Exodus 34 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yɛ aboɔ twerɛ apono mmienu te sɛ deɛ woyɛɛ kane no na mɛtwerɛ mmara korɔ no ara sɛdeɛ na ɛwɔ deɛ wobubuu mu no so ara pɛ ama wo. 2 Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔ so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me. 3 Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔ no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔ no.” 4 Enti, Mose twaa twerɛ apono mmienu te sɛ kane deɛ no de kɔɔ Sinai Bepɔ so anɔpahema sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no. 5 AWURADE siane baa sɛ omununkum fadum bɛgyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron AWURADE no. 6 AWURADE faa nʼanim frɛɛ no kaa sɛ, “Me, AWURADE, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ a me bo kyɛre fu na mewɔ ɔdɔ na medi nokorɛ nso; 7 me AWURADE, me dɔ nnipa mpempem na mede atirimuɔden, atuateɛ ne bɔne kyɛ. Metwe afɔdie aso na metwe Agyanom, mma ne mmanananom kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne ɛnan aso.” 8 Mose kotoo AWURADE somm no. 9 Ɔkaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ nokorɛ pa ara sɛ woagye me atom deɛ a, Ao AWURADE, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi yɛ asoɔden deɛ, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.” 10 AWURADE buaa sɛ, “Ɛyɛ, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Merebɛyɛ anwanwadeɛ bi a ebi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfoɔ nyinaa ahunu tumi a AWURADE wɔ. Menam wo so na mɛyɛ saa tumideɛ no. 11 Wo fam deɛ a wobɛyɛ ara ne sɛ, wobɛtie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no nyinaa afiri wʼanim. 12 Hwɛ wo ho so yie pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufoɔ ampam, ɛfiri sɛ, sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo nso woayɛ nnebɔne a wɔyɛ no bi. 13 Bubu wɔn abosonsom afɔrebukyia no. Sɛe wɔn aboɔ adum no na montutu wɔn abosom no ngu. 14 Na monnsom onyame foforɔ biara nka AWURADE ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no. 15 “Wone onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoeɛ apam biara, ɛfiri sɛ, wɔnni me nokorɛ, na wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn anyame de tia me. Sɛ wo ne wɔn fa yɔnko a, wɔbɛto nsa afrɛ wo sɛ ma yɛnkɔsom yɛn anyame na anhwɛ yie a, wobɛkɔ. 16 Afei, ɛyɛ saa a, mobɛgye wɔn mmammaa aware ama mo mmammarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me. 17 “Monnsom ahoni biara. 18 “Bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdi Apiti Afahyɛ no nnanson sɛdeɛ meka kyerɛɛ wo no. Di no afe biara mu ɔbosome Abib (Yudafoɔ bosome a ɛdi ɛkan) mu. Saa bosome no mu na motu firii Misraim. 19 “Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwie, odwan anaa abirekyie. 20 Afunumu ba a ɔyɛ abakan deɛ, wɔmfa no nsesa odwammaa. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa deɛ a, bu ne kɔn mu. Mo mmammarima deɛ, monsesa wɔn nyinaa.“Obiara mma mʼanim a ɔnkura akyɛdeɛ bi. 21 “Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, monnni dwuma biara. Ofuntumberɛ anaa otwaberɛ mpo, momfa nna nsia nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no, monhome. 22 “Monkae na monni saa afahyɛ mmiɛnsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Yeinom ne: Otwaberɛ Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atokoɔ a ɛdi ɛkan Afahyɛ ne Otwa Afahyɛ. 23 Saa afahyɛ mmiɛnsa yi mu biara duru so a, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ mmarima ne mmarimaa nyinaa ba AWURADE wo Onyankopɔn anim. 24 Sɛ mokɔ AWURADE, mo Onyankopɔn, anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abɛdi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛ mo ahyeɛ mu. 25 “Mommfa burodo a mmɔreka wɔ mu mmɔ me afɔdeɛ. Na Twam Afahyɛ ɛnam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma adeɛ nkye so. 26 “Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma AWURADE mo Onyankopɔn.“Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.” 27 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Twerɛ saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu hɔ, ɛfiri sɛ, ɛgyina hɔ ma me ne wo ne Israel apam.” 28 Mose ne AWURADE de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkutaho wɔ bepɔ no so, na saa ɛberɛ no, Mose annidi annom. Saa ɛberɛ no, Onyankopɔn twerɛɛ Mmaransɛm Edu no guu ɛboɔ twerɛpono so. 29 Ɛberɛ a Mose de twerɛ apono no fi Onyankopɔn nkyɛn resiane bepɔ no, na ɔnnim sɛ nʼanim rehyerɛn. 30 Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no enti, Aaron ne Israelfoɔ no hunuu Mose no, wɔsuroeɛ sɛ wɔbɛbɛn no. 31 Nanso, Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofoɔ ne no bɛkasaeɛ. 32 Akyire no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔde mmaransɛm a AWURADE de maa no wɔ bepɔ no so hɔ no maa wɔn. 33 Mose ne wɔn kasa wieeɛ no, ɔde nkatanimu kataa nʼanim, 34 na ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ ne AWURADE akɔkasa no, ɔyi nkatanimu no kɔsi sɛ ɔbɛsane aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso aka akyerɛ nnipa no 35 a wɔhunu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛn. Akyire no, ɔde nkatanimu no kata nʼanim bio kɔsi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa.

