Exodus 4 (BOATCB2)

1 Na Mose buaa no se, “Sɛ wɔannye me anni anaa wɔantie asɛm a mɛka no, na wɔka se, ‘AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ?’ ” 2 AWURADE bisaa no se, “Dɛn na wukura yi?”Obuae se, “Oguanhwɛfo pema.” 3 AWURADE ka kyerɛɛ no se, “Tow kyene fam.”Enti ɔtow kyenee fam ma ɛdan ɔwɔ. Mose guan fii aboa no ho. 4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “So ɔwɔ no dua mu na kyere no!” Osoo ne dua mu kyeree no no, ɛsan dan pema no. 5 AWURADE ka kyerɛɛ no se, “Kɔyɛ saa na wobegye wo adi. Ɛbɛma wɔahu sɛ wɔn agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ wo ampa.” 6 Afei, AWURADE kae se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu.” Mose de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata ayɛ ne nsa ho; ayɛ fitaa sɛ sukyerɛmma. 7 AWURADE ka kyerɛɛ no bio se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu bio.” Enti Mose san de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛnea ɛte kan no. 8 AWURADE ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wɔannye anwonwade a edi kan no anni a, wobegye nea ɛto so abien no adi. 9 Na sɛ nsɛnkyerɛnne abien yi akyi no wɔannye wo anni a, kɔsaw nsu fi Asubɔnten Nil mu na behwie gu asase wosee bi so na ɛbɛdan mogya.” 10 Nanso Mose srɛe se, “AWURADE, minnim kasa. Ebesi nnɛ anaa efi bere a wo ne me kasae mpo no, mʼano ntew.” 11 AWURADE bisaa no se, “Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me AWURADE na meyɛe? Hena na ɔbɔ onipa ma otumi kasa anaa ɔmma no nkasa. Hena na ɔma no hu ade anaa ɔmma no nhu ade. Hena na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm? 12 Afei kɔ, na kɔyɛ nea maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yiye, na mɛkyerɛ wo nea wobɛka nso.” 13 Nanso Mose kae se, “Awurade wʼakoa resrɛ wo, soma onipa foforo.” 14 AWURADE bo fuwii, enti ɔkaa se, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ, minim sɛ nʼano atew. Na hwɛ ɔno na ɔrebehyia wo no, na sɛ ohu wo a, nʼani begye. 15 Wobɛkasa akyerɛ no na woaka nsɛm ahyɛ nʼanom; mɛboa mo baanu no ama moakasa, na makyerɛ mo nea mobɛyɛ. 16 Ɔbɛyɛ wo kyeame wɔ ɔman no anim, na wo nso woayɛ sɛ ne Nyankopɔn aka asɛm a wopɛ sɛ ɛda gua akyerɛ no. 17 Sɛ worekɔ a, fa wo pema no sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de ayɛ anwonwade a makyerɛ wo no.” 18 Mose kɔɔ fie kɔka kyerɛɛ nʼase Yetro se, “Mɛsrɛ wo kwan na makɔ Misraim akɔsra mʼabusuafo akɔhwɛ sɛ wɔtete ase ana.”Yetro penee so se, “Kɔ. Mihyira wo kosɛkosɛ.” 19 Ansa na Mose rebefi Midian no, AWURADE ka kyerɛɛ no se, “Nsuro sɛ wobɛsan akɔ Misraim, efisɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu.” 20 Enti Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfurum so sii mu sɛ ɔrekɔ Misraim. Na ɔfaa Onyankopɔn pema no kitae. 21 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Sɛ wudu Misraim a, kɔ Farao hɔ na kɔyɛ anwonwade a makyerɛ wo yi kyerɛ no, nanso mepirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no nkɔ. 22 Na ka kyerɛ no se, ‘AWURADE se, Israel yɛ mʼabakan 23 na mehyɛɛ wo sɛ, “Ma no kwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene; nti mekum wʼabakan.’ ” 24 Mose ne nʼabusuafo nam no, ade saa wɔn ma wɔpɛɛ baabi dae. AWURADE daa ne ho adi kyerɛɛ Mose na ohunahunaa no sɛ obekum no. 25 Enti ne yere Sipora faa sekan de twaa ne babarima kumaa twetia tow kyenee Mose nan ase kae se, “Mogya ayeforokunu ne wo.” 26 Enti AWURADE gyaa Mose. (Na Sipora kae se, “Woyɛ mogya ayeforokunu,” a na ɔde rekyerɛ twetiatwa.) 27 AWURADE ka kyerɛɛ Aaron se, “Kɔ sare no so kohyia Mose.” Enti Aaron kɔɔ Onyankopɔn Bepɔw no so kohyiaa Mose few nʼafono. 28 Na Mose kaa nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ no bere a ɔresoma no no ne anwonwade a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no nyinaa kyerɛɛ Aaron. 29 Mose ne Aaron hyiaa Israelfo mpanyimfo no nyinaa, 30 na Aaron kaa nsɛm a AWURADE aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na Mose yɛɛ anwonwade no kyerɛɛ wɔn 31 ma wogye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE dwen wɔn ho na wahu wɔn awerɛhowdi no, wobuu nkotodwe sɔree no.

