Exodus 21 (BOATCB2)

1 “Mmara a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no ni: 2 “Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ma no nsom wo mfe asia, na afe a ɛto so ason no, ɔmfa ne ho nni a ontua hwee. 3 Sɛ ɔbɛyɛɛ wʼakoa no na ɔyɛ osigyani na sɛ akyiri no ɔware a, ɔno nko ara na sɛ mfe ason no du a ɔbɛkɔ. Na sɛ nso na waware ansa na ɔrebɛyɛ akoa de a, ɔne ne yere no na wɔbɛkɔ. 4 Sɛ nso ne wura no na ɔmaa no ɔbea waree wɔ ne nkoasom no mu, na sɛ wɔwo mmabarima ne mmabea a, ɔyere ne mma no bɛyɛ owura no de, na okunu no akɔ ne baabi. 5 “Na sɛ ɔbarima no pae mu ka se, ‘Mepɛ me wura ne me yere ne me mma asɛm nti merenkɔ’ a, 6 ne wura no de no bɛba atemmufo anim na wɔde fitii afiti nʼasom bagua mu na watena ne wura no nkyɛn sɛ akoa afebɔɔ. 7 “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babea sɛ afenaa a, mfe asia no du a, wɔrennyaa no sɛnea wogyaa mmarima nkoa no. 8 Sɛ ne som no nsɔ onipa a ɔtɔɔ no no ani a, onipa ko a ɔtɔn no no wɔ ho kwan sɛ ɔsan tɔ no bio. Nanso afenaa no wura no nni ho kwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani biara, efisɛ sɛ ɔyɛ saa a, na wabu ɔtɔn no ho nhyehyɛe so. 9 Na sɛ afenaa wura no de afenaa no ma ne babarima aware a, afenaa no bɛyɛ owura no babea. 10 Sɛ ɔno ara ankasa ware no na ɔsan ware foforo a, ɛnsɛ sɛ ɔtew nʼaduan ne ntama a ɔde ma no no so; na ɛnsɛ sɛ ɔkame no nna sɛ ɔyere. 11 Na sɛ wantumi anni saa ahyɛde abiɛsa yi so a, afenaa a ɔyɛ ɔyere no tumi kɔ kwa a ontua sika biara.” 12 “Obiara a ɔbɛbɔ obi akum no no, wobekum no bi. 13 Sɛ ɛyɛ asiane a ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a wanhyɛ da a, mɛkyerɛ onii no baabi a onguan nkohintaw. 14 Sɛ obi hyɛ da taataa ɔfoforo so pɛ sɛ okum no a, onii no gyina afɔremuka anim koraa a, montwe no nkokum no. 15 “Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na no, kum na ɛsɛ sɛ wokum no. 16 “Obi a owia onipa no, sɛ wɔkyere no sɛ saa onipa no wɔ ne nsam anaasɛ watɔn no a, wonkum no. 17 “Nea ɔdome nʼagya anaa ne na no, kum na ɛsɛ sɛ wokum no. 18 “Sɛ mmarima baanu reko na wɔn mu baako de ɔbo anaa kuturuku bɔ ɔbaako no pira no, na wanwu, nanso ɛka no to mpa so, 19 na akyiri no, otumi sɔre nantew na mpo sɛ ɔtɔ ne nan so a, ɔbarima a ɔbɔɔ ne yɔnko no di bem, nanso ɔbaako no bere a wasɛe no no, obetua ho sika ama no, asan atua nʼayaresa ka nyinaa kosi sɛ ne ho bɛtɔ no. 20 “Sɛ obi hwe nʼakoa anaa nʼafenaa ma no wu a, ɛsɛ sɛ wɔtwe nʼaso. 