In Other Versions

Exodus 34 in the ANGEFD

Exodus 34 in the ANTPNG2D

Exodus 34 in the AS21

Exodus 34 in the BAGH

Exodus 34 in the BBPNG

Exodus 34 in the BBT1E

Exodus 34 in the BDS

Exodus 34 in the BEV

Exodus 34 in the BHAD

Exodus 34 in the BIB

Exodus 34 in the BLPT

Exodus 34 in the BNT

Exodus 34 in the BNTABOOT

Exodus 34 in the BNTLV

Exodus 34 in the BOATCB2

Exodus 34 in the BOBCV

Exodus 34 in the BOCNT

Exodus 34 in the BOECS

Exodus 34 in the BOGWICC

Exodus 34 in the BOHCB

Exodus 34 in the BOHCV

Exodus 34 in the BOHLNT

Exodus 34 in the BOHNTLTAL

Exodus 34 in the BOICB

Exodus 34 in the BOILNTAP

Exodus 34 in the BOITCV

Exodus 34 in the BOKCV

Exodus 34 in the BOKCV2

Exodus 34 in the BOKHWOG

Exodus 34 in the BOKSSV

Exodus 34 in the BOLCB

Exodus 34 in the BOLCB2

Exodus 34 in the BOMCV

Exodus 34 in the BONAV

Exodus 34 in the BONCB

Exodus 34 in the BONLT

Exodus 34 in the BONUT2

Exodus 34 in the BOPLNT

Exodus 34 in the BOSCB

Exodus 34 in the BOSNC

Exodus 34 in the BOTLNT

Exodus 34 in the BOVCB

Exodus 34 in the BOYCB

Exodus 34 in the BPBB

Exodus 34 in the BPH

Exodus 34 in the BSB

Exodus 34 in the CCB

Exodus 34 in the CUV

Exodus 34 in the CUVS

Exodus 34 in the DBT

Exodus 34 in the DGDNT

Exodus 34 in the DHNT

Exodus 34 in the DNT

Exodus 34 in the ELBE

Exodus 34 in the EMTV

Exodus 34 in the ESV

Exodus 34 in the FBV

Exodus 34 in the FEB

Exodus 34 in the GGMNT

Exodus 34 in the GNT

Exodus 34 in the HARY

Exodus 34 in the HNT

Exodus 34 in the IRVA

Exodus 34 in the IRVB

Exodus 34 in the IRVG

Exodus 34 in the IRVH

Exodus 34 in the IRVK

Exodus 34 in the IRVM

Exodus 34 in the IRVM2

Exodus 34 in the IRVO

Exodus 34 in the IRVP

Exodus 34 in the IRVT

Exodus 34 in the IRVT2

Exodus 34 in the IRVU

Exodus 34 in the ISVN

Exodus 34 in the JSNT

Exodus 34 in the KAPI

Exodus 34 in the KBT1ETNIK

Exodus 34 in the KBV

Exodus 34 in the KJV

Exodus 34 in the KNFD

Exodus 34 in the LBA

Exodus 34 in the LBLA

Exodus 34 in the LNT

Exodus 34 in the LSV

Exodus 34 in the MAAL

Exodus 34 in the MBV

Exodus 34 in the MBV2

Exodus 34 in the MHNT

Exodus 34 in the MKNFD

Exodus 34 in the MNG

Exodus 34 in the MNT

Exodus 34 in the MNT2

Exodus 34 in the MRS1T

Exodus 34 in the NAA

Exodus 34 in the NASB

Exodus 34 in the NBLA

Exodus 34 in the NBS

Exodus 34 in the NBVTP

Exodus 34 in the NET2

Exodus 34 in the NIV11

Exodus 34 in the NNT

Exodus 34 in the NNT2

Exodus 34 in the NNT3

Exodus 34 in the PDDPT

Exodus 34 in the PFNT

Exodus 34 in the RMNT

Exodus 34 in the SBIAS

Exodus 34 in the SBIBS

Exodus 34 in the SBIBS2

Exodus 34 in the SBICS

Exodus 34 in the SBIDS

Exodus 34 in the SBIGS

Exodus 34 in the SBIHS

Exodus 34 in the SBIIS

Exodus 34 in the SBIIS2

Exodus 34 in the SBIIS3

Exodus 34 in the SBIKS

Exodus 34 in the SBIKS2

Exodus 34 in the SBIMS

Exodus 34 in the SBIOS

Exodus 34 in the SBIPS

Exodus 34 in the SBISS

Exodus 34 in the SBITS

Exodus 34 in the SBITS2

Exodus 34 in the SBITS3

Exodus 34 in the SBITS4

Exodus 34 in the SBIUS

Exodus 34 in the SBIVS

Exodus 34 in the SBT

Exodus 34 in the SBT1E

Exodus 34 in the SCHL

Exodus 34 in the SNT

Exodus 34 in the SUSU

Exodus 34 in the SUSU2

Exodus 34 in the SYNO

Exodus 34 in the TBIAOTANT

Exodus 34 in the TBT1E

Exodus 34 in the TBT1E2

Exodus 34 in the TFTIP

Exodus 34 in the TFTU

Exodus 34 in the TGNTATF3T

Exodus 34 in the THAI

Exodus 34 in the TNFD

Exodus 34 in the TNT

Exodus 34 in the TNTIK

Exodus 34 in the TNTIL

Exodus 34 in the TNTIN

Exodus 34 in the TNTIP

Exodus 34 in the TNTIZ

Exodus 34 in the TOMA

Exodus 34 in the TTENT

Exodus 34 in the UBG

Exodus 34 in the UGV

Exodus 34 in the UGV2

Exodus 34 in the UGV3

Exodus 34 in the VBL

Exodus 34 in the VDCC

Exodus 34 in the YALU

Exodus 34 in the YAPE

Exodus 34 in the YBVTP

Exodus 34 in the ZBP