Judges 1 (BOATCB)

1 Yosua wuo akyi no, Israelfoɔ bisaa Awurade sɛ, “Abusuakuo bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔto hyɛ Kanaanfoɔ no so kane?” 2 Awurade buaa sɛ, “Yuda na ɛsɛ sɛ ɔkɔ; mede asase no so die ahyɛ wɔn nsam.” 3 Enti, Yuda ntuanofoɔ ka kyerɛɛ wɔn nuanom Simeon abusuakuo no sɛ, “Mommɛka yɛn ho na yɛnko ntia Kanaanfoɔ a wɔte asase a wɔde ama yɛn no so. Yɛn nso, yɛbɛboa mo ama moako afa mo asase.” Enti, Simeonfoɔ mmarima no ne Yudafoɔ no kɔeɛ. 4 Ɛberɛ a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wɔdii Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no so nkonim, na wɔkunkumm atamfoɔ akofoɔ ɔpedu wɔ Besek. 5 Besek hɔ, wɔne ɔhene Adoni-Besek hyiaeɛ, na wɔko tiaa no, dii Kanaanfoɔ no ne Perisifoɔ no so nkonim. 6 Adoni-Besek dwaneeɛ, nanso ankyɛre na Israelfoɔ kɔkyeree no twitwaa ne nsa ne ne nan kokurobetie. 7 Ɛmaa Adoni-Besek kaa sɛ, “Ɛberɛ bi na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobetie bɛtasee mporoporowa wɔ me didipono ase. Afei, Awurade atua me deɛ meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na ɔwuu wɔ hɔ. 8 Yuda mmarima no to hyɛɛ Yerusalem so, dii so nkonim. Wɔkunkumm kuropɔn no so nnipa nyinaa, too mu ogya. 9 Ɛno akyi, wɔdane faa anafoɔ fam, kɔto hyɛɛ Kanaanfoɔ a wɔtete bepɔ asase, Negeb ne atɔeɛ fam nkokoɔ so no so. 10 Yuda bɔ wuraa Kanaanfoɔ a na wɔte Hebron a kane no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahiman ne Talmai so. 11 Wɔfiri hɔ kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kane no na wɔfrɛ hɔ (Kiriat-Sefer no). 12 Na Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.” 13 Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfaeɛ. Enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere. 14 Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka deɛ wɔwɔ no ho. Ɔfiri nʼafunumu so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?” 15 Ɔbuaa sɛ, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsuo wɔ so.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase. 16 Ɛberɛ a Yuda abusuakuo firii Yeriko no, Kenifoɔ a wɔyɛ Mose ase barima asefoɔ ne wɔn kɔɔ Yuda ɛserɛ no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ hɔ no mu wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb. 17 Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no sɛee kuro no pasaa. Enti, wɔtoo kuro no edin Horma. 18 Ɛno akyi, Yuda ko faa nkuropɔn Gasa, Askelon ne Ekron ne wɔn nsase a atwa wɔn ho ahyia. 