Leviticus 7 (BOATCB)

1 “ ‘Amanneɛ a ɛfa bɔne afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron no nie: 2 Wɔbɛkum aboa a wɔde no rebɔ afɔdeɛ no wɔ beaeɛ a wɔkumm aboa a wɔde no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no na wɔde ne mogya no apete afɔrebukyia no ho ahyia. 3 Ɔsɔfoɔ no de aboa no mu sradeɛ nyinaa, ne dua, 4 ne sawa mmienu ne ne sisia sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo no nyinaa bɛgu nkyɛn de abɔ saa afɔdeɛ no. 5 Asɔfoɔ no bɛhye no afɔrebukyia no so sɛ ɛfɔdie ho afɔdeɛ de ama Awurade. 6 Mmarima a wɔfra asɔfoɔ no mu nko ara na wɔbɛwe ɛnam no bi. Wɔnwe no beaeɛ a ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, ɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛho te yie. 7 “ ‘Amanneɛ korɔ no ara na wɔbɛfa so abɔ bɔne afɔdeɛ ne ɛfɔdie afɔdeɛ no. Ɔsɔfoɔ a ɔdi mmaratodeɛ no ho dwuma no na ɛsɛ sɛ ɔwe ɛnam no. 8 Sɛ afɔrebɔ no yɛ ɔhyeɛ afɔrebɔ a, wɔde aboa no ho nhoma no bɛma ɔsɔfoɔ a ɔbɛdi dwuma no. 9 Sɛ asɔfoɔ a wɔbɔ atokoɔ ho afɔdeɛ ma AWURADE no wie saa afɔrebɔ no a, wɔde atokoɔ no nkaeɛ bɛma wɔn. Sɛ afɔrebɔdeɛ no, wɔto o, wɔkye o, wɔnoa o, amanneɛ korɔ no ara ase na ɛhyɛ. 10 Atokoɔ afɔrebɔ biara a aka no, sɛ wɔde ngo fra anaa wɔamfa ngo amfra a, ɛyɛ Aaron mmammarima nyinaa dea. 11 “ ‘Amanneɛ a ɛfa asomdwoeɛ afɔdeɛ sononko a wɔbɔ ma AWURADE no nie: 12 “ ‘Sɛ ɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ a, wɔmfa burodo a mmɔreka nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa burodo ntrawa bi a wɔde ngo agu so ne asikyiresiam mfrafraeɛ a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔdeɛ no ho. 13 Wɔmfa burodo a wɔde mmɔreka afra nka saa aseda asomdwoeɛ afɔdeɛ yi ho. 14 Wɔde saa afɔrebɔdeɛ yi bi bɛgyina afɔrebukyia no anim na wɔahim no afɔrebukyia no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ, wɔde ama AWURADE. Afei, wɔbɛdane afɔrebɔdeɛ no ama ɔsɔfoɔ a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔdeɛ no mogya a ɔboa dwumadie no. 15 Sɛ wɔde aboa no bɔ AWURADE afɔdeɛ de ma no sɛ asomdwoeɛ afɔrebɔ de kyerɛ sɛ ɛyɛ anisɔ ne asedadeɛ a, wɔbɛwe ne nam ɛda no ara. Ɛnsɛ sɛ ebi ka na adeɛ kye a wɔawe. 16 “ ‘Na sɛ obi de afɔrebɔdeɛ bi ba a ɛnyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa ɛfiri nʼakoma mu na ɔde rebrɛ AWURADE deɛ a, deɛ ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ adeɛ kye so a, wɔtumi we. 17 Biribiara a ɛbɛka a ɛbɛdi nnansa no deɛ, wɔnhye no. 18 Sɛ obi we deɛ adi nnansa no bi a, AWURADE rennye afɔrebɔdeɛ no; na ɛrenni mu sɛ afɔrebɔdeɛ, na onipa a ɔde baeɛ sɛ wɔmfa mmɔ saa afɔdeɛ no rennya ho mfasoɔ biara. Ɔsɔfoɔ a ɔbɛwe no nso bɛdi ho fɔ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ akyiwadeɛ ma AWURADE; na onipa a ɔbɛwe saa ɛnam no, ɛsɛ sɛ ɔyi ne ho ano wɔ saa bɔne no