Judges 6 (BOATCB)

1 Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfoɔ nsa mfeɛ nson. 2 Esiane sɛ na Midianfoɔ no yɛ atirimuɔdenfoɔ enti, Israelfoɔ no dwane kɔɔ mmepɔ so kɔpɛɛ ahintaeɛ wɔ abodan ne atu mu. 3 Ɛberɛ biara a Israelfoɔ duaa wɔn nnɔbaeɛ no, Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa a wɔte apueeɛ fam no kɔto hyɛ wɔn so. 4 Wɔbɛyɛ atenaeɛ wɔ wɔn asase no so sɛe mfudeɛ no firi Gasa a wɔnnya Israelfoɔ aduane biribiara. Wɔfa nnwan, anantwie ne mfunumu. 5 Saa atamfoɔ dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntomadan foro ba te sɛ ntutummɛ. Wɔtete nyoma a wɔntumi nkane wɔn dodoɔ so na wɔba. Na wɔtena asase no so kɔsi ɛso nneɛma nyinaa bɛsa. 6 Enti Midianfoɔ no maa ɛkɔm baa Israel. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE pɛɛ mmoa. 7 Ɛberɛ a Midianfoɔ enti, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, 8 AWURADE somaa odiyifoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkaa sɛ, “Asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn, ka nie: Meyii mo firii Misraim nkoasom mu 9 Meyii mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔhyɛ mo so nyinaa ase. Mepamoo mo atamfoɔ de wɔn asase maa mo. 10 Meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mene AWURADE, mo Onyankopɔn. Monnsom Amorifoɔ a mote wɔn asase so no anyame.’ Nanso moantie me.” 11 Na Awurade ɔbɔfoɔ bɛtenaa odupɔn a ɛsi Ofra a ɛyɛ Yoas a ɔfiri Abieser abusua mu dea no ase. Na Yoas babarima Gideon reporo ayuo wɔ nsakyiamena ase sɛ ɔde resie Midianfoɔ no. 12 AWURADE ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Gideon, kaa sɛ, “Dɔmmarima, AWURADE ka wo ho.” 13 Gideon buaa sɛ, “Owura, sɛ AWURADE ka yɛn ho a, adɛn enti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso wɔ he? Wɔanka sɛ, ‘AWURADE yii yɛn firii Misraim anaa?’ Nanso, seesei deɛ, AWURADE agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfoɔ nsam.” 14 Na AWURADE danee ne ho ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa ahoɔden a wowɔ no kɔ na kɔgye Israelfoɔ firi Midianfoɔ no nsam. Me na meresoma wo.” 15 Gideon buaa sɛ, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn magye Israelfoɔ? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛ koraa wɔ Manase abusuakuo mu na me na mesua koraa wɔ me fiefoɔ nyinaa mu.” 16 AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ, “Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfoɔ no sɛdeɛ woresɛe onipa fua.” 17 Gideon buaa sɛ, “Sɛ wobɛboa me ampa ara deɛ a, yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi ma menhunu sɛ, nokorɛm, ɛyɛ wo AWURADE na worekasa kyerɛ me yi. 18 Nkɔ, kɔsi sɛ mɛsane mʼakyi aba de mʼafɔrebɔdeɛ abrɛ wo.” AWURADE buaa sɛ, “Mɛtena ha atwɛn kɔsi sɛ wobɛba.” 19 Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ efie. Ɔkɔsiesie abirekyie ba, too burodo asikyiresiam lita aduonu mmienu a mmɔreka nni mu. Afei, ɔsoaa ɛnam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de baeɛ. Ɔde brɛɛ ɔbɔfoɔ no wɔ odupɔn no ase. 20 AWURADE ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa ɛnam no ne burodo a ɛnkaeɛ no gu ɔbotan yi so na hwie nkwan no gu so.” Na Gideon yɛɛ deɛ ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 21 Afei, AWURADE ɔbɔfoɔ no de poma a ɛkura no no kaa ɛnam ne burodo no, na ogya pue firii ɔbotan no mu hyee deɛ ɔde baeɛ no nyinaa. Na ɔbɔfoɔ no yeraeɛ. 