Judges 3 (BOATCB)

1 Awurade gyaa aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfoɔ a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ. 2 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛdeɛ wɔbɛnya akodie ho nimdeɛ. 3 Saa aman no nie: Filistifoɔ (wɔn a na wɔhyɛ Filistifoɔ ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfoɔ nyinaa, Sidonfoɔ, Hewifoɔ a na wɔte Lebanon bepɔ no so firi Baal Hermon bepɔ ho de kɔsi Lebo Hamat. 4 Wɔgyaa saa nkurɔfoɔ yi de sɔɔ Israelfoɔ no hwɛeɛ, pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ wɔbɛdi mmara a AWURADE nam Mose so hyɛ maa wɔn agyanom no so anaa. 5 Enti, Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu. 6 Na wɔdii wɔn ho awadeɛ. Israelfoɔ mmammarima no warewaree wɔn mmammaa ɛnna wɔde Israelfoɔ mmammaa nso maa wɔn mmammarima awadeɛ. Na Israelfoɔ no somm wɔn anyame. 7 Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne. Wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Onyankopɔn, na wɔsomm Baalim ahoni ne Asera afɔrebukyia. 8 AWURADE abufuo mu yɛɛ den tiaa Israel enti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfoɔ yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirinhyia nwɔtwe. 9 Nanso, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, ɔyii ɔbarima bi sɛ ɔgyefoɔ maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima. 10 AWURADE honhom baa ne so, enti ɔbɛyɛɛ Israel ɔtemmufoɔ. Ɔko tiaa Aramhene Kusan-Risataim na AWURADE maa Otniel dii ne so nkonim. 11 Enti, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wuiɛ. 12 Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na ɛno enti, AWURADE de tumi hyɛɛ Moabhene Eglon nsa ma ɔdii Israel so. 13 Eglon boaboaa Amonfoɔ ne Amalekfoɔ ano ma wɔbɛkaa ne ho na wɔkɔto hyɛɛ Israelfoɔ so. Wɔdii wɔn so, faa kuropɔn Yeriko. 14 Israelfoɔ no somm Moabhene Eglon mfirinhyia dunwɔtwe. 15 Nanso Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE bio no, AWURADE maa wɔn ɔgyefoɔ. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Israelfoɔ no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn apeatoɔ sika nkɔma Moabhene Eglon. 16 Enti, Ehud bɔɔ sekan anofanu a ne tenten yɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatadeɛ mu. 17 Ɔde apeatoɔ sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse twɔfee no. 18 Ɔde sika no maa no wieeɛ no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie. 19 Nanso, ɛberɛ a Ehud duruu aboɔ ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsane nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ kokoamsɛm bi meka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfoɔ no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa firii ɛdan mu hɔ. 20 Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte aborɔsan dan bi a emu dwoɔ mu. Ehud ka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛm bi a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Ɛberɛ a ɔhene Eglon sɔre firii nʼakonnwa mu ara pɛ, 21 Ehud de ne nsa benkum twee sekan a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu. 22 Sekan no kɔɔ akyiri kɔsii sɛ nʼabona no mpo wuraa ɔhene no sradeɛ mu maa ɛso kataeɛ. Enti, Ehud gyaa sekan no wɔ yafunu no mu maa ne nsono tu guiɛ. 23 Afei, Ehud totoo apono no mu foroo agyanan dan no, faa ne nsuseneeɛ no mu dwane kɔeɛ. 24 Ehud kɔeɛ akyi no, ɔhene asomfoɔ no baa hɔ bɛhunuu sɛ, apono a ɛkɔ aborɔsan no so no, wɔatoto mu. Na wɔdwene sɛ ɔwɔ agyananbea hɔ, 25 enti, wɔtwɛneeɛ. Wɔtwɛneeɛ ara na ɔhene no mma no, ɛhaa wɔn ma wɔkɔpɛɛ safoa bi. Na wɔbuee ɛpono no, wɔhunuu sɛ wɔn wura awu da fam. 26 Ɛberɛ a asomfoɔ no retwɛn no, Ehud dwane faa aboɔ ahoni no so a ɔrekɔ Seira. 27 Ɔduruu Efraim bepɔ asase no so no, Ehud hyɛnee totorobɛnto kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmfa akodeɛ mmra. Enti, ɔdii Israelfoɔ kuo bi anim sianee bepɔ no. 28 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monni mʼakyi. Awurade ama moadi Moabfoɔ a wɔyɛ mo atamfoɔ no so nkonim.” Enti, wɔtu dii nʼakyi. Israelfoɔ no faa asubɔnten Yordan baabi a ɛhɔ nnɔ a wɔfiri Moab tware. Ɛno enti na obiara ntumi mfa hɔ ntwa Asubɔnten no. 29 Wɔto hyɛɛ Moabfoɔ no so. Wɔkunkumm wɔn nnɔmmarima no bɛyɛ ɔpedu. Wɔn mu biara antumi annwane. 30 Enti, Israelfoɔ dii Moabfoɔ so nkonim saa ɛda no, na asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduɔwɔtwe. 31 Ehud akyi no, Anat babarima Samgar gyee Israelfoɔ. Ɔde nantwika abaa kumm Filistifoɔ aha nsia.

