Joshua 7 (BOATCB)

1 Nanso, Israel anni nokorɛ wɔ nneɛma a wɔgya maa AWURADE no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti AWURADE bo fuu Israelfoɔ no yie. Akan yɛ Karmi a ɔfiri Simri efie mu, na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuo mu no babarima. 2 Yosua somaa ne nnipa no bi firi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apueeɛ a ɛbɛn Bet-Awen no. 3 Wɔsane baeɛ no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kuro no sua enti, ɛrenhia nnipa mpenu anaa mpensa sɛ wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ hɔ.” 4 Enti, wɔde akofoɔ bɛyɛ mpensa kɔɔ hɔ nanso wɔdii Israelfoɔ no so pasaa. Ai mmarima 5 taa Israelfoɔ no firi kuropɔn no ɛpono ano kɔsii Sebarim, na wɔkunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia a na wɔredwane afiri akono wɔ nsianeeɛ bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfoɔ no ma wɔbotoeɛ. 6 Yosua ne ɔman ntuanofoɔ de abasamutuo tetee wɔn ntadeɛ mu, too mfuturo guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ AWURADE Adaka no anim kɔsii anwummerɛ. 7 Afei, Yosua su frɛɛ Awurade sɛ, “Otumfoɔ AWURADE, adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wonim sɛ Amorifoɔ no bɛkunkum yɛn? Sɛ yɛnim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya hɔ ara. 8 AWURADE, seesei a Israelfoɔ adwane afiri wɔn atamfoɔ anim yi, asɛm bɛn na menka? 9 Na sɛ Kanaanfoɔ ne nnipa a aka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wɔbɛtwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn ase afiri asase yi so. Na afei ɛdeɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛseɛ a ɛwɔ animuonyam no?” 10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Sɔre! Adɛn enti na wode wʼanim abutu hɔ saa? 11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wɔnnya mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu. 12 Ɛno enti na Israelfoɔ adi nkoguo na wɔredwane afiri wɔn atamfoɔ anim. Seesei deɛ, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no. 13 “Sɔre! Kɔka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Obiara nkɔdwira ne ho mma ɔkyena, na saa na AWURADE, Israel Onyankopɔn seɛ: Ao, Israel, mode nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔgya ma AWURADE no ahinta mo mu. Morentumi nni mo atamfoɔ so da kɔsi sɛ moyi saa nneɛma no firi mo mu. 14 “ ‘Adekyeɛ mu no, abusuakuo biara bɛba, na AWURADE bɛkyerɛ abusuakuo a wɔn ho wɔ asɛm no. Saa abusuakuo no de wɔn mmusuaban no nso bɛba, na AWURADE bɛkyerɛ abusuaban a ne ho wɔ asɛm no. Saa abusuaban no nso bɛba, na AWURADE bɛkyerɛ efie a ne ho wɔ asɛm no. Awieeɛ no, efie a ne ho wɔ asɛm no mu nnipa bɛba mmaako mmaako. 15 Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no, wɔbɛhye no ne nʼagyapadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ wabu AWURADE apam no so na wayɛ deɛ ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ” 16 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuo no baa AWURADE anim, na wɔyii Yuda abusuakuo no. 17 Afei Yuda mmusuaban baa anim, na wɔyii Serafoɔ. Afei Sera efie biara baa AWURADE anim, na wɔyii Simri efie. 18 Na Simri efie baa mmaako mmaako na wɔyii Akan, Karmi ba. 19 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ, “Me ba, fa animuonyam ma AWURADE, Israel Onyankopɔn, na ka nokorɛ. Ka wo bɔne ne deɛ wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.” 20 Akan buaa sɛ, “Mayɛ bɔne atia AWURADE, Israel Onyankopɔn. 21 Mehunuu atadeɛ ngugusoɔ fɛfɛ bi a wɔkra firii Babilonia, dwetɛ kilogram mmienu ne fa ne sikakɔkɔɔ poma baako a ano si gram ahanum ne aduɔson (570). Mʼani bereeɛ enti, mefaeɛ. Mede asie fam wɔ me ntomadan mu, na dwetɛ no deɛ, ɛhyɛ fam kyɛn nkaeɛ no.” 22 Enti, Yosua somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ. Wɔtutuu mmirika kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu awifodeɛ no sɛ wɔde asie wɔ hɔ, sɛdeɛ Akan kaeɛ no ara pɛ, na ɔde dwetɛ no asie nneɛma a aka no ase tɔnn. 23 Wɔtasee nneɛma no firii ntomadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa. Wɔde ne nyinaa guu fam wɔ AWURADE anim. 24 Afei, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa faa Serah babarima Akan, dwetɛ no, atadeɛ ngugusoɔ no, sikakɔkɔɔ poma no, ne mmammarima, ne mmammaa, nʼanantwie, ne mfunumu, ne nnwan, ne ntomadan ne nʼagyapadeɛ nyinaa na wɔde no baa Akɔr bɔnhwa mu. 25 Yosua bisaa Akan sɛ, “Adɛn enti na wode saa ɔhaw yi abrɛ yɛn? Wo nso, AWURADE de ɔhaw bɛbrɛ wo.”Na Israelfoɔ nyinaa sii Akan ne nʼabusuafoɔ aboɔ, hyee wɔn amu no. 26 Wɔsoaa aboɔ guu Akan funu so hɔree no esie a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Enti, na wɔafrɛ saa beaeɛ hɔ Akɔr Bɔnhwa no. Afei, AWURADE bo dwoeɛ.