22 Ɛberɛ a Gideon hunuu sɛ ɛyɛ AWURADE ɔbɔfoɔ no, ɔteaam sɛ, “Asafo AWURADE, mahunu AWURADE ɔbɔfoɔ animu ne animu.” 23 AWURADE buaa sɛ, “Nsuro na worenwu.” 24 Na Gideon sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade na ɔtoo no edin “Awurade Yɛ Asomdwoeɛ.” Afɔrebukyia no da so wɔ Ofra a ɛyɛ Abieserfoɔ abusua asase so de bɛsi ɛnnɛ. 25 Anadwo no, AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Kyere nantwinini ɔdi mu, ɔtɔ so mmienu na wadi mfeɛ nson firi wʼagya anantwie mu. Dwiri wʼagya afɔrebukyia a ɔsi maa Baal no, na twa Asera dua a ɛsi nkyɛn no. 26 Afei, si afɔrebukyia wɔ bepɔ yi so ma AWURADE, wo Onyankopɔn. Hyehyɛ afɔrebukyia aboɔ no yie. Fa nantwinini bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Fa Asera dua a wotwaeɛ no yensin yɛ egya.” 27 Enti, Gideon faa nʼasomfoɔ edu de wɔn yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ noɔ no. Nanso, ɔyɛɛ no anadwo, ɛfiri sɛ, na ɔsuro nʼagya fiefoɔ ne kuro mma no. Na ɔnim deɛ ɛbɛsie, sɛ wɔhunu onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ no a. 28 Adeɛ kyee anɔpahema a kuro no mu nnipa hyɛɛ aseɛ nyanenyaneeɛ no, obi hunuu sɛ wɔadwiri Baal afɔrebukyia no agu, na Asera dua a ɛsi ho no nso, wɔatwa atwene na wɔasi afɔrebukyia foforɔ asi ananmu. Na wɔhunuu afɔrebɔdeɛ bi nkaeɛ wɔ so. 29 Ɔmanfoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan na ɔyɛɛ yei?” Wɔbisabisa, too wɔn bo ase feefee mu no, wɔhunuu sɛ Yoas babarima Gideon na ɔyɛɛ saa. 30 Ɔmanfoɔ no teaam guu Yoas so sɛ, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔrebukyia ne twa a ɔtwaa Asera dua no enti, ɛsɛ sɛ ɔwuo.” 31 Nanso, Yoas teaam guu nnipakuo no so sɛ, “Adɛn enti na mogye Baal ti? Mobɛtumi aka nʼasɛm ama no anaa? Obiara a ɔbɛgye ne ti no, wɔbɛkum no ansa na adeɛ akye. Sɛ Baal yɛ onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na ɔnkum deɛ ɔdwirii nʼafɔrebukyia no!” 32 Ɛfiri saa ɛberɛ no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerubaal a asekyerɛ ne “Baal nni mma ne ne ho,” ɛfiri sɛ, ɔno ara na ɔdwirii Baal afɔrebukyia no guiɛ. 33 Afei, Midianfoɔ nyinaa, Amalekfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔfifiri apueeɛ fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wɔtwaa Yordan, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yesreel bɔnhwa mu. 34 Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ totorobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wɔfiri Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn. 35 Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn akodɔm, na wɔn nyinaa penee so. 36 Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Sɛ wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ bɔ no a, 37 fa saa ɛkwan yi so kyerɛ me, mede odwannwi bɛkata ayuporobea hɔ anadwo yi. Sɛ obosuo fɔ odwannwi no, na sɛ ɛhɔ amfɔ a, na mahunu sɛ ampa ara, wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ ho bɔ no.” 38 Na saa na ɛbaeɛ. Gideon sɔree adekyeeɛ kyii odwannwi no mu nyaa nsuo adeɛ ma. 39 Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mma wo bo mfu me. Ma memmisa adeɛ baako. Ma memfa odwannwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa ɛberɛ yi deɛ, ma odwannwi no nyɛ wesee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔ.” 40 Anadwo no, Onyankopɔn yɛɛ sɛdeɛ Gideon bisaeɛ no. Anɔpa no odwannwi yɛɛ wesee a na obosuo afɔ fam hɔ nyinaa.