In Other Versions

Exodus 4 in the ANGEFD

Exodus 4 in the ANTPNG2D

Exodus 4 in the AS21

Exodus 4 in the BAGH

Exodus 4 in the BBPNG

Exodus 4 in the BBT1E

Exodus 4 in the BDS

Exodus 4 in the BEV

Exodus 4 in the BHAD

Exodus 4 in the BIB

Exodus 4 in the BLPT

Exodus 4 in the BNT

Exodus 4 in the BNTABOOT

Exodus 4 in the BNTLV

Exodus 4 in the BOATCB

Exodus 4 in the BOBCV

Exodus 4 in the BOCNT

Exodus 4 in the BOECS

Exodus 4 in the BOGWICC

Exodus 4 in the BOHCB

Exodus 4 in the BOHCV

Exodus 4 in the BOHLNT

Exodus 4 in the BOHNTLTAL

Exodus 4 in the BOICB

Exodus 4 in the BOILNTAP

Exodus 4 in the BOITCV

Exodus 4 in the BOKCV

Exodus 4 in the BOKCV2

Exodus 4 in the BOKHWOG

Exodus 4 in the BOKSSV

Exodus 4 in the BOLCB

Exodus 4 in the BOLCB2

Exodus 4 in the BOMCV

Exodus 4 in the BONAV

Exodus 4 in the BONCB

Exodus 4 in the BONLT

Exodus 4 in the BONUT2

Exodus 4 in the BOPLNT

Exodus 4 in the BOSCB

Exodus 4 in the BOSNC

Exodus 4 in the BOTLNT

Exodus 4 in the BOVCB

Exodus 4 in the BOYCB

Exodus 4 in the BPBB

Exodus 4 in the BPH

Exodus 4 in the BSB

Exodus 4 in the CCB

Exodus 4 in the CUV

Exodus 4 in the CUVS

Exodus 4 in the DBT

Exodus 4 in the DGDNT

Exodus 4 in the DHNT

Exodus 4 in the DNT

Exodus 4 in the ELBE

Exodus 4 in the EMTV

Exodus 4 in the ESV

Exodus 4 in the FBV

Exodus 4 in the FEB

Exodus 4 in the GGMNT

Exodus 4 in the GNT

Exodus 4 in the HARY

Exodus 4 in the HNT

Exodus 4 in the IRVA

Exodus 4 in the IRVB

Exodus 4 in the IRVG

Exodus 4 in the IRVH

Exodus 4 in the IRVK

Exodus 4 in the IRVM

Exodus 4 in the IRVM2

Exodus 4 in the IRVO

Exodus 4 in the IRVP

Exodus 4 in the IRVT

Exodus 4 in the IRVT2

Exodus 4 in the IRVU

Exodus 4 in the ISVN

Exodus 4 in the JSNT

Exodus 4 in the KAPI

Exodus 4 in the KBT1ETNIK

Exodus 4 in the KBV

Exodus 4 in the KJV

Exodus 4 in the KNFD

Exodus 4 in the LBA

Exodus 4 in the LBLA

Exodus 4 in the LNT

Exodus 4 in the LSV

Exodus 4 in the MAAL

Exodus 4 in the MBV

Exodus 4 in the MBV2

Exodus 4 in the MHNT

Exodus 4 in the MKNFD

Exodus 4 in the MNG

Exodus 4 in the MNT

Exodus 4 in the MNT2

Exodus 4 in the MRS1T

Exodus 4 in the NAA

Exodus 4 in the NASB

Exodus 4 in the NBLA

Exodus 4 in the NBS

Exodus 4 in the NBVTP

Exodus 4 in the NET2

Exodus 4 in the NIV11

Exodus 4 in the NNT

Exodus 4 in the NNT2

Exodus 4 in the NNT3

Exodus 4 in the PDDPT

Exodus 4 in the PFNT

Exodus 4 in the RMNT

Exodus 4 in the SBIAS

Exodus 4 in the SBIBS

Exodus 4 in the SBIBS2

Exodus 4 in the SBICS

Exodus 4 in the SBIDS

Exodus 4 in the SBIGS

Exodus 4 in the SBIHS

Exodus 4 in the SBIIS

Exodus 4 in the SBIIS2

Exodus 4 in the SBIIS3

Exodus 4 in the SBIKS

Exodus 4 in the SBIKS2

Exodus 4 in the SBIMS

Exodus 4 in the SBIOS

Exodus 4 in the SBIPS

Exodus 4 in the SBISS

Exodus 4 in the SBITS

Exodus 4 in the SBITS2

Exodus 4 in the SBITS3

Exodus 4 in the SBITS4

Exodus 4 in the SBIUS

Exodus 4 in the SBIVS

Exodus 4 in the SBT

Exodus 4 in the SBT1E

Exodus 4 in the SCHL

Exodus 4 in the SNT

Exodus 4 in the SUSU

Exodus 4 in the SUSU2

Exodus 4 in the SYNO

Exodus 4 in the TBIAOTANT

Exodus 4 in the TBT1E

Exodus 4 in the TBT1E2

Exodus 4 in the TFTIP

Exodus 4 in the TFTU

Exodus 4 in the TGNTATF3T

Exodus 4 in the THAI

Exodus 4 in the TNFD

Exodus 4 in the TNT

Exodus 4 in the TNTIK

Exodus 4 in the TNTIL

Exodus 4 in the TNTIN

Exodus 4 in the TNTIP

Exodus 4 in the TNTIZ

Exodus 4 in the TOMA

Exodus 4 in the TTENT

Exodus 4 in the UBG

Exodus 4 in the UGV

Exodus 4 in the UGV2

Exodus 4 in the UGV3

Exodus 4 in the VBL

Exodus 4 in the VDCC

Exodus 4 in the YALU

Exodus 4 in the YAPE

Exodus 4 in the YBVTP

Exodus 4 in the ZBP