ho. 19 “ ‘Ɛnam biara a ɛka biribi a wɔntee ho no, wɔnnwe; wɔnhye no. Ɛnam biara a aka deɛ, obiara a ne ho te wɔ ho kwan sɛ ɔwe. 20 Ɔsɔfoɔ biara a ne ho nte na ɔbɛdi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wagu ade kronkron ho fi. 21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho nte no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na ɔguu ho fi na ɔbɛdii asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no bi no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wagu ade kronkron ho fi.’ ” 22 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 23 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnnni sradeɛ, sɛ ɛfiri anantwie, nnwan anaa mmirekyie mu. 24 Sɛ yadeɛ bi bɔ aboa bi na ɔwu anaasɛ mmoa bɔne bi taataa aboa foforɔ bi so kum no a, wɔnnni ne sradeɛ na mmom, wɔmfa nyɛ ade foforɔ. 25 Obiara a ɔbɛdi sradeɛ a ɛfiri afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ no ogya so de ma Awurade no, wɔbɛtwa no asuo. 26 Monnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa. 27 Obiara a ɔbɛyɛ saa no, wɔbɛtwa no asuo.” 28 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 29 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ Awurade asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɔno ara mfa nkura ne nsam mfa mmra. 30 Ɔmfa afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ sradeɛ ne ne yan a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de ama AWURADE no mmra. 31 Afei, ɔsɔfoɔ no bɛhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so na ne yan no deɛ, Aaron ne ne mmammarima bɛfa, 32 na ɔsɔfoɔ a ɔredi dwuma no afa ne srɛ nifa no. 33 Na Aaron mmammarima no mu deɛ ɔde mogya ne sradeɛ a ɛfiri afɔrebɔdeɛ no mu bɛba afɔrebukyia no so na ɔbɛfa srɛ nifa no. 34 Mahyɛ sɛ wɔmfa ne yan no ne ne srɛ no mma sɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Israelfoɔ nkyɛn a wɔde rebrɛ Aaron mmammarima. Ɛberɛ biara, wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ no kyɛfa yi no mma Aaron ne ne mmammarima.” 35 Wɔn akatua ne no: Ɔhyeɛ afɔrebɔ no, wɔde bɛto nkyɛn na wɔde ama wɔn a wɔayi wɔn sɛ Awurade asɔfoɔ a ɛyɛ Aaron ne ne mmammarima. 36 Ɛfiri sɛ, ɛda a AWURADE sraa wɔn ngo no, ɔhyɛɛ sɛ Israelfoɔ mfa saa kyɛfa no mma wɔn; ɛyɛ wɔn kyɛfa daa daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. 37 Yeinom ne amanneɛ a ɛfa ɔhyeɛ afɔrebɔ, atokoɔ afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ, ɛfɔdie afɔrebɔ, ahoteɛ afɔrebɔ ne asomdwoeɛ afɔrebɔ ho. 38 AWURADE de saa mmara yi maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so sɛ ɔno nso mfa mma Israelfoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛhunu ɛkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ wɔn afɔdeɛ ahodoɔ no de ma Onyankopɔn wɔ Sinai ɛserɛ so hɔ.

