Jeremiah 47 (BOATCB2)
1 Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne AWURADE asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn: 2 Sɛɛ na AWURADE se:“Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam;ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so.Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so,nkurow no ne nnipa a wɔtete mu.Nnipa no bɛteɛteɛ mu;wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo 3 bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei,na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegyene wɔn ntwahonan nnyigyei no.Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa. 4 Na da no abasɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaana wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no. AWURADE rebɛsɛe Filistifo no,nkae a wofi Kreta mpoano no. 5 Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo;wɔbɛma Askelon atɔ mum.Mo nkae a mowɔ tataw so,mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn? 6 “ ‘Aa, AWURADE afoa,’‘da bɛn na wobɛhome?San kɔhyɛ wo boha mu;gyae na da komm.’ 7 Na ɛbɛyɛ dɛn na ada kommbere a AWURADE ahyɛ nobere a wahyɛ no seɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”