Genesis 37 (BOATCB)

1 Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so sɛ ɔhɔhoɔ no so. 2 Yosef abusua ho asɛm nie: Ɛberɛ a Yakob ba Yosef dii mfirinhyia dunson no, na ɔne ne nuanom hwɛ wɔn agya Yakob nnwan so. Na ɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmammarima no ɔboafoɔ. Na ɔyɛ obi a nneɛma a ne nuanom no yɛ a ɛnyɛ no, ɔtaa bɛka kyerɛ wɔn agya Yakob. 3 Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sene ne mma a aka no nyinaa, ɛfiri sɛ, ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu; ɛno enti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no. 4 Ɛberɛ a ne nuanom no hunuu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sene wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no. 5 Ɛda bi, Yosef soo daeɛ. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no kyɛnee kane no mpo. 6 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie daeɛ bi a maso. 7 Mesoo daeɛ, na yɛrekyekyere aburoo afiafi wɔ afuom. Ɛberɛ a yɛgu so rekyekyere aburoo no, amonom hɔ ara, me afiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me deɛ no ho hyiaeɛ, kotoo no.” 8 Yosef nuanom no bisaa no sɛ, “Enti, wʼadwene ne sɛ wobɛdi yɛn so anaa? Wogye di sɛ, ampa ara, wobɛtumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne daeɛ a ɔsoeɛ no ne asɛm a ɔkaeɛ no enti, ɛmaa ne nuanom no kyirii no kɔkɔɔkɔ. 9 Afei, ɔsane soo daeɛ bio. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie: Maso daeɛ foforɔ bio. Mesoo daeɛ, na owia, ɔsrane ne nsoromma dubaako rekoto me.” 10 Saa daeɛ yi deɛ, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne nuammarimanom no. Nʼagya tee saa daeɛ no, ɔkaa nʼanim sɛ, “Ɛdeɛn daeɛ na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo maame ne me ne wo nuammarimanom no bɛba abɛkoto wo anaa?” 11 Yei maa ne nuammarimanom no ani beree no mmorosoɔ. Nanso, nʼagya deɛ, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri. 12 Ɛda bi, Yosef nuammarimanom no de wɔn agya nnwan kɔɔ adidi wɔ Sekem. 13 Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, wo nuanom no de mmoa no kɔ adidi wɔ Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn.”Yosef buaa sɛ, “Yoo, agya, mate.” 14 Enti, Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ho te sɛn, na nnwan no nso, na sane bɛka biribi kyerɛ me.” Enti, Israel somaa Yosef firii Hebron subɔnhwa no mu.Ɛberɛ a Yosef duruu Sekem no, 15 ɔbarima bi hunuu no sɛ ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no sɛ, “Worehwehwɛ ɛdeɛn?” 16 Yosef buaa no sɛ, “Merehwehwɛ me nuammarima. Mesrɛ wo, wobɛtumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nnwan no kɔ adidi?” 17 Ɔbarima no buaa no sɛ, “Wo nuammarimanom no afiri ha kɔ. Metee sɛ wɔreka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’ ”Enti, Yosef tii ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ. 