Ezekiel 44 (BOATCB2)

1 Afei ɔbarima no san de me baa kronkronbea no abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano, na wɔato mu. 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me se, “Ɛsɛ sɛ ɔpon a wɔato mu yi tena hɔ saa ara. Ɛnsɛ sɛ wobue. Obiara mfa hɔ nhyɛn mu. Ɛnsɛ sɛ wobue, efisɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn afa hɔ ahyɛn mu. 3 Ɔhene no ankasa nko ara na obetumi atena abɔntenpon no ano na wadidi wɔ AWURADE anim. Ɔno na otumi fa abɔntenpon no ntwironoo mu hyɛn mu, na ɔfa hɔ ara fi adi.” 4 Afei ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpon no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛe, na mihuu AWURADE anuonyam sɛ ahyɛ AWURADE asɔredan no ma, na mibutuw hɔ. 5 Na AWURADE ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ ade yiye, tie no yiye, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛe a ɛwɔ AWURADE asɔredan no ho nyinaa ho. Ma wʼani nku asɔredan no pon ne mmeae a wɔfa fi adi fi kronkronbea hɔ no nyinaa ho. 6 Ka kyerɛ Israelfo atuatewfo no se, ‘Sɛɛ na AWURADE se: Mo akyiwadeyɛ no adɔɔso. Israelfo! 7 Mo akyiwadeyɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafo a wɔyɛ koma mu ne honam fam momonotofo aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, bere a mode aduan, srade ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam no. 8 Sɛ mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronne ho no, momaa afoforo bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom. 9 Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Ɔnanani a ɔyɛ koma mu ne honam fam momonoto biara nni kwan sɛ ɔhyɛn me kronkronbea hɔ, ananafo a wɔte Israelfo mu mpo nni kwan saa. 10 “ ‘Lewifo a wofii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri bere a Israel fom kwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho fii me ho kodii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. 11 Wobetumi asom wɔ me kronkronbea hɔ bere a wɔhwɛ asɔredan no apon so na wɔsom wɔ mu; wobetumi akum ɔhyew afɔrebɔde na wɔabɔ afɔre ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn. 12 Nanso esiane sɛ wɔsom wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israelfo kɔɔ bɔne mu nti, mama me nsa so aka ntam se, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. Otumfo AWURADE asɛm ni. 13 Ɛnsɛ sɛ wɔbɛn me sɛ wɔrebɛsom me sɛ asɔfo anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronne mu biara anaa mʼafɔrebɔde kronkron; ɛsɛ sɛ wɔn akyiwade ahorow ho aniwu ka wɔn. 14 Nanso mede asɔredan no mu dwumadi bɛhyɛ wɔn nsa, ho som biara wɔnyɛ wɔ mu. 15 “ ‘Na mmom asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne Sadok asefo a wɔyɛɛ adwuma nokware wɔ me kronkronbea bere a Israelfo fom kwan no betumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wogyina mʼanim na wɔbrɛ me srade ne mogya afɔrebɔde, Otumfo AWURADE asɛm ni. 16 Wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔhyɛn me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wotwiw bɛn me pon, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma. 17 “ ‘Sɛ wowura apon a ɛkɔ mfimfini adiwo no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntade. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu ntade, bere a wɔresom wɔ apon a ɛkɔ mfimfini adiwo hɔ anaasɛ asɔredan no mu no. 18 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotiri na wɔhyehyɛ nwera ntade wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔafi fifiri. 19 Sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ woyi ntade a wɔhyɛ de somee no na wogyaw de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntade foforo, sɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn dwumadi ntade no nnwira nnipa no ho. 20 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwaw anaasɛ wɔma wɔn tinwi fuw kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wobubu so fɛfɛɛfɛ. 21 Ɔsɔfo biara nnom bobesa bere a wahyɛn mfimfini adiwo hɔ. 22 Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafo anaa mmea awaregyaefo. Wotumi ware mmabun a wɔyɛ Israelfo asefo anaa akunafo a na anka wɔn kununom yɛ asɔfo. 23 Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfo nsonoe a ɛda ade a ɛyɛ kronkron ne ade a ɛyɛ kwasafo de ntam, na wɔmma wɔn nhu nea ɛma biribi yɛ ade a ho ntew anaasɛ ho tew. 24 “ ‘Akasakasa biara mu no, asɔfo na wɔbɛyɛ atemmufo agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wodi me mmara ne mʼahyɛde a ɛfa mʼafahyɛ ahorow no so, na wɔyɛ me homenna kronkron. 25 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne na, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabea a ɔnwaree; ne saa de, otumi kɔ ho de gu ne ho fi. 26 Na sɛ odwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson. 27 Da a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adiwo hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔre ma ne ho, Otumfo AWURADE asɛm ni. 28 “ ‘Me nko ara ne agyapade a asɔfo no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa. 29 Wobedi aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde, afɔdi afɔrebɔde, na biribiara a wɔahyira so ama AWURADE wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea. 30 Mo nnuaba a edi kan no mu nea edi mu ne mo akyɛde sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfo no de. Ɛsɛ sɛ mode mo mmɔre a edi kan no ma wɔn na nhyira atena mo afi mu. 31 Ɛnsɛ sɛ asɔfo no we aboa biara a wawu nam; sɛ ɛyɛ anomaa anaa wuram aboa biara.’ ”

