Ezekiel 36 (BOATCB)

1 “Onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ na ka sɛ: ‘Israel mmepɔ, montie AWURADE asɛm. 2 Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Sɛe na ɔtamfoɔ no ka faa wo ho, “Ahaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.” ’ 3 Ɛno enti, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Esiane sɛ wɔasɛe mo na wɔataataa mo wɔ afa nyinaa, na ɛno enti mobɛyɛɛ aman a aka no agyapadeɛ ne ahohoradeɛ a ɛda wɔn a wɔsi wo atwetwe ano, 4 ɛno enti, Israel mmepɔ, montie Otumfoɔ AWURADE asɛm: Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnka ne bɔnhwa, mmubuiɛ a ada mpan ne deɛ ayɛ afo, fomfa nkuro a animguaseɛ aka wɔn wɔ aman no nkaeɛ a atwa wɔn ho ahyia no mu. 5 Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Mefiri anem a emu yɛ den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, ɛfiri sɛ wɔde fɛdie ne adwemmɔne ayɛ me ɔman wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi afom nʼadidibea.’ 6 Ɛno enti, hyɛ nkɔm a ɛfa Israel asase ho, na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnhwa ne bɔnhwa sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Mede ninkunutweɛ mu anibereɛ kasa, ɛfiri sɛ amanaman no abu wo animtiaa. 7 Enti yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Mema me nsa so ka ntam sɛ amanaman a atwa wo ho ahyia no nso, wɔbɛbu wɔn animtiaa. 8 “ ‘Nanso mo, Israel mmepɔ, mobɛnya mman, aso aba ama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, ɛfiri sɛ ɛrenkyɛre wɔbɛba efie. 9 Mo ho hia me na mɛhunu mo mmɔbɔ; wɔbɛfuntum mo na wɔadua mo so aba, 10 na mɛma wo so nnipa adɔɔso. Israel efie nyinaa mpo, nnipa bɛtena wo nkuro no so bio, na wɔbɛsisi mmubuiɛ no nso. 11 Israel mmepɔ, mɛma mmarima ne mmoa adɔɔso mo so na wɔbɛwowo na wɔadɔre, mɛma nnipa atena wo mu te sɛ kane no na wɔbɛma woadi yie asene kane no. Na afei mobɛhunu sɛ mene AWURADE no. 12 Mɛma nkurɔfoɔ, me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, anante wo so. Wɔbɛfa wo na wobɛyɛ wɔn agyapadeɛ na woremma wɔnni mmakuna bio. 13 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Esiane sɛ nkurɔfoɔ ka kyerɛ wo sɛ, “Israel asase, wokum nnipa we na woma wo ɔman no hwere nʼadehyeɛ” enti, 14 worenkum nnipa nwe bio na woremma wo ɔman nhwere nʼadehyeɛ bio, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 15 Meremma wo nte amanaman no fɛdie bio, na worenhunu nkurɔfoɔ no animtiabuo bio, na wo ɔman nso renhwe ase bio, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie.’ ” 16 AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ, 17 “Onipa ba, ɛberɛ a Israelfoɔ te wɔn ankasa asase soɔ no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbaa bosome nsabuo wɔ mʼani so. 18 Enti mehwiee mʼabufuhyeɛ guu wɔn so ɛfiri sɛ wahwie mogya agu asase no so na wɔde wɔn abosom agu hɔ fi. 19 Mebɔɔ wɔn petee amanaman no so na wɔhwetee wɔn guu nsase no so; megyinaa wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ so buu wɔn atɛn. 20 Na baabiara a wɔkɔɔ wɔ amanaman mu no, wɔguu me din kronkron ho fi, ɛfiri sɛ wɔkaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Yeinom yɛ AWURADE nkurɔfoɔ, nanso na ɛsɛ sɛ wɔfiri nʼasase so.’ 21 Me din kronkron ho hia me, deɛ Israel efie guu ho fi wɔ amanaman a wɔkɔɔ so mu no. 22 “Ɛno enti, ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Israel efie, ɛnyɛ mo enti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no enti, deɛ moguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no. 23 Mɛda me din kɛseyɛ no kronkronyɛ a woagu ho fi wɔ amanaman mu no adi, edin a woagu ho fi wɔ wɔn mu no. Sɛ mefa wo so da me ho adi sɛ ɔkronkronni ma wɔhunu a, afei amanaman no bɛhunu sɛ mene AWURADE no, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 24 “ ‘Na mɛyi wo afiri amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so de mo asane aba mo ankasa asase so. 25 Mede nsuo korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate: Mɛte mo ho afiri nkekaawa ne mo ahoni nyinaa ho. 26 Mɛma wo akoma foforɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wo mu. Mɛyi akoma a ɛte sɛ ɛboɔ no afiri wo mu na mama wo akoma foforɔ a ɛte sɛ honam. 27 Na mede me Honhom bɛhyɛ wo mu na mama woadi mʼahyɛdeɛ so na woahwɛ adi me mmara so. 28 Mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so. Mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn. 29 Mɛprapra mo ho fi nyinaa. Mɛma aduane aba ama abu so na meremma ɛkɔm mma mo so. 30 Mɛma nnua so aba ayɛ bebree na mfuo nso abɔ nnɔbaeɛ sɛdeɛ ɛkɔm enti mo anim rengu ase bio wɔ amanaman no mu. 31 Afei, wobɛkae wʼakwammɔne ne wʼamumuyɛ, na wo bɔne ne akyiwadeɛ enti, wo ho bɛyɛ wo nwunu. 32 Mepɛ sɛ mohunu sɛ ɛnyɛ mo enti na mereyɛ yei, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. Momfɛre na momma mo ani nnwu wɔ mo abrabɔ ho, Ao Israel efie. 33 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Ɛda a mɛte mo ho afiri mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkuro so bio na wɔbɛsisi mmubuiɛ no bio. 34 Asase a ada mpan no, wɔbɛdua so nneɛma na ɛrenna hɔ kwa sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ wɔn a na wɔtwam hɔ no ani soɔ no. 35 Wɔbɛka sɛ, “Saa asase a ada mpan yi ayɛ sɛ Eden turo. Nkuropɔn a na adane mmubuiɛ, ayɛ afoafo na asɛe yi, wɔabɔ ho ban na nnipa abɛtenatena mu.” 36 Afei aman a aka a atwa wo ho ahyia no bɛhunu sɛ me AWURADE, makyekyere deɛ na asɛeɛ na madua wɔ deɛ na ada mpan soɔ, me AWURADE na maka na mɛyɛ.’ 37 “Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Mɛtie Israel efie abisadeɛ na mayɛ yei ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfoɔ adɔɔso sɛ nnwan, 38 wɔbɛdɔɔso sɛ nnwankuo a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ afahyɛ nna. Saa ara na nnipa dodoɔ bɛhyɛ nkuropɔn a abubuo no so ma. Afei wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE no.”

