Ezekiel 40 (BOATCB)

1 Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so aduonu enum, afe no ahyɛaseɛ bosome ɛda a ɛtɔ so edu a ɛyɛ kuropɔn no asehweɛ afe a ɛtɔ so dunan no, saa ɛda no ara no AWURADE nsa baa me so, na ɔde me kɔɔ hɔ. 2 Onyankopɔn anisoadehunu mu no, ɔde me kɔɔ Israel asase so, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ tenten bi so; nʼanafoɔ fam no na adan bi wɔ hɔ a ɛsɛ kuropɔn. 3 Ɔde me kɔɔ hɔ na mehunuu ɔbarima bi a ne tebea te sɛ kɔbere mfrafraeɛ; na ɔgyina ɔpono no ano, kura serekye ahoma ne susudua wɔ ne nsam. 4 Ɔbarima yi ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, fa wʼani hwɛ na fa wʼaso tie na biribiara a merebɛkyerɛ wo no, fa wʼadwene di akyire, ɛfiri sɛ ɛno enti na wɔde wo aba ha. Ka biribiara a wobɛhunu kyerɛ Israel efie.” 5 Mehunuu ɔfasuo a atwa asɔredan no mfefaremu nyinaa ho ahyia. Susudua a ɛhyɛ ɔbarima no nsam no tenten yɛ anammɔn edu ne fa. Ɔsusuu ɔfasuo no hunuu sɛ ne pipiripie yɛ anammɔn edu ne fa, na ne ɔsorokɔ nso saa ara. 6 Afei, ɔkɔɔ abɔntenpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na ɔsusuu aboboano na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. 7 Awɛmfoɔ adan no mu biara tentene mu yɛ anammɔn edu ne fa na ne tɛtrɛtɛ mu nso yɛ anammɔn edu ne fa. Afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam mu pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa. Ntwonoo a anim kyerɛ asɔredan no aboboano ɛpono no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. 8 Afei ɔsusuu ɛpono no ntwonoo; 9 na ne tentene mu yɛ anammɔn dumienu, na nʼadum mu biara nso pipiripie yɛ anammɔn mmiɛnsa. Ɛpono no ntwonoo anim hwɛ asɔredan no. 10 Na awɛmfoɔ adan mmiɛnsa mmiɛnsa wɔ apueeɛ ɛpono no benkum so ne nifa so; na ne nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ na afasuo ntiantia a ɛtwitwa ntam no nso pipiripie yɛ pɛ. 11 Afei ɔsusuu abɔntenpono no ano ɛkwan, na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum na ne tentene mu nso yɛ anammɔn dunkron ne fa. 12 Awɛmfoɔ adan no mu biara anim wɔ ɔfasuo tiawa a ne sorokɔ yɛ ɔnamɔn ne fa, na awɛmfoɔ adan no mu biara yɛ ahinanan a ɔfa biara susu anammɔn edu ne fa. 13 Afei ɔsusuu ɛpono no firi awɛmfoɔ adan no mu baako ɔfasuo a ɛwɔ akyire no atifi kɔsii ɛdan a ɛne no di nhwɛanim no akyire ɔfasuo atifi; na ɛkwan a ɛda ntam yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. 14 Ɔsusu faa afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam no nyinaa anim wɔ ɛpono ɛkwan no mu, na ɛyɛɛ anammɔn aduɔkron. Ntenemu no kɔsii ntwonoo a anim hwɛ adihɔ hɔ no. 15 Ɛkwan a ɛfiri abɔntenpono aboboano kɔsi ntwonoo no tire yɛ anammɔn aduɔson enum. 16 Awɛmfoɔ adan ne afasuo ntiantia a ɛtwitwa wɔn ntam wɔ abɔntenpono ɛkwan no mu no, na banbɔ mpomma nketenkete atwa ho ahyia, na saa ara na ntwonoo no mu teɛ, na ne nyinaa buebue kɔ mu. Afasuo ntiatia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam no, wɔakurukyire mmɛdua de asiesie anim. 17 Afei ɔde me baa adihɔ a ɛda akyire hɔ. Ɛhɔ na mehunuu adan bi ne aboɔ nsɛweeɛ bi a ɛwɔ mfikyire adihɔ no ɔfasuo ase nyinaa; na adan no yɛ aduasa wɔ aboɔ nsɛweeɛ no akyi. 18 Na aboɔ nsɛweeɛ no trɛ firi apono no anim, na na ne tɛtrɛtɛ te sɛ ntwonoo no a ɛhyɛn adihɔ no tɛtrɛtɛ; yei ne aseɛ nsɛweeɛ no. 19 Afei ɔsusuu ɛkwan a ɛfiri nhyɛnmu ɛpono a ɛdi ɛkan no de kɔsii ɛpono a ɛwɔ Kronkronbea no anim wɔ atifi fam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum firi apueeɛ de kɔsi atifi fam. 20 Afei ɔsusuu ɛpono a ani hwɛ atifi fam na ɛpue mfikyire adihɔ no tentene ne ne tɛtrɛtɛ. 21 Na awɛmfoɔ adan a mmiɛnsa wɔ afaafa, afasuo ntiawa a ɛtwitwa wɔn ntam ne ntwonoo no mfefaremu te sɛ ɔpono a ɛdi ɛkan no deɛ. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. 22 Na ne mpomma nketenkete ne ntwonoo ne mmɛdua a wɔakurukyire no nsusuwiiɛ nyinaa te sɛ ɛpono a ani hwɛ apueeɛ fam no deɛ. Atwedeɛ nnidisoɔ nson na wɔforo de kɔ mu. Atwedeɛ no ne ntwonoo no di nhwɛanim. 