Jeremiah 47 (BOATCB)
1 Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne AWURADE asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn: 2 Sei na AWURADE seɛ:“Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam;ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so,nkuro no ne nnipa a wɔtete mu.Nnipa no bɛteateam;wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo 3 ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ,na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegyene wɔn ntwahonan nnyegyeɛ.Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa. 4 Na ɛda no abasɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaana wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no. AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ no,nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no. 5 Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo;wɔbɛma Askelon atɔre mum.Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so,mobɛsu akɔsi da bɛn? 6 “Mosu sɛ, ‘Aa AWURADE akofena,da bɛn na wobɛhome?Sane kɔhyɛ wo bɔha mu;gyae na da dinn.’ 7 Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinnɛberɛ a AWURADE ahyɛ no sɛɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?”