Exodus 34 (BOATCB2)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Yɛ abo kyerɛw apon abien te sɛ nea woyɛɛ kan no na mɛkyerɛw mmara koro no ara sɛnea na ɛwɔ nea wububuu mu no so ara pɛ ama wo. 2 Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔw so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me. 3 Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔw no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔw no.” 4 Enti Mose twaa kyerɛw apon abien te sɛ kan de no de kɔɔ Sinai Bepɔw so anɔpahema sɛnea AWURADE hyɛe no no. 5 AWURADE sian baa sɛ omununkum fadum begyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron AWURADE no. 6 AWURADE faa Mose anim frɛɛ no kae se, “Me, AWURADE, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo a me bo kyɛ fuw na mewɔ ɔdɔ na midi nokware nso; 7 me AWURADE, medɔ nnipa mpempem na mede atirimɔden, atuatew ne bɔne kyɛ. Nanso metwe afɔdi aso na metwe Agyanom, mma ne nananom aso kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan aso.” 8 Mose kotow AWURADE som no. 9 Ɔkae se, “Sɛ ɛyɛ nokware pa ara sɛ woagye me ato mu de a, AWURADE, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi aso yɛ den de, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.” 10 AWURADE buae se, “Eye, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Merebɛyɛ anwonwade bi a bi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfo nyinaa ahu tumi a AWURADE wɔ. Menam wo so na mɛyɛ saa tumide no. 11 Wo fam de a wobɛyɛ ara ne sɛ, wubetie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifo, Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no nyinaa afi wʼanim. 12 Hwɛ wo ho so yiye pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufo ampam, anyɛ saa a, wɔbɛyɛ mfiri wɔ mo mu a ebeyiyi mo. 13 Bubu wɔn abosonsom afɔremuka no. Sɛe wɔn abo adum no na muntutu wɔn abosom no ngu. 14 Na monnsom onyame foforo biara nka AWURADE ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no. 15 “Wo ne onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoe apam biara, efisɛ wonni me nokware, na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame de tia me. Sɛ wo ne wɔn yɛ adwene a, wɔbɛto nsa afrɛ wo ama woakodi wɔn abosom so nnuan. 16 Afei nso, ɛyɛ saa a, mubegye wɔn mmabea aware ama mo mmabarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me. 17 “Monnyɛ ahoni biara. 18 “Munni Apiti Afahyɛ no. Munni brodo a mmɔkaw nni mu nnanson sɛnea meka kyerɛɛ mo no. Monyɛ eyi afe biara mu ɔsram Abib (Yudafo ɔsram a edi kan) mu, efisɛ saa ɔsram no mu na mutu fii Misraim. 19 “Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwi, oguan anaa abirekyi. 20 Afurum ba a ɔyɛ abakan de, wɔmfa no nsesa oguamma. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa de a, bu ne kɔn mu. Mo mmabarima de, munnye wɔn nyinaa.“Obiara mma mʼanim a onkura akyɛde bi. 21 “Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no de, munnni dwuma biara. Ofuntumbere anaa otwabere mpo, momfa nnansia nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no, monhome. 22 “Monkae na munni saa afahyɛ abiɛsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Eyinom ne: Otwabere Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atoko a edi kan Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. 23 Saa afahyɛ abiɛsa yi mu biara du so a, ɛsɛ sɛ Israelfo mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade anim. 24 Sɛ mokɔ AWURADE mo Nyankopɔn anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abedi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛw mo ahye mu. 25 “Mommfa brodo a mmɔkaw wɔ mu mmɔ me afɔre. Na Twam Afahyɛ nam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma ade nkye so. 26 “Sɛ mutwa mo nnɔbae a, Momfa mo nnɔbae mu nea ɛsɔ ani koraa no mmra AWURADE mo Nyankopɔn fi.“Monnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.” 27 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu hɔ, efisɛ ɛyɛ me ne wo, Israel ntam apam.” 28 Mose ne AWURADE de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkitaho wɔ bepɔw no so, na saa bere no, Mose annidi, annom. Saa bere no, Onyankopɔn kyerɛw Mmaransɛm Du no guu ɔbo kyerɛwpon no so. 29 Bere a Mose de kyerɛw apon no fi Onyankopɔn nkyɛn resian bepɔw no, na onnim sɛ nʼanim rehyerɛn. 30 Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no nti, Aaron ne Israelfo no huu Mose no, wosuroe sɛ wɔbɛbɛn no. 31 Nanso Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofo ne no bɛkasae. 32 Akyiri no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔde mmaransɛm a AWURADE de maa no wɔ bepɔw no so hɔ no maa wɔn. 33 Mose ne wɔn kasa wiee no, ɔde nkataanim kataa nʼanim, 34 na bere biara a ɔbɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ ne AWURADE akɔkasa no, oyi nkataanim no kosi sɛ ɔbɛsan aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso ka kyerɛ nnipa no 35 a wohu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛnn no. Akyiri no, ɔde nkataanim no kata nʼanim bio kosi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa.