21 Nanso sɛ nna bi akyi no akoa no anwu a, ɛno de, owura no renkɔ asotwe biara mu, efisɛ akoa no yɛ nʼagyapade. 22 “Sɛ mmarima baanu reko na ɔko no mu wopira ɔpemfo ma ɔpɔn, nanso wanwu a, wɔbɛbɔ ɔbarima a opiraa no no ka biara a ɔpemfo no kunu de bɛto atemmufo anim ama wɔapene so no. 23 Na sɛ opira no ma ɔbea no wu a, wonkum saa ɔbarima no. 24 Sɛ ɔpemfo no pira nʼani a, pira ɔbarima no nso ani; sɛ ne se tu a, tu ne de bi. Nsa nsi nsa anan, nan nsi nan anan, 25 ɔhyew nsi ɔhyew anan, apirakuru nsi apirakuru anan na atape nsi atape anan. 26 “Sɛ owura bi bɔ nʼakoa anaa nʼafenaa ani so ma nʼani bɔ a, esiane nʼani no nti, ɛsɛ sɛ akoa anaa afenaa no de ne ho hyɛ anan. 27 Sɛ owura tu nʼakoa se a, ne se no nti, ɔmma ɔnne ne ho mfa nhyɛ anan. 28 “Sɛ nantwi si ɔbea anaa ɔbarima ma no wu a, wonsiw nantwi no abo. Wɔnnwe ne nam no. Ne wura no nso, obiara mmfa ne nsa nka no, 29 gye sɛ wɔate sɛ mmere bi a atwa mu no, nantwi no sisii nnipa ma wɔbɔɔ ne wura no amanneɛ a wanka ho hwee; sɛ ɛba saa na sɛ okum obi a, wonsiw nantwi no abo na ne wura no nso, wonkum no. 30 Sɛ nso owufo no abusuafo pɛ a, wɔbɛbɔ nantwi wura no ka. Atemmufo na wɔbɛkyerɛ nea ontua. 31 Mmara koro no ara kyere nantwi a obesi abarimaa anaa ɔbea. 32 Na sɛ nantwi no si akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahaasa ne aduanan (342) abien, na wɔasiw nantwi no abo. 33 “Sɛ ɔbarima bi tu abura, na wankata so, na nantwi anaa afurum kɔtɔ mu a, 34 ka biara a aboa no wura bɛbɔ abura no wura no, ɛsɛ sɛ abura wura no tua na ɔfa aboa a wawu no. 35 “Sɛ ɔbarima bi nantwi pira nantwi foforo na sɛ owu a, mmoa wuranom baanu no bɛtɔn aboa a onwui no na wɔakyɛ sika no mu. Wɔn mu biara nso bɛfa aboa a wawu no fa. 36 Na sɛ aboa no taa sisi na ne wura no abu nʼani agu so de a, ɛno de, sikakyɛ biara remma; na mmom, ɔbarima a ne nantwi wɔ hɔ no betua nantwi a wawu no ho ka nyinaa na wafa no.