18 Ɛberɛ a Yosef fitiiɛ no, wɔhunuu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba. Ansa na ɔreduru wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛkum no. 19 Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Monhwɛ! Ɔdaeɛsofoɔ no na ɔreba no! 20 Mommra seesei ara, na yɛnkum no, na yɛnto no ntwene amena no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya sɛ, aboa bi akye no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi bɛfiri ne daeɛ ahodoɔ no mu aba anaa.” 21 Ruben a ɔyɛ wɔn nua panin tee saa asɛm yi no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛgye Yosef nkwa. Ɔkaa sɛ, “Mommma yɛnkum no. 22 Monnhwie mogya ngu. Momma yɛnto no ntwene amena a ɛwɔ ɛserɛ yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no firii wɔn nsam, sɛdeɛ ɔbɛnya ɛkwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa. 23 Yosef bɛduruu ne nuammarimanom no nkyɛn no, wɔworɔɔ ne batakari fɛfɛ a ɛhyɛ no no. 24 Afei, wɔtoo no twenee amena bi mu. Saa amena no, na nsuo biara nni mu. 25 Afei, ɛberɛ a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani hunuu sɛ nyoma bebree sa so reba faako a na wɔrebɛdidi hɔ no. Wɔhunuu sɛ saa nkurɔfoɔ no yɛ Ismaelfoɔ adwadifoɔ bi a wɔsoso hyehwam, akyenkyennuro ne kurobo a wɔde firi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so. 26 Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Sɛ yɛkum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya. 27 Momma yɛnyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ adwadifoɔ yi, sene sɛ yɛbɛkum no. Ɛkɔsi sɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa a ɔyɛ yɛn busuani.” Ne nuanom mmarima no penee nʼadebisa no so. 28 Ɛberɛ a Midian adwadifoɔ no bɛduru hɔ no, Yosef nuanom no yii no firii amena no mu, tɔn no gyee dwetɛ gram ahanu aduonu nwɔtwe (228) maa Ismaelfoɔ no, maa wɔde no kɔɔ Misraim. 29 Ruben sane nʼakyi baa amena no ho, na ɔhunuu sɛ Yosef nni amena no mu no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu. 30 Ɔkɔɔ ne nuammarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti, seesei menyɛ me ho dɛn ni!” 31 Afei, anuanom no faa Yosef batakari no, kumm abirekyie, de batakari no nuu ne mogya no mu. 32 Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛhunuu saa atadeɛ yi wɔ wura mu hɔ baabi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atadeɛ anaa?” 33 Wɔn agya hunuiɛ ampa, kaa sɛ, “Nokorɛ, ɛyɛ me ba Yosef atadeɛ! Aboa bi akye no awe. Ampa ara sɛ, aboa ko no atete Yosef ɛnam pasaa.” 34 Na Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, suu ne ba no nna bebree. 35 Ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, kyekyeree ne werɛ, nanso ankɔsi hwee. Yakob kaa sɛ, “Dabi, mede awerɛhoɔ bɛwu akɔto me ba no asamando.” Enti, nʼagya Yakob suu no. 36 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, Midianfoɔ no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfoɔ so panin.

