Numbers 31 (BOATCB)

1 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Esiane sɛ Midianfoɔ daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no enti, tɔ wɔn so awere. Yei akyi no wɔbɛwu na wɔakɔ wɔn agyanom nkyɛn.” 3 Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monyi mmarima no mu bi na wɔnkɔ AWURADE aweretɔ sa a ɔde tia Midianfoɔ no. 4 Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.” 5 Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumienu siesie wɔn maa ɔko no. 6 Afei Mose ma wɔkɔeɛ, nnipa apem baako a wɔfiri abusuakuo biara mu. Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas na ɔdii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde kronkronneɛ a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne totorobɛnto a wɔbɛhyɛn akanyane akodɔm no kɔeɛ. 7 Na sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no, wɔkumm Midian mmarima nyinaa wɔ ɔko no mu. 8 Wɔn a wɔkumm wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn edin de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔkumm no. 9 Afei, Israel asraafoɔ no kyekyeree Midian mmaa ne mmɔfra nyinaa ne wɔn anantwie ne wɔn nnwan fom nneɛma pii kaa ho. 10 Wɔtoo Midian nkuro ne nkuraa nyinaa mu ogya, hyee no pasaa. 11 Wɔfaa asadeɛ ne afodeɛ a nnipa no ne mmoa ka ho. 12 Wɔde nneduafoɔ no ne ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne Israelfoɔ a na wɔabɔ wɔn atenaseɛ wɔ Moab bepɔ so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wɔtwa firi Yeriko ba hɔ no. 13 Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no kɔhyiaa nkonimdifoɔ no ɛkwan. 14 Nanso, Mose bo fuu mpanimfoɔ a wɔtuatua akodɔm no ano no. 15 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moankunkum mmaa no? 16 Yeinom ara ne nnipa no a wɔtie Balaam enti wɔmaa Israelfoɔ gyaa AWURADE kɔsom abosom wɔ bepɔ Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa yɛn so bɛsɛee yɛn no. 17 Monkunkum mmarimaa no nyinaa. Afei, monkunkum mmaa a wɔne mmarima adeda no nyinaa. 18 Mommfa mo nsa nka mmaayewa nketewa no. Wɔn deɛ, momfa wɔn na mo ne wɔn nkɔtena. 19 “Afei, momfiri atenaeɛ ha nkɔtena baabi nnanson, ɛfiri sɛ, mo nyinaa moakum nnipa anaa mode mo nsa aka efunu. Monnwira mo ho ne mo nneduafoɔ ne nnansa ne ne nnanson so. 20 Monkae na monnwira mo ntadeɛ ne biribiara a wɔde aboa nwoma, abirekyie nwi anaa dua ayɛ.” 21 Afei, ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no sɛ, “Yei ne mmara a AWURADE ahyɛ a waka akyerɛ Mose. 22 Biribiara a ɛtumi gyinaa ogya ano te sɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, sanya anaa sumpii no, 23 ɛsɛ sɛ wɔde ka ogya sɛdeɛ ɛho bɛte. Yei akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsuo dwira ho ma ɛho te. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no deɛ, wɔmfa nsuo nnwira ho. 24 Nnanson so, ɛsɛ sɛ mosi mo ntadeɛ na modwira mo ho ansa na moasane aba atenaeɛ hɔ.” 25 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 26 “Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua no mpanimfoɔ nyinaa twerɛ afodeɛ a nnipa ne mmoa ka ho a monyaa no ɔko no mu. 27 Afei, monkyɛ afodeɛ no mu mmienu. Momfa ɛfa mma mmarima a wɔkɔɔ ɔko no na momfa ɛfa a aka no mma nnipa a aka no. 28 Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ AWURADE nya kyɛfa a ɛyɛ nneduafoɔ, anantwie, mfunumu, ne nnwan a ɛfiri akofoɔ no kyɛfa mu. AWURADE kyɛfa no bɛyɛ ahanum biara mu baako. 29 Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfoɔ Eleasa na ɔnhim no afɔrebukyia no anim mfa mma AWURADE. 30 Afei Israelfoɔ a wɔaka no kyɛfa no, monyi aduonum biara mu baako. Momfa yei mma Lewifoɔ a wɔhwɛ AWURADE Ahyiaeɛ Ntomadan no so no.” 31 Enti, Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa yɛɛ deɛ AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. 32 Afodeɛ a ɛkaeɛ a akofoɔ no faeɛ no dodoɔ yɛ nnwan mpem ahansia aduɔson enum (675,000); 33 anantwie mpem aduɔson mmienu (72,000); 34 mfunumu mpem aduosia baako (61,000); 35 ne mmaayewa mpem aduasa mmienu (32,000). 36 Nneɛma no fa a wɔde maa asraafoɔ no dodoɔ nie: Nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum (337,500) 37 a wɔde mu ahansia aduɔson enum (675) maa AWURADE; 38 Anantwie mpem aduasa nsia (36,000) a wɔde mu aduɔson mmienu (72) maa AWURADE; 39 mfunumu mpem aduasa ne ahanum (30,500) a emu aduosia baako (61) yɛ AWURADE kyɛfa; 40 mmaayewa mpem dunsia (16,000); wɔde wɔn mu aduasa mmienu (32) maa AWURADE. 41 Wɔde AWURADE kyɛfa no nyinaa maa ɔsɔfoɔ Eleasa sɛdeɛ AWURADE kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ. 42 Afodeɛ no a Israelfoɔ no nyaa no na ɛdidi soɔ yi: 43 nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum (337,500), 44 anantwie mpem aduasa nsia (36,000), 45 mfunumu Mpem aduasa ne ahanum (30,500) ne 46 mmaayewa mpem dunsia (16,000). 47 Nnipa no kyɛfa a wɔnyaeɛ no, Mose yiyii nneduafoɔ ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifoɔ a wɔhwɛ AWURADE Ahyiaeɛ Ntomadan so no. Wɔyɛɛ yei nyinaa sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 48 Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ baa Mose nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, 49 “Owura yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na yɛn mu baako koraa anyera. 50 Ɛno enti, yɛfiri deɛ yɛnyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda AWURADE ase. Yɛn asedadeɛ no yɛ sika adwinneɛ, nkapo, nkawa, nsonkawa ne kɔnmuadeɛ. Yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama yɛn kra wɔ Awurade anim.” 51 Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa gyee saa akyɛdeɛ yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne adwinneɛ firii asraafoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn. 52 Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de baeɛ sɛ akyɛdeɛ a wɔde rebrɛ AWURADE no ano si nkariboɔ kilogram ɔha ne aduɔkron. 53 Na asraafoɔ no afa ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no bi. 54 Enti Mose ne Eleasa gyee akyɛdeɛ no firii asraafoɔ mpanimfoɔ no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ mma AWURADE sɛ Israelfoɔ yɛ ne dea.