19 Na Awurade ka Yuda nkurɔfoɔ ho enti, ɛmaa wɔfaa bepɔ nsase no. Nanso, wɔantumi ampam nnipa a wɔte tata so no amfiri hɔ, ɛfiri sɛ, na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam. 20 Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛdeɛ na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pamoo nnipa a na wɔyɛ Anak mmammarima baasa no asefoɔ no firii hɔ. 21 Benyamin abusuakuo no antumi ampam Yebusifoɔ a na wɔte Yerusalem no. Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yebusifoɔ ne Benyamin nkurɔfoɔ da so te Yerusalem. 22 Yosef asefoɔ kɔto hyɛɛ Bet-El kuro no so, na Awurade kaa wɔn ho. 23 Wɔsomaa akwansrafoɔ kɔɔ Bet-El (a kane no na wɔfrɛ no Lus) hɔ. 24 Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ɔfiri kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛkwan a wɔde kɔ kuropɔn no mu na yɛn nso, yɛbɛhunu wo mmɔbɔ.” 25 Enti, ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wɔkɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wɔgyaa ɔbarima no ne nʼabusuafoɔ. 26 Akyire no, ɔbarima no tutu kɔɔ Hetifoɔ asase so. Ɔkyekyeree kuropɔn wɔ hɔ. Ɔtoo kuropɔn no edin Lus. Na saa edin no da kuropɔn no so de bɛsi ɛnnɛ. 27 Manase abusuakuo no nso antumi ampam nnipa a na wɔte Bet-Sean, Taanak, Dor, Yibleam, Megido ne wɔn nkuraaseɛ no, ɛfiri sɛ, na Kanaanfoɔ no aka sɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛhɔ ara na wɔpɛ sɛ wɔtena. 28 Israelfoɔ no nyaa ahoɔden kakra no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ nnwuma sɛ nkoa maa wɔn a wɔampamo wɔn amfiri asase no so. 29 Efraim abusuakuo no nso antumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte Geser no enti Kanaanfoɔ no kɔɔ so ne wɔn tenaeɛ. 30 Sebulon abusuakuo no antumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte Kitron ne Nahalol, enti wɔkɔɔ so ne wɔn tenaeɛ. Nanso, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. 31 Aser abusuakuo no nso antumi antu wɔn a na wɔte Ako, Sidon, Ahlab, Aksib, Helba, Afik ne Rehob. 32 Nokorɛm, ɛsiane sɛ wɔantumi antu wɔn no enti, Kanaanfoɔ no dɔɔso wɔ asase a Aserfoɔ no te soɔ no so. 33 Naftali abusuakuo no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfoɔ no dɔɔso wɔ asase a wɔte soɔ no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfoɔ. 34 Dan abusuakuo no deɛ, Amorifoɔ hyɛɛ wɔn maa wɔtu kɔɔ bepɔ nsase no so na wɔamma wɔn amma tata so hɔ. 35 Amorifoɔ no sii wɔn adwene pi sɛ, wɔbɛtena Heres bepɔ so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef asefoɔ no yɛɛ den mmorosoɔ no, wɔhyɛɛ Amorifoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. 36 Na Amorifoɔ hyeɛ firi Akrabbim aforoeɛ kɔ Sela na ɛtoa so kɔ atifi fam.