In Other Versions

Judges 3 in the ANGEFD

Judges 3 in the ANTPNG2D

Judges 3 in the AS21

Judges 3 in the BAGH

Judges 3 in the BBPNG

Judges 3 in the BBT1E

Judges 3 in the BDS

Judges 3 in the BEV

Judges 3 in the BHAD

Judges 3 in the BIB

Judges 3 in the BLPT

Judges 3 in the BNT

Judges 3 in the BNTABOOT

Judges 3 in the BNTLV

Judges 3 in the BOATCB2

Judges 3 in the BOBCV

Judges 3 in the BOCNT

Judges 3 in the BOECS

Judges 3 in the BOGWICC

Judges 3 in the BOHCB

Judges 3 in the BOHCV

Judges 3 in the BOHLNT

Judges 3 in the BOHNTLTAL

Judges 3 in the BOICB

Judges 3 in the BOILNTAP

Judges 3 in the BOITCV

Judges 3 in the BOKCV

Judges 3 in the BOKCV2

Judges 3 in the BOKHWOG

Judges 3 in the BOKSSV

Judges 3 in the BOLCB

Judges 3 in the BOLCB2

Judges 3 in the BOMCV

Judges 3 in the BONAV

Judges 3 in the BONCB

Judges 3 in the BONLT

Judges 3 in the BONUT2

Judges 3 in the BOPLNT

Judges 3 in the BOSCB

Judges 3 in the BOSNC

Judges 3 in the BOTLNT

Judges 3 in the BOVCB

Judges 3 in the BOYCB

Judges 3 in the BPBB

Judges 3 in the BPH

Judges 3 in the BSB

Judges 3 in the CCB

Judges 3 in the CUV

Judges 3 in the CUVS

Judges 3 in the DBT

Judges 3 in the DGDNT

Judges 3 in the DHNT

Judges 3 in the DNT

Judges 3 in the ELBE

Judges 3 in the EMTV

Judges 3 in the ESV

Judges 3 in the FBV

Judges 3 in the FEB

Judges 3 in the GGMNT

Judges 3 in the GNT

Judges 3 in the HARY

Judges 3 in the HNT

Judges 3 in the IRVA

Judges 3 in the IRVB

Judges 3 in the IRVG

Judges 3 in the IRVH

Judges 3 in the IRVK

Judges 3 in the IRVM

Judges 3 in the IRVM2

Judges 3 in the IRVO

Judges 3 in the IRVP

Judges 3 in the IRVT

Judges 3 in the IRVT2

Judges 3 in the IRVU

Judges 3 in the ISVN

Judges 3 in the JSNT

Judges 3 in the KAPI

Judges 3 in the KBT1ETNIK

Judges 3 in the KBV

Judges 3 in the KJV

Judges 3 in the KNFD

Judges 3 in the LBA

Judges 3 in the LBLA

Judges 3 in the LNT

Judges 3 in the LSV

Judges 3 in the MAAL

Judges 3 in the MBV

Judges 3 in the MBV2

Judges 3 in the MHNT

Judges 3 in the MKNFD

Judges 3 in the MNG

Judges 3 in the MNT

Judges 3 in the MNT2

Judges 3 in the MRS1T

Judges 3 in the NAA

Judges 3 in the NASB

Judges 3 in the NBLA

Judges 3 in the NBS

Judges 3 in the NBVTP

Judges 3 in the NET2

Judges 3 in the NIV11

Judges 3 in the NNT

Judges 3 in the NNT2

Judges 3 in the NNT3

Judges 3 in the PDDPT

Judges 3 in the PFNT

Judges 3 in the RMNT

Judges 3 in the SBIAS

Judges 3 in the SBIBS

Judges 3 in the SBIBS2

Judges 3 in the SBICS

Judges 3 in the SBIDS

Judges 3 in the SBIGS

Judges 3 in the SBIHS

Judges 3 in the SBIIS

Judges 3 in the SBIIS2

Judges 3 in the SBIIS3

Judges 3 in the SBIKS

Judges 3 in the SBIKS2

Judges 3 in the SBIMS

Judges 3 in the SBIOS

Judges 3 in the SBIPS

Judges 3 in the SBISS

Judges 3 in the SBITS

Judges 3 in the SBITS2

Judges 3 in the SBITS3

Judges 3 in the SBITS4

Judges 3 in the SBIUS

Judges 3 in the SBIVS

Judges 3 in the SBT

Judges 3 in the SBT1E

Judges 3 in the SCHL

Judges 3 in the SNT

Judges 3 in the SUSU

Judges 3 in the SUSU2

Judges 3 in the SYNO

Judges 3 in the TBIAOTANT

Judges 3 in the TBT1E

Judges 3 in the TBT1E2

Judges 3 in the TFTIP

Judges 3 in the TFTU

Judges 3 in the TGNTATF3T

Judges 3 in the THAI

Judges 3 in the TNFD

Judges 3 in the TNT

Judges 3 in the TNTIK

Judges 3 in the TNTIL

Judges 3 in the TNTIN

Judges 3 in the TNTIP

Judges 3 in the TNTIZ

Judges 3 in the TOMA

Judges 3 in the TTENT

Judges 3 in the UBG

Judges 3 in the UGV

Judges 3 in the UGV2

Judges 3 in the UGV3

Judges 3 in the VBL

Judges 3 in the VDCC

Judges 3 in the YALU

Judges 3 in the YAPE

Judges 3 in the YBVTP

Judges 3 in the ZBP