Exodus 4 (BOATCB)

1 Na Mose buaa no sɛ, “Wɔrennye me nni. Asɛm a mɛka no, wɔrenni so. Wɔbɛka sɛ, ‘AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo!’ ” 2 AWURADE bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wokura yi?”Ɔbuaa sɛ, “Odwanhwɛfoɔ poma.” 3 AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ, “To twene fam.”Enti ɔto twenee fam ma ɛdanee ɔwɔ. Mose dwane firii aboa no ho. 4 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔ ɔwɔ no dua mu kyere no!” Ɔsɔɔ ne dua mu kyeree no no, ɛsane danee poma no bio. 5 AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔyɛ saa na wɔbɛgye wo adi. Ɛbɛma wɔahunu sɛ wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ wo ampa. 6 “Afei, fa wo nsa hyɛ wo bo.” Ɔde ne nsa hyɛɛ ne bo na ɔyiiɛ no, na kwata ayɛ ne nsa ho fitaa. 7 AWURADE ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Fa wo nsa hyɛ wo bo bio.” Ɔde ne nsa hyɛɛ ne bo bio na ɔyiiɛ no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛdeɛ ɛte kane no. 8 AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wɔannye anwanwadeɛ a ɛdi ɛkan no anni a, wɔbɛgye deɛ ɛtɔ so mmienu no adi. 9 Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ mmienu yi akyiri wɔannye wo anni a, kɔsa nsuo firi Asubɔnten Nil mu na bɛhwie gu asase wesee bi so na ɛbɛdane mogya.” 10 Nanso, Mose srɛɛ sɛ, “Ao, AWURADE, mennim kasa. Ɛbɛsi ɛnnɛ anaa ɛfiri ɛberɛ a wo ne me kasaeɛ mpo no, mʼano nte.” 11 AWURADE bisaa no sɛ, “Hwan na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me AWURADE na meyɛeɛ? Hwan na ɔbɔ onipa ma ɔtumi kasa anaa ɔmma no nkasa? Hwan na ɔma no hunu adeɛ anaa ɔmma no nhunu adeɛ? Hwan na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm? 12 Afei, kɔ na kɔyɛ deɛ maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yie, na mɛkyerɛ wo deɛ wobɛka nso.” 13 Nanso Mose kaa sɛ, “Awurade mesrɛ wo, soma onipa foforɔ.” 14 AWURADE bo fuiɛ enti ɔkaa sɛ, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ? Menim sɛ nʼano ate. Na hwɛ ɔno na ɔrebɛhyia wo no, na sɛ ɔhunu wo a, nʼani bɛgye. 15 Wobɛkasa akyerɛ no na woaka deɛ ɛsɛ sɛ ɔka akyerɛ no. Mɛboa mo baanu ama moakasa, na makyerɛ mo deɛ mobɛyɛ. 