Genesis 47 (BOATCB)

1 Yakob mma no bɛduruu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne wɔn agyapadeɛ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so”. 2 Yosef yii ne nuammarima no mu baanum de wɔn kɔkyeaa Farao. 3 Farao bisaa anuanom no sɛ, “Adwuma bɛn na moyɛ?”Wɔbuaa no sɛ, “Wo nkoa yɛ nnwanhwɛfoɔ, sɛdeɛ na yɛn agyanom nso yɛ nnwanhwɛfoɔ no.” 4 Anuanom no toaa so sɛ, “Yɛaba ha sɛ amamfrafoɔ a yɛrebɛtena ha kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm no ano yɛ den yie wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nnwan nnya aduane nni. Enti, yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.” 5 Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn. 6 Misraim asase nyinaa hyɛ wo nsa. Ma wʼagya ne wo nuammarima baabi pa na wɔntena. Ma wɔntena Gosen asase so. Sɛ wonim wɔn mu bi a wɔwɔ mmoayɛn ho nimdeɛ a, ma wɔnhwɛ me nnwan so mma me.” 7 Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bɛkyiaa Farao maa Yakob hyiraa no. 8 Farao bisaa Yakob sɛ, “Woadi mfeɛ ahe?” 9 Yakob buaa Farao sɛ, “Madi mfeɛ ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Mennuru mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee.” 10 Na Yakob hyiraa Farao, na ɔfirii nʼanim kɔeɛ. 11 Enti, Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenaseɛ wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔ asase no fa baabi a ɛyɛ pa ara wɔ Rameses mansini mu, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no. 12 Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduane sɛdeɛ wɔn mma dodoɔ te. 13 Na aduane nni hɔ baabiara, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano ayɛ den yie. Saa ɛkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa maa emu nnipa ne mfudeɛ twintwameeɛ. 14 Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a ɔnya firii aduanetɔn no mu no baa Farao ahemfie. 15 Ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa saeɛ no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduane nni! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu?” 16 Yosef buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo sika asa deɛ a, momfa mo nnwan ne mo anantwie mmra mmɛgye aduane.” 17 Enti, wɔde wɔn mmoa no brɛɛ Yosef. Mmoa a wɔde wɔn bɛsesaa aduane no yɛ apɔnkɔ, nnwan, mpɔnkye, anantwie ne mfunumu. Saa afe no mu no, wɔde wɔn mmoa nyinaa bɛsesaa aduane. 18 Afe akyiri no, Misraimfoɔ no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkaa sɛ, “Yɛrentumi mfa biribiara nhinta yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwie nso yɛ wo dea. Biribiara bio nni hɔ a yɛbɛtumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko. 19 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduane. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburoo, na ɛkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.” 20 Enti, Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɛkɔm no ano den enti, Misraimfoɔ no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa maa nsase no nyinaa bɛdii Farao nsam. 21 Ɛfiri Misraim tire kɔsi tire, Yosef de mu nnipa nyinaa bɛyɛɛ ne nkoa. 22 Asɔfoɔ nko ara nsase na wantɔ, ɛfiri sɛ, asɔfoɔ no deɛ, na Farao atwa anoduane bi de ama wɔn. Ne saa enti na wɔn deɛ, wɔantɔn wɔn nsase no. 23 Yosef ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Afei a matɔ mo ne nsase de ama Farao yi, mo nso, monnye aburoo nkɔdua. 24 Na sɛ aburoo no yɛ yie, na motwa a, momfa nkyɛmu enum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu enum mu ɛnan a ɛbɛka no, mo ne mo fiefoɔ ne mo mma nni bi, na monnya bi nso a mobɛdua.” 25 Wɔkaa sɛ, “Anokwa, woagye yɛn nkwa. Ka kyerɛ yɛn wura Farao sɛ, ɔnnye yɛn ntom, na yɛnyɛ nkoa.” 26 Ɛnam saa asɛm yi so maa mmara a Yosef hyɛeɛ sɛ, wɔmfa asase no so nnɔbaeɛ nyinaa mu nkyɛmu enum mu baako mma Farao no da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Asɔfoɔ no nsase nko ara na ankɔdi Farao nsam. 27 Israelfoɔ no bɔɔ atenaseɛ wɔ Gosen mansini a ɛwɔ Misraim asase so no so. Wɔnyaa agyapadeɛ wɔ hɔ, na wɔn ase nso dɔree yie. 28 Yakob tenaa Misraim mfeɛ dunson. Ɔdii mfirinhyia ɔha ne aduanan nson ansa na ɔrewu. 29 Ɛduruu sɛ Yakob rebɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef, ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, sɛ wodɔ me deɛ a, ka ntam di nse sɛ, wobɛyɛ me adɔeɛ, adi me nokorɛ. Sɛ mewu a, nsie me wɔ Misraim ha. 30 Sɛ mewu a, momfa me mfiri Misraim ha, nkɔsie me wɔ baabi a wɔsiee me mpanimfoɔ no.”Yosef hyɛɛ bɔ sɛ, “Mɛdi asɛm a woaka no so.” 31 Yakob kaa bio sɛ, “Ka ntam kyerɛ me.” Yosef kaa ntam no, na Israel nso butuu ne poma so sɔree Onyankopɔn.