In Other Versions

Numbers 31 in the ANGEFD

Numbers 31 in the ANTPNG2D

Numbers 31 in the AS21

Numbers 31 in the BAGH

Numbers 31 in the BBPNG

Numbers 31 in the BBT1E

Numbers 31 in the BDS

Numbers 31 in the BEV

Numbers 31 in the BHAD

Numbers 31 in the BIB

Numbers 31 in the BLPT

Numbers 31 in the BNT

Numbers 31 in the BNTABOOT

Numbers 31 in the BNTLV

Numbers 31 in the BOATCB2

Numbers 31 in the BOBCV

Numbers 31 in the BOCNT

Numbers 31 in the BOECS

Numbers 31 in the BOGWICC

Numbers 31 in the BOHCB

Numbers 31 in the BOHCV

Numbers 31 in the BOHLNT

Numbers 31 in the BOHNTLTAL

Numbers 31 in the BOICB

Numbers 31 in the BOILNTAP

Numbers 31 in the BOITCV

Numbers 31 in the BOKCV

Numbers 31 in the BOKCV2

Numbers 31 in the BOKHWOG

Numbers 31 in the BOKSSV

Numbers 31 in the BOLCB

Numbers 31 in the BOLCB2

Numbers 31 in the BOMCV

Numbers 31 in the BONAV

Numbers 31 in the BONCB

Numbers 31 in the BONLT

Numbers 31 in the BONUT2

Numbers 31 in the BOPLNT

Numbers 31 in the BOSCB

Numbers 31 in the BOSNC

Numbers 31 in the BOTLNT

Numbers 31 in the BOVCB

Numbers 31 in the BOYCB

Numbers 31 in the BPBB

Numbers 31 in the BPH

Numbers 31 in the BSB

Numbers 31 in the CCB

Numbers 31 in the CUV

Numbers 31 in the CUVS

Numbers 31 in the DBT

Numbers 31 in the DGDNT

Numbers 31 in the DHNT

Numbers 31 in the DNT

Numbers 31 in the ELBE

Numbers 31 in the EMTV

Numbers 31 in the ESV

Numbers 31 in the FBV

Numbers 31 in the FEB

Numbers 31 in the GGMNT

Numbers 31 in the GNT

Numbers 31 in the HARY

Numbers 31 in the HNT

Numbers 31 in the IRVA

Numbers 31 in the IRVB

Numbers 31 in the IRVG

Numbers 31 in the IRVH

Numbers 31 in the IRVK

Numbers 31 in the IRVM

Numbers 31 in the IRVM2

Numbers 31 in the IRVO

Numbers 31 in the IRVP

Numbers 31 in the IRVT

Numbers 31 in the IRVT2

Numbers 31 in the IRVU

Numbers 31 in the ISVN

Numbers 31 in the JSNT

Numbers 31 in the KAPI

Numbers 31 in the KBT1ETNIK

Numbers 31 in the KBV

Numbers 31 in the KJV

Numbers 31 in the KNFD

Numbers 31 in the LBA

Numbers 31 in the LBLA

Numbers 31 in the LNT

Numbers 31 in the LSV

Numbers 31 in the MAAL

Numbers 31 in the MBV

Numbers 31 in the MBV2

Numbers 31 in the MHNT

Numbers 31 in the MKNFD

Numbers 31 in the MNG

Numbers 31 in the MNT

Numbers 31 in the MNT2

Numbers 31 in the MRS1T

Numbers 31 in the NAA

Numbers 31 in the NASB

Numbers 31 in the NBLA

Numbers 31 in the NBS

Numbers 31 in the NBVTP

Numbers 31 in the NET2

Numbers 31 in the NIV11

Numbers 31 in the NNT

Numbers 31 in the NNT2

Numbers 31 in the NNT3

Numbers 31 in the PDDPT

Numbers 31 in the PFNT

Numbers 31 in the RMNT

Numbers 31 in the SBIAS

Numbers 31 in the SBIBS

Numbers 31 in the SBIBS2

Numbers 31 in the SBICS

Numbers 31 in the SBIDS

Numbers 31 in the SBIGS

Numbers 31 in the SBIHS

Numbers 31 in the SBIIS

Numbers 31 in the SBIIS2

Numbers 31 in the SBIIS3

Numbers 31 in the SBIKS

Numbers 31 in the SBIKS2

Numbers 31 in the SBIMS

Numbers 31 in the SBIOS

Numbers 31 in the SBIPS

Numbers 31 in the SBISS

Numbers 31 in the SBITS

Numbers 31 in the SBITS2

Numbers 31 in the SBITS3

Numbers 31 in the SBITS4

Numbers 31 in the SBIUS

Numbers 31 in the SBIVS

Numbers 31 in the SBT

Numbers 31 in the SBT1E

Numbers 31 in the SCHL

Numbers 31 in the SNT

Numbers 31 in the SUSU

Numbers 31 in the SUSU2

Numbers 31 in the SYNO

Numbers 31 in the TBIAOTANT

Numbers 31 in the TBT1E

Numbers 31 in the TBT1E2

Numbers 31 in the TFTIP

Numbers 31 in the TFTU

Numbers 31 in the TGNTATF3T

Numbers 31 in the THAI

Numbers 31 in the TNFD

Numbers 31 in the TNT

Numbers 31 in the TNTIK

Numbers 31 in the TNTIL

Numbers 31 in the TNTIN

Numbers 31 in the TNTIP

Numbers 31 in the TNTIZ

Numbers 31 in the TOMA

Numbers 31 in the TTENT

Numbers 31 in the UBG

Numbers 31 in the UGV

Numbers 31 in the UGV2

Numbers 31 in the UGV3

Numbers 31 in the VBL

Numbers 31 in the VDCC

Numbers 31 in the YALU

Numbers 31 in the YAPE

Numbers 31 in the YBVTP

Numbers 31 in the ZBP