Numbers 11 (BOATCB)

1 Ankyɛre biara na nnipa no firii aseɛ nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yie mma wɔn, na AWURADE teeɛ. Nʼabufuhyeɛ kɔɔ wɔn so wɔ wɔn anwiinwii no ho. Yei enti, AWURADE maa ogya bɛhyee beaeɛ a na wɔte hɔ no mfikyire. 2 Wɔteateaam frɛɛ Mose sɛ ɔmmɛgye wɔn. Mose bɔɔ mpaeɛ srɛɛ AWURADE maa wɔn na ogya no dumiiɛ. 3 Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Tabera a asekyerɛ ne “Ahyeɛ”, ɛfiri sɛ, ogya a ɛfiri AWURADE nkyɛn no hyee wɔn atenaeɛ hɔ. 4 Misraimfoɔ a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Yei amma Israelfoɔ no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wɔsuu sɛ, “Hwan na ɔbɛma yɛn aduane adi? 5 Ɛberɛ a na yɛwɔ Misraim no, na yɛnya ɛnam ne nsuomnam we. Saa ara nso na na yɛnya kokumba, ɛferɛ, gyeene ne galik nso die. 6 Nanso, seesei deɛ, yɛn ahoɔden so ate na ɛda biara yɛnnya biribiara sɛ mana nko ara.” 7 Na mana no kɛseɛ te sɛ wisa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae firi dubona ho agu fam. 8 Nnipa no tasee firi fam na wɔayam anaa wɔasi no waduro mu ama adane esiam. Wɔwie a, wɔnoa de bi yɛ taterɛ. Woka wʼano a, ɛte sɛ taterɛ a wɔakye wɔ nhahamma ngo mu. 9 Anadwo bosuo mu na mana no tɔ. 10 Mose tee sɛ mmusuakuo no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntomadan ho ahyia resu. Yei hyɛɛ AWURADE abufuo yie. Na anyɛ Mose nso abodwo koraa. 11 Mose bisaa AWURADE sɛ, “Adɛn enti na woyɛ me saa na wode saa nnipa a wɔte seyie yi nyinaa adesoa abɛsoa me? 12 Wɔyɛ me mma anaasɛ me nso meyɛ wɔn agya? Yei enti na wode wɔn ama me sɛ menhwɛ wɔn sɛ nkɔkoaa kɔsi sɛ yɛbɛduru asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no? 13 Ɛhefa na merekɔfa ɛnam abrɛ nnipa yi? Wɔsu kyerɛ me sɛ, ‘Ma yɛn ɛnam!’ 14 Mʼankasa merentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo! 15 Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no deɛ a, mesrɛ, kum me seesei ara; ɛbɛyɛ adom ama me! Yi me firi saa ahokyere yi mu!” 16 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiaeɛ Ntomadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ. 17 Mɛba hɔ na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akɔgu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛdeɛ ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa. 18 “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnnwira wɔn ho na ɔkyena, wɔbɛnya ɛnam awe. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘AWURADE ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mogyaa no Misraim no ho na ɔrebɛma mo ɛnam. Mobɛwe; 19 ɛnyɛ ɛda koro anaa nnanu anaa nnanum anaa dadu anaa adaduonu! 20 Na bosome baako mu, mobɛwe ɛnam ara ma apuro mo ama afa mo hwene mu. Ɛfiri sɛ, moapo AWURADE a ɔka mo ho wɔ ha no, na moasu ama Misraim nso.’ ” 21 Mose kaa sɛ, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛnna woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn ɛnam awe ara bosome! 22 Sɛ yɛkum yɛn nnwan ne yɛn anantwie nyinaa koraa a, ɛrenso wɔn so. Ɛsɛ sɛ yɛkyere ɛpo mu ɛnam nyinaa ansa na yɛatumi adi wo bɔhyɛ no so!” 23 Na AWURADE bisaa Mose sɛ, “Da bɛn na meyɛɛ mmerɛ? Afei wobɛhunu sɛ mʼasɛm yɛ nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ.” 24 Enti Mose firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ kɔkaa nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanimfoɔ aduɔson ano ma wɔtwaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyiaeɛ. 25 Na AWURADE nam omununkum mu baa fam ne Mose kasaeɛ, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanimfoɔ aduɔson no so. Ɛberɛ a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmerɛ tiawa bi mu. 26 Nanso na mpanimfoɔ aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ. Na mmerɛ a honhom no baa wɔn so wɔ hɔ no, wɔhyɛɛ nkɔm wɔ hɔ. 27 Mmeranteɛ bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asie no ho amaneɛ 28 na Nun babarima Yosua a na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Mose ɔboafoɔ no ampene so, na ɔkaa sɛ, “Owura, ma wɔnnyae!” 29 Mose bisaa no sɛ, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka AWURADE nkurɔfoɔ nyinaa yɛ adiyifoɔ a AWURADE de ne honhom agu wɔn nyinaa so!” 30 Afei, Mose ne Israel mpanimfoɔ no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ hɔ. 31 AWURADE bɔɔ ahum maa ɛde mmoko firi ɛpo mu bɛguu atenaeɛ hɔ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn ɛnan. 32 Enti ɛda mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkumm wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyeeɛ nso. Deɛ wannya bi no koraa na ɔnyaa susukora ɔha! Mmoko buu so wɔ atenaeɛ hɔ nyinaa. 33 Na nnipa no firii aseɛ wee mmoa no bi. Wɔhyɛɛ aseɛ weeɛ no, AWURADE bo sane fuu wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kumm wɔn mu fa kɛseɛ no ara. 34 Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Kibrot-Hataawa a asekyerɛ ne, “Akɔnnɔ damena” ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔn ani bere ɛnam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wɔsiee wɔn wɔ hɔ. 35 Ɔman no tu firii hɔ kɔtenaa Haserot kakra.

