIB

Exodus 21 in the BLPT

Exodus 21 in the BNT

Exodus 21 in the BNTABOOT

Exodus 21 in the BNTLV

Exodus 21 in the BOATCB2

Exodus 21 in the BOBCV

Exodus 21 in the BOCNT

Exodus 21 in the BOECS

Exodus 21 in the BOGWICC

Exodus 21 in the BOHCB

Exodus 21 in the BOHCV

Exodus 21 in the BOHLNT

Exodus 21 in the BOHNTLTAL

Exodus 21 in the BOICB

Exodus 21 in the BOILNTAP

Exodus 21 in the BOITCV

Exodus 21 in the BOKCV

Exodus 21 in the BOKCV2

Exodus 21 in the BOKHWOG

Exodus 21 in the BOKSSV

Exodus 21 in the BOLCB

Exodus 21 in the BOLCB2

Exodus 21 in the BOMCV

Exodus 21 in the BONAV

Exodus 21 in the BONCB

Exodus 21 in the BONLT

Exodus 21 in the BONUT2

Exodus 21 in the BOPLNT

Exodus 21 in the BOSCB

Exodus 21 in the BOSNC

Exodus 21 in the BOTLNT

Exodus 21 in the BOVCB

Exodus 21 in the BOYCB

Exodus 21 in the BPBB

Exodus 21 in the BPH

Exodus 21 in the BSB

Exodus 21 in the CCB

Exodus 21 in the CUV

Exodus 21 in the CUVS

Exodus 21 in the DBT

Exodus 21 in the DGDNT

Exodus 21 in the DHNT

Exodus 21 in the DNT

Exodus 21 in the ELBE

Exodus 21 in the EMTV

Exodus 21 in the ESV

Exodus 21 in the FBV

Exodus 21 in the FEB

Exodus 21 in the GGMNT

Exodus 21 in the GNT

Exodus 21 in the HARY

Exodus 21 in the HNT

Exodus 21 in the IRVA

Exodus 21 in the IRVB

Exodus 21 in the IRVG

Exodus 21 in the IRVH

Exodus 21 in the IRVK

Exodus 21 in the IRVM

Exodus 21 in the IRVM2

Exodus 21 in the IRVO

Exodus 21 in the IRVP

Exodus 21 in the IRVT

Exodus 21 in the IRVT2

Exodus 21 in the IRVU

Exodus 21 in the ISVN

Exodus 21 in the JSNT

Exodus 21 in the KAPI

Exodus 21 in the KBT1ETNIK

Exodus 21 in the KBV

Exodus 21 in the KJV

Exodus 21 in the KNFD

Exodus 21 in the LBA

Exodus 21 in the LBLA

Exodus 21 in the LNT

Exodus 21 in the LSV

Exodus 21 in the MAAL

Exodus 21 in the MBV

Exodus 21 in the MBV2

Exodus 21 in the MHNT

Exodus 21 in the MKNFD

Exodus 21 in the MNG

Exodus 21 in the MNT

Exodus 21 in the MNT2

Exodus 21 in the MRS1T

Exodus 21 in the NAA

Exodus 21 in the NASB

Exodus 21 in the NBLA

Exodus 21 in the NBS

Exodus 21 in the NBVTP

Exodus 21 in the NET2

Exodus 21 in the NIV11

Exodus 21 in the NNT

Exodus 21 in the NNT2

Exodus 21 in the NNT3

Exodus 21 in the PDDPT

Exodus 21 in the PFNT

Exodus 21 in the RMNT

Exodus 21 in the SBIAS

Exodus 21 in the SBIBS

Exodus 21 in the SBIBS2

Exodus 21 in the SBICS

Exodus 21 in the SBIDS

Exodus 21 in the SBIGS

Exodus 21 in the SBIHS

Exodus 21 in the SBIIS

Exodus 21 in the SBIIS2

Exodus 21 in the SBIIS3

Exodus 21 in the SBIKS

Exodus 21 in the SBIKS2

Exodus 21 in the SBIMS

Exodus 21 in the SBIOS

Exodus 21 in the SBIPS

Exodus 21 in the SBISS

Exodus 21 in the SBITS

Exodus 21 in the SBITS2

Exodus 21 in the SBITS3

Exodus 21 in the SBITS4

Exodus 21 in the SBIUS

Exodus 21 in the SBIVS

Exodus 21 in the SBT

Exodus 21 in the SBT1E

Exodus 21 in the SCHL

Exodus 21 in the SNT

Exodus 21 in the SUSU

Exodus 21 in the SUSU2

Exodus 21 in the SYNO

Exodus 21 in the TBIAOTANT

Exodus 21 in the TBT1E

Exodus 21 in the TBT1E2

Exodus 21 in the TFTIP

Exodus 21 in the TFTU

Exodus 21 in the TGNTATF3T

Exodus 21 in the THAI

Exodus 21 in the TNFD

Exodus 21 in the TNT

Exodus 21 in the TNTIK

Exodus 21 in the TNTIL

Exodus 21 in the TNTIN

Exodus 21 in the TNTIP

Exodus 21 in the TNTIZ

Exodus 21 in the TOMA

Exodus 21 in the TTENT

Exodus 21 in the UBG

Exodus 21 in the UGV

Exodus 21 in the UGV2

Exodus 21 in the UGV3

Exodus 21 in the VBL

Exodus 21 in the VDCC

Exodus 21 in the YALU

Exodus 21 in the YAPE

Exodus 21 in the YBVTP

Exodus 21 in the ZBP