Numbers 11 (BOATCB2)

1 Ankyɛ biara na nnipa no fii ase nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yiye mma wɔn, na AWURADE tee. Nʼabufuw sɔree wɔ wɔn anwiinwii no ho. Eyi nti, AWURADE maa ogya bɛhyew beae a na wɔte hɔ no mfikyiri baabi. 2 Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Mose sɛ ommegye wɔn no, ɔbɔɔ mpae srɛɛ AWURADE maa wɔn na ogya no dumii. 3 Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din se Tabera a ne nkyerɛase ne “Ahyewee,” efisɛ ogya a efi AWURADE nkyɛn no hyew wɔn atenae hɔ. 4 Misraimfo a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Eyi amma Israelfo no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wosui se, “Hena na ɔbɛma yɛn aduan adi? 5 Yɛkae nsumnam a yɛwee wɔ Misraim mpoano no. Saa ara nso na na yenya kokumba, ɛfere, gyeene ne galik di no. 6 Nanso mprempren de, yɛn anom ato; yenhu hwee sɛ mana nko ara.” 7 Na mana no kɛse te sɛ wusa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae afi dubona ho agu fam. 8 Nnipa no tase fii fam na wɔayam anaa wɔasiw wɔ ɔwaduru mu ma adan esiam. Wowie a, wɔnoa de bi yɛ tetare. Woka wʼano a, ɛte sɛ tetare a wɔakyew wɔ nhabamma ngo mu. 9 Obosu tɔ wɔ wɔn atenae hɔ Anadwo a na mana no nso tɔ. 10 Mose tee sɛ mmusuakuw no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntamadan ho ahyia resu. Eyi hyɛɛ AWURADE abufuw yiye, na ɛhaw Mose nso. 11 Mose bisaa AWURADE se, “Adɛn nti na wode ɔhaw sɛɛ aba wʼakoa so? Dɛn na mayɛ atia wo a na wode saa nnipa a wɔte sɛɛ yi nyinaa adesoa abɛsoa me? 12 Me na minyinsɛn nnipa yi nyinaa? Me na mewoo wɔn? Adɛn nti na wuse minturu wɔn wɔ me nsa so sɛ nkokoaa nkosi sɛ yebedu asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no so? 13 Ɛhefa na merekɔfa nam abrɛ nnipa yi? Wosu kyerɛ me se, ‘Ma yɛn nam nwe!’ 14 Me nko ara rentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo! 15 Na sɛ saa na wo ne me bedi no de a, mesrɛ, kum me, sɛ manya wʼanim anuonyam a, na mma minnhyia mʼankasa me sɛe.” 16 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛ Israelfo mpanyimfo no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiae Ntamadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ. 17 Mɛba hɔ na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akogu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛnea ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa. 18 “Ka kyerɛ nnipa no se: Munnwira mo ho na ɔkyena, mubenya nam awe. Ka kyerɛ wɔn se, ‘AWURADE ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mugyaw no Misraim no ho na ɔrebɛma mo nam na mobɛwe. 19 Ɛnyɛ da koro anaa nnaanu anaa nnaanum anaa nnadu anaa aduonu! 20 Na ɔsram baako mu, mobɛwe nam ara ama afono mo ama afa mo hwene mu. Efisɛ moapo AWURADE a ɔka mo ho wɔ ha no, na moasu wɔ nʼanim se, adɛn nti na yefii Misraim?’ ” 21 Mose kae se, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛno na woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn nam awe ara ɔsram! 22 Sɛ yekum nguan ne anantwi ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana? Sɛ wɔkyere po mu nam nyinaa ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana?” 23 Na AWURADE bisaa Mose se, “So AWURADE basa yɛ tiaa dodo ana? Afei wubehu sɛ mʼasɛm yɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware.” 24 Enti Mose fii Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kɔkaa nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanyimfo aduɔson ano ma wotwaa Ahyiae Ntamadan no ho hyiae. 25 Na AWURADE nam omununkum mu baa fam ne Mose kasae, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanyimfo aduɔson no so. Bere a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmere tiaa bi mu. 26 Nanso na mpanyimfo aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔ wɔn atenae hɔ. Na bere a honhom no baa wɔn so wɔ hɔ no, wɔhyɛɛ nkɔm wɔ hɔ. 27 Mmerante bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asi no ho amanneɛ 28 na Nun babarima Yosua a na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Mose boafo no ampene so, na ɔkae se, “Me wura Mose, ma wonnyae!” 29 Mose bisaa no se, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka AWURADE nkurɔfo nyinaa yɛ adiyifo a AWURADE de ne honhom agu wɔn nyinaa so!” 30 Na Mose ne Israel mpanyimfo no san kɔɔ wɔn atenae hɔ. 31 Na AWURADE bɔɔ ahum maa ɛde mmoko fi po mu beguu atenae hɔ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn anan. 32 Enti da mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkum wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyee nso. Nea wannya bi no koraa na onyaa susukoraa ɔha! Mmoko buu so wɔ atenae hɔ nyinaa. 33 Na nnipa no fii ase wee mmoa no bi no, AWURADE bo san fuw wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kum wɔn mu fa kɛse no ara. 34 Enti wɔtoo beae hɔ din se Kibrot-Hataawa a nkyerɛase ne, “Akɔnnɔ ɔda” efisɛ wɔn a na wɔn ani bere nam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wosiee wɔn wɔ hɔ. 35 Ɔman no tu fii Kibrot-Hataawa hɔ kɔtenaa Haserot.

