Joshua 7 (BOATCB2)

1 Nanso Israel anni nokware wɔ nneɛma a wogyaw maa AWURADE no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti AWURADE bo fuw Israelfo no yiye. Akan yɛ Karmi a ɔyɛ Simri a na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuw mu no babarima. 2 Yosua somaa ne nnipa no bi fi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apuei a ɛbɛn Bet-Awen no. 3 Wɔsan bae no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua se, “Kurow no sua nti, ɛrenhia nnipa mpennu anaa mpensa sɛ wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ hɔ.” 4 Enti wɔde akofo bɛyɛ mpensa kɔɔ hɔ, nanso wodii Israelfo no so pasaa. Ai mmarima 5 taa Israelfo no fi kuropɔn no pon ano kosii Sebarim, na wokunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa asia a na wɔreguan afi akono wɔ asiansian bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfo no ma wɔbotowee. 6 Yosua ne ɔman ntuanofo no de abasamtu tetew wɔn ntade mu, tow mfutuma guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ AWURADE Adaka no anim kosii anwummere. 7 Afei, Yosua su frɛɛ Awurade se, “Otumfo AWURADE, adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wunim sɛ Amorifo no bekunkum yɛn? Sɛ yenim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya hɔ ara. 8 AWURADE, mprempren a Israelfo aguan afi wɔn atamfo anim yi, asɛm bɛn na menka? 9 Na sɛ Kanaanfo ne nnipa a wɔaka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wobetwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn afi asase yi so. Na afei dɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛse a ekura anuonyam no?” 10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua se, “Sɔre! Adɛn nti na wode wʼanim abutuw hɔ saa? 11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wonnyaw mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu. 12 Ɛno nti na Israelfo adi nkogu na wɔreguan afi wɔn atamfo anim. Mprempren de, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛe. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no. 13 “Sɔre! Kɔka kyerɛ nnipa no se, ‘Obiara nkodwira ne ho mma ɔkyena, na saa na AWURADE, Israel Nyankopɔn se: Israel, mode nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wogyaw ma AWURADE no ahintaw mo mu. Morentumi nni mo atamfo so da kosi sɛ muyi saa nneɛma no fi mo mu. 14 “ ‘Adekyee mu no, abusuakuw biara bɛba, na AWURADE bɛkyerɛ abusuakuw a wɔn ho wɔ asɛm no. Saa abusuakuw no de wɔn mmusuaban no nso bɛba, na AWURADE bɛkyerɛ abusuaban a ne ho wɔ asɛm no. Saa abusuaban no nso bɛba, na AWURADE bɛkyerɛ ofi a ne ho wɔ asɛm no. Awiei no, ofi a ne ho wɔ asɛm no mu nnipa bɛba mmaako mmaako. 15 Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔbɛhyew no ne nʼagyapade nyinaa, efisɛ wabu AWURADE apam no so na wayɛ nea ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ” 16 Ade kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuw no baa AWURADE anim, na woyii Yuda abusuakuw no. 17 Afei Yuda mmusuaban baa anim, na woyii Serafo. Afei Serafo nyinaa baa AWURADE anim, na woyii Simrifo. 18 Na Simrifo baa mmaako mmaako na woyii Akan, Karmi ba. 19 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan se, “Me ba, fa anuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ka nokware. Ka wo bɔne ne nea wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.” 20 Akan buae se, “Mayɛ bɔne atia AWURADE, Israel Nyankopɔn. 21 Mihuu atade nguguso fɛfɛ bi a wɔkra fii Babilonia, dwetɛ kilogram abien ne fa ne sikakɔkɔɔ pema baako a ano si gram ahannum ne aduoson (570). Mʼani beree, enti mefae. Mede asie fam wɔ me ntamadan mu, na dwetɛ no de, ɛhyɛ fam kyɛn nkae no.” 22 Enti Yosua somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ. Wotutuu mmirika kɔɔ ntamadan no mu kohuu awifode no sɛ wɔde asie wɔ hɔ, sɛnea Akan kae no ara pɛ, na ɔde dwetɛ no asie nneɛma a aka no ase tɔnn. 23 Wɔtasee nneɛma no fii ntamadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfo no nyinaa. Wɔde ne nyinaa guu fam wɔ AWURADE anim. 24 Afei, Yosua ne Israelfo no nyinaa faa Serah babarima Akan, dwetɛ no, atade nguguso no, sikakɔkɔɔ pema no, ne mmabarima, ne mmabea, nʼanantwi, ne mfurum, ne nguan, ne ntamadan ne nʼagyapade nyinaa na wɔde no baa Akora bon mu. 25 Yosua bisaa Akan se, “Adɛn nti na wode saa ɔhaw yi abrɛ yɛn? Wo nso, AWURADE de ɔhaw bɛbrɛ wo.”Na Israelfo nyinaa siw Akan ne nʼabusuafo abo, hyew wɔn amu no. 26 Wɔsoaa abo guu Akan funu so hɔree no siw a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. Enti na wɔafrɛ saa beae hɔ Ɔhaw Bon no. Afei, AWURADE bo dwoe.

