Ezekiel 44 (BOATCB)

1 Afei, ɔbarima no sane de me baa kronkronbea no abɔntenpono no a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano, na wɔato mu. 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛsɛ sɛ ɛpono a wɔato mu yi tena hɔ saa ara. Ɛnsɛ sɛ wɔbue. Obiara mmfa hɔ nhyɛne mu. Ɛnsɛ sɛ wɔbue, ɛfiri sɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn afa hɔ ahyɛne mu. 3 Ɔhene no ankasa nko ara na ɔbɛtumi atena abɔntenpono no ano na wadidi wɔ AWURADE anim. Ɔno na ɔtumi fa abɔntenpono no ntwonoo mu hyɛne mu, na ɔfa hɔ ara firi adi.” 4 Afei, ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpono no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛeɛ na mehunuu AWURADE animuonyam sɛ ahyɛ AWURADE asɔredan no ma, na mebutuu hɔ. 5 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, hwɛ adeɛ yie, tie no yie, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛeɛ a ɛwɔ AWURADE asɔredan no ho nyinaa. Ma wʼani nku asɔredan no ɛpono ne mmeaeɛ a wɔfa firi adi firi kronkronbea hɔ nyinaa. 6 Ka kyerɛ Israel efie atuatefoɔ no sɛ, ‘Sei na AWURADE seɛ: Mo akyiwadeɛ no adɔɔso, Ao Israel efie! 7 Mo akyiwadeɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafoɔ a wɔyɛ akoma mu ne honam fam momonotofoɔ aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, ɛberɛ a mode aduane, sradeɛ ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam. 8 Sɛ mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronneɛ ho no, mo maa afoforɔ bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom. 9 Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Ɔnanani a ɔyɛ akoma mu ne honam fam momonoto biara nni ɛkwan sɛ ɔhyɛne me kronkronbea hɔ. Ananafoɔ a wɔte Israelfoɔ mu mpo nni ɛkwan saa. 10 “ ‘Lewifoɔ a wɔfirii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri ɛberɛ a Israel fom ɛkwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho firii me ho kɔdii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. 11 Wɔbɛtumi asom wɔ me kronkronbea hɔ ɛberɛ a wɔhwɛ asɔredan no apono so na wɔsom wɔ mu; wɔbɛtumi akum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ na wɔabɔ afɔdeɛ ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn. 12 Nanso, ɛsiane sɛ wɔsomm wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israel efie kɔɔ bɔne mu enti, mama me nsa so aka ntam sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. Otumfoɔ AWURADE asɛm nie 13 Ɛnsɛ sɛ wɔbɛn me sɛ wɔrebɛsom me sɛ asɔfoɔ anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronneɛ mu biara anaa mʼafɔrebɔdeɛ kronkron; ɛsɛ sɛ wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ ho aniwuo ka wɔn. 14 Nanso mede asɔredan no mu dwumadie bɛhyɛ wɔn nsa. Wɔbɛyɛ ɛho som biara wɔ mu. 15 “ ‘Na mmom asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne Sadok asefoɔ a wɔyɛɛ adwuma nokorɛm wɔ me kronkronbea ɛberɛ a Israelfoɔ fom ɛkwan no bɛtumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wɔgyina mʼanim na wɔbrɛ me sradeɛ ne mogya afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 16 Wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔhyɛne me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔtwi bɛn me ɛpono, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma. 17 “ ‘Sɛ wɔwura apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntadeɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu atadeɛ ɛberɛ a wɔresom wɔ apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ hɔ anaasɛ asɔredan no mu. 18 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotire na wɔhyehyɛ nwera ntadeɛ wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔate fifire. 19 Sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someeɛ no na wɔgya de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntadeɛ foforɔ, sɛ ɛbɛyɛ a wɔmmfa wɔn dwumadie ntadeɛ no nnwira nnipa no ho. 20 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwa anaasɛ wɔma wɔn tirinwi fu kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wɔbubu so fɛfɛɛfɛ. 21 Ɔsɔfoɔ biara nnnom bobesa ɛberɛ a wahyɛne mfimfini adihɔ hɔ. 22 Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafoɔ anaa mmaa awaregyaefoɔ. Wɔtumi ware mmaabunu a wɔyɛ Israelfoɔ asefoɔ anaa akunafoɔ a na anka wɔn kununom yɛ asɔfoɔ. 23 Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfoɔ nsonsonoeɛ a ɛda adeɛ a ɛyɛ kronkron ne adeɛ a ɛyɛ kwasafo deɛ ntam, na wɔmma wɔn nhunu deɛ ɛma biribi yɛ adeɛ a ɛho nteɛ anaasɛ ɛho teɛ. 24 “ ‘Akasa akasa biara mu no, asɔfoɔ na wɔbɛyɛ atemmufoɔ agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ a ɛfa mʼafahyɛ ahodoɔ no so, na wɔyɛ me home nna kronkron. 25 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne maame, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabaa a ɔnwareeɛ; ne saa deɛ a, ɔtumi kɔ ho de gu ne ho fi. 26 Na sɛ wɔdwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson. 27 Ɛda a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adihɔ hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔdeɛ ma ne ho, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 28 “ ‘Me nko ara ne agyapadeɛ a asɔfoɔ no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa. 29 Wɔbɛdi aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ, afɔdie afɔrebɔdeɛ, na biribiara a wɔahyira so ama AWURADE wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea. 30 Mo nnuaba a ɛdi ɛkan no mu deɛ ɛdi mu ne mo akyɛdeɛ sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfoɔ no dea. Ɛsɛ sɛ mode mo mmɔre a ɛdi ɛkan no ma wɔn na nhyira atena mo afie mu. 31 Ɛnsɛ sɛ asɔfoɔ no we aboa biara a wawu nam, sɛ ɛyɛ anomaa anaa wiram aboa biara.’ ”

