Judges 6 (BOATCB2)

1 Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno nti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfo nsa mfe ason. 2 Esiane sɛ na Midianfo no yɛ atirimɔdenfo nti, Israelfo no guan kɔɔ mmepɔw so kɔpɛɛ hintabea wɔ abodan ne atu mu. 3 Bere biara a Israelfo duaa wɔn nnɔbae no, Midianfo, Amalekfo ne nnipa a wɔte apuei fam no kɔtow hyɛ wɔn so. 4 Wɔbɛyɛɛ atenae wɔ wɔn asase no so sɛe nnɔbae no fi Gasa a wɔannyaw Israelfo aduan biara. Wɔfaa nguan, anantwi ne mfurum. 5 Na atamfo dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntamadan foro ba te sɛ mmoadabi. Wɔtete yoma a wontumi nkan wɔn dodow so na wɔba. Na wɔtena asase no so kosi sɛ so nneɛma nyinaa bɛsa. 6 Enti Midianfo no maa ɔkɔm baa Israel. Afei Israelfo no su frɛɛ AWURADE pɛɛ mmoa. 7 Bere a Midianfo no nti, Israelfo su frɛɛ Awurade no, 8 AWURADE somaa odiyifo kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkae se, “Asɛm a Awurade, Israel Nyankopɔn, ka ni: Miyii mo fii Misraim nkoasom mu. 9 Miyii mo fii Misraim tumi ne wɔn a wɔhyɛ mo so nyinaa ase. Mepam mo atamfo de wɔn asase maa mo. 10 Meka kyerɛɛ mo se, ‘Mene AWURADE, mo Nyankopɔn. Monnsom Amorifo a mote wɔn asase so no anyame.’ Nanso moantie me.” 11 Na Awurade bɔfo bɛtenaa odupɔn a esi Ofra a ɛyɛ Yoas a ofi Abieser abusua mu de no ase. Na Yoas babarima Gideon reporow awi wɔ nsakyiamoa ase sɛ ɔde resie Midianfo no. 12 AWURADE bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Gideon, kae se, “Dɔmmarima, AWURADE ka wo ho.” 13 Gideon buae se, “Owura, sɛ AWURADE ka yɛn ho a, adɛn nti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwonwade a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso wɔ he? Wɔanka se, ‘AWURADE yii yɛn fii Misraim ana?’ Nanso mprempren de, AWURADE agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfo nsam.” 14 Na AWURADE dan ne ho ka kyerɛɛ no se, “Fa ahoɔden a wowɔ no kɔ na kogye Israelfo fi Midianfo no nsam. Me na meresoma wo.” 15 Gideon buae se, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn agye Israelfo? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛw koraa wɔ Manase abusuakuw mu na me na misua koraa wɔ me fifo nyinaa mu.” 16 AWURADE ka kyerɛɛ no se, “Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfo no sɛnea woresɛe onipa baako.” 17 Gideon buae se, “Sɛ wobɛboa me ampa ara de a, yɛ nsɛnkyerɛnne bi ma minhu sɛ, nokware, ɛyɛ wo AWURADE na worekasa kyerɛ me yi. 18 Nkɔ, kosi sɛ mɛsan mʼakyi aba de mʼafɔrebɔde abrɛ wo.” AWURADE buae se, “Mɛtena ha atwɛn kosi sɛ wobɛba.” 19 Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. Okosiesie abirekyi ba, too brodo asikresiam lita aduonu mmienu a mmɔkaw nni mu. Afei, ɔsoaa nam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de bae. Ɔde brɛɛ ɔbɔfo no wɔ odupɔn no ase. 20 AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Fa nam no ne brodo a ɛnkae no gu ɔbotan yi so na hwie nkwan no gu so.” Na Gideon yɛɛ nea ɔbɔfo no kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 21 Afei, AWURADE bɔfo no de pema a okura no kaa nam ne brodo no, na ogya pue fii ɔbotan no mu hyew nea ɔde bae no nyinaa. Na ɔbɔfo no yerae. 