In Other Versions

Joshua 7 in the ANGEFD

Joshua 7 in the ANTPNG2D

Joshua 7 in the AS21

Joshua 7 in the BAGH

Joshua 7 in the BBPNG

Joshua 7 in the BBT1E

Joshua 7 in the BDS

Joshua 7 in the BEV

Joshua 7 in the BHAD

Joshua 7 in the BIB

Joshua 7 in the BLPT

Joshua 7 in the BNT

Joshua 7 in the BNTABOOT

Joshua 7 in the BNTLV

Joshua 7 in the BOATCB

Joshua 7 in the BOBCV

Joshua 7 in the BOCNT

Joshua 7 in the BOECS

Joshua 7 in the BOGWICC

Joshua 7 in the BOHCB

Joshua 7 in the BOHCV

Joshua 7 in the BOHLNT

Joshua 7 in the BOHNTLTAL

Joshua 7 in the BOICB

Joshua 7 in the BOILNTAP

Joshua 7 in the BOITCV

Joshua 7 in the BOKCV

Joshua 7 in the BOKCV2

Joshua 7 in the BOKHWOG

Joshua 7 in the BOKSSV

Joshua 7 in the BOLCB

Joshua 7 in the BOLCB2

Joshua 7 in the BOMCV

Joshua 7 in the BONAV

Joshua 7 in the BONCB

Joshua 7 in the BONLT

Joshua 7 in the BONUT2

Joshua 7 in the BOPLNT

Joshua 7 in the BOSCB

Joshua 7 in the BOSNC

Joshua 7 in the BOTLNT

Joshua 7 in the BOVCB

Joshua 7 in the BOYCB

Joshua 7 in the BPBB

Joshua 7 in the BPH

Joshua 7 in the BSB

Joshua 7 in the CCB

Joshua 7 in the CUV

Joshua 7 in the CUVS

Joshua 7 in the DBT

Joshua 7 in the DGDNT

Joshua 7 in the DHNT

Joshua 7 in the DNT

Joshua 7 in the ELBE

Joshua 7 in the EMTV

Joshua 7 in the ESV

Joshua 7 in the FBV

Joshua 7 in the FEB

Joshua 7 in the GGMNT

Joshua 7 in the GNT

Joshua 7 in the HARY

Joshua 7 in the HNT

Joshua 7 in the IRVA

Joshua 7 in the IRVB

Joshua 7 in the IRVG

Joshua 7 in the IRVH

Joshua 7 in the IRVK

Joshua 7 in the IRVM

Joshua 7 in the IRVM2

Joshua 7 in the IRVO

Joshua 7 in the IRVP

Joshua 7 in the IRVT

Joshua 7 in the IRVT2

Joshua 7 in the IRVU

Joshua 7 in the ISVN

Joshua 7 in the JSNT

Joshua 7 in the KAPI

Joshua 7 in the KBT1ETNIK

Joshua 7 in the KBV

Joshua 7 in the KJV

Joshua 7 in the KNFD

Joshua 7 in the LBA

Joshua 7 in the LBLA

Joshua 7 in the LNT

Joshua 7 in the LSV

Joshua 7 in the MAAL

Joshua 7 in the MBV

Joshua 7 in the MBV2

Joshua 7 in the MHNT

Joshua 7 in the MKNFD

Joshua 7 in the MNG

Joshua 7 in the MNT

Joshua 7 in the MNT2

Joshua 7 in the MRS1T

Joshua 7 in the NAA

Joshua 7 in the NASB

Joshua 7 in the NBLA

Joshua 7 in the NBS

Joshua 7 in the NBVTP

Joshua 7 in the NET2

Joshua 7 in the NIV11

Joshua 7 in the NNT

Joshua 7 in the NNT2

Joshua 7 in the NNT3

Joshua 7 in the PDDPT

Joshua 7 in the PFNT

Joshua 7 in the RMNT

Joshua 7 in the SBIAS

Joshua 7 in the SBIBS

Joshua 7 in the SBIBS2

Joshua 7 in the SBICS

Joshua 7 in the SBIDS

Joshua 7 in the SBIGS

Joshua 7 in the SBIHS

Joshua 7 in the SBIIS

Joshua 7 in the SBIIS2

Joshua 7 in the SBIIS3

Joshua 7 in the SBIKS

Joshua 7 in the SBIKS2

Joshua 7 in the SBIMS

Joshua 7 in the SBIOS

Joshua 7 in the SBIPS

Joshua 7 in the SBISS

Joshua 7 in the SBITS

Joshua 7 in the SBITS2

Joshua 7 in the SBITS3

Joshua 7 in the SBITS4

Joshua 7 in the SBIUS

Joshua 7 in the SBIVS

Joshua 7 in the SBT

Joshua 7 in the SBT1E

Joshua 7 in the SCHL

Joshua 7 in the SNT

Joshua 7 in the SUSU

Joshua 7 in the SUSU2

Joshua 7 in the SYNO

Joshua 7 in the TBIAOTANT

Joshua 7 in the TBT1E

Joshua 7 in the TBT1E2

Joshua 7 in the TFTIP

Joshua 7 in the TFTU

Joshua 7 in the TGNTATF3T

Joshua 7 in the THAI

Joshua 7 in the TNFD

Joshua 7 in the TNT

Joshua 7 in the TNTIK

Joshua 7 in the TNTIL

Joshua 7 in the TNTIN

Joshua 7 in the TNTIP

Joshua 7 in the TNTIZ

Joshua 7 in the TOMA

Joshua 7 in the TTENT

Joshua 7 in the UBG

Joshua 7 in the UGV

Joshua 7 in the UGV2

Joshua 7 in the UGV3

Joshua 7 in the VBL

Joshua 7 in the VDCC

Joshua 7 in the YALU

Joshua 7 in the YAPE

Joshua 7 in the YBVTP

Joshua 7 in the ZBP