In Other Versions

Judges 1 in the ANGEFD

Judges 1 in the ANTPNG2D

Judges 1 in the AS21

Judges 1 in the BAGH

Judges 1 in the BBPNG

Judges 1 in the BBT1E

Judges 1 in the BDS

Judges 1 in the BEV

Judges 1 in the BHAD

Judges 1 in the BIB

Judges 1 in the BLPT

Judges 1 in the BNT

Judges 1 in the BNTABOOT

Judges 1 in the BNTLV

Judges 1 in the BOATCB2

Judges 1 in the BOBCV

Judges 1 in the BOCNT

Judges 1 in the BOECS

Judges 1 in the BOGWICC

Judges 1 in the BOHCB

Judges 1 in the BOHCV

Judges 1 in the BOHLNT

Judges 1 in the BOHNTLTAL

Judges 1 in the BOICB

Judges 1 in the BOILNTAP

Judges 1 in the BOITCV

Judges 1 in the BOKCV

Judges 1 in the BOKCV2

Judges 1 in the BOKHWOG

Judges 1 in the BOKSSV

Judges 1 in the BOLCB

Judges 1 in the BOLCB2

Judges 1 in the BOMCV

Judges 1 in the BONAV

Judges 1 in the BONCB

Judges 1 in the BONLT

Judges 1 in the BONUT2

Judges 1 in the BOPLNT

Judges 1 in the BOSCB

Judges 1 in the BOSNC

Judges 1 in the BOTLNT

Judges 1 in the BOVCB

Judges 1 in the BOYCB

Judges 1 in the BPBB

Judges 1 in the BPH

Judges 1 in the BSB

Judges 1 in the CCB

Judges 1 in the CUV

Judges 1 in the CUVS

Judges 1 in the DBT

Judges 1 in the DGDNT

Judges 1 in the DHNT

Judges 1 in the DNT

Judges 1 in the ELBE

Judges 1 in the EMTV

Judges 1 in the ESV

Judges 1 in the FBV

Judges 1 in the FEB

Judges 1 in the GGMNT

Judges 1 in the GNT

Judges 1 in the HARY

Judges 1 in the HNT

Judges 1 in the IRVA

Judges 1 in the IRVB

Judges 1 in the IRVG

Judges 1 in the IRVH

Judges 1 in the IRVK

Judges 1 in the IRVM

Judges 1 in the IRVM2

Judges 1 in the IRVO

Judges 1 in the IRVP

Judges 1 in the IRVT

Judges 1 in the IRVT2

Judges 1 in the IRVU

Judges 1 in the ISVN

Judges 1 in the JSNT

Judges 1 in the KAPI

Judges 1 in the KBT1ETNIK

Judges 1 in the KBV

Judges 1 in the KJV

Judges 1 in the KNFD

Judges 1 in the LBA

Judges 1 in the LBLA

Judges 1 in the LNT

Judges 1 in the LSV

Judges 1 in the MAAL

Judges 1 in the MBV

Judges 1 in the MBV2

Judges 1 in the MHNT

Judges 1 in the MKNFD

Judges 1 in the MNG

Judges 1 in the MNT

Judges 1 in the MNT2

Judges 1 in the MRS1T

Judges 1 in the NAA

Judges 1 in the NASB

Judges 1 in the NBLA

Judges 1 in the NBS

Judges 1 in the NBVTP

Judges 1 in the NET2

Judges 1 in the NIV11

Judges 1 in the NNT

Judges 1 in the NNT2

Judges 1 in the NNT3

Judges 1 in the PDDPT

Judges 1 in the PFNT

Judges 1 in the RMNT

Judges 1 in the SBIAS

Judges 1 in the SBIBS

Judges 1 in the SBIBS2

Judges 1 in the SBICS

Judges 1 in the SBIDS

Judges 1 in the SBIGS

Judges 1 in the SBIHS

Judges 1 in the SBIIS

Judges 1 in the SBIIS2

Judges 1 in the SBIIS3

Judges 1 in the SBIKS

Judges 1 in the SBIKS2

Judges 1 in the SBIMS

Judges 1 in the SBIOS

Judges 1 in the SBIPS

Judges 1 in the SBISS

Judges 1 in the SBITS

Judges 1 in the SBITS2

Judges 1 in the SBITS3

Judges 1 in the SBITS4

Judges 1 in the SBIUS

Judges 1 in the SBIVS

Judges 1 in the SBT

Judges 1 in the SBT1E

Judges 1 in the SCHL

Judges 1 in the SNT

Judges 1 in the SUSU

Judges 1 in the SUSU2

Judges 1 in the SYNO

Judges 1 in the TBIAOTANT

Judges 1 in the TBT1E

Judges 1 in the TBT1E2

Judges 1 in the TFTIP

Judges 1 in the TFTU

Judges 1 in the TGNTATF3T

Judges 1 in the THAI

Judges 1 in the TNFD

Judges 1 in the TNT

Judges 1 in the TNTIK

Judges 1 in the TNTIL

Judges 1 in the TNTIN

Judges 1 in the TNTIP

Judges 1 in the TNTIZ

Judges 1 in the TOMA

Judges 1 in the TTENT

Judges 1 in the UBG

Judges 1 in the UGV

Judges 1 in the UGV2

Judges 1 in the UGV3

Judges 1 in the VBL

Judges 1 in the VDCC

Judges 1 in the YALU

Judges 1 in the YAPE

Judges 1 in the YBVTP

Judges 1 in the ZBP