23 Na ɛpono bi wɔ hɔ a ɛkɔ mfimfini adihɔ a ɛne atifi fam ɛpono no di nhwɛanim, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ apueeɛ fam no. Ɔsusu firii ɛpono baako ano kɔsii deɛ ɛne no di nhweanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 24 Afei ɔdii mʼanim de me kɔɔ anafoɔ fam, na mehunuu ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam no. Ɔsusuu nʼadum ne ntwonoo no, na wɔn nsusuiɛ te sɛ nkaeɛ no. 25 Na ɛpono no ne ntwonoo no ho wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa te sɛ mpomma nketenkete a ɛwɔ nkaeɛ no ho no. Na ntwonoo no tentene yɛ anammɔn aduɔwɔtwe nson na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan ɛnan. 26 Atwedeɛ nnidisoɔ nson na wɔforo kɔ ɛpono no ano, na ne ntwonoo no ne no di nhwɛanim; na mmɛdua mfoni wɔ afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ no adan no ntam no anim wɔ nʼafanu. 27 Na mfimfini adihɔ nso wɔ ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam, na ɔsusuu ɛkwan a ɛda saa ɛpono yi ne abɔntenpono a ɛwɔ anafoɔ fam no ntam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 28 Afei, ɔde me faa anafoɔ fam ɛpono no mu baa mfimfini adihɔ hɔ. Ɔsusuu anafoɔ fam ɛpono no; na ne nsusuiɛ no nyinaa te sɛ deɛ aka no. 29 Nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiatia a ɛtwitwa adan no ntam ne ntwonoo no nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ. Na ɛpono no ne ne ntwonoo wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. 30 (Ɛpono no ntwonoo a wɔde kɔ mfimfini adihɔ no tentene yɛ anammɔn aduasa nson na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa.) 31 Ɛpono no hwɛ mfikyire adihɔ hɔ; nʼafadum ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ. 32 Afei, ɔde me baa mfimfini adihɔ hɔ wɔ apueeɛ fam na ɔsusuu ɛpono no; na ne nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ. 33 Nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiatia a ɛtwitwa adan no ntam ne ntwonoo no nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ. Na ɛpono no ne ne ntwonoo wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. 34 Ne ntwonoo hwɛ mfimfini adihɔ hɔ; nʼafadum ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ. 35 Afei ɔde me baa atifi fam ɛpono no ano na ɔsusuiɛ. Na ne nsusuiɛ no ne deɛ aka no yɛ pɛ, 36 saa ara na nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiantia a ɛtwitwa adan no ntam ne ne ntwonoo tɛ sɛ nkaeɛ no, ɛnna mpomma nketenkete wɔ ɛho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. 37 Ne ntwonoo no ani kyerɛ mfikyire adihɔ hɔ, nʼafadum no afaanu nyinaa ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ. 38 Ɛdan bi a ɛpono da ano bɛn ntwonoo a ɛwowɔ apono a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho. Ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ho. 39 Apono mmienu sisi abɔntenpono ntwonoo mu, na ɛso na wɔkunkum ɔhyeɛ afɔdeɛ, bɔne afɔdeɛ ne afɔdie afɔdeɛ mmoa. 40 Ntwonoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam ɛpono no ano no, na apono mmienu sisi hɔ. 41 Ɛno enti ɛpono no afa mmienu no, na apono ɛnan sisi ɛfa biara; ne nyinaa yɛ apono nwɔtwe a ɛso na wɔkum mmoa afɔrebɔdeɛ. 42 Aboɔ a wɔatwa apono ɛnan wɔ hɔ ma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. Emu biara tentene yɛ anammɔn mmienu ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ saa ara, ne sorokɔ yɛ ɔnamɔn baako ne fa. Saa apono yi so na wɔde asekan ne nkukuo a wɔde yɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a aka mmoa ho adwuma guo. 43 Na kɔtɔkorɔ nta adinam a emu biara tentene yɛ nsateakwaa mmiɛnsa sensɛn afasuo no nyinaa ho. Apono no so na wɔde afɔrebɔ ɛnam guo. 44 Mfimfini ɛpono no akyi wɔ mfimfini adihɔ no, na adan mmienu wɔ hɔ; baako bɛn atifi fam ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam, na baako nso bɛn anafoɔ fam ɛpono a ani kyerɛ atifi fam. 45 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛdan a ɛwɔ anafoɔ fam no, asɔfoɔ a wɔhwɛ asɔredan no so no dea, 46 Na ɛdan a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia no so no dea. Yeinom yɛ Sadok mmammarima a wɔn nko ara ne Lewifoɔ a wɔtumi bɛn AWURADE na wɔsom wɔ nʼanim.” 47 Afei wɔsusuu adihɔ no. Na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Na afɔrebukyia no si asɔredan no anim. 48 Afei ɔde me baa asɔredan no ntwonoo mu, na ɔsusuu ntwonoo no afadum, na ɛfa biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa. Na aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduonu baako. Na afasuo ntiawa a epuepue anim no yɛ anammɔn ɛnan ne fa wɔ nʼafanu. 49 Ntwonoo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, na ɛfiri anim kɔsi akyire yɛ anammɔn dunwɔtwe. Atwedeɛ nnidisoɔ edu bi na wɔforo de kɔ hɔ. Na adum sisi ntwonoo no afadum no fa biara.