In Other Versions

Ezekiel 44 in the ANGEFD

Ezekiel 44 in the ANTPNG2D

Ezekiel 44 in the AS21

Ezekiel 44 in the BAGH

Ezekiel 44 in the BBPNG

Ezekiel 44 in the BBT1E

Ezekiel 44 in the BDS

Ezekiel 44 in the BEV

Ezekiel 44 in the BHAD

Ezekiel 44 in the BIB

Ezekiel 44 in the BLPT

Ezekiel 44 in the BNT

Ezekiel 44 in the BNTABOOT

Ezekiel 44 in the BNTLV

Ezekiel 44 in the BOATCB

Ezekiel 44 in the BOBCV

Ezekiel 44 in the BOCNT

Ezekiel 44 in the BOECS

Ezekiel 44 in the BOGWICC

Ezekiel 44 in the BOHCB

Ezekiel 44 in the BOHCV

Ezekiel 44 in the BOHLNT

Ezekiel 44 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 44 in the BOICB

Ezekiel 44 in the BOILNTAP

Ezekiel 44 in the BOITCV

Ezekiel 44 in the BOKCV

Ezekiel 44 in the BOKCV2

Ezekiel 44 in the BOKHWOG

Ezekiel 44 in the BOKSSV

Ezekiel 44 in the BOLCB

Ezekiel 44 in the BOLCB2

Ezekiel 44 in the BOMCV

Ezekiel 44 in the BONAV

Ezekiel 44 in the BONCB

Ezekiel 44 in the BONLT

Ezekiel 44 in the BONUT2

Ezekiel 44 in the BOPLNT

Ezekiel 44 in the BOSCB

Ezekiel 44 in the BOSNC

Ezekiel 44 in the BOTLNT

Ezekiel 44 in the BOVCB

Ezekiel 44 in the BOYCB

Ezekiel 44 in the BPBB

Ezekiel 44 in the BPH

Ezekiel 44 in the BSB

Ezekiel 44 in the CCB

Ezekiel 44 in the CUV

Ezekiel 44 in the CUVS

Ezekiel 44 in the DBT

Ezekiel 44 in the DGDNT

Ezekiel 44 in the DHNT

Ezekiel 44 in the DNT

Ezekiel 44 in the ELBE

Ezekiel 44 in the EMTV

Ezekiel 44 in the ESV

Ezekiel 44 in the FBV

Ezekiel 44 in the FEB

Ezekiel 44 in the GGMNT

Ezekiel 44 in the GNT

Ezekiel 44 in the HARY

Ezekiel 44 in the HNT

Ezekiel 44 in the IRVA

Ezekiel 44 in the IRVB

Ezekiel 44 in the IRVG

Ezekiel 44 in the IRVH

Ezekiel 44 in the IRVK

Ezekiel 44 in the IRVM

Ezekiel 44 in the IRVM2

Ezekiel 44 in the IRVO

Ezekiel 44 in the IRVP

Ezekiel 44 in the IRVT

Ezekiel 44 in the IRVT2

Ezekiel 44 in the IRVU

Ezekiel 44 in the ISVN

Ezekiel 44 in the JSNT

Ezekiel 44 in the KAPI

Ezekiel 44 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 44 in the KBV

