Judges 1 (BOATCB2)

1 Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔtow hyɛ Kanaanfo no so kan?” 2 Awurade buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ ɔkɔ; mede asase no sodi ahyɛ wɔn nsam.” 3 Enti Yuda ntuanofo no ka kyerɛɛ wɔn nuanom Simeon abusuakuw no se, “Mommɛka yɛn ho na yɛnko ntia Kanaanfo a wɔte asase a wɔde ama yɛn no so. Yɛn nso, yɛbɛboa mo ama moako afa mo asase.” Enti Simeonfo mmarima no ne Yudafo no kɔe. 4 Bere a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wodii Kanaanfo ne Perisifo no so nkonim, na wokunkum atamfo akofo mpem du wɔ Besek. 5 Besek hɔ, wɔne ɔhene Adoni-Besek hyiae, na wɔko tiaa no, dii Kanaanfo no ne Perisifo no so nkonim. 6 Adoni-Besek guanee, nanso ankyɛ na Israelfo kɔkyeree no twitwaa ne nsa ne ne nan kokurobeti. 7 Ɛmaa Adoni-Besek kae se, “Bere bi, na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobeti na wɔbɛtasee mporoporowa wɔ me didipon ase. Afei, Awurade atua me nea meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na owui wɔ hɔ. 8 Yuda mmarima no tow hyɛɛ Yerusalem so, dii so nkonim. Wokunkum kuropɔn no so nnipa nyinaa, too mu gya. 9 Ɛno akyi, wɔdan faa anafo fam, kɔtow hyɛɛ Kanaanfo a wɔtete bepɔw asase, Negeb ne atɔe fam nkoko so no so. 10 Yuda bɔ wuraa Kanaanfo a na wɔte Hebron a kan no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahima ne Talmai so. 11 Wofi hɔ kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kan no na wɔfrɛ hɔ (Kiriat-Sefer no). 12 Na Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.” 13 Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfae. Enti Aksa bɛyɛɛ Otniel yere. 14 Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no se ommisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka nea wɔwɔ no ho. Ofi nʼafurum so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no se, “Asɛm bɛn? Dɛn na menyɛ mma wo?” 15 Obuae se, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsu wɔ so.” Enti Kaleb maa no atifi ne anafo nsubɔnten. 16 Bere a Yuda abusuakuw fii Yeriko no, Kenifo a wɔyɛ Mose ase barima asefo ne wɔn kɔɔ Yuda sare no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ hɔ no mu wɔ beae bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb. 17 Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfo a wɔte Sefat no sɛee kurow no pasaa. Enti wɔtoo kurow no din Horma. 18 Ɛno akyi, Yuda ko faa nkuropɔn Gasa, Askelon ne Ekron ne wɔn nsase a atwa wɔn ho ahyia. 19 Na Awurade ka Yuda nkurɔfo ho nti, ɛmaa wɔfaa bepɔw nsase no. Nanso wɔantumi ampam nnipa a wɔte tataw so no amfi hɔ, efisɛ na wɔwɔ nnade nteaseɛnam. 20 Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛnea na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pam nnipa a na wɔyɛ Anak mmabarima baasa no asefo no fii hɔ. 21 Benyamin abusuakuw no antumi ampam Yebusifo a na wɔte Yerusalem no. Enti ebesi nnɛ yi, Yebusifo ne Benyamin nkurɔfo da so te Yerusalem. 22 Yosef asefo kɔtow hyɛɛ Bet-El kurow no so, na Awurade kaa wɔn ho. 23 Wɔsomaa akwansrafo kɔɔ Bet-El (a kan no na wɔfrɛ no Lus) hɔ. 24 Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ofi kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ yɛn ɔkwan a wɔde kɔ kuropɔn no mu na yɛn nso, yebehu wo mmɔbɔ.” 25 Enti ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wokokunkum kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wogyaw ɔbarima no ne nʼabusuafo. 26 Akyiri no, ɔbarima no tutu kɔɔ Hetifo asase so. Ɔkyekyeree kuropɔn wɔ hɔ. Ɔtoo kuropɔn no din Lus. Na saa din no da kuropɔn no so de besi nnɛ. 27 Manase abusuakuw no nso antumi ampam nnipa a na wɔte Bet-Sean, Taanak, Dor, Yibleam, Megido ne wɔn nkuraase no, efisɛ na Kanaanfo no aka se, sɛnea ɛte biara, ɛhɔ ara na wɔpɛ sɛ wɔtena. 28 Israelfo no nyaa ahoɔden kakra no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ nnwuma sɛ nkoa maa wɔn na wɔampam wɔn amfi asase no so. 29 Efraim abusuakuw no nso antumi antu Kanaanfo a na wɔte Geser no enti Kanaanfo no kɔɔ so ne wɔn tenae. 30 Sebulon abusuakuw no antumi antu Kanaanfo a na wɔte Kitron ne Nahalol, nti wɔkɔɔ so ne wɔn tenae. Nanso wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. 31 Aser abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Ako, Sidon, Ahlab, Aksib, Helba, Afik ne Rehob. 32 Nokware, esiane sɛ wɔantumi antu wɔn no nti, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a Aserfo no te so no so. 33 Naftali abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a wɔte so no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfo. 34 Dan abusuakuw no de, Amorifo hyɛɛ wɔn ma wotu kɔɔ bepɔw nsase no so na wɔamma wɔn amma tataw so hɔ. 35 Amorifo no sii wɔn adwene pi sɛ, wɔbɛtena Heres bepɔw so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef asefo no yɛɛ den mmoroso no, wɔhyɛɛ Amorifo no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. 36 Na Amorifo hye fi Akrabbim atrapoe kɔ Sela na ɛtoa so kɔ atifi fam.

