Ezra 9 (BOATCB)

1 Na Yudafoɔ ntuanofoɔ no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Israelfoɔ bebree, na mpo, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ntwee wɔn ho mfirii nnipa afoforɔ bi a wɔte asase no so no ho. Wɔdi akyiwadeɛ a na Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ yɛ no akyi. 2 Na Israelfoɔ mmarima ware firi saa nnipa no mu, na wɔpɛ yerenom firi wɔn mu, ma wɔn mmammarima. Enti, mfrafrawadeɛ no ama nnipa kronkron no ho agu fi. Deɛ ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, mpanimfoɔ ne ntuanofoɔ no koraa na wɔdi ho fɔ kɛseɛ.” 3 Metee saa asɛm yi no, mesunsuanee me ntadeɛ mu, tutuu me tirinwi firii me tiri so, tutuu mʼabɔgyesɛ nso, te tenaa fam ahodwirie so. 4 Na wɔn a wɔnyaa ayamhyehyeɛ wɔ Israel Onyankopɔn asɛm ho no bɛtenaa me nkyɛn wɔ ne nkurɔfoɔ nokorɛ a wɔanni no ho. Metenaa ase ahodwirie so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔberɛ. 5 Ɛduruu afɔrebɔberɛ no, mesɔre gyinaa baabi a na mete hɔ awerɛhoɔ mu a masunsuane mʼatadeɛ mu, na mebuu nkotodwe, pagyaa me nsa kyerɛɛ AWURADE, me Onyankopɔn. 6 Mebɔɔ mpaeɛ sɛ:“Ao me Onyankopɔn, mʼani awu yie, na mafɛre sɛ merepagya mʼani akyerɛ wo. Na yɛn bɔne asoa kɔ soro sene yɛn enti na yɛn afɔdie aduru ɔsorosoro. 7 Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛseɛ fua. Ɛno enti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfoɔ ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔno, agu yɛn anim ase sɛdeɛ yɛte ɛnnɛ yi ara. 8 “Nanso, seesei, wɔahunu yɛn mmɔbɔ kakra, ɛfiri sɛ, AWURADE, yɛn Onyankopɔn, ama yɛn mu kakra atena nkwa mu sɛ nkaaseɛ. Wabɔ yɛn ho ban wɔ beaeɛ kronkron ha. Yɛn Onyankopɔn abue yɛn ani, ama yɛn ahomegyeɛ bi afiri yɛn nkoasom mu. 9 Ɛfiri sɛ, na yɛyɛ nkoa nanso, ne dɔ a ɔde dɔ yɛn daa no enti, Onyankopɔn annyaa yɛn wɔ yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yie. Ɔkanyanee yɛn, sɛdeɛ yɛbɛtumi asane asi yɛn Onyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfoɔ no. Wama yɛn banbɔ afasuo wɔ Yuda ne Yerusalem. 10 “Na seesei Ao, yɛn Onyankopɔn, yeinom nyinaa akyi asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Ɛfiri sɛ, yɛapo wo mmaransɛm bio. 11 Wʼasomfoɔ adiyifoɔ no bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, asase a yɛbɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛɛ bɔne so agu ho fi koraa. Porɔeɛ ahyɛ asase no so ma, firi tire kɔsi tire. 12 Woka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛmmma yɛn mmammaa nnware wɔn mmammarima, na yɛn mmammarima nso nnware wɔn mmammaa, na ɛnsɛ sɛ yɛboa saa aman no kwan biara so. Wohyɛɛ bɔ sɛ, sɛ yɛgyae saa nneɛma yi yɛ a, yɛbɛyɛ ɔman kɛseɛ. Wohyɛɛ bɔ sɛ, yɛbɛdi asase no so nnepa, na yɛagya ama yɛn mma sɛ daapem agyapadeɛ. 13 “Wɔretwe yɛn aso seesei wɔ yɛn amumuyɛsɛm ne yɛn afɔdie ho. Nanso, asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sene sɛdeɛ ɛfata yɛn, ɛfiri sɛ, wo AWURADE, yɛn Onyankopɔn ama yɛn mu bi atena sɛ nkaeɛfoɔ. 14 Nanso, seesei, yɛresane abu wo mmaransɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwadeɛ no redi awadeɛ. Nokorɛm, wʼabufuo bɛsɛe yɛn ara akɔsi sɛ, nkaeɛfoɔ kakra no ase bɛtɔre. 15 Ao AWURADE, Israel Onyankopɔn woyɛ teneneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaeɛfoɔ a wɔafiri nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdie gyina wʼanim a anka saa tebea yi mu, yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim.”