In Other Versions

Genesis 47 in the ANGEFD

Genesis 47 in the ANTPNG2D

Genesis 47 in the AS21

Genesis 47 in the BAGH

Genesis 47 in the BBPNG

Genesis 47 in the BBT1E

Genesis 47 in the BDS

Genesis 47 in the BEV

Genesis 47 in the BHAD

Genesis 47 in the BIB

Genesis 47 in the BLPT

Genesis 47 in the BNT

Genesis 47 in the BNTABOOT

Genesis 47 in the BNTLV

Genesis 47 in the BOATCB2

Genesis 47 in the BOBCV

Genesis 47 in the BOCNT

Genesis 47 in the BOECS

Genesis 47 in the BOGWICC

Genesis 47 in the BOHCB

Genesis 47 in the BOHCV

Genesis 47 in the BOHLNT

Genesis 47 in the BOHNTLTAL

Genesis 47 in the BOICB

Genesis 47 in the BOILNTAP

Genesis 47 in the BOITCV

Genesis 47 in the BOKCV

Genesis 47 in the BOKCV2

Genesis 47 in the BOKHWOG

Genesis 47 in the BOKSSV

Genesis 47 in the BOLCB

Genesis 47 in the BOLCB2

Genesis 47 in the BOMCV

Genesis 47 in the BONAV

Genesis 47 in the BONCB

Genesis 47 in the BONLT

Genesis 47 in the BONUT2

Genesis 47 in the BOPLNT

Genesis 47 in the BOSCB

Genesis 47 in the BOSNC

Genesis 47 in the BOTLNT

Genesis 47 in the BOVCB

Genesis 47 in the BOYCB

Genesis 47 in the BPBB

Genesis 47 in the BPH

Genesis 47 in the BSB

Genesis 47 in the CCB

Genesis 47 in the CUV

Genesis 47 in the CUVS

Genesis 47 in the DBT

Genesis 47 in the DGDNT

Genesis 47 in the DHNT

Genesis 47 in the DNT

Genesis 47 in the ELBE

Genesis 47 in the EMTV

Genesis 47 in the ESV

Genesis 47 in the FBV

Genesis 47 in the FEB

Genesis 47 in the GGMNT

Genesis 47 in the GNT

Genesis 47 in the HARY

Genesis 47 in the HNT

Genesis 47 in the IRVA

Genesis 47 in the IRVB

Genesis 47 in the IRVG

Genesis 47 in the IRVH

Genesis 47 in the IRVK

Genesis 47 in the IRVM

Genesis 47 in the IRVM2

Genesis 47 in the IRVO

Genesis 47 in the IRVP

Genesis 47 in the IRVT

Genesis 47 in the IRVT2

Genesis 47 in the IRVU

Genesis 47 in the ISVN

Genesis 47 in the JSNT

Genesis 47 in the KAPI

Genesis 47 in the KBT1ETNIK

Genesis 47 in the KBV

Genesis 47 in the KJV

Genesis 47 in the KNFD

Genesis 47 in the LBA

Genesis 47 in the LBLA

Genesis 47 in the LNT

Genesis 47 in the LSV

Genesis 47 in the MAAL

Genesis 47 in the MBV

Genesis 47 in the MBV2

Genesis 47 in the MHNT

Genesis 47 in the MKNFD

Genesis 47 in the MNG

Genesis 47 in the MNT

Genesis 47 in the MNT2

Genesis 47 in the MRS1T

Genesis 47 in the NAA

Genesis 47 in the NASB

Genesis 47 in the NBLA

Genesis 47 in the NBS

Genesis 47 in the NBVTP

Genesis 47 in the NET2

Genesis 47 in the NIV11

Genesis 47 in the NNT

Genesis 47 in the NNT2

Genesis 47 in the NNT3

Genesis 47 in the PDDPT

Genesis 47 in the PFNT

Genesis 47 in the RMNT

Genesis 47 in the SBIAS

Genesis 47 in the SBIBS

Genesis 47 in the SBIBS2

Genesis 47 in the SBICS

Genesis 47 in the SBIDS

Genesis 47 in the SBIGS

Genesis 47 in the SBIHS

Genesis 47 in the SBIIS

Genesis 47 in the SBIIS2

Genesis 47 in the SBIIS3

Genesis 47 in the SBIKS

Genesis 47 in the SBIKS2

Genesis 47 in the SBIMS

Genesis 47 in the SBIOS

Genesis 47 in the SBIPS

Genesis 47 in the SBISS

Genesis 47 in the SBITS

Genesis 47 in the SBITS2

Genesis 47 in the SBITS3

Genesis 47 in the SBITS4

Genesis 47 in the SBIUS

Genesis 47 in the SBIVS

Genesis 47 in the SBT

Genesis 47 in the SBT1E

Genesis 47 in the SCHL

Genesis 47 in the SNT

Genesis 47 in the SUSU

Genesis 47 in the SUSU2

Genesis 47 in the SYNO

Genesis 47 in the TBIAOTANT

Genesis 47 in the TBT1E

Genesis 47 in the TBT1E2

Genesis 47 in the TFTIP

Genesis 47 in the TFTU

Genesis 47 in the TGNTATF3T

Genesis 47 in the THAI

Genesis 47 in the TNFD

Genesis 47 in the TNT

Genesis 47 in the TNTIK

Genesis 47 in the TNTIL

Genesis 47 in the TNTIN

Genesis 47 in the TNTIP

Genesis 47 in the TNTIZ

Genesis 47 in the TOMA

Genesis 47 in the TTENT

Genesis 47 in the UBG

Genesis 47 in the UGV

Genesis 47 in the UGV2

Genesis 47 in the UGV3

Genesis 47 in the VBL

Genesis 47 in the VDCC

Genesis 47 in the YALU

Genesis 47 in the YAPE

Genesis 47 in the YBVTP

Genesis 47 in the ZBP