In Other Versions

Judges 1 in the ANGEFD

Judges 1 in the ANTPNG2D

Judges 1 in the AS21

Judges 1 in the BAGH

Judges 1 in the BBPNG

Judges 1 in the BBT1E

Judges 1 in the BDS

Judges 1 in the BEV

Judges 1 in the BHAD

Judges 1 in the BIB

Judges 1 in the BLPT

Judges 1 in the BNT

Judges 1 in the BNTABOOT

Judges 1 in the BNTLV

Judges 1 in the BOATCB

Judges 1 in the BOBCV

Judges 1 in the BOCNT

Judges 1 in the BOECS

Judges 1 in the BOGWICC

Judges 1 in the BOHCB

Judges 1 in the BOHCV

Judges 1 in the BOHLNT

Judges 1 in the BOHNTLTAL

Judges 1 in the BOICB

Judges 1 in the BOILNTAP

Judges 1 in the BOITCV

Judges 1 in the BOKCV

Judges 1 in the BOKCV2

Judges 1 in the BOKHWOG

Judges 1 in the BOKSSV

Judges 1 in the BOLCB

Judges 1 in the BOLCB2

Judges 1 in the BOMCV

Judges 1 in the BONAV

Judges 1 in the BONCB

Judges 1 in the BONLT

Judges 1 in the BONUT2

Judges 1 in the BOPLNT

Judges 1 in the BOSCB

Judges 1 in the BOSNC

Judges 1 in the BOTLNT

Judges 1 in the BOVCB

Judges 1 in the BOYCB

Judges 1 in the BPBB

Judges 1 in the BPH

Judges 1 in the BSB

Judges 1 in the CCB

Judges 1 in the CUV

Judges 1 in the CUVS

Judges 1 in the DBT

Judges 1 in the DGDNT

Judges 1 in the DHNT

Judges 1 in the DNT

Judges 1 in the ELBE

Judges 1 in the EMTV

Judges 1 in the ESV

Judges 1 in the FBV

Judges 1 in the FEB

Judges 1 in the GGMNT

Judges 1 in the GNT

Judges 1 in the HARY

Judges 1 in the HNT

Judges 1 in the IRVA

Judges 1 in the IRVB

Judges 1 in the IRVG

Judges 1 in the IRVH

Judges 1 in the IRVK

Judges 1 in the IRVM

Judges 1 in the IRVM2

Judges 1 in the IRVO

Judges 1 in the IRVP

Judges 1 in the IRVT

Judges 1 in the IRVT2

Judges 1 in the IRVU

Judges 1 in the ISVN

Judges 1 in the JSNT

Judges 1 in the KAPI

Judges 1 in the KBT1ETNIK

Judges 1 in the KBV

Judges 1 in the KJV

Judges 1 in the KNFD

Judges 1 in the LBA

Judges 1 in the LBLA

Judges 1 in the LNT

Judges 1 in the LSV

Judges 1 in the MAAL

Judges 1 in the MBV

Judges 1 in the MBV2

Judges 1 in the MHNT

Judges 1 in the MKNFD

Judges 1 in the MNG

Judges 1 in the MNT

Judges 1 in the MNT2

Judges 1 in the MRS1T

Judges 1 in the NAA

Judges 1 in the NASB

Judges 1 in the NBLA

Judges 1 in the NBS

Judges 1 in the NBVTP

Judges 1 in the NET2

Judges 1 in the NIV11

Judges 1 in the NNT

Judges 1 in the NNT2

Judges 1 in the NNT3

Judges 1 in the PDDPT

Judges 1 in the PFNT

Judges 1 in the RMNT

Judges 1 in the SBIAS

Judges 1 in the SBIBS

Judges 1 in the SBIBS2

Judges 1 in the SBICS

Judges 1 in the SBIDS

Judges 1 in the SBIGS

Judges 1 in the SBIHS

Judges 1 in the SBIIS

Judges 1 in the SBIIS2

Judges 1 in the SBIIS3

Judges 1 in the SBIKS

Judges 1 in the SBIKS2

Judges 1 in the SBIMS

Judges 1 in the SBIOS

Judges 1 in the SBIPS

Judges 1 in the SBISS

Judges 1 in the SBITS

Judges 1 in the SBITS2

Judges 1 in the SBITS3

Judges 1 in the SBITS4

Judges 1 in the SBIUS

Judges 1 in the SBIVS

Judges 1 in the SBT

Judges 1 in the SBT1E

Judges 1 in the SCHL

Judges 1 in the SNT

Judges 1 in the SUSU

Judges 1 in the SUSU2

Judges 1 in the SYNO

Judges 1 in the TBIAOTANT

Judges 1 in the TBT1E

Judges 1 in the TBT1E2

Judges 1 in the TFTIP

Judges 1 in the TFTU

Judges 1 in the TGNTATF3T

Judges 1 in the THAI

Judges 1 in the TNFD

Judges 1 in the TNT

Judges 1 in the TNTIK

Judges 1 in the TNTIL

Judges 1 in the TNTIN

Judges 1 in the TNTIP

Judges 1 in the TNTIZ

Judges 1 in the TOMA

Judges 1 in the TTENT

Judges 1 in the UBG

Judges 1 in the UGV

Judges 1 in the UGV2

Judges 1 in the UGV3

Judges 1 in the VBL

Judges 1 in the VDCC

Judges 1 in the YALU

Judges 1 in the YAPE

Judges 1 in the YBVTP

Judges 1 in the ZBP