16 Ɔbɛyɛ wo ɔkyeame ɔman no anim, na wo nso woayɛ sɛ ne Onyankopɔn aka asɛm a wopɛ sɛ ɛda edwa akyerɛ no. 17 Sɛ worekɔ a, fa wo poma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛtumi de ayɛ anwanwadeɛ a makyerɛ wo no.” 18 Mose kɔɔ efie kɔbɔɔ nʼase Yetro nsɛm a asie no ho amanneɛ. “Mɛsrɛ wo ɛkwan na makɔ Misraim makɔsra mʼabusuafoɔ. Mennim mpo sɛ, wɔte ase.”Yetro penee so sɛ, “Kɔ. Mehyira wo kosɛkosɛ.” 19 Ansa na Mose rebɛfiri Midian no, AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro sɛ wobɛsane akɔ Misraim, ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu.” 20 Enti, Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfunumu so sɛ ɔrekɔ Misraim a na Onyankopɔn poma no hyɛ ne nsam. 21 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ woduru Misraim a, kɔ Farao hɔ na kɔyɛ anwanwadeɛ a makyerɛ wo yi kyerɛ no, nanso mɛma nʼaso ayɛ den, enti ɔremma nnipa no nkɔ. 22 Na sɛ ɛba no saa a, ka kyerɛ no sɛ, ‘AWURADE se, Israel yɛ mʼabakan 23 na mahyɛ wo sɛ, “Ma no ɛkwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene enti mɛkum wʼabakan.’ ” 24 Mose ne nʼabusuafoɔ nam no, adeɛ saa wɔn ma wɔpɛɛ baabi daeɛ. AWURADE daa ne ho adi kyerɛɛ Mose na ɔhunahunaa no sɛ ɔbɛkum no. 25 Enti, ne yere Sipora faa sekammoa de twaa ne babarima kumaa twetia to twenee Mose nan ase kaa sɛ, “Mmogya ayeforɔkunu ne wo.” 26 Enti AWURADE gyaa Mose. Na Sipora kaa sɛ, “Woyɛ okunu a twetiatwa ama mogya aka wo.” 27 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Kɔ ɛserɛ no so kɔhyia Mose.” Enti, Aaron kɔɔ Onyankopɔn Bepɔ Horeb so kɔhyiaa Mose wɔ hɔ. Wɔhyiaeɛ no, wɔde mfeano kyeakyeaa wɔn ho fɛw so. 28 Mose kaa nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ no ɛberɛ a ɔresoma no no ne anwanwadeɛ a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ nyinaa kyerɛɛ Aaron. 29 Enti, Mose ne Aaron sane kɔɔ Misraim frɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu. 30 Aaron kaa nsɛm a AWURADE aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn enti, Mose yɛɛ anwanwadeɛ no ma wɔhwɛeɛ. 31 Yei maa mpanimfoɔ no gye dii sɛ, ampa, AWURADE na wasoma wɔn. Afei, wɔtee sɛ AWURADE akɔsra wɔn, na ɛnam so ama wahunu wɔn haw, na enti wayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgye wɔn afiri saa ɔhaw no mu no, wɔde anigyeɛ buu nkotodwe sɔreeɛ.