In Other Versions

Ezekiel 44 in the ANGEFD

Ezekiel 44 in the ANTPNG2D

Ezekiel 44 in the AS21

Ezekiel 44 in the BAGH

Ezekiel 44 in the BBPNG

Ezekiel 44 in the BBT1E

Ezekiel 44 in the BDS

Ezekiel 44 in the BEV

Ezekiel 44 in the BHAD

Ezekiel 44 in the BIB

Ezekiel 44 in the BLPT

Ezekiel 44 in the BNT

Ezekiel 44 in the BNTABOOT

Ezekiel 44 in the BNTLV

Ezekiel 44 in the BOATCB2

Ezekiel 44 in the BOBCV

Ezekiel 44 in the BOCNT

Ezekiel 44 in the BOECS

Ezekiel 44 in the BOGWICC

Ezekiel 44 in the BOHCB

Ezekiel 44 in the BOHCV

Ezekiel 44 in the BOHLNT

Ezekiel 44 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 44 in the BOICB

Ezekiel 44 in the BOILNTAP

Ezekiel 44 in the BOITCV

Ezekiel 44 in the BOKCV

Ezekiel 44 in the BOKCV2

Ezekiel 44 in the BOKHWOG

Ezekiel 44 in the BOKSSV

Ezekiel 44 in the BOLCB

Ezekiel 44 in the BOLCB2

Ezekiel 44 in the BOMCV

Ezekiel 44 in the BONAV

Ezekiel 44 in the BONCB

Ezekiel 44 in the BONLT

Ezekiel 44 in the BONUT2

Ezekiel 44 in the BOPLNT

Ezekiel 44 in the BOSCB

Ezekiel 44 in the BOSNC

Ezekiel 44 in the BOTLNT

Ezekiel 44 in the BOVCB

Ezekiel 44 in the BOYCB

Ezekiel 44 in the BPBB

Ezekiel 44 in the BPH

Ezekiel 44 in the BSB

Ezekiel 44 in the CCB

Ezekiel 44 in the CUV

Ezekiel 44 in the CUVS

Ezekiel 44 in the DBT

Ezekiel 44 in the DGDNT

Ezekiel 44 in the DHNT

Ezekiel 44 in the DNT

Ezekiel 44 in the ELBE

Ezekiel 44 in the EMTV

Ezekiel 44 in the ESV

Ezekiel 44 in the FBV

Ezekiel 44 in the FEB

Ezekiel 44 in the GGMNT

Ezekiel 44 in the GNT

Ezekiel 44 in the HARY

Ezekiel 44 in the HNT

Ezekiel 44 in the IRVA

Ezekiel 44 in the IRVB

Ezekiel 44 in the IRVG

Ezekiel 44 in the IRVH

Ezekiel 44 in the IRVK

Ezekiel 44 in the IRVM

Ezekiel 44 in the IRVM2

Ezekiel 44 in the IRVO

Ezekiel 44 in the IRVP

Ezekiel 44 in the IRVT

Ezekiel 44 in the IRVT2

Ezekiel 44 in the IRVU

Ezekiel 44 in the ISVN

Ezekiel 44 in the JSNT

Ezekiel 44 in the KAPI

Ezekiel 44 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 44 in the KBV