In Other Versions

Judges 6 in the ANGEFD

Judges 6 in the ANTPNG2D

Judges 6 in the AS21

Judges 6 in the BAGH

Judges 6 in the BBPNG

Judges 6 in the BBT1E

Judges 6 in the BDS

Judges 6 in the BEV

Judges 6 in the BHAD

Judges 6 in the BIB

Judges 6 in the BLPT

Judges 6 in the BNT

Judges 6 in the BNTABOOT

Judges 6 in the BNTLV

Judges 6 in the BOATCB2

Judges 6 in the BOBCV

Judges 6 in the BOCNT

Judges 6 in the BOECS

Judges 6 in the BOGWICC

Judges 6 in the BOHCB

Judges 6 in the BOHCV

Judges 6 in the BOHLNT

Judges 6 in the BOHNTLTAL

Judges 6 in the BOICB

Judges 6 in the BOILNTAP

Judges 6 in the BOITCV

Judges 6 in the BOKCV

Judges 6 in the BOKCV2

Judges 6 in the BOKHWOG

Judges 6 in the BOKSSV

Judges 6 in the BOLCB

Judges 6 in the BOLCB2

Judges 6 in the BOMCV

Judges 6 in the BONAV

Judges 6 in the BONCB

Judges 6 in the BONLT

Judges 6 in the BONUT2

Judges 6 in the BOPLNT

Judges 6 in the BOSCB

Judges 6 in the BOSNC

Judges 6 in the BOTLNT

Judges 6 in the BOVCB

Judges 6 in the BOYCB

Judges 6 in the BPBB

Judges 6 in the BPH

Judges 6 in the BSB

Judges 6 in the CCB

Judges 6 in the CUV

Judges 6 in the CUVS

Judges 6 in the DBT

Judges 6 in the DGDNT

Judges 6 in the DHNT

Judges 6 in the DNT

Judges 6 in the ELBE

Judges 6 in the EMTV

Judges 6 in the ESV

Judges 6 in the FBV

Judges 6 in the FEB

Judges 6 in the GGMNT

Judges 6 in the GNT

Judges 6 in the HARY

Judges 6 in the HNT

Judges 6 in the IRVA

Judges 6 in the IRVB

Judges 6 in the IRVG

Judges 6 in the IRVH

Judges 6 in the IRVK

Judges 6 in the IRVM

Judges 6 in the IRVM2

Judges 6 in the IRVO

Judges 6 in the IRVP

Judges 6 in the IRVT

Judges 6 in the IRVT2

Judges 6 in the IRVU

Judges 6 in the ISVN

Judges 6 in the JSNT

Judges 6 in the KAPI

Judges 6 in the KBT1ETNIK

Judges 6 in the KBV

Judges 6 in the KJV

Judges 6 in the KNFD

Judges 6 in the LBA

Judges 6 in the LBLA

Judges 6 in the LNT

Judges 6 in the LSV

Judges 6 in the MAAL

Judges 6 in the MBV

Judges 6 in the MBV2

Judges 6 in the MHNT

Judges 6 in the MKNFD

Judges 6 in the MNG

Judges 6 in the MNT

Judges 6 in the MNT2

Judges 6 in the MRS1T

Judges 6 in the NAA

Judges 6 in the NASB

Judges 6 in the NBLA

Judges 6 in the NBS

Judges 6 in the NBVTP

Judges 6 in the NET2

Judges 6 in the NIV11

Judges 6 in the NNT

Judges 6 in the NNT2

Judges 6 in the NNT3

Judges 6 in the PDDPT

Judges 6 in the PFNT

Judges 6 in the RMNT

Judges 6 in the SBIAS

Judges 6 in the SBIBS

Judges 6 in the SBIBS2

Judges 6 in the SBICS

Judges 6 in the SBIDS

Judges 6 in the SBIGS

Judges 6 in the SBIHS

Judges 6 in the SBIIS

Judges 6 in the SBIIS2

Judges 6 in the SBIIS3

Judges 6 in the SBIKS

Judges 6 in the SBIKS2

Judges 6 in the SBIMS

Judges 6 in the SBIOS

Judges 6 in the SBIPS

Judges 6 in the SBISS

Judges 6 in the SBITS

Judges 6 in the SBITS2

Judges 6 in the SBITS3

Judges 6 in the SBITS4

Judges 6 in the SBIUS

Judges 6 in the SBIVS

Judges 6 in the SBT

Judges 6 in the SBT1E

Judges 6 in the SCHL

Judges 6 in the SNT

Judges 6 in the SUSU

Judges 6 in the SUSU2

Judges 6 in the SYNO

Judges 6 in the TBIAOTANT

Judges 6 in the TBT1E

Judges 6 in the TBT1E2

Judges 6 in the TFTIP

Judges 6 in the TFTU

Judges 6 in the TGNTATF3T

Judges 6 in the THAI

Judges 6 in the TNFD

Judges 6 in the TNT

Judges 6 in the TNTIK

Judges 6 in the TNTIL

Judges 6 in the TNTIN

Judges 6 in the TNTIP

Judges 6 in the TNTIZ

Judges 6 in the TOMA

Judges 6 in the TTENT

Judges 6 in the UBG

Judges 6 in the UGV

Judges 6 in the UGV2

Judges 6 in the UGV3

Judges 6 in the VBL

Judges 6 in the VDCC

Judges 6 in the YALU

Judges 6 in the YAPE

Judges 6 in the YBVTP

Judges 6 in the ZBP