In Other Versions

Numbers 11 in the ANGEFD

Numbers 11 in the ANTPNG2D

Numbers 11 in the AS21

Numbers 11 in the BAGH

Numbers 11 in the BBPNG

Numbers 11 in the BBT1E

Numbers 11 in the BDS

Numbers 11 in the BEV

Numbers 11 in the BHAD

Numbers 11 in the BIB

Numbers 11 in the BLPT

Numbers 11 in the BNT

Numbers 11 in the BNTABOOT

Numbers 11 in the BNTLV

Numbers 11 in the BOATCB2

Numbers 11 in the BOBCV

Numbers 11 in the BOCNT

Numbers 11 in the BOECS

Numbers 11 in the BOGWICC

Numbers 11 in the BOHCB

Numbers 11 in the BOHCV

Numbers 11 in the BOHLNT

Numbers 11 in the BOHNTLTAL

Numbers 11 in the BOICB

Numbers 11 in the BOILNTAP

Numbers 11 in the BOITCV

Numbers 11 in the BOKCV

Numbers 11 in the BOKCV2

Numbers 11 in the BOKHWOG

Numbers 11 in the BOKSSV

Numbers 11 in the BOLCB

Numbers 11 in the BOLCB2

Numbers 11 in the BOMCV

Numbers 11 in the BONAV

Numbers 11 in the BONCB

Numbers 11 in the BONLT

Numbers 11 in the BONUT2

Numbers 11 in the BOPLNT

Numbers 11 in the BOSCB

Numbers 11 in the BOSNC

Numbers 11 in the BOTLNT

Numbers 11 in the BOVCB

Numbers 11 in the BOYCB

Numbers 11 in the BPBB

Numbers 11 in the BPH

Numbers 11 in the BSB

Numbers 11 in the CCB

Numbers 11 in the CUV

Numbers 11 in the CUVS

Numbers 11 in the DBT

Numbers 11 in the DGDNT

Numbers 11 in the DHNT

Numbers 11 in the DNT

Numbers 11 in the ELBE

Numbers 11 in the EMTV

Numbers 11 in the ESV

Numbers 11 in the FBV

Numbers 11 in the FEB

Numbers 11 in the GGMNT

Numbers 11 in the GNT

Numbers 11 in the HARY

Numbers 11 in the HNT

Numbers 11 in the IRVA

Numbers 11 in the IRVB

Numbers 11 in the IRVG

Numbers 11 in the IRVH

Numbers 11 in the IRVK

Numbers 11 in the IRVM

Numbers 11 in the IRVM2

Numbers 11 in the IRVO

Numbers 11 in the IRVP

Numbers 11 in the IRVT

Numbers 11 in the IRVT2

Numbers 11 in the IRVU

Numbers 11 in the ISVN

Numbers 11 in the JSNT

Numbers 11 in the KAPI

Numbers 11 in the KBT1ETNIK

Numbers 11 in the KBV

Numbers 11 in the KJV