Ezekiel 44 in the KJV

Ezekiel 44 in the KNFD

Ezekiel 44 in the LBA

Ezekiel 44 in the LBLA

Ezekiel 44 in the LNT

Ezekiel 44 in the LSV

Ezekiel 44 in the MAAL

Ezekiel 44 in the MBV

Ezekiel 44 in the MBV2

Ezekiel 44 in the MHNT

Ezekiel 44 in the MKNFD

Ezekiel 44 in the MNG

Ezekiel 44 in the MNT

Ezekiel 44 in the MNT2

Ezekiel 44 in the MRS1T

Ezekiel 44 in the NAA

Ezekiel 44 in the NASB

Ezekiel 44 in the NBLA

Ezekiel 44 in the NBS

Ezekiel 44 in the NBVTP

Ezekiel 44 in the NET2

Ezekiel 44 in the NIV11

Ezekiel 44 in the NNT

Ezekiel 44 in the NNT2

Ezekiel 44 in the NNT3

Ezekiel 44 in the PDDPT

Ezekiel 44 in the PFNT

Ezekiel 44 in the RMNT

Ezekiel 44 in the SBIAS

Ezekiel 44 in the SBIBS

Ezekiel 44 in the SBIBS2

Ezekiel 44 in the SBICS

Ezekiel 44 in the SBIDS

Ezekiel 44 in the SBIGS

Ezekiel 44 in the SBIHS

Ezekiel 44 in the SBIIS

Ezekiel 44 in the SBIIS2

Ezekiel 44 in the SBIIS3

Ezekiel 44 in the SBIKS

Ezekiel 44 in the SBIKS2

Ezekiel 44 in the SBIMS

Ezekiel 44 in the SBIOS

Ezekiel 44 in the SBIPS

Ezekiel 44 in the SBISS

Ezekiel 44 in the SBITS

Ezekiel 44 in the SBITS2

Ezekiel 44 in the SBITS3

Ezekiel 44 in the SBITS4

Ezekiel 44 in the SBIUS

Ezekiel 44 in the SBIVS

Ezekiel 44 in the SBT

Ezekiel 44 in the SBT1E

Ezekiel 44 in the SCHL

Ezekiel 44 in the SNT

Ezekiel 44 in the SUSU

Ezekiel 44 in the SUSU2

Ezekiel 44 in the SYNO

Ezekiel 44 in the TBIAOTANT

Ezekiel 44 in the TBT1E

Ezekiel 44 in the TBT1E2

Ezekiel 44 in the TFTIP

Ezekiel 44 in the TFTU

Ezekiel 44 in the TGNTATF3T

Ezekiel 44 in the THAI

Ezekiel 44 in the TNFD

Ezekiel 44 in the TNT

Ezekiel 44 in the TNTIK

Ezekiel 44 in the TNTIL

Ezekiel 44 in the TNTIN

Ezekiel 44 in the TNTIP

Ezekiel 44 in the TNTIZ

Ezekiel 44 in the TOMA

Ezekiel 44 in the TTENT

Ezekiel 44 in the UBG

Ezekiel 44 in the UGV

Ezekiel 44 in the UGV2

Ezekiel 44 in the UGV3

Ezekiel 44 in the VBL

Ezekiel 44 in the VDCC

Ezekiel 44 in the YALU

Ezekiel 44 in the YAPE

Ezekiel 44 in the YBVTP

Ezekiel 44 in the ZBP