In Other Versions

Ezekiel 40 in the ANGEFD

Ezekiel 40 in the ANTPNG2D

Ezekiel 40 in the AS21

Ezekiel 40 in the BAGH

Ezekiel 40 in the BBPNG

Ezekiel 40 in the BBT1E

Ezekiel 40 in the BDS

Ezekiel 40 in the BEV

Ezekiel 40 in the BHAD

Ezekiel 40 in the BIB

Ezekiel 40 in the BLPT

Ezekiel 40 in the BNT

Ezekiel 40 in the BNTABOOT

Ezekiel 40 in the BNTLV

Ezekiel 40 in the BOATCB2

Ezekiel 40 in the BOBCV

Ezekiel 40 in the BOCNT

Ezekiel 40 in the BOECS

Ezekiel 40 in the BOGWICC

Ezekiel 40 in the BOHCB

Ezekiel 40 in the BOHCV

Ezekiel 40 in the BOHLNT

Ezekiel 40 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 40 in the BOICB

Ezekiel 40 in the BOILNTAP

Ezekiel 40 in the BOITCV

Ezekiel 40 in the BOKCV

Ezekiel 40 in the BOKCV2

Ezekiel 40 in the BOKHWOG

Ezekiel 40 in the BOKSSV

Ezekiel 40 in the BOLCB

Ezekiel 40 in the BOLCB2

Ezekiel 40 in the BOMCV

Ezekiel 40 in the BONAV

Ezekiel 40 in the BONCB

Ezekiel 40 in the BONLT

Ezekiel 40 in the BONUT2

Ezekiel 40 in the BOPLNT

Ezekiel 40 in the BOSCB

Ezekiel 40 in the BOSNC

Ezekiel 40 in the BOTLNT

Ezekiel 40 in the BOVCB

Ezekiel 40 in the BOYCB

Ezekiel 40 in the BPBB

Ezekiel 40 in the BPH

Ezekiel 40 in the BSB

Ezekiel 40 in the CCB

Ezekiel 40 in the CUV

Ezekiel 40 in the CUVS

Ezekiel 40 in the DBT

Ezekiel 40 in the DGDNT

Ezekiel 40 in the DHNT

Ezekiel 40 in the DNT

Ezekiel 40 in the ELBE

Ezekiel 40 in the EMTV

Ezekiel 40 in the ESV

Ezekiel 40 in the FBV

Ezekiel 40 in the FEB

Ezekiel 40 in the GGMNT

Ezekiel 40 in the GNT

Ezekiel 40 in the HARY

Ezekiel 40 in the HNT

Ezekiel 40 in the IRVA

Ezekiel 40 in the IRVB

Ezekiel 40 in the IRVG

Ezekiel 40 in the IRVH

Ezekiel 40 in the IRVK

Ezekiel 40 in the IRVM

Ezekiel 40 in the IRVM2

Ezekiel 40 in the IRVO

Ezekiel 40 in the IRVP

Ezekiel 40 in the IRVT

Ezekiel 40 in the IRVT2

Ezekiel 40 in the IRVU

Ezekiel 40 in the ISVN

Ezekiel 40 in the JSNT

Ezekiel 40 in the KAPI

Ezekiel 40 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 40 in the KBV