Ezekiel 44 in the KJV

Ezekiel 44 in the KNFD

Ezekiel 44 in the LBA

Ezekiel 44 in the LBLA

Ezekiel 44 in the LNT

Ezekiel 44 in the LSV

Ezekiel 44 in the MAAL

Ezekiel 44 in the MBV

Ezekiel 44 in the MBV2

Ezekiel 44 in the MHNT

Ezekiel 44 in the MKNFD

Ezekiel 44 in the MNG

Ezekiel 44 in the MNT

Ezekiel 44 in the MNT2

Ezekiel 44 in the MRS1T

Ezekiel 44 in the NAA

Ezekiel 44 in the NASB

Ezekiel 44 in the NBLA

Ezekiel 44 in the NBS

Ezekiel 44 in the NBVTP

Ezekiel 44 in the NET2

Ezekiel 44 in the NIV11

Ezekiel 44 in the NNT

Ezekiel 44 in the NNT2

Ezekiel 44 in the NNT3

Ezekiel 44 in the PDDPT

Ezekiel 44 in the PFNT

Ezekiel 44 in the RMNT

Ezekiel 44 in the SBIAS

Ezekiel 44 in the SBIBS

Ezekiel 44 in the SBIBS2

Ezekiel 44 in the SBICS

Ezekiel 44 in the SBIDS

Ezekiel 44 in the SBIGS

Ezekiel 44 in the SBIHS

Ezekiel 44 in the SBIIS

Ezekiel 44 in the SBIIS2

Ezekiel 44 in the SBIIS3

Ezekiel 44 in the SBIKS

Ezekiel 44 in the SBIKS2

Ezekiel 44 in the SBIMS

Ezekiel 44 in the SBIOS

Ezekiel 44 in the SBIPS

Ezekiel 44 in the SBISS

Ezekiel 44 in the SBITS

Ezekiel 44 in the SBITS2

Ezekiel 44 in the SBITS3

Ezekiel 44 in the SBITS4

Ezekiel 44 in the SBIUS

Ezekiel 44 in the SBIVS

Ezekiel 44 in the SBT

Ezekiel 44 in the SBT1E

Ezekiel 44 in the SCHL

Ezekiel 44 in the SNT

Ezekiel 44 in the SUSU

Ezekiel 44 in the SUSU2

Ezekiel 44 in the SYNO

Ezekiel 44 in the TBIAOTANT

Ezekiel 44 in the TBT1E

Ezekiel 44 in the TBT1E2

Ezekiel 44 in the TFTIP

Ezekiel 44 in the TFTU

Ezekiel 44 in the TGNTATF3T

Ezekiel 44 in the THAI

Ezekiel 44 in the TNFD

Ezekiel 44 in the TNT

Ezekiel 44 in the TNTIK

Ezekiel 44 in the TNTIL

Ezekiel 44 in the TNTIN

Ezekiel 44 in the TNTIP

Ezekiel 44 in the TNTIZ

Ezekiel 44 in the TOMA

Ezekiel 44 in the TTENT

Ezekiel 44 in the UBG

Ezekiel 44 in the UGV

Ezekiel 44 in the UGV2

Ezekiel 44 in the UGV3

Ezekiel 44 in the VBL

Ezekiel 44 in the VDCC

Ezekiel 44 in the YALU

Ezekiel 44 in the YAPE

Ezekiel 44 in the YBVTP

Ezekiel 44 in the ZBP