In Other Versions

Genesis 37 in the ANGEFD

Genesis 37 in the ANTPNG2D

Genesis 37 in the AS21

Genesis 37 in the BAGH

Genesis 37 in the BBPNG

Genesis 37 in the BBT1E

Genesis 37 in the BDS

Genesis 37 in the BEV

Genesis 37 in the BHAD

Genesis 37 in the BIB

Genesis 37 in the BLPT

Genesis 37 in the BNT

Genesis 37 in the BNTABOOT

Genesis 37 in the BNTLV

Genesis 37 in the BOATCB2

Genesis 37 in the BOBCV

Genesis 37 in the BOCNT

Genesis 37 in the BOECS

Genesis 37 in the BOGWICC

Genesis 37 in the BOHCB

Genesis 37 in the BOHCV

Genesis 37 in the BOHLNT

Genesis 37 in the BOHNTLTAL

Genesis 37 in the BOICB

Genesis 37 in the BOILNTAP

Genesis 37 in the BOITCV

Genesis 37 in the BOKCV

Genesis 37 in the BOKCV2

Genesis 37 in the BOKHWOG

Genesis 37 in the BOKSSV

Genesis 37 in the BOLCB

Genesis 37 in the BOLCB2

Genesis 37 in the BOMCV

Genesis 37 in the BONAV

Genesis 37 in the BONCB

Genesis 37 in the BONLT

Genesis 37 in the BONUT2

Genesis 37 in the BOPLNT

Genesis 37 in the BOSCB

Genesis 37 in the BOSNC

Genesis 37 in the BOTLNT

Genesis 37 in the BOVCB

Genesis 37 in the BOYCB

Genesis 37 in the BPBB

Genesis 37 in the BPH

Genesis 37 in the BSB

Genesis 37 in the CCB

Genesis 37 in the CUV

Genesis 37 in the CUVS

Genesis 37 in the DBT

Genesis 37 in the DGDNT

Genesis 37 in the DHNT

Genesis 37 in the DNT

Genesis 37 in the ELBE

Genesis 37 in the EMTV

Genesis 37 in the ESV

Genesis 37 in the FBV

Genesis 37 in the FEB

Genesis 37 in the GGMNT

Genesis 37 in the GNT

Genesis 37 in the HARY

Genesis 37 in the HNT

Genesis 37 in the IRVA

Genesis 37 in the IRVB

Genesis 37 in the IRVG

Genesis 37 in the IRVH

Genesis 37 in the IRVK

Genesis 37 in the IRVM

Genesis 37 in the IRVM2

Genesis 37 in the IRVO

Genesis 37 in the IRVP

Genesis 37 in the IRVT

Genesis 37 in the IRVT2

Genesis 37 in the IRVU

Genesis 37 in the ISVN

Genesis 37 in the JSNT

Genesis 37 in the KAPI

Genesis 37 in the KBT1ETNIK

Genesis 37 in the KBV

Genesis 37 in the KJV

Genesis 37 in the KNFD

Genesis 37 in the LBA

Genesis 37 in the LBLA

Genesis 37 in the LNT

Genesis 37 in the LSV

Genesis 37 in the MAAL

Genesis 37 in the MBV

Genesis 37 in the MBV2

Genesis 37 in the MHNT

Genesis 37 in the MKNFD

Genesis 37 in the MNG

Genesis 37 in the MNT

Genesis 37 in the MNT2

Genesis 37 in the MRS1T

Genesis 37 in the NAA

Genesis 37 in the NASB

Genesis 37 in the NBLA

Genesis 37 in the NBS

Genesis 37 in the NBVTP

Genesis 37 in the NET2

Genesis 37 in the NIV11

Genesis 37 in the NNT

Genesis 37 in the NNT2

Genesis 37 in the NNT3

Genesis 37 in the PDDPT

Genesis 37 in the PFNT

Genesis 37 in the RMNT

Genesis 37 in the SBIAS

Genesis 37 in the SBIBS

Genesis 37 in the SBIBS2

Genesis 37 in the SBICS

Genesis 37 in the SBIDS

Genesis 37 in the SBIGS

Genesis 37 in the SBIHS

Genesis 37 in the SBIIS

Genesis 37 in the SBIIS2

Genesis 37 in the SBIIS3

Genesis 37 in the SBIKS

Genesis 37 in the SBIKS2

Genesis 37 in the SBIMS

Genesis 37 in the SBIOS

Genesis 37 in the SBIPS

Genesis 37 in the SBISS

Genesis 37 in the SBITS

Genesis 37 in the SBITS2

Genesis 37 in the SBITS3

Genesis 37 in the SBITS4

Genesis 37 in the SBIUS

Genesis 37 in the SBIVS

Genesis 37 in the SBT

Genesis 37 in the SBT1E

Genesis 37 in the SCHL

Genesis 37 in the SNT

Genesis 37 in the SUSU

Genesis 37 in the SUSU2

Genesis 37 in the SYNO

Genesis 37 in the TBIAOTANT

Genesis 37 in the TBT1E

Genesis 37 in the TBT1E2

Genesis 37 in the TFTIP

Genesis 37 in the TFTU

Genesis 37 in the TGNTATF3T

Genesis 37 in the THAI

Genesis 37 in the TNFD

Genesis 37 in the TNT

Genesis 37 in the TNTIK

Genesis 37 in the TNTIL

Genesis 37 in the TNTIN

Genesis 37 in the TNTIP

Genesis 37 in the TNTIZ

Genesis 37 in the TOMA

Genesis 37 in the TTENT

Genesis 37 in the UBG

Genesis 37 in the UGV

Genesis 37 in the UGV2

Genesis 37 in the UGV3

Genesis 37 in the VBL

Genesis 37 in the VDCC

Genesis 37 in the YALU

Genesis 37 in the YAPE

Genesis 37 in the YBVTP

Genesis 37 in the ZBP