Ezekiel 40 in the KJV

Ezekiel 40 in the KNFD

Ezekiel 40 in the LBA

Ezekiel 40 in the LBLA

Ezekiel 40 in the LNT

Ezekiel 40 in the LSV

Ezekiel 40 in the MAAL

Ezekiel 40 in the MBV

Ezekiel 40 in the MBV2

Ezekiel 40 in the MHNT

Ezekiel 40 in the MKNFD

Ezekiel 40 in the MNG

Ezekiel 40 in the MNT

Ezekiel 40 in the MNT2

Ezekiel 40 in the MRS1T

Ezekiel 40 in the NAA

Ezekiel 40 in the NASB

Ezekiel 40 in the NBLA

Ezekiel 40 in the NBS

Ezekiel 40 in the NBVTP

Ezekiel 40 in the NET2

Ezekiel 40 in the NIV11

Ezekiel 40 in the NNT

Ezekiel 40 in the NNT2

Ezekiel 40 in the NNT3

Ezekiel 40 in the PDDPT

Ezekiel 40 in the PFNT

Ezekiel 40 in the RMNT

Ezekiel 40 in the SBIAS

Ezekiel 40 in the SBIBS

Ezekiel 40 in the SBIBS2

Ezekiel 40 in the SBICS

Ezekiel 40 in the SBIDS

Ezekiel 40 in the SBIGS

Ezekiel 40 in the SBIHS

Ezekiel 40 in the SBIIS

Ezekiel 40 in the SBIIS2

Ezekiel 40 in the SBIIS3

Ezekiel 40 in the SBIKS

Ezekiel 40 in the SBIKS2

Ezekiel 40 in the SBIMS

Ezekiel 40 in the SBIOS

Ezekiel 40 in the SBIPS

Ezekiel 40 in the SBISS

Ezekiel 40 in the SBITS

Ezekiel 40 in the SBITS2

Ezekiel 40 in the SBITS3

Ezekiel 40 in the SBITS4

Ezekiel 40 in the SBIUS

Ezekiel 40 in the SBIVS

Ezekiel 40 in the SBT

Ezekiel 40 in the SBT1E

Ezekiel 40 in the SCHL

Ezekiel 40 in the SNT

Ezekiel 40 in the SUSU

Ezekiel 40 in the SUSU2

Ezekiel 40 in the SYNO

Ezekiel 40 in the TBIAOTANT

Ezekiel 40 in the TBT1E

Ezekiel 40 in the TBT1E2

Ezekiel 40 in the TFTIP

Ezekiel 40 in the TFTU

Ezekiel 40 in the TGNTATF3T

Ezekiel 40 in the THAI

Ezekiel 40 in the TNFD

Ezekiel 40 in the TNT

Ezekiel 40 in the TNTIK

Ezekiel 40 in the TNTIL

Ezekiel 40 in the TNTIN

Ezekiel 40 in the TNTIP

Ezekiel 40 in the TNTIZ

Ezekiel 40 in the TOMA

Ezekiel 40 in the TTENT

Ezekiel 40 in the UBG

Ezekiel 40 in the UGV

Ezekiel 40 in the UGV2

Ezekiel 40 in the UGV3

Ezekiel 40 in the VBL

Ezekiel 40 in the VDCC

Ezekiel 40 in the YALU

Ezekiel 40 in the YAPE

Ezekiel 40 in the YBVTP

Ezekiel 40 in the ZBP