In Other Versions

Joshua 7 in the ANGEFD

Joshua 7 in the ANTPNG2D

Joshua 7 in the AS21

Joshua 7 in the BAGH

Joshua 7 in the BBPNG

Joshua 7 in the BBT1E

Joshua 7 in the BDS

Joshua 7 in the BEV

Joshua 7 in the BHAD

Joshua 7 in the BIB

Joshua 7 in the BLPT

Joshua 7 in the BNT

Joshua 7 in the BNTABOOT

Joshua 7 in the BNTLV

Joshua 7 in the BOATCB2

Joshua 7 in the BOBCV

Joshua 7 in the BOCNT

Joshua 7 in the BOECS

Joshua 7 in the BOGWICC

Joshua 7 in the BOHCB

Joshua 7 in the BOHCV

Joshua 7 in the BOHLNT

Joshua 7 in the BOHNTLTAL

Joshua 7 in the BOICB

Joshua 7 in the BOILNTAP

Joshua 7 in the BOITCV

Joshua 7 in the BOKCV

Joshua 7 in the BOKCV2

Joshua 7 in the BOKHWOG

Joshua 7 in the BOKSSV

Joshua 7 in the BOLCB

Joshua 7 in the BOLCB2

Joshua 7 in the BOMCV

Joshua 7 in the BONAV

Joshua 7 in the BONCB

Joshua 7 in the BONLT

Joshua 7 in the BONUT2

Joshua 7 in the BOPLNT

Joshua 7 in the BOSCB

Joshua 7 in the BOSNC

Joshua 7 in the BOTLNT

Joshua 7 in the BOVCB

Joshua 7 in the BOYCB

Joshua 7 in the BPBB

Joshua 7 in the BPH

Joshua 7 in the BSB

Joshua 7 in the CCB

Joshua 7 in the CUV

Joshua 7 in the CUVS

Joshua 7 in the DBT

Joshua 7 in the DGDNT

Joshua 7 in the DHNT

Joshua 7 in the DNT

Joshua 7 in the ELBE

Joshua 7 in the EMTV

Joshua 7 in the ESV

Joshua 7 in the FBV

Joshua 7 in the FEB

Joshua 7 in the GGMNT

Joshua 7 in the GNT

Joshua 7 in the HARY

Joshua 7 in the HNT

Joshua 7 in the IRVA

Joshua 7 in the IRVB

Joshua 7 in the IRVG

Joshua 7 in the IRVH

Joshua 7 in the IRVK

Joshua 7 in the IRVM

Joshua 7 in the IRVM2

Joshua 7 in the IRVO

Joshua 7 in the IRVP

Joshua 7 in the IRVT

Joshua 7 in the IRVT2

Joshua 7 in the IRVU

Joshua 7 in the ISVN

Joshua 7 in the JSNT

Joshua 7 in the KAPI

Joshua 7 in the KBT1ETNIK

Joshua 7 in the KBV

Joshua 7 in the KJV

Joshua 7 in the KNFD

Joshua 7 in the LBA

Joshua 7 in the LBLA

Joshua 7 in the LNT

Joshua 7 in the LSV

Joshua 7 in the MAAL

Joshua 7 in the MBV

Joshua 7 in the MBV2

Joshua 7 in the MHNT

Joshua 7 in the MKNFD

Joshua 7 in the MNG

Joshua 7 in the MNT

Joshua 7 in the MNT2

Joshua 7 in the MRS1T

Joshua 7 in the NAA

Joshua 7 in the NASB

Joshua 7 in the NBLA

Joshua 7 in the NBS

Joshua 7 in the NBVTP

Joshua 7 in the NET2

Joshua 7 in the NIV11

Joshua 7 in the NNT

Joshua 7 in the NNT2

Joshua 7 in the NNT3

Joshua 7 in the PDDPT

Joshua 7 in the PFNT

Joshua 7 in the RMNT

Joshua 7 in the SBIAS

Joshua 7 in the SBIBS

Joshua 7 in the SBIBS2

Joshua 7 in the SBICS

Joshua 7 in the SBIDS

Joshua 7 in the SBIGS

Joshua 7 in the SBIHS

Joshua 7 in the SBIIS

Joshua 7 in the SBIIS2

Joshua 7 in the SBIIS3

Joshua 7 in the SBIKS

Joshua 7 in the SBIKS2

Joshua 7 in the SBIMS

Joshua 7 in the SBIOS

Joshua 7 in the SBIPS

Joshua 7 in the SBISS

Joshua 7 in the SBITS

Joshua 7 in the SBITS2

Joshua 7 in the SBITS3

Joshua 7 in the SBITS4

Joshua 7 in the SBIUS

Joshua 7 in the SBIVS

Joshua 7 in the SBT

Joshua 7 in the SBT1E

Joshua 7 in the SCHL

Joshua 7 in the SNT

Joshua 7 in the SUSU

Joshua 7 in the SUSU2

Joshua 7 in the SYNO

Joshua 7 in the TBIAOTANT

Joshua 7 in the TBT1E

Joshua 7 in the TBT1E2

Joshua 7 in the TFTIP

Joshua 7 in the TFTU

Joshua 7 in the TGNTATF3T

Joshua 7 in the THAI

Joshua 7 in the TNFD

Joshua 7 in the TNT

Joshua 7 in the TNTIK

Joshua 7 in the TNTIL

Joshua 7 in the TNTIN

Joshua 7 in the TNTIP

Joshua 7 in the TNTIZ

Joshua 7 in the TOMA

Joshua 7 in the TTENT

Joshua 7 in the UBG

Joshua 7 in the UGV

Joshua 7 in the UGV2

Joshua 7 in the UGV3

Joshua 7 in the VBL

Joshua 7 in the VDCC

Joshua 7 in the YALU

Joshua 7 in the YAPE

Joshua 7 in the YBVTP

Joshua 7 in the ZBP