In Other Versions

Exodus 4 in the ANGEFD

Exodus 4 in the ANTPNG2D

Exodus 4 in the AS21

Exodus 4 in the BAGH

Exodus 4 in the BBPNG

Exodus 4 in the BBT1E

Exodus 4 in the BDS

Exodus 4 in the BEV

Exodus 4 in the BHAD

Exodus 4 in the BIB

Exodus 4 in the BLPT

Exodus 4 in the BNT

Exodus 4 in the BNTABOOT

Exodus 4 in the BNTLV

Exodus 4 in the BOATCB2

Exodus 4 in the BOBCV

Exodus 4 in the BOCNT

Exodus 4 in the BOECS

Exodus 4 in the BOGWICC

Exodus 4 in the BOHCB

Exodus 4 in the BOHCV

Exodus 4 in the BOHLNT

Exodus 4 in the BOHNTLTAL

Exodus 4 in the BOICB

Exodus 4 in the BOILNTAP

Exodus 4 in the BOITCV

Exodus 4 in the BOKCV

Exodus 4 in the BOKCV2

Exodus 4 in the BOKHWOG

Exodus 4 in the BOKSSV

Exodus 4 in the BOLCB

Exodus 4 in the BOLCB2

Exodus 4 in the BOMCV

Exodus 4 in the BONAV

Exodus 4 in the BONCB

Exodus 4 in the BONLT

Exodus 4 in the BONUT2

Exodus 4 in the BOPLNT

Exodus 4 in the BOSCB

Exodus 4 in the BOSNC

Exodus 4 in the BOTLNT

Exodus 4 in the BOVCB

Exodus 4 in the BOYCB

Exodus 4 in the BPBB

Exodus 4 in the BPH

Exodus 4 in the BSB

Exodus 4 in the CCB

Exodus 4 in the CUV

Exodus 4 in the CUVS

Exodus 4 in the DBT

Exodus 4 in the DGDNT

Exodus 4 in the DHNT

Exodus 4 in the DNT

Exodus 4 in the ELBE

Exodus 4 in the EMTV

Exodus 4 in the ESV

Exodus 4 in the FBV

Exodus 4 in the FEB

Exodus 4 in the GGMNT

Exodus 4 in the GNT

Exodus 4 in the HARY

Exodus 4 in the HNT

Exodus 4 in the IRVA

Exodus 4 in the IRVB

Exodus 4 in the IRVG

Exodus 4 in the IRVH

Exodus 4 in the IRVK

Exodus 4 in the IRVM

Exodus 4 in the IRVM2

Exodus 4 in the IRVO

Exodus 4 in the IRVP

Exodus 4 in the IRVT

Exodus 4 in the IRVT2

Exodus 4 in the IRVU

Exodus 4 in the ISVN

Exodus 4 in the JSNT

Exodus 4 in the KAPI

Exodus 4 in the KBT1ETNIK

Exodus 4 in the KBV

Exodus 4 in the KJV

Exodus 4 in the KNFD

Exodus 4 in the LBA

Exodus 4 in the LBLA

Exodus 4 in the LNT

Exodus 4 in the LSV

Exodus 4 in the MAAL

Exodus 4 in the MBV

Exodus 4 in the MBV2

Exodus 4 in the MHNT

Exodus 4 in the MKNFD

Exodus 4 in the MNG

Exodus 4 in the MNT

Exodus 4 in the MNT2

Exodus 4 in the MRS1T

Exodus 4 in the NAA

Exodus 4 in the NASB

Exodus 4 in the NBLA

Exodus 4 in the NBS

Exodus 4 in the NBVTP

Exodus 4 in the NET2

Exodus 4 in the NIV11

Exodus 4 in the NNT

Exodus 4 in the NNT2

Exodus 4 in the NNT3

Exodus 4 in the PDDPT

Exodus 4 in the PFNT

Exodus 4 in the RMNT

Exodus 4 in the SBIAS

Exodus 4 in the SBIBS

Exodus 4 in the SBIBS2

Exodus 4 in the SBICS

Exodus 4 in the SBIDS

Exodus 4 in the SBIGS

Exodus 4 in the SBIHS

Exodus 4 in the SBIIS

Exodus 4 in the SBIIS2

Exodus 4 in the SBIIS3

Exodus 4 in the SBIKS

Exodus 4 in the SBIKS2

Exodus 4 in the SBIMS

Exodus 4 in the SBIOS

Exodus 4 in the SBIPS

Exodus 4 in the SBISS

Exodus 4 in the SBITS

Exodus 4 in the SBITS2

Exodus 4 in the SBITS3

Exodus 4 in the SBITS4

Exodus 4 in the SBIUS

Exodus 4 in the SBIVS

Exodus 4 in the SBT

Exodus 4 in the SBT1E

Exodus 4 in the SCHL

Exodus 4 in the SNT

Exodus 4 in the SUSU

Exodus 4 in the SUSU2

Exodus 4 in the SYNO

Exodus 4 in the TBIAOTANT

Exodus 4 in the TBT1E

Exodus 4 in the TBT1E2

Exodus 4 in the TFTIP

Exodus 4 in the TFTU

Exodus 4 in the TGNTATF3T

Exodus 4 in the THAI

Exodus 4 in the TNFD

Exodus 4 in the TNT

Exodus 4 in the TNTIK

Exodus 4 in the TNTIL

Exodus 4 in the TNTIN

Exodus 4 in the TNTIP

Exodus 4 in the TNTIZ

Exodus 4 in the TOMA

Exodus 4 in the TTENT

Exodus 4 in the UBG

Exodus 4 in the UGV

Exodus 4 in the UGV2

Exodus 4 in the UGV3

Exodus 4 in the VBL

Exodus 4 in the VDCC

Exodus 4 in the YALU

Exodus 4 in the YAPE

Exodus 4 in the YBVTP

Exodus 4 in the ZBP