Numbers 11 in the KNFD

Numbers 11 in the LBA

Numbers 11 in the LBLA

Numbers 11 in the LNT

Numbers 11 in the LSV

Numbers 11 in the MAAL

Numbers 11 in the MBV

Numbers 11 in the MBV2

Numbers 11 in the MHNT

Numbers 11 in the MKNFD

Numbers 11 in the MNG

Numbers 11 in the MNT

Numbers 11 in the MNT2

Numbers 11 in the MRS1T

Numbers 11 in the NAA

Numbers 11 in the NASB

Numbers 11 in the NBLA

Numbers 11 in the NBS

Numbers 11 in the NBVTP

Numbers 11 in the NET2

Numbers 11 in the NIV11

Numbers 11 in the NNT

Numbers 11 in the NNT2

Numbers 11 in the NNT3

Numbers 11 in the PDDPT

Numbers 11 in the PFNT

Numbers 11 in the RMNT

Numbers 11 in the SBIAS

Numbers 11 in the SBIBS

Numbers 11 in the SBIBS2

Numbers 11 in the SBICS

Numbers 11 in the SBIDS

Numbers 11 in the SBIGS

Numbers 11 in the SBIHS

Numbers 11 in the SBIIS

Numbers 11 in the SBIIS2

Numbers 11 in the SBIIS3

Numbers 11 in the SBIKS

Numbers 11 in the SBIKS2

Numbers 11 in the SBIMS

Numbers 11 in the SBIOS

Numbers 11 in the SBIPS

Numbers 11 in the SBISS

Numbers 11 in the SBITS

Numbers 11 in the SBITS2

Numbers 11 in the SBITS3

Numbers 11 in the SBITS4

Numbers 11 in the SBIUS

Numbers 11 in the SBIVS

Numbers 11 in the SBT

Numbers 11 in the SBT1E

Numbers 11 in the SCHL

Numbers 11 in the SNT

Numbers 11 in the SUSU

Numbers 11 in the SUSU2

Numbers 11 in the SYNO

Numbers 11 in the TBIAOTANT

Numbers 11 in the TBT1E

Numbers 11 in the TBT1E2

Numbers 11 in the TFTIP

Numbers 11 in the TFTU

Numbers 11 in the TGNTATF3T

Numbers 11 in the THAI

Numbers 11 in the TNFD

Numbers 11 in the TNT

Numbers 11 in the TNTIK

Numbers 11 in the TNTIL

Numbers 11 in the TNTIN

Numbers 11 in the TNTIP

Numbers 11 in the TNTIZ

Numbers 11 in the TOMA

Numbers 11 in the TTENT

Numbers 11 in the UBG

Numbers 11 in the UGV

Numbers 11 in the UGV2

Numbers 11 in the UGV3

Numbers 11 in the VBL

Numbers 11 in the VDCC

Numbers 11 in the YALU

Numbers 11 in the YAPE

Numbers 11 in the YBVTP

Numbers 11 in the ZBP