22 Bere a Gideon huu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfo no, ɔteɛɛ mu se, “Asafo AWURADE, mahu AWURADE bɔfo anim ne anim.” 23 AWURADE buae se, “Nsuro na worenwu.” 24 Na Gideon sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade na ɔtoo no din “Awurade Yɛ Asomdwoe.” Afɔremuka no da so wɔ Ofra a ɛyɛ Abieserfo abusua asase so de besi nnɛ. 25 Anadwo no, AWURADE ka kyerɛɛ Gideon se, “Kyere nantwinini a odi mu, ɔto so abien na wadi mfe ason fi wʼagya anantwi mu. Dwiriw wʼagya afɔremuka a osi maa Baal no, na twa Asera dua a esi nkyɛn no. 26 Afei, si afɔremuka wɔ bepɔw yi so ma AWURADE, wo Nyankopɔn. Hyehyɛ afɔremuka abo no yiye. Fa nantwinini bɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so. Fa Asera dua a wutwae no nnyansin yɛ ogya.” 27 Enti Gideon faa nʼasomfo du de wɔn yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Nanso ɔyɛɛ no anadwo, efisɛ na osuro nʼagya fifo ne kurow mma no. Na onim nea ebesi, sɛ wohu onipa a ɔyɛɛ saa ade no a. 28 Ade kyee anɔpahema a kurow no mu nnipa fitii ase nyanyanee no, obi huu sɛ wɔadwiriw Baal afɔremuka no agu, na Asera dua a esi ho no nso, wɔatwa akyene na wɔasi afɔremuka foforo asi anan mu. Na wohuu afɔrebɔde bi nkae wɔ so. 29 Ɔmanfo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena na ɔyɛɛ eyi?” Wobisabisae, too wɔn bo ase hwehwɛɛ mu no, wohuu sɛ Yoas babarima Gideon na ɔyɛɛ saa. 30 Ɔmanfo no teɛɛ mu guu Yoas so se, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔremuka ne twa a otwaa Asera dua no nti, ɛsɛ sɛ owu.” 31 Nanso Yoas teɛɛ mu guu nnipakuw no so se, “Adɛn nti na mugye Baal ti? Mubetumi aka nʼasɛm ama no ana? Obiara a obegye ne ti no, wobekum no ansa na ade akye. Sɛ Baal yɛ onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na onkum nea odwiriwii nʼafɔremuka no!” 32 Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerub-Baal a nkyerɛase ne “Baal nni mma ne ho,” efisɛ ɔno ara na odwiriwii Baal afɔremuka no gui. 33 Afei, Midianfo nyinaa, Amalekfo nyinaa ne nnipa a wofifi apuei fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wotwaa Yordan, kɔbɔɔ atenae wɔ Yesreel bon mu. 34 Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ torobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wofi Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn. 35 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn asraafo, na wɔn nyinaa penee so. 36 Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Sɛ wonam me nsa so begye Israel sɛnea woahyɛ bɔ no a, 37 fa saa kwan yi so kyerɛ me, mede oguan nwi bɛkata awiporowbea hɔ anadwo yi. Sɛ obosu fɔw oguan nwi no, na sɛ ɛho amfɔw a, na mahu sɛ ampa ara, wonam me nsa so begye Israel sɛnea woahyɛ ho bɔ no.” 38 Na saa na ɛbae. Gideon sɔree adekyee kyii oguan nwi no, onyaa nsu ade ma. 39 Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mma wo bo mfuw me. Ma mimmisa ade baako. Ma memfa oguan nwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa bere yi de, ma oguan nwi no nyɛ wosee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔw.” 40 Anadwo no, Onyankopɔn yɛɛ sɛnea Gideon bisae no. Anɔpa no oguan nwi no yɛɛ wosee a na obosu afɔw fam hɔ nyinaa.

