1 Corinthians 7 (BOATCB2)

1 Afei, nea ɛfa nsɛm a mokyerɛw de brɛɛ me no ho ni: Eye sɛ ɔbarima nware. 2 Nanso esiane aguamammɔ nti ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbea biara nso nya ɔno ankasa ne kunu. 3 Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛde sɛ okunu na ɔbea nso yɛ nʼasɛde sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. 4 Ɔyere nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso de bi. Saa ara na okunu no nso nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom ɛyɛ ɔyere no nso de bi. 5 Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so bere tiaa bi a morebɔ mpae; na sɛ muwie mpaebɔ no a munhyia mu na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, efisɛ, muntumi nni mo ho so. 6 Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom mereka no sɛ mama mo ho kwan. 7 Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso obiara wɔ ɔdom akyɛde sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Oyi wɔ nʼakyɛde na ɔfoforo nso wɔ nʼakyɛde. 8 Afei asɛm a mereka akyerɛ asigyafo ne akunafo ne sɛ: Eye sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛnea mete hɔ yi. 9 Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Eye sɛ mobɛware sen sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometew. 10 Mo awarefo nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a emfi me na efi Awurade nkyɛn se: Ɛnsɛ sɛ ɔbea gyaa ne kunu. 11 Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere. 12 Mo a moaka no meka kyerɛ mo, efi mʼankasa na emfi Awurade, sɛ Okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ Okristoni na ɔbea no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no. 13 Saa ara nso na sɛ Okristoni bea wɔ okunu a ɔnyɛ Okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbea no gyaa no. 14 Esiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ Okristoni de ne ho abɔ ɔbea no nti, Onyankopɔn begye no na ɔbea a ɔnyɛ Okristoni no nso, esiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no nti, Onyankopɔn bɛtew ne ho. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfo mma nanso sɛnea ɛte yi de, wɔbɛyɛ kronkron. 15 Na sɛ nso wɔn mu nea ɔnyɛ Okristoni no pɛ sɛ ɔtew ne ho fi Okristoni no ho a, momma no kwan. Sɛ ɛba saa a, Okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoe mu. 16 Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa? 17 Mo mu biara ntena ase wɔ tebea a Awurade de ama no no, sɛnea na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no mu. Eyi ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu. 18 Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnne biara. Sɛ ɔbarima nso a ontwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ otwa twetia. 19 Efisɛ sɛ obi atwa twetia na ɔfoforo nso ntwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne sɛ wubedi Onyankopɔn mmara so. 20 Sɛnea obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena mu saa ara. 21 Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ akoa ana? Mma ɛno nhaw wo na sɛ wowɔ ɔkwan bi a wubetumi afa so ade wo ho a, fa so. 22 Efisɛ akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade nipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa. 23 Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno nti monnyɛ nkoa mma nnipa. 24 Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛnea na mote ansa na wɔrefrɛ mo no. 25 Nea ɛfa asigyafo ho nso no ni: Minnyaa ɔhyɛ nsɛm biara mfii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te sɛ obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti wɔagye me ato mu. 26 Wudwen mprempren ɔhaw yi ho a, misusuw sɛ eye sɛ onipa tena ase sɛnea ɔte biara. 27 Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree ana? Sɛ wonwaree a nhwehwɛ ɔyere. 28 Nanso sɛ woware a wonyɛɛ bɔne ɛ. Sɛ ɔbabun ware a ɔnyɛɛ bɔne ɛ. Nanso esiane ɔhaw a saa aware no de ba nti, na anka mepɛ sɛ mobɛkwati saa ɔhaw no. 29 Nea mekyerɛ ne sɛ, anuanom, bere a aka no sua. Efi saa bere yi ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛnea wɔnwaree da; 30 wɔn a wosu yɛ sɛnea wɔn werɛ nhowee; wɔn a wɔserew yɛ sɛnea wonni anigye; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛnea nea wɔtɔe no nyɛ wɔn de; 31 wɔn a wɔde wiase abɔ wɔn bo yɛ sɛnea wonhuu bi da. Na sɛnea wiase yi te mprempren yi renyɛ saa nkyɛ. 32 Mempɛ sɛ biribiara haw mo. Ɔbarima a ɔnwaree no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; efisɛ ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no; 33 nanso ɔbarima warefo de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani, 34 enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbabun de ne ho ma Awurade adwuma wɔ ɔhonam ne honhom fam; nanso ɔbea a waware no de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani. 35 Mereka saa asɛm yi, efisɛ mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom mepɛ sɛ moyɛ nea eye na ɛteɛ na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma. 36 Sɛ ɛhaw ɔbarima bi a ɔne ɔbea ahyehyɛ aware sɛ ontumi nyɛ nʼasɛde, na sɛ ɔbarima no ntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so nti ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔware sɛnea ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni eyi ho. 37 Nanso eye mmom sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so na wasi nʼadwene pi sɛ ɔrenware. 38 Eye sɛ ɔbarima ware de, nanso sɛ anka wanware koraa a na eye. 39 Sɛ ɔbea warefo kunu te ase a, ɔnne ne ho; na sɛ ne kunu no wu de a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware ɔfoforo a ɔpɛ; nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristo aware. 40 Na sɛ otumi tena ase sɛnea ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yiye. Mʼadwene ni, na migye di sɛ me nso mewɔ Onyame Honhom.

