Exodus 8 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘AWURADE se, Ma me nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔsom me. 2 Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma. 3 Wɔbɛyɛ Asubɔnten Nil ma, na wɔabɛhyɛ mo afie ma ma, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforɔ akɔ mo mpa so. 4 Mpɔtorɔ bɛhyɛ efie biara a ɛwɔ Misraim no mu ma. Wɔbɛhyɛ mo fononoo ne deɛ mode fɔtɔ asikyiresiam gu mu nyinaa ma ma. Na mpɔtorɔ no bɛbu afa mo so.’ ” 5 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa poma no nkyerɛ nsubɔntene, nsuwa ne atadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bɛbu so wɔ ɔman no afanan nyinaa.” 6 Aaron yɛɛ saa maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma tɔ. 7 Nanso, nkonyaayifoɔ no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so. 8 Afei, Farao ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsrɛ AWURADE na ɔnyi mpɔtorɔ no mfiri asase yi so, na mɛma mo nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔakɔbɔ no afɔdeɛ.” 9 Mose nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ me ɛberɛ ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpaeɛ ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ ɛberɛ a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.” 10 Farao kaa sɛ, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.”Mose buaa sɛ, “Mate, ɛbɛba mu sɛdeɛ woaka no na ama woahunu sɛ obiara nni hɔ sɛ AWURADE, yɛn Onyankopɔn, no nko ara. 11 Mpɔtorɔ no nyinaa bɛwuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no.” 12 Mose ne Aaron firii Farao anim kɔeɛ. Mose kɔsrɛɛ AWURADE sɛ ɔnyi mponkyerɛne a ɔde wɔn abɛgu Farao so no. 13 AWURADE tiee Mose nkotosrɛ no. Mponkyerɛne wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afie mu ma tɔ. 14 Wɔboaboaa mponkyerɛne a wɔawuwuo no ano akuo akɛseakɛseɛ maa ɔman no mu bɔn yie. 15 Nanso, Farao hunuu sɛ mponkyerɛne no kɔ no, ɔsane pirim nʼakoma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛdeɛ AWURADE aka ato hɔ no. 16 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no mmɔ mfuturo na ɛbɛdane ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.” 17 Enti, Mose ne Aaron yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma tɔ. 18 Nkonyaayifoɔ no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn nyankomadeɛ yɛ saa ara, nanso wɔantumi. 19 Nkonyaayifoɔ no kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei deɛ, Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso, Farao pirim nʼakoma enti wantie wɔn sɛdeɛ AWURADE aka ato hɔ no. 20 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre anɔpatutuutu kɔhyia Farao na sɛ ɔrebɛdware asubɔnten no mu a, woaka akyerɛ no sɛ, ‘AWURADE se: Ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me. 21 Na sɛ wantie a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afie mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya. 22 “ ‘Na nsonsonoeɛ kɛseɛ bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfoɔ no te so no ntam, ɛfiri sɛ, nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahunu sɛ, me AWURADE mewɔ tumi wɔ Misraim asase yi so. 23 Na mɛma wo nkurɔfoɔ ho ada nso afiri me nkurɔfoɔ ho. Ɔkyena nko ara nsɛm a maka yi nyinaa bɛba mu.’ ” 24 AWURADE yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, enti nwansena bɛbu faa ɔman no so maa ebi kɔhyɛɛ Farao ahemfie ne Misraim afie nyinaa mu ma tɔ. 25 Farao hunuu saa no, ntɛm ara, ɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛyɛ, monkɔbɔ afɔdeɛ mma mo Onyankopɔn, nanso mommɔ saa afɔdeɛ no wɔ ɔman yi ara mu. Monnkɔ ɛserɛ so.” 26 Nanso Mose kaa sɛ, “Saa deɛ, ɛrenyɛ yie. Yɛn afɔdeɛ a yɛbɔ ma AWURADE yɛn Onyankopɔn no yɛ Misraimfoɔ akyiwadeɛ, enti sɛ yɛbɔ saa afɔdeɛ no wɔ ha a, wɔbɛkum yɛn. 27 Ɛsɛ sɛ yɛtu nnansa ɛkwan kɔ ɛserɛ so, na yɛkɔbɔ afɔdeɛ ma AWURADE, yɛn Onyankopɔn, sɛdeɛ wakyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no.” 28 Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛma mo ɛkwan akɔ ɛserɛ so akɔbɔ afɔdeɛ, na mmom, monnkɔ akyiri. Monka mo ho na monkɔkoto nsrɛ AWURADE, mo Onyankopɔn mma me.” 29 Mose kaa sɛ, “Sɛ me firi ha pɛ a, mɛbɔ AWURADE mpaeɛ na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre wɔ wo, wo mpanimfoɔ ne wo nkurɔfoɔ mu. Nanso, merebɔ wo kɔkɔ sɛ, hwɛ na woanhyɛ bɔ sɛ wobɛma nnipa no akɔ na akyire yi, woasesa wʼadwene.” 30 Enti, Mose firii Farao nkyɛn kɔsrɛɛ AWURADE sɛ, ɔntɔre nwansena no nyinaa ase. 31 Na Awurade yɛɛ Mose abisadeɛ no, tɔree nwansena no nyinaa ase. 32 Nanso, Farao sane pirim nʼakoma, enti wamma nnipa no ankɔ.