In Other Versions

Ezra 9 in the ANGEFD

Ezra 9 in the ANTPNG2D

Ezra 9 in the AS21

Ezra 9 in the BAGH

Ezra 9 in the BBPNG

Ezra 9 in the BBT1E

Ezra 9 in the BDS

Ezra 9 in the BEV

Ezra 9 in the BHAD

Ezra 9 in the BIB

Ezra 9 in the BLPT

Ezra 9 in the BNT

Ezra 9 in the BNTABOOT

Ezra 9 in the BNTLV

Ezra 9 in the BOATCB2

Ezra 9 in the BOBCV

Ezra 9 in the BOCNT

Ezra 9 in the BOECS

Ezra 9 in the BOGWICC

Ezra 9 in the BOHCB

Ezra 9 in the BOHCV

Ezra 9 in the BOHLNT

Ezra 9 in the BOHNTLTAL

Ezra 9 in the BOICB

Ezra 9 in the BOILNTAP

Ezra 9 in the BOITCV

Ezra 9 in the BOKCV

Ezra 9 in the BOKCV2

Ezra 9 in the BOKHWOG

Ezra 9 in the BOKSSV

Ezra 9 in the BOLCB

Ezra 9 in the BOLCB2

Ezra 9 in the BOMCV

Ezra 9 in the BONAV

Ezra 9 in the BONCB

Ezra 9 in the BONLT

Ezra 9 in the BONUT2

Ezra 9 in the BOPLNT

Ezra 9 in the BOSCB

Ezra 9 in the BOSNC

Ezra 9 in the BOTLNT

Ezra 9 in the BOVCB

Ezra 9 in the BOYCB

Ezra 9 in the BPBB

Ezra 9 in the BPH

Ezra 9 in the BSB

Ezra 9 in the CCB

Ezra 9 in the CUV

Ezra 9 in the CUVS

Ezra 9 in the DBT

Ezra 9 in the DGDNT

Ezra 9 in the DHNT

Ezra 9 in the DNT

Ezra 9 in the ELBE

Ezra 9 in the EMTV

Ezra 9 in the ESV

Ezra 9 in the FBV

Ezra 9 in the FEB

Ezra 9 in the GGMNT

Ezra 9 in the GNT

Ezra 9 in the HARY

Ezra 9 in the HNT

Ezra 9 in the IRVA

Ezra 9 in the IRVB

Ezra 9 in the IRVG

Ezra 9 in the IRVH

Ezra 9 in the IRVK

Ezra 9 in the IRVM

Ezra 9 in the IRVM2

Ezra 9 in the IRVO

Ezra 9 in the IRVP

Ezra 9 in the IRVT

Ezra 9 in the IRVT2

Ezra 9 in the IRVU

Ezra 9 in the ISVN

Ezra 9 in the JSNT

Ezra 9 in the KAPI

Ezra 9 in the KBT1ETNIK

Ezra 9 in the KBV

Ezra 9 in the KJV

Ezra 9 in the KNFD

Ezra 9 in the LBA

Ezra 9 in the LBLA

Ezra 9 in the LNT

Ezra 9 in the LSV

Ezra 9 in the MAAL

Ezra 9 in the MBV

Ezra 9 in the MBV2

Ezra 9 in the MHNT

Ezra 9 in the MKNFD

Ezra 9 in the MNG

Ezra 9 in the MNT

Ezra 9 in the MNT2

Ezra 9 in the MRS1T

Ezra 9 in the NAA

Ezra 9 in the NASB

Ezra 9 in the NBLA

Ezra 9 in the NBS

Ezra 9 in the NBVTP

Ezra 9 in the NET2

Ezra 9 in the NIV11

Ezra 9 in the NNT

Ezra 9 in the NNT2

Ezra 9 in the NNT3

Ezra 9 in the PDDPT

Ezra 9 in the PFNT

Ezra 9 in the RMNT

Ezra 9 in the SBIAS

Ezra 9 in the SBIBS

Ezra 9 in the SBIBS2

Ezra 9 in the SBICS

Ezra 9 in the SBIDS

Ezra 9 in the SBIGS

Ezra 9 in the SBIHS

Ezra 9 in the SBIIS

Ezra 9 in the SBIIS2

Ezra 9 in the SBIIS3

Ezra 9 in the SBIKS

Ezra 9 in the SBIKS2

Ezra 9 in the SBIMS

Ezra 9 in the SBIOS

Ezra 9 in the SBIPS

Ezra 9 in the SBISS

Ezra 9 in the SBITS

Ezra 9 in the SBITS2

Ezra 9 in the SBITS3

Ezra 9 in the SBITS4

Ezra 9 in the SBIUS

Ezra 9 in the SBIVS

Ezra 9 in the SBT

Ezra 9 in the SBT1E

Ezra 9 in the SCHL

Ezra 9 in the SNT

Ezra 9 in the SUSU

Ezra 9 in the SUSU2

Ezra 9 in the SYNO

Ezra 9 in the TBIAOTANT

Ezra 9 in the TBT1E

Ezra 9 in the TBT1E2

Ezra 9 in the TFTIP

Ezra 9 in the TFTU

Ezra 9 in the TGNTATF3T

Ezra 9 in the THAI

Ezra 9 in the TNFD

Ezra 9 in the TNT

Ezra 9 in the TNTIK

Ezra 9 in the TNTIL

Ezra 9 in the TNTIN

Ezra 9 in the TNTIP

Ezra 9 in the TNTIZ

Ezra 9 in the TOMA

Ezra 9 in the TTENT

Ezra 9 in the UBG

Ezra 9 in the UGV

Ezra 9 in the UGV2

Ezra 9 in the UGV3

Ezra 9 in the VBL

Ezra 9 in the VDCC

Ezra 9 in the YALU

Ezra 9 in the YAPE

Ezra 9 in the YBVTP

Ezra 9 in the ZBP