In Other Versions

Ezekiel 36 in the ANGEFD

Ezekiel 36 in the ANTPNG2D

Ezekiel 36 in the AS21

Ezekiel 36 in the BAGH

Ezekiel 36 in the BBPNG

Ezekiel 36 in the BBT1E

Ezekiel 36 in the BDS

Ezekiel 36 in the BEV

Ezekiel 36 in the BHAD

Ezekiel 36 in the BIB

Ezekiel 36 in the BLPT

Ezekiel 36 in the BNT

Ezekiel 36 in the BNTABOOT

Ezekiel 36 in the BNTLV

Ezekiel 36 in the BOATCB2

Ezekiel 36 in the BOBCV

Ezekiel 36 in the BOCNT

Ezekiel 36 in the BOECS

Ezekiel 36 in the BOGWICC

Ezekiel 36 in the BOHCB

Ezekiel 36 in the BOHCV

Ezekiel 36 in the BOHLNT

Ezekiel 36 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 36 in the BOICB

Ezekiel 36 in the BOILNTAP

Ezekiel 36 in the BOITCV

Ezekiel 36 in the BOKCV

Ezekiel 36 in the BOKCV2

Ezekiel 36 in the BOKHWOG

Ezekiel 36 in the BOKSSV

Ezekiel 36 in the BOLCB

Ezekiel 36 in the BOLCB2

Ezekiel 36 in the BOMCV

Ezekiel 36 in the BONAV

Ezekiel 36 in the BONCB

Ezekiel 36 in the BONLT

Ezekiel 36 in the BONUT2

Ezekiel 36 in the BOPLNT

Ezekiel 36 in the BOSCB

Ezekiel 36 in the BOSNC

Ezekiel 36 in the BOTLNT

Ezekiel 36 in the BOVCB

Ezekiel 36 in the BOYCB

Ezekiel 36 in the BPBB

Ezekiel 36 in the BPH

Ezekiel 36 in the BSB

Ezekiel 36 in the CCB

Ezekiel 36 in the CUV

Ezekiel 36 in the CUVS

Ezekiel 36 in the DBT

Ezekiel 36 in the DGDNT

Ezekiel 36 in the DHNT

Ezekiel 36 in the DNT

Ezekiel 36 in the ELBE

Ezekiel 36 in the EMTV

Ezekiel 36 in the ESV

Ezekiel 36 in the FBV

Ezekiel 36 in the FEB

Ezekiel 36 in the GGMNT

Ezekiel 36 in the GNT

Ezekiel 36 in the HARY

Ezekiel 36 in the HNT

Ezekiel 36 in the IRVA

Ezekiel 36 in the IRVB

Ezekiel 36 in the IRVG

Ezekiel 36 in the IRVH

Ezekiel 36 in the IRVK

Ezekiel 36 in the IRVM

Ezekiel 36 in the IRVM2

Ezekiel 36 in the IRVO

Ezekiel 36 in the IRVP

Ezekiel 36 in the IRVT

Ezekiel 36 in the IRVT2

Ezekiel 36 in the IRVU

Ezekiel 36 in the ISVN

Ezekiel 36 in the JSNT

Ezekiel 36 in the KAPI

Ezekiel 36 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 36 in the KBV

Ezekiel 36 in the KJV

Ezekiel 36 in the KNFD

Ezekiel 36 in the LBA

Ezekiel 36 in the LBLA

Ezekiel 36 in the LNT

Ezekiel 36 in the LSV

Ezekiel 36 in the MAAL

Ezekiel 36 in the MBV

Ezekiel 36 in the MBV2

Ezekiel 36 in the MHNT

Ezekiel 36 in the MKNFD

Ezekiel 36 in the MNG

Ezekiel 36 in the MNT

Ezekiel 36 in the MNT2

Ezekiel 36 in the MRS1T

Ezekiel 36 in the NAA

Ezekiel 36 in the NASB

Ezekiel 36 in the NBLA

Ezekiel 36 in the NBS

Ezekiel 36 in the NBVTP

Ezekiel 36 in the NET2

Ezekiel 36 in the NIV11

Ezekiel 36 in the NNT

Ezekiel 36 in the NNT2

Ezekiel 36 in the NNT3

Ezekiel 36 in the PDDPT

Ezekiel 36 in the PFNT

Ezekiel 36 in the RMNT

Ezekiel 36 in the SBIAS

Ezekiel 36 in the SBIBS

Ezekiel 36 in the SBIBS2

Ezekiel 36 in the SBICS

Ezekiel 36 in the SBIDS

Ezekiel 36 in the SBIGS

Ezekiel 36 in the SBIHS

Ezekiel 36 in the SBIIS

Ezekiel 36 in the SBIIS2

Ezekiel 36 in the SBIIS3

Ezekiel 36 in the SBIKS

Ezekiel 36 in the SBIKS2

Ezekiel 36 in the SBIMS

Ezekiel 36 in the SBIOS

Ezekiel 36 in the SBIPS

Ezekiel 36 in the SBISS

Ezekiel 36 in the SBITS

Ezekiel 36 in the SBITS2

Ezekiel 36 in the SBITS3

Ezekiel 36 in the SBITS4

Ezekiel 36 in the SBIUS

Ezekiel 36 in the SBIVS

Ezekiel 36 in the SBT

Ezekiel 36 in the SBT1E

Ezekiel 36 in the SCHL

Ezekiel 36 in the SNT

Ezekiel 36 in the SUSU

Ezekiel 36 in the SUSU2

Ezekiel 36 in the SYNO

Ezekiel 36 in the TBIAOTANT

Ezekiel 36 in the TBT1E

Ezekiel 36 in the TBT1E2

Ezekiel 36 in the TFTIP

Ezekiel 36 in the TFTU

Ezekiel 36 in the TGNTATF3T

Ezekiel 36 in the THAI

Ezekiel 36 in the TNFD

Ezekiel 36 in the TNT

Ezekiel 36 in the TNTIK

Ezekiel 36 in the TNTIL

Ezekiel 36 in the TNTIN

Ezekiel 36 in the TNTIP

Ezekiel 36 in the TNTIZ

Ezekiel 36 in the TOMA

Ezekiel 36 in the TTENT

Ezekiel 36 in the UBG

Ezekiel 36 in the UGV

Ezekiel 36 in the UGV2

Ezekiel 36 in the UGV3

Ezekiel 36 in the VBL

Ezekiel 36 in the VDCC

Ezekiel 36 in the YALU

Ezekiel 36 in the YAPE

Ezekiel 36 in the YBVTP

Ezekiel 36 in the ZBP