Judges 3 (BOATCB2)

1 Awurade gyaw aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfo a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ. 2 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛnea wobenya akodi ho nimdeɛ. 3 Saa aman no ni: Filistifo (wɔn a na wɔhyɛ Filistifo ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfo nyinaa, Sidonfo, Hewifo a na wɔte Lebanon bepɔw no so fi Baal Hermon bepɔw ho de kosi Lebo Hamat. 4 Wogyaw saa nkurɔfo yi de sɔɔ Israelfo no hwɛe, pɛɛ sɛ wohu sɛ wobedi mmara a AWURADE nam Mose so hyɛ maa wɔn agyanom no so ana. 5 Enti Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no mu. 6 Na wodii wɔn ho aware. Israelfo mmabarima no warewaree wɔn mmabea na wɔde Israelfo mmabea nso maa wɔn mmabarima aware. Na Israelfo no som wɔn anyame. 7 Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne. Wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔsom Baalim ahoni ne Asera nnua. 8 AWURADE abufuw mu yɛɛ den tiaa Israel nti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfo yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirihyia awotwe. 9 Nanso Israelfo su frɛɛ Awurade no, oyii ɔbarima bi sɛ ogyefo maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima. 10 AWURADE honhom baa ne so, enti ɔbɛyɛɛ Israel otemmufo. Ɔko tiaa Aramhene Kusan-Risataim na AWURADE maa Otniel dii ne so nkonim. 11 Enti asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wui. 12 Bio, Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na ɛno nti, AWURADE de tumi hyɛɛ Moabhene Eglon nsa ma odii Israel so. 13 Eglon boaboaa Amonfo ne Amalekfo ano ma wɔbɛkaa ne ho na wɔkɔtow hyɛɛ Israelfo so. Wodii wɔn so, faa kuropɔn Yeriko. 14 Israelfo no som Moabhene Eglon mfirihyia dunwɔtwe. 15 Nanso Israelfo no su frɛɛ AWURADE bio no, AWURADE maa wɔn ogyefo. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ofi Benyamin abusuakuw mu. Israelfo no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn sonkahiri sika nkɔma Moabhene Eglon. 16 Enti Ehud bɔɔ afoa anofanu a ne tenten yɛ nsateaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatade mu. 17 Ɔde sonkahiri sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse tobonn no. 18 Ɔde sika no maa no wiee no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie. 19 Nanso bere a Ehud duu abo ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsan nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mewɔ kokoamsɛm bi ka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfo no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa fii ɔdan mu hɔ. 20 Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte abansoro dan bi a emu dwo mu. Ehud ka kyerɛɛ no se, “Mewɔ asɛm bi a efi Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Bere a ɔhene Eglon sɔre fii nʼakongua mu ara pɛ, 21 Ehud de ne nsa benkum twee afoa a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu. 22 Afoa no kɔɔ akyiri kosii sɛ ne bona no mpo wuraa ɔhene no srade mu maa ɛso katae. Enti Ehud gyaa afoa no wɔ yafunu no mu maa ne nsono tu gui. 23 Afei, Ehud totoo apon no mu foroo agyanan dan no, faa ne asuten no mu guan kɔe. 24 Ehud kɔe akyi no, ɔhene asomfo no baa hɔ behuu sɛ wɔatoto apon a ɛkɔ aban no so no mu. Na wodwen sɛ ɔwɔ agyananbea hɔ, 25 enti wɔtwɛnee. Wɔtwɛn ara na ɔhene no mma no, ɛhaw wɔn ma wɔkɔhwehwɛɛ safe bi. Na wobuee pon no, wohuu sɛ wɔn wura awu da fam. 26 Bere a asomfo no retwɛn no, Ehud guan faa abo ahoni no so a ɔrekɔ Seira. 27 Oduu Efraim bepɔw asase no so no, Ehud hyɛn torobɛnto kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmfa akode mmra. Enti odii Israelfo kuw bi anim sian bepɔw no. 28 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munni mʼakyi. Awurade ama moadi Moabfo a wɔyɛ mo atamfo no so nkonim.” Enti wotu dii nʼakyi. Israelfo no faa asubɔnten Yordan baabi a ɛhɔ nnɔ a wofi Moab twa. Ɛno nti na obiara ntumi mfa hɔ ntwa Asubɔnten no. 29 Wɔtow hyɛɛ Moabfo no so. Wokunkum wɔn dɔmmarima no bɛyɛ mpem du. Wɔn mu biara antumi anguan. 30 Enti Israelfo dii Moabfo so nkonim saa da no, na asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduɔwɔtwe. 31 Ehud akyi no, Anat babarima Samgar gyee Israelfo. Ɔde nantwika abaa kum Filistifo ahansia.