In Other Versions

Exodus 34 in the ANGEFD

Exodus 34 in the ANTPNG2D

Exodus 34 in the AS21

Exodus 34 in the BAGH

Exodus 34 in the BBPNG

Exodus 34 in the BBT1E

Exodus 34 in the BDS

Exodus 34 in the BEV

Exodus 34 in the BHAD

Exodus 34 in the BIB

Exodus 34 in the BLPT

Exodus 34 in the BNT

Exodus 34 in the BNTABOOT

Exodus 34 in the BNTLV

Exodus 34 in the BOATCB

Exodus 34 in the BOBCV

Exodus 34 in the BOCNT

Exodus 34 in the BOECS

Exodus 34 in the BOGWICC

Exodus 34 in the BOHCB

Exodus 34 in the BOHCV

Exodus 34 in the BOHLNT

Exodus 34 in the BOHNTLTAL

Exodus 34 in the BOICB

Exodus 34 in the BOILNTAP

Exodus 34 in the BOITCV

Exodus 34 in the BOKCV

Exodus 34 in the BOKCV2

Exodus 34 in the BOKHWOG

Exodus 34 in the BOKSSV

Exodus 34 in the BOLCB

Exodus 34 in the BOLCB2

Exodus 34 in the BOMCV

Exodus 34 in the BONAV

Exodus 34 in the BONCB

Exodus 34 in the BONLT

Exodus 34 in the BONUT2

Exodus 34 in the BOPLNT

Exodus 34 in the BOSCB

Exodus 34 in the BOSNC

Exodus 34 in the BOTLNT

Exodus 34 in the BOVCB

Exodus 34 in the BOYCB

Exodus 34 in the BPBB

Exodus 34 in the BPH

Exodus 34 in the BSB

Exodus 34 in the CCB

Exodus 34 in the CUV

Exodus 34 in the CUVS

Exodus 34 in the DBT

Exodus 34 in the DGDNT

Exodus 34 in the DHNT

Exodus 34 in the DNT

Exodus 34 in the ELBE

Exodus 34 in the EMTV

Exodus 34 in the ESV

Exodus 34 in the FBV

Exodus 34 in the FEB

Exodus 34 in the GGMNT

Exodus 34 in the GNT

Exodus 34 in the HARY

Exodus 34 in the HNT

Exodus 34 in the IRVA

Exodus 34 in the IRVB

Exodus 34 in the IRVG

Exodus 34 in the IRVH

Exodus 34 in the IRVK

Exodus 34 in the IRVM

Exodus 34 in the IRVM2

Exodus 34 in the IRVO

Exodus 34 in the IRVP

Exodus 34 in the IRVT

Exodus 34 in the IRVT2

Exodus 34 in the IRVU

Exodus 34 in the ISVN

Exodus 34 in the JSNT

Exodus 34 in the KAPI

Exodus 34 in the KBT1ETNIK

Exodus 34 in the KBV

Exodus 34 in the KJV

Exodus 34 in the KNFD

Exodus 34 in the LBA

Exodus 34 in the LBLA

Exodus 34 in the LNT

Exodus 34 in the LSV

Exodus 34 in the MAAL

Exodus 34 in the MBV

Exodus 34 in the MBV2

Exodus 34 in the MHNT

Exodus 34 in the MKNFD

Exodus 34 in the MNG

Exodus 34 in the MNT

Exodus 34 in the MNT2

Exodus 34 in the MRS1T

Exodus 34 in the NAA

Exodus 34 in the NASB

Exodus 34 in the NBLA

Exodus 34 in the NBS

Exodus 34 in the NBVTP

Exodus 34 in the NET2

Exodus 34 in the NIV11

Exodus 34 in the NNT

Exodus 34 in the NNT2

Exodus 34 in the NNT3

Exodus 34 in the PDDPT

Exodus 34 in the PFNT

Exodus 34 in the RMNT

Exodus 34 in the SBIAS

Exodus 34 in the SBIBS

Exodus 34 in the SBIBS2

Exodus 34 in the SBICS

Exodus 34 in the SBIDS

Exodus 34 in the SBIGS

Exodus 34 in the SBIHS

Exodus 34 in the SBIIS

Exodus 34 in the SBIIS2

Exodus 34 in the SBIIS3

Exodus 34 in the SBIKS

Exodus 34 in the SBIKS2

Exodus 34 in the SBIMS

Exodus 34 in the SBIOS

Exodus 34 in the SBIPS

Exodus 34 in the SBISS

Exodus 34 in the SBITS

Exodus 34 in the SBITS2

Exodus 34 in the SBITS3

Exodus 34 in the SBITS4

Exodus 34 in the SBIUS

Exodus 34 in the SBIVS

Exodus 34 in the SBT

Exodus 34 in the SBT1E

Exodus 34 in the SCHL

Exodus 34 in the SNT

Exodus 34 in the SUSU

Exodus 34 in the SUSU2

Exodus 34 in the SYNO

Exodus 34 in the TBIAOTANT

Exodus 34 in the TBT1E

Exodus 34 in the TBT1E2

Exodus 34 in the TFTIP

Exodus 34 in the TFTU

Exodus 34 in the TGNTATF3T

Exodus 34 in the THAI

Exodus 34 in the TNFD

Exodus 34 in the TNT

Exodus 34 in the TNTIK

Exodus 34 in the TNTIL

Exodus 34 in the TNTIN

Exodus 34 in the TNTIP

Exodus 34 in the TNTIZ

Exodus 34 in the TOMA

Exodus 34 in the TTENT

Exodus 34 in the UBG

Exodus 34 in the UGV

Exodus 34 in the UGV2

Exodus 34 in the UGV3

Exodus 34 in the VBL

Exodus 34 in the VDCC

Exodus 34 in the YALU

Exodus 34 in the YAPE

Exodus 34 in the YBVTP

Exodus 34 in the ZBP