Numbers 35 (BOATCB)
1 Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ Yordan ho, Moab tata so a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmfa wɔn agyapadeɛ no mu bi a ɛyɛ nkuro ne ɛho mmoa adidibea mma Lewifoɔ. 3 Nkuro no mu na wɔbɛtena na wɔn anantwie, wɔn nnwan ne wɔn mmoa a aka no nso akɔ adidi wɔ adidibea hɔ. 4 “Wɔn mmoa adidibea no kɛseɛ bɛfiri kuro no afasuo ho a ne fa biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn apem ne ahanum. 5 Monsusu anammɔn mpensa mfiri kuro no afasuo no ho wɔ nʼafanan nyinaa. Yei bɛyɛ adidibea kɛseɛ ama nkuro no. 6 “Momma Lewifoɔ no dwanekɔbea nkuropɔn nsia, baabi a obi a wafom akum ɔfoforɔ no bɛtumi adwane akɔ. Momfa nkuro aduanan mmienu nka wɔn ho. 7 Ne nyinaa bɛyɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ho adidibea. 8 Saa nkuro yi bɛfiri Israelfoɔ no agyapadeɛ mu. Mmusuakuo no mu akɛseɛ bɛma Lewifoɔ no nkuro bebree na mmusuakuo nketewa no ama kakraa. Abusuakuo biara bɛma sɛdeɛ nʼagyapadeɛ kɛseɛ teɛ.” 9 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 10 “Ka kyerɛ nnipa no sɛ, sɛ wɔduru asase no so a, 11 wɔnyi Dwanekɔbea Nkuro a wɔde bɛma obiara a wafom akum onipa na ɔpɛ sɛ ɔdwane kɔ hɔ. 12 Saa nkuro yi bɛyɛ dwanekɔbea ama owudifoɔ no afiri owufoɔ no abusuafoɔ a wɔpɛ sɛ wɔtɔ owufoɔ no wuo so awere; na ɛnsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no, gye sɛ wɔadi nʼasɛm abu no kumfɔ. 13 Ɛsɛ sɛ wɔsisi Dwanekɔbea Nkuro yi mu mmiɛnsa wɔ Kanaan asase so 14 na wɔsisi mmiɛnsa nso wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam. 15 Ɛnyɛ Israelfoɔ nko na ɛhɔ bɛyɛ wɔn dwanekɔbea, na mmom, ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ahɔhoɔ ne akwantufoɔ nyinaa. 16 “Nanso, sɛ obi de dadeɛ poma sin bi bɔ obi kum no a, wɔfa no sɛ wadi awu, enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no. 17 Anaasɛ, sɛ wɔde ɛboɔ kɛseɛ bi bɔɔ owufoɔ no a, ɛyɛ awudie enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no. 18 Saa ara nso na sɛ wɔde dua na wɔde kumm no a, ɛte ara ne no. 19 Sɛ ɔweretɔfoɔ no hyia owudifoɔ no baabiara a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkum no bi. 20 Enti, sɛ obi nam ɔtan so to biribi bɔ obi, anaasɛ ɔtetɛ no, 21 anaa ɔde abufuo bɔ no kuturuku na onii no wu a, ɔyɛ owudifoɔ enti ɛsɛ sɛ ɔweretɔfoɔ no kum owudifoɔ no. 22 “Na sɛ nkwanhyia no mu, sɛ obi anhyɛ da na ɔtoo biribi anaa ɛboɔ bi a wanto no abufuo so, na ɔnnim sɛ ɛbɛbɔ obi 23 anaasɛ ɛnyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛha ne ɔtamfoɔ, na sɛ onipa ko no wu a, 24 ɛsɛ sɛ wɔdi asɛm no. Wɔbɛhwɛ sɛ ɛyɛ nkwanhyia anaa ɛnyɛ nkwanhyia, anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no hyɛ owufoɔ no weretɔni nsa anaa wɔmmfa no nhyɛ ne sa. 25 Sɛ wɔsi gyinaeɛ sɛ ɛyɛ nkwanhyia a, nnipa no bɛgye owudifoɔ no afiri ɔweretɔfoɔ no nsam. Wɔbɛma owudifoɔ no atena Dwanekɔbea Kuro no mu hɔ ara akɔsi sɛ ɔsɔfopanin bɛwu. 26 “Sɛ owudifoɔ no firi kuro no mu 27 na ɔweretɔni no hyia no na ɔkum no tua ka a, wɔmmfa no sɛ ɛyɛ awudie, 28 ɛfiri sɛ, anka ɛsɛ sɛ owudifoɔ no tena kuro no mu kɔsi mmerɛ a ɔsɔfopanin no bɛwu. Ɔsɔfopanin no wuo akyi no, owudifoɔ no tumi kɔ ne kurom. 29 “Yei yɛ Israelfoɔ mmara a ɛwɔ hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. 30 “Ɛsɛ sɛ wɔkum awudifoɔ nyinaa. Nanso gye sɛ adansefoɔ boro onipa baako di tia no ansa na ɛsɛ sɛ wɔkum no. Sɛ onipa baako di adanseɛ tia no nso a, ɛnsɛ sɛ wɔkum no. 31 “Ɛberɛ biara a wɔbɛbua obi kumfɔ no, ɛsɛ sɛ ɔwuo a wɔnnye mpata biara. 32 “Odwanefoɔ bi a ɔhyɛ Dwanekɔbea Kuropɔn no mu no nso nni ho ɛkwan sɛ ɔtua sika ma wɔma no ɛkwan kɔ ne kurom ansa na ɔsɔfopanin no awu. 33 “Yei na ɛbɛma awerɛhyɛmu sɛ asase a mote so no ho rengu fi, ɛfiri sɛ, awudie gu asase ho fi. Wɔrentumi nyɛ mpatadeɛ foforɔ biara mma awudie gye sɛ wɔkum owudifoɔ no. 34 Monngu asase a morekɔtena so no ho fi, ɛfiri sɛ, Me, AWURADE mete hɔ bi. Mene AWURADE a mete Israelfoɔ mu no.”
In Other Versions
Numbers 35 in the ANGEFD
Numbers 35 in the ANTPNG2D
Numbers 35 in the AS21
Numbers 35 in the BAGH
Numbers 35 in the BBPNG
Numbers 35 in the BBT1E
Numbers 35 in the BDS
Numbers 35 in the BEV
Numbers 35 in the BHAD
Numbers 35 in the BIB
Numbers 35 in the BLPT
Numbers 35 in the BNT
Numbers 35 in the BNTABOOT
Numbers 35 in the BNTLV
Numbers 35 in the BOATCB2
Numbers 35 in the BOBCV
Numbers 35 in the BOCNT
Numbers 35 in the BOECS
Numbers 35 in the BOGWICC
Numbers 35 in the BOHCB
Numbers 35 in the BOHCV
Numbers 35 in the BOHLNT
Numbers 35 in the BOHNTLTAL
Numbers 35 in the BOICB
Numbers 35 in the BOILNTAP
Numbers 35 in the BOITCV
Numbers 35 in the BOKCV
Numbers 35 in the BOKCV2
Numbers 35 in the BOKHWOG
Numbers 35 in the BOKSSV
Numbers 35 in the BOLCB
Numbers 35 in the BOLCB2
Numbers 35 in the BOMCV
Numbers 35 in the BONAV
Numbers 35 in the BONCB
Numbers 35 in the BONLT
Numbers 35 in the BONUT2
Numbers 35 in the BOPLNT
Numbers 35 in the BOSCB
Numbers 35 in the BOSNC
Numbers 35 in the BOTLNT
Numbers 35 in the BOVCB
Numbers 35 in the BOYCB
Numbers 35 in the BPBB
Numbers 35 in the BPH
Numbers 35 in the BSB
Numbers 35 in the CCB
Numbers 35 in the CUV
Numbers 35 in the CUVS
Numbers 35 in the DBT
Numbers 35 in the DGDNT
Numbers 35 in the DHNT