In Other Versions

Leviticus 7 in the ANGEFD

Leviticus 7 in the ANTPNG2D

Leviticus 7 in the AS21

Leviticus 7 in the BAGH

Leviticus 7 in the BBPNG

Leviticus 7 in the BBT1E

Leviticus 7 in the BDS

Leviticus 7 in the BEV

Leviticus 7 in the BHAD

Leviticus 7 in the BIB

Leviticus 7 in the BLPT

Leviticus 7 in the BNT

Leviticus 7 in the BNTABOOT

Leviticus 7 in the BNTLV

Leviticus 7 in the BOATCB2

Leviticus 7 in the BOBCV

Leviticus 7 in the BOCNT

Leviticus 7 in the BOECS

Leviticus 7 in the BOGWICC

Leviticus 7 in the BOHCB

Leviticus 7 in the BOHCV

Leviticus 7 in the BOHLNT

Leviticus 7 in the BOHNTLTAL

Leviticus 7 in the BOICB

Leviticus 7 in the BOILNTAP

Leviticus 7 in the BOITCV

Leviticus 7 in the BOKCV

Leviticus 7 in the BOKCV2

Leviticus 7 in the BOKHWOG

Leviticus 7 in the BOKSSV

Leviticus 7 in the BOLCB

Leviticus 7 in the BOLCB2

Leviticus 7 in the BOMCV

Leviticus 7 in the BONAV

Leviticus 7 in the BONCB

Leviticus 7 in the BONLT

Leviticus 7 in the BONUT2

Leviticus 7 in the BOPLNT

Leviticus 7 in the BOSCB

Leviticus 7 in the BOSNC

Leviticus 7 in the BOTLNT

Leviticus 7 in the BOVCB

Leviticus 7 in the BOYCB

Leviticus 7 in the BPBB

Leviticus 7 in the BPH

Leviticus 7 in the BSB

Leviticus 7 in the CCB

Leviticus 7 in the CUV

Leviticus 7 in the CUVS

Leviticus 7 in the DBT

Leviticus 7 in the DGDNT

Leviticus 7 in the DHNT

Leviticus 7 in the DNT

Leviticus 7 in the ELBE

Leviticus 7 in the EMTV

Leviticus 7 in the ESV

Leviticus 7 in the FBV

Leviticus 7 in the FEB

Leviticus 7 in the GGMNT

Leviticus 7 in the GNT

Leviticus 7 in the HARY

Leviticus 7 in the HNT

Leviticus 7 in the IRVA

Leviticus 7 in the IRVB

Leviticus 7 in the IRVG

Leviticus 7 in the IRVH

Leviticus 7 in the IRVK

Leviticus 7 in the IRVM

Leviticus 7 in the IRVM2

Leviticus 7 in the IRVO

Leviticus 7 in the IRVP

Leviticus 7 in the IRVT

Leviticus 7 in the IRVT2

Leviticus 7 in the IRVU

Leviticus 7 in the ISVN

Leviticus 7 in the JSNT

Leviticus 7 in the KAPI

Leviticus 7 in the KBT1ETNIK

Leviticus 7 in the KBV

Leviticus 7 in the KJV

Leviticus 7 in the KNFD

Leviticus 7 in the LBA

Leviticus 7 in the LBLA

Leviticus 7 in the LNT

Leviticus 7 in the LSV

Leviticus 7 in the MAAL

Leviticus 7 in the MBV

Leviticus 7 in the MBV2

Leviticus 7 in the MHNT

Leviticus 7 in the MKNFD

Leviticus 7 in the MNG

Leviticus 7 in the MNT

Leviticus 7 in the MNT2

Leviticus 7 in the MRS1T

Leviticus 7 in the NAA

Leviticus 7 in the NASB

Leviticus 7 in the NBLA

Leviticus 7 in the NBS

Leviticus 7 in the NBVTP

Leviticus 7 in the NET2

Leviticus 7 in the NIV11

Leviticus 7 in the NNT

Leviticus 7 in the NNT2

Leviticus 7 in the NNT3

Leviticus 7 in the PDDPT

Leviticus 7 in the PFNT

Leviticus 7 in the RMNT

Leviticus 7 in the SBIAS

Leviticus 7 in the SBIBS

Leviticus 7 in the SBIBS2

Leviticus 7 in the SBICS

Leviticus 7 in the SBIDS

Leviticus 7 in the SBIGS

Leviticus 7 in the SBIHS

Leviticus 7 in the SBIIS

Leviticus 7 in the SBIIS2

Leviticus 7 in the SBIIS3

Leviticus 7 in the SBIKS

Leviticus 7 in the SBIKS2

Leviticus 7 in the SBIMS

Leviticus 7 in the SBIOS

Leviticus 7 in the SBIPS

Leviticus 7 in the SBISS

Leviticus 7 in the SBITS

Leviticus 7 in the SBITS2

Leviticus 7 in the SBITS3

Leviticus 7 in the SBITS4

Leviticus 7 in the SBIUS

Leviticus 7 in the SBIVS

Leviticus 7 in the SBT

Leviticus 7 in the SBT1E

Leviticus 7 in the SCHL

Leviticus 7 in the SNT

Leviticus 7 in the SUSU

Leviticus 7 in the SUSU2

Leviticus 7 in the SYNO

Leviticus 7 in the TBIAOTANT

Leviticus 7 in the TBT1E

Leviticus 7 in the TBT1E2

Leviticus 7 in the TFTIP

Leviticus 7 in the TFTU

Leviticus 7 in the TGNTATF3T

Leviticus 7 in the THAI

Leviticus 7 in the TNFD

Leviticus 7 in the TNT

Leviticus 7 in the TNTIK

Leviticus 7 in the TNTIL

Leviticus 7 in the TNTIN

Leviticus 7 in the TNTIP

Leviticus 7 in the TNTIZ

Leviticus 7 in the TOMA

Leviticus 7 in the TTENT

Leviticus 7 in the UBG

Leviticus 7 in the UGV

Leviticus 7 in the UGV2

Leviticus 7 in the UGV3

Leviticus 7 in the VBL

Leviticus 7 in the VDCC

Leviticus 7 in the YALU

Leviticus 7 in the YAPE

Leviticus 7 in the YBVTP

Leviticus 7 in the ZBP