In Other Versions

Numbers 11 in the ANGEFD

Numbers 11 in the ANTPNG2D

Numbers 11 in the AS21

Numbers 11 in the BAGH

Numbers 11 in the BBPNG

Numbers 11 in the BBT1E

Numbers 11 in the BDS

Numbers 11 in the BEV

Numbers 11 in the BHAD

Numbers 11 in the BIB

Numbers 11 in the BLPT

Numbers 11 in the BNT

Numbers 11 in the BNTABOOT

Numbers 11 in the BNTLV

Numbers 11 in the BOATCB

Numbers 11 in the BOBCV

Numbers 11 in the BOCNT

Numbers 11 in the BOECS

Numbers 11 in the BOGWICC

Numbers 11 in the BOHCB

Numbers 11 in the BOHCV

Numbers 11 in the BOHLNT

Numbers 11 in the BOHNTLTAL

Numbers 11 in the BOICB

Numbers 11 in the BOILNTAP

Numbers 11 in the BOITCV

Numbers 11 in the BOKCV

Numbers 11 in the BOKCV2

Numbers 11 in the BOKHWOG

Numbers 11 in the BOKSSV

Numbers 11 in the BOLCB

Numbers 11 in the BOLCB2

Numbers 11 in the BOMCV

Numbers 11 in the BONAV

Numbers 11 in the BONCB

Numbers 11 in the BONLT

Numbers 11 in the BONUT2

Numbers 11 in the BOPLNT

Numbers 11 in the BOSCB

Numbers 11 in the BOSNC

Numbers 11 in the BOTLNT

Numbers 11 in the BOVCB

Numbers 11 in the BOYCB

Numbers 11 in the BPBB

Numbers 11 in the BPH

Numbers 11 in the BSB

Numbers 11 in the CCB

Numbers 11 in the CUV

Numbers 11 in the CUVS

Numbers 11 in the DBT

Numbers 11 in the DGDNT

Numbers 11 in the DHNT

Numbers 11 in the DNT

Numbers 11 in the ELBE

Numbers 11 in the EMTV

Numbers 11 in the ESV

Numbers 11 in the FBV

Numbers 11 in the FEB

Numbers 11 in the GGMNT

Numbers 11 in the GNT

Numbers 11 in the HARY

Numbers 11 in the HNT

Numbers 11 in the IRVA

Numbers 11 in the IRVB

Numbers 11 in the IRVG

Numbers 11 in the IRVH

Numbers 11 in the IRVK

Numbers 11 in the IRVM

Numbers 11 in the IRVM2

Numbers 11 in the IRVO

Numbers 11 in the IRVP

Numbers 11 in the IRVT

Numbers 11 in the IRVT2

Numbers 11 in the IRVU

Numbers 11 in the ISVN

Numbers 11 in the JSNT

Numbers 11 in the KAPI

Numbers 11 in the KBT1ETNIK

Numbers 11 in the KBV

Numbers 11 in the KJV

Numbers 11 in the KNFD

Numbers 11 in the LBA

Numbers 11 in the LBLA

Numbers 11 in the LNT

Numbers 11 in the LSV

Numbers 11 in the MAAL

Numbers 11 in the MBV

Numbers 11 in the MBV2

Numbers 11 in the MHNT

Numbers 11 in the MKNFD

Numbers 11 in the MNG

Numbers 11 in the MNT

Numbers 11 in the MNT2

Numbers 11 in the MRS1T

Numbers 11 in the NAA

Numbers 11 in the NASB

Numbers 11 in the NBLA

Numbers 11 in the NBS

Numbers 11 in the NBVTP

Numbers 11 in the NET2

Numbers 11 in the NIV11

Numbers 11 in the NNT

Numbers 11 in the NNT2

Numbers 11 in the NNT3

Numbers 11 in the PDDPT

Numbers 11 in the PFNT

Numbers 11 in the RMNT

Numbers 11 in the SBIAS

Numbers 11 in the SBIBS

Numbers 11 in the SBIBS2

Numbers 11 in the SBICS

Numbers 11 in the SBIDS

Numbers 11 in the SBIGS

Numbers 11 in the SBIHS

Numbers 11 in the SBIIS

Numbers 11 in the SBIIS2

Numbers 11 in the SBIIS3

Numbers 11 in the SBIKS

Numbers 11 in the SBIKS2

Numbers 11 in the SBIMS

Numbers 11 in the SBIOS

Numbers 11 in the SBIPS

Numbers 11 in the SBISS

Numbers 11 in the SBITS

Numbers 11 in the SBITS2

Numbers 11 in the SBITS3

Numbers 11 in the SBITS4

Numbers 11 in the SBIUS

Numbers 11 in the SBIVS

Numbers 11 in the SBT

Numbers 11 in the SBT1E

Numbers 11 in the SCHL

Numbers 11 in the SNT

Numbers 11 in the SUSU

Numbers 11 in the SUSU2

Numbers 11 in the SYNO

Numbers 11 in the TBIAOTANT

Numbers 11 in the TBT1E

Numbers 11 in the TBT1E2

Numbers 11 in the TFTIP

Numbers 11 in the TFTU

Numbers 11 in the TGNTATF3T

Numbers 11 in the THAI

Numbers 11 in the TNFD

Numbers 11 in the TNT

Numbers 11 in the TNTIK

Numbers 11 in the TNTIL

Numbers 11 in the TNTIN

Numbers 11 in the TNTIP

Numbers 11 in the TNTIZ

Numbers 11 in the TOMA

Numbers 11 in the TTENT

Numbers 11 in the UBG

Numbers 11 in the UGV

Numbers 11 in the UGV2

Numbers 11 in the UGV3

Numbers 11 in the VBL

Numbers 11 in the VDCC

Numbers 11 in the YALU

Numbers 11 in the YAPE

Numbers 11 in the YBVTP

Numbers 11 in the ZBP