In Other Versions

Exodus 21 in the ANGEFD

Exodus 21 in the ANTPNG2D

Exodus 21 in the AS21

Exodus 21 in the BAGH

Exodus 21 in the BBPNG

Exodus 21 in the BBT1E

Exodus 21 in the BDS

Exodus 21 in the BEV

Exodus 21 in the BHAD

Exodus 21 in the BIB

Exodus 21 in the BLPT

Exodus 21 in the BNT

Exodus 21 in the BNTABOOT

Exodus 21 in the BNTLV

Exodus 21 in the BOATCB

Exodus 21 in the BOBCV

Exodus 21 in the BOCNT

Exodus 21 in the BOECS

Exodus 21 in the BOGWICC

Exodus 21 in the BOHCB

Exodus 21 in the BOHCV

Exodus 21 in the BOHLNT

Exodus 21 in the BOHNTLTAL

Exodus 21 in the BOICB

Exodus 21 in the BOILNTAP

Exodus 21 in the BOITCV

Exodus 21 in the BOKCV

Exodus 21 in the BOKCV2

Exodus 21 in the BOKHWOG

Exodus 21 in the BOKSSV

Exodus 21 in the BOLCB

Exodus 21 in the BOLCB2

Exodus 21 in the BOMCV

Exodus 21 in the BONAV

Exodus 21 in the BONCB

Exodus 21 in the BONLT

Exodus 21 in the BONUT2

Exodus 21 in the BOPLNT

Exodus 21 in the BOSCB

Exodus 21 in the BOSNC

Exodus 21 in the BOTLNT

Exodus 21 in the BOVCB

Exodus 21 in the BOYCB

Exodus 21 in the BPBB

Exodus 21 in the BPH

Exodus 21 in the BSB

Exodus 21 in the CCB

Exodus 21 in the CUV

Exodus 21 in the CUVS

Exodus 21 in the DBT

Exodus 21 in the DGDNT

Exodus 21 in the DHNT

Exodus 21 in the DNT

Exodus 21 in the ELBE

Exodus 21 in the EMTV

Exodus 21 in the ESV

Exodus 21 in the FBV

Exodus 21 in the FEB

Exodus 21 in the GGMNT

Exodus 21 in the GNT

Exodus 21 in the HARY

Exodus 21 in the HNT

Exodus 21 in the IRVA

Exodus 21 in the IRVB

Exodus 21 in the IRVG

Exodus 21 in the IRVH

Exodus 21 in the IRVK

Exodus 21 in the IRVM

Exodus 21 in the IRVM2

Exodus 21 in the IRVO

Exodus 21 in the IRVP

Exodus 21 in the IRVT

Exodus 21 in the IRVT2

Exodus 21 in the IRVU

Exodus 21 in the ISVN

Exodus 21 in the JSNT

Exodus 21 in the KAPI

Exodus 21 in the KBT1ETNIK

Exodus 21 in the KBV

Exodus 21 in the KJV

Exodus 21 in the KNFD

Exodus 21 in the LBA

Exodus 21 in the LBLA

Exodus 21 in the LNT

Exodus 21 in the LSV

Exodus 21 in the MAAL

Exodus 21 in the MBV

Exodus 21 in the MBV2

Exodus 21 in the MHNT

Exodus 21 in the MKNFD

Exodus 21 in the MNG

Exodus 21 in the MNT

Exodus 21 in the MNT2

Exodus 21 in the MRS1T

Exodus 21 in the NAA

Exodus 21 in the NASB

Exodus 21 in the NBLA

Exodus 21 in the NBS

Exodus 21 in the NBVTP

Exodus 21 in the NET2

Exodus 21 in the NIV11

Exodus 21 in the NNT

Exodus 21 in the NNT2

Exodus 21 in the NNT3

Exodus 21 in the PDDPT

Exodus 21 in the PFNT

Exodus 21 in the RMNT

Exodus 21 in the SBIAS

Exodus 21 in the SBIBS

Exodus 21 in the SBIBS2

Exodus 21 in the SBICS

Exodus 21 in the SBIDS

Exodus 21 in the SBIGS

Exodus 21 in the SBIHS

Exodus 21 in the SBIIS

Exodus 21 in the SBIIS2

Exodus 21 in the SBIIS3

Exodus 21 in the SBIKS

Exodus 21 in the SBIKS2

Exodus 21 in the SBIMS

Exodus 21 in the SBIOS

Exodus 21 in the SBIPS

Exodus 21 in the SBISS

Exodus 21 in the SBITS

Exodus 21 in the SBITS2

Exodus 21 in the SBITS3

Exodus 21 in the SBITS4

Exodus 21 in the SBIUS

Exodus 21 in the SBIVS

Exodus 21 in the SBT

Exodus 21 in the SBT1E

Exodus 21 in the SCHL

Exodus 21 in the SNT

Exodus 21 in the SUSU

Exodus 21 in the SUSU2

Exodus 21 in the SYNO

Exodus 21 in the TBIAOTANT

Exodus 21 in the TBT1E

Exodus 21 in the TBT1E2

Exodus 21 in the TFTIP

Exodus 21 in the TFTU

Exodus 21 in the TGNTATF3T

Exodus 21 in the THAI

Exodus 21 in the TNFD

Exodus 21 in the TNT

Exodus 21 in the TNTIK

Exodus 21 in the TNTIL

Exodus 21 in the TNTIN

Exodus 21 in the TNTIP

Exodus 21 in the TNTIZ

Exodus 21 in the TOMA

Exodus 21 in the TTENT

Exodus 21 in the UBG

Exodus 21 in the UGV

Exodus 21 in the UGV2

Exodus 21 in the UGV3

Exodus 21 in the VBL

Exodus 21 in the VDCC

Exodus 21 in the YALU

Exodus 21 in the YAPE

Exodus 21 in the YBVTP

Exodus 21 in the ZBP