Numbers 35 in the DNT
Numbers 35 in the ELBE
Numbers 35 in the EMTV
Numbers 35 in the ESV
Numbers 35 in the FBV
Numbers 35 in the FEB
Numbers 35 in the GGMNT
Numbers 35 in the GNT
Numbers 35 in the HARY
Numbers 35 in the HNT
Numbers 35 in the IRVA
Numbers 35 in the IRVB
Numbers 35 in the IRVG
Numbers 35 in the IRVH
Numbers 35 in the IRVK
Numbers 35 in the IRVM
Numbers 35 in the IRVM2
Numbers 35 in the IRVO
Numbers 35 in the IRVP
Numbers 35 in the IRVT
Numbers 35 in the IRVT2
Numbers 35 in the IRVU
Numbers 35 in the ISVN
Numbers 35 in the JSNT
Numbers 35 in the KAPI
Numbers 35 in the KBT1ETNIK
Numbers 35 in the KBV
Numbers 35 in the KJV
Numbers 35 in the KNFD
Numbers 35 in the LBA
Numbers 35 in the LBLA
Numbers 35 in the LNT
Numbers 35 in the LSV
Numbers 35 in the MAAL
Numbers 35 in the MBV
Numbers 35 in the MBV2
Numbers 35 in the MHNT
Numbers 35 in the MKNFD
Numbers 35 in the MNG
Numbers 35 in the MNT
Numbers 35 in the MNT2
Numbers 35 in the MRS1T
Numbers 35 in the NAA
Numbers 35 in the NASB
Numbers 35 in the NBLA
Numbers 35 in the NBS
Numbers 35 in the NBVTP
Numbers 35 in the NET2
Numbers 35 in the NIV11
Numbers 35 in the NNT
Numbers 35 in the NNT2
Numbers 35 in the NNT3
Numbers 35 in the PDDPT
Numbers 35 in the PFNT
Numbers 35 in the RMNT
Numbers 35 in the SBIAS
Numbers 35 in the SBIBS
Numbers 35 in the SBIBS2
Numbers 35 in the SBICS
Numbers 35 in the SBIDS
Numbers 35 in the SBIGS
Numbers 35 in the SBIHS
Numbers 35 in the SBIIS
Numbers 35 in the SBIIS2
Numbers 35 in the SBIIS3
Numbers 35 in the SBIKS
Numbers 35 in the SBIKS2
Numbers 35 in the SBIMS
Numbers 35 in the SBIOS
Numbers 35 in the SBIPS
Numbers 35 in the SBISS
Numbers 35 in the SBITS
Numbers 35 in the SBITS2
Numbers 35 in the SBITS3
Numbers 35 in the SBITS4
Numbers 35 in the SBIUS
Numbers 35 in the SBIVS
Numbers 35 in the SBT
Numbers 35 in the SBT1E
Numbers 35 in the SCHL
Numbers 35 in the SNT
Numbers 35 in the SUSU
Numbers 35 in the SUSU2
Numbers 35 in the SYNO
Numbers 35 in the TBIAOTANT
Numbers 35 in the TBT1E
Numbers 35 in the TBT1E2
Numbers 35 in the TFTIP
Numbers 35 in the TFTU
Numbers 35 in the TGNTATF3T
Numbers 35 in the THAI
Numbers 35 in the TNFD
Numbers 35 in the TNT
Numbers 35 in the TNTIK
Numbers 35 in the TNTIL
Numbers 35 in the TNTIN
Numbers 35 in the TNTIP
Numbers 35 in the TNTIZ
Numbers 35 in the TOMA
Numbers 35 in the TTENT
Numbers 35 in the UBG
Numbers 35 in the UGV
Numbers 35 in the UGV2
Numbers 35 in the UGV3
Numbers 35 in the VBL
Numbers 35 in the VDCC
Numbers 35 in the YALU
Numbers 35 in the YAPE
Numbers 35 in the YBVTP
Numbers 35 in the ZBP