In Other Versions

Exodus 8 in the ANGEFD

Exodus 8 in the ANTPNG2D

Exodus 8 in the AS21

Exodus 8 in the BAGH

Exodus 8 in the BBPNG

Exodus 8 in the BBT1E

Exodus 8 in the BDS

Exodus 8 in the BEV

Exodus 8 in the BHAD

Exodus 8 in the BIB

Exodus 8 in the BLPT

Exodus 8 in the BNT

Exodus 8 in the BNTABOOT

Exodus 8 in the BNTLV

Exodus 8 in the BOATCB2

Exodus 8 in the BOBCV

Exodus 8 in the BOCNT

Exodus 8 in the BOECS

Exodus 8 in the BOGWICC

Exodus 8 in the BOHCB

Exodus 8 in the BOHCV

Exodus 8 in the BOHLNT

Exodus 8 in the BOHNTLTAL

Exodus 8 in the BOICB

Exodus 8 in the BOILNTAP

Exodus 8 in the BOITCV

Exodus 8 in the BOKCV

Exodus 8 in the BOKCV2

Exodus 8 in the BOKHWOG

Exodus 8 in the BOKSSV

Exodus 8 in the BOLCB

Exodus 8 in the BOLCB2

Exodus 8 in the BOMCV

Exodus 8 in the BONAV

Exodus 8 in the BONCB

Exodus 8 in the BONLT

Exodus 8 in the BONUT2

Exodus 8 in the BOPLNT

Exodus 8 in the BOSCB

Exodus 8 in the BOSNC

Exodus 8 in the BOTLNT

Exodus 8 in the BOVCB

Exodus 8 in the BOYCB

Exodus 8 in the BPBB

Exodus 8 in the BPH

Exodus 8 in the BSB

Exodus 8 in the CCB

Exodus 8 in the CUV

Exodus 8 in the CUVS

Exodus 8 in the DBT

Exodus 8 in the DGDNT

Exodus 8 in the DHNT

Exodus 8 in the DNT

Exodus 8 in the ELBE

Exodus 8 in the EMTV

Exodus 8 in the ESV

Exodus 8 in the FBV

Exodus 8 in the FEB

Exodus 8 in the GGMNT

Exodus 8 in the GNT

Exodus 8 in the HARY

Exodus 8 in the HNT

Exodus 8 in the IRVA

Exodus 8 in the IRVB

Exodus 8 in the IRVG

Exodus 8 in the IRVH

Exodus 8 in the IRVK

Exodus 8 in the IRVM

Exodus 8 in the IRVM2

Exodus 8 in the IRVO

Exodus 8 in the IRVP

Exodus 8 in the IRVT

Exodus 8 in the IRVT2

Exodus 8 in the IRVU

Exodus 8 in the ISVN

Exodus 8 in the JSNT

Exodus 8 in the KAPI

Exodus 8 in the KBT1ETNIK

Exodus 8 in the KBV

Exodus 8 in the KJV

Exodus 8 in the KNFD

Exodus 8 in the LBA

Exodus 8 in the LBLA

Exodus 8 in the LNT

Exodus 8 in the LSV

Exodus 8 in the MAAL

Exodus 8 in the MBV

Exodus 8 in the MBV2

Exodus 8 in the MHNT

Exodus 8 in the MKNFD

Exodus 8 in the MNG

Exodus 8 in the MNT

Exodus 8 in the MNT2

Exodus 8 in the MRS1T

Exodus 8 in the NAA

Exodus 8 in the NASB

Exodus 8 in the NBLA

Exodus 8 in the NBS

Exodus 8 in the NBVTP

Exodus 8 in the NET2

Exodus 8 in the NIV11

Exodus 8 in the NNT

Exodus 8 in the NNT2

Exodus 8 in the NNT3

Exodus 8 in the PDDPT

Exodus 8 in the PFNT

Exodus 8 in the RMNT

Exodus 8 in the SBIAS

Exodus 8 in the SBIBS

Exodus 8 in the SBIBS2

Exodus 8 in the SBICS

Exodus 8 in the SBIDS

Exodus 8 in the SBIGS

Exodus 8 in the SBIHS

Exodus 8 in the SBIIS

Exodus 8 in the SBIIS2

Exodus 8 in the SBIIS3

Exodus 8 in the SBIKS

Exodus 8 in the SBIKS2

Exodus 8 in the SBIMS

Exodus 8 in the SBIOS

Exodus 8 in the SBIPS

Exodus 8 in the SBISS

Exodus 8 in the SBITS

Exodus 8 in the SBITS2

Exodus 8 in the SBITS3

Exodus 8 in the SBITS4

Exodus 8 in the SBIUS

Exodus 8 in the SBIVS

Exodus 8 in the SBT

Exodus 8 in the SBT1E

Exodus 8 in the SCHL

Exodus 8 in the SNT

Exodus 8 in the SUSU

Exodus 8 in the SUSU2

Exodus 8 in the SYNO

Exodus 8 in the TBIAOTANT

Exodus 8 in the TBT1E

Exodus 8 in the TBT1E2

Exodus 8 in the TFTIP

Exodus 8 in the TFTU

Exodus 8 in the TGNTATF3T

Exodus 8 in the THAI

Exodus 8 in the TNFD

Exodus 8 in the TNT

Exodus 8 in the TNTIK

Exodus 8 in the TNTIL

Exodus 8 in the TNTIN

Exodus 8 in the TNTIP

Exodus 8 in the TNTIZ

Exodus 8 in the TOMA

Exodus 8 in the TTENT

Exodus 8 in the UBG

Exodus 8 in the UGV

Exodus 8 in the UGV2

Exodus 8 in the UGV3

Exodus 8 in the VBL

Exodus 8 in the VDCC

Exodus 8 in the YALU

Exodus 8 in the YAPE

Exodus 8 in the YBVTP

Exodus 8 in the ZBP