In Other Versions

Judges 6 in the ANGEFD

Judges 6 in the ANTPNG2D

Judges 6 in the AS21

Judges 6 in the BAGH

Judges 6 in the BBPNG

Judges 6 in the BBT1E

Judges 6 in the BDS

Judges 6 in the BEV

Judges 6 in the BHAD

Judges 6 in the BIB

Judges 6 in the BLPT

Judges 6 in the BNT

Judges 6 in the BNTABOOT

Judges 6 in the BNTLV

Judges 6 in the BOATCB

Judges 6 in the BOBCV

Judges 6 in the BOCNT

Judges 6 in the BOECS

Judges 6 in the BOGWICC

Judges 6 in the BOHCB

Judges 6 in the BOHCV

Judges 6 in the BOHLNT

Judges 6 in the BOHNTLTAL

Judges 6 in the BOICB

Judges 6 in the BOILNTAP

Judges 6 in the BOITCV

Judges 6 in the BOKCV

Judges 6 in the BOKCV2

Judges 6 in the BOKHWOG

Judges 6 in the BOKSSV

Judges 6 in the BOLCB

Judges 6 in the BOLCB2

Judges 6 in the BOMCV

Judges 6 in the BONAV

Judges 6 in the BONCB

Judges 6 in the BONLT

Judges 6 in the BONUT2

Judges 6 in the BOPLNT

Judges 6 in the BOSCB

Judges 6 in the BOSNC

Judges 6 in the BOTLNT

Judges 6 in the BOVCB

Judges 6 in the BOYCB

Judges 6 in the BPBB

Judges 6 in the BPH

Judges 6 in the BSB

Judges 6 in the CCB

Judges 6 in the CUV

Judges 6 in the CUVS

Judges 6 in the DBT

Judges 6 in the DGDNT

Judges 6 in the DHNT

Judges 6 in the DNT

Judges 6 in the ELBE

Judges 6 in the EMTV

Judges 6 in the ESV

Judges 6 in the FBV

Judges 6 in the FEB

Judges 6 in the GGMNT

Judges 6 in the GNT

Judges 6 in the HARY

Judges 6 in the HNT

Judges 6 in the IRVA

Judges 6 in the IRVB

Judges 6 in the IRVG

Judges 6 in the IRVH

Judges 6 in the IRVK

Judges 6 in the IRVM

Judges 6 in the IRVM2

Judges 6 in the IRVO

Judges 6 in the IRVP

Judges 6 in the IRVT

Judges 6 in the IRVT2

Judges 6 in the IRVU

Judges 6 in the ISVN

Judges 6 in the JSNT

Judges 6 in the KAPI

Judges 6 in the KBT1ETNIK

Judges 6 in the KBV

Judges 6 in the KJV

Judges 6 in the KNFD

Judges 6 in the LBA

Judges 6 in the LBLA

Judges 6 in the LNT

Judges 6 in the LSV

Judges 6 in the MAAL

Judges 6 in the MBV

Judges 6 in the MBV2

Judges 6 in the MHNT

Judges 6 in the MKNFD

Judges 6 in the MNG

Judges 6 in the MNT

Judges 6 in the MNT2

Judges 6 in the MRS1T

Judges 6 in the NAA

Judges 6 in the NASB

Judges 6 in the NBLA

Judges 6 in the NBS

Judges 6 in the NBVTP

Judges 6 in the NET2

Judges 6 in the NIV11

Judges 6 in the NNT

Judges 6 in the NNT2

Judges 6 in the NNT3

Judges 6 in the PDDPT

Judges 6 in the PFNT

Judges 6 in the RMNT

Judges 6 in the SBIAS

Judges 6 in the SBIBS

Judges 6 in the SBIBS2

Judges 6 in the SBICS

Judges 6 in the SBIDS

Judges 6 in the SBIGS

Judges 6 in the SBIHS

Judges 6 in the SBIIS

Judges 6 in the SBIIS2

Judges 6 in the SBIIS3

Judges 6 in the SBIKS

Judges 6 in the SBIKS2

Judges 6 in the SBIMS

Judges 6 in the SBIOS

Judges 6 in the SBIPS

Judges 6 in the SBISS

Judges 6 in the SBITS

Judges 6 in the SBITS2

Judges 6 in the SBITS3

Judges 6 in the SBITS4

Judges 6 in the SBIUS

Judges 6 in the SBIVS

Judges 6 in the SBT

Judges 6 in the SBT1E

Judges 6 in the SCHL

Judges 6 in the SNT

Judges 6 in the SUSU

Judges 6 in the SUSU2

Judges 6 in the SYNO

Judges 6 in the TBIAOTANT

Judges 6 in the TBT1E

Judges 6 in the TBT1E2

Judges 6 in the TFTIP

Judges 6 in the TFTU

Judges 6 in the TGNTATF3T

Judges 6 in the THAI

Judges 6 in the TNFD

Judges 6 in the TNT

Judges 6 in the TNTIK

Judges 6 in the TNTIL

Judges 6 in the TNTIN

Judges 6 in the TNTIP

Judges 6 in the TNTIZ

Judges 6 in the TOMA

Judges 6 in the TTENT

Judges 6 in the UBG

Judges 6 in the UGV

Judges 6 in the UGV2

Judges 6 in the UGV3

Judges 6 in the VBL

Judges 6 in the VDCC

Judges 6 in the YALU

Judges 6 in the YAPE

Judges 6 in the YBVTP

Judges 6 in the ZBP