In Other Versions

Judges 3 in the ANGEFD

Judges 3 in the ANTPNG2D

Judges 3 in the AS21

Judges 3 in the BAGH

Judges 3 in the BBPNG

Judges 3 in the BBT1E

Judges 3 in the BDS

Judges 3 in the BEV

Judges 3 in the BHAD

Judges 3 in the BIB

Judges 3 in the BLPT

Judges 3 in the BNT

Judges 3 in the BNTABOOT

Judges 3 in the BNTLV

Judges 3 in the BOATCB

Judges 3 in the BOBCV

Judges 3 in the BOCNT

Judges 3 in the BOECS

Judges 3 in the BOGWICC

Judges 3 in the BOHCB

Judges 3 in the BOHCV

Judges 3 in the BOHLNT

Judges 3 in the BOHNTLTAL

Judges 3 in the BOICB

Judges 3 in the BOILNTAP

Judges 3 in the BOITCV

Judges 3 in the BOKCV

Judges 3 in the BOKCV2

Judges 3 in the BOKHWOG

Judges 3 in the BOKSSV

Judges 3 in the BOLCB

Judges 3 in the BOLCB2

Judges 3 in the BOMCV

Judges 3 in the BONAV

Judges 3 in the BONCB

Judges 3 in the BONLT

Judges 3 in the BONUT2

Judges 3 in the BOPLNT

Judges 3 in the BOSCB

Judges 3 in the BOSNC

Judges 3 in the BOTLNT

Judges 3 in the BOVCB

Judges 3 in the BOYCB

Judges 3 in the BPBB

Judges 3 in the BPH

Judges 3 in the BSB

Judges 3 in the CCB

Judges 3 in the CUV

Judges 3 in the CUVS

Judges 3 in the DBT

Judges 3 in the DGDNT

Judges 3 in the DHNT

Judges 3 in the DNT

Judges 3 in the ELBE

Judges 3 in the EMTV

Judges 3 in the ESV

Judges 3 in the FBV

Judges 3 in the FEB

Judges 3 in the GGMNT

Judges 3 in the GNT

Judges 3 in the HARY

Judges 3 in the HNT

Judges 3 in the IRVA

Judges 3 in the IRVB

Judges 3 in the IRVG

Judges 3 in the IRVH

Judges 3 in the IRVK

Judges 3 in the IRVM

Judges 3 in the IRVM2

Judges 3 in the IRVO

Judges 3 in the IRVP

Judges 3 in the IRVT

Judges 3 in the IRVT2

Judges 3 in the IRVU

Judges 3 in the ISVN

Judges 3 in the JSNT

Judges 3 in the KAPI

Judges 3 in the KBT1ETNIK

Judges 3 in the KBV

Judges 3 in the KJV

Judges 3 in the KNFD

Judges 3 in the LBA

Judges 3 in the LBLA

Judges 3 in the LNT

Judges 3 in the LSV

Judges 3 in the MAAL

Judges 3 in the MBV

Judges 3 in the MBV2

Judges 3 in the MHNT

Judges 3 in the MKNFD

Judges 3 in the MNG

Judges 3 in the MNT

Judges 3 in the MNT2

Judges 3 in the MRS1T

Judges 3 in the NAA

Judges 3 in the NASB

Judges 3 in the NBLA

Judges 3 in the NBS

Judges 3 in the NBVTP

Judges 3 in the NET2

Judges 3 in the NIV11

Judges 3 in the NNT

Judges 3 in the NNT2

Judges 3 in the NNT3

Judges 3 in the PDDPT

Judges 3 in the PFNT

Judges 3 in the RMNT

Judges 3 in the SBIAS

Judges 3 in the SBIBS

Judges 3 in the SBIBS2

Judges 3 in the SBICS

Judges 3 in the SBIDS

Judges 3 in the SBIGS

Judges 3 in the SBIHS

Judges 3 in the SBIIS

Judges 3 in the SBIIS2

Judges 3 in the SBIIS3

Judges 3 in the SBIKS

Judges 3 in the SBIKS2

Judges 3 in the SBIMS

Judges 3 in the SBIOS

Judges 3 in the SBIPS

Judges 3 in the SBISS

Judges 3 in the SBITS

Judges 3 in the SBITS2

Judges 3 in the SBITS3

Judges 3 in the SBITS4

Judges 3 in the SBIUS

Judges 3 in the SBIVS

Judges 3 in the SBT

Judges 3 in the SBT1E

Judges 3 in the SCHL

Judges 3 in the SNT

Judges 3 in the SUSU

Judges 3 in the SUSU2

Judges 3 in the SYNO

Judges 3 in the TBIAOTANT

Judges 3 in the TBT1E

Judges 3 in the TBT1E2

Judges 3 in the TFTIP

Judges 3 in the TFTU

Judges 3 in the TGNTATF3T

Judges 3 in the THAI

Judges 3 in the TNFD

Judges 3 in the TNT

Judges 3 in the TNTIK

Judges 3 in the TNTIL

Judges 3 in the TNTIN

Judges 3 in the TNTIP

Judges 3 in the TNTIZ

Judges 3 in the TOMA

Judges 3 in the TTENT

Judges 3 in the UBG

Judges 3 in the UGV

Judges 3 in the UGV2

Judges 3 in the UGV3

Judges 3 in the VBL

Judges 3 in the VDCC

Judges 3 in the YALU

Judges 3 in the YAPE

Judges 3 in the YBVTP

Judges 3 in the ZBP