In Other Versions

1 Corinthians 7 in the ANGEFD

1 Corinthians 7 in the ANTPNG2D

1 Corinthians 7 in the AS21

1 Corinthians 7 in the BAGH

1 Corinthians 7 in the BBPNG

1 Corinthians 7 in the BBT1E

1 Corinthians 7 in the BDS

1 Corinthians 7 in the BEV

1 Corinthians 7 in the BHAD

1 Corinthians 7 in the BIB

1 Corinthians 7 in the BLPT

1 Corinthians 7 in the BNT

1 Corinthians 7 in the BNTABOOT

1 Corinthians 7 in the BNTLV

1 Corinthians 7 in the BOATCB

1 Corinthians 7 in the BOBCV

1 Corinthians 7 in the BOCNT

1 Corinthians 7 in the BOECS

1 Corinthians 7 in the BOGWICC

1 Corinthians 7 in the BOHCB

1 Corinthians 7 in the BOHCV

1 Corinthians 7 in the BOHLNT

1 Corinthians 7 in the BOHNTLTAL

1 Corinthians 7 in the BOICB

1 Corinthians 7 in the BOILNTAP

1 Corinthians 7 in the BOITCV

1 Corinthians 7 in the BOKCV

1 Corinthians 7 in the BOKCV2

1 Corinthians 7 in the BOKHWOG

1 Corinthians 7 in the BOKSSV

1 Corinthians 7 in the BOLCB

1 Corinthians 7 in the BOLCB2

1 Corinthians 7 in the BOMCV

1 Corinthians 7 in the BONAV

1 Corinthians 7 in the BONCB

1 Corinthians 7 in the BONLT

1 Corinthians 7 in the BONUT2

1 Corinthians 7 in the BOPLNT

1 Corinthians 7 in the BOSCB

1 Corinthians 7 in the BOSNC

1 Corinthians 7 in the BOTLNT

1 Corinthians 7 in the BOVCB

1 Corinthians 7 in the BOYCB

1 Corinthians 7 in the BPBB

1 Corinthians 7 in the BPH

1 Corinthians 7 in the BSB

1 Corinthians 7 in the CCB

1 Corinthians 7 in the CUV

1 Corinthians 7 in the CUVS

1 Corinthians 7 in the DBT

1 Corinthians 7 in the DGDNT

1 Corinthians 7 in the DHNT

1 Corinthians 7 in the DNT

1 Corinthians 7 in the ELBE

1 Corinthians 7 in the EMTV

1 Corinthians 7 in the ESV

1 Corinthians 7 in the FBV

1 Corinthians 7 in the FEB

1 Corinthians 7 in the GGMNT

1 Corinthians 7 in the GNT

1 Corinthians 7 in the HARY

1 Corinthians 7 in the HNT

1 Corinthians 7 in the IRVA

1 Corinthians 7 in the IRVB

1 Corinthians 7 in the IRVG

1 Corinthians 7 in the IRVH

1 Corinthians 7 in the IRVK

1 Corinthians 7 in the IRVM

1 Corinthians 7 in the IRVM2

1 Corinthians 7 in the IRVO

1 Corinthians 7 in the IRVP

1 Corinthians 7 in the IRVT

1 Corinthians 7 in the IRVT2

1 Corinthians 7 in the IRVU

1 Corinthians 7 in the ISVN

1 Corinthians 7 in the JSNT

1 Corinthians 7 in the KAPI

1 Corinthians 7 in the KBT1ETNIK

1 Corinthians 7 in the KBV

1 Corinthians 7 in the KJV

1 Corinthians 7 in the KNFD

1 Corinthians 7 in the LBA

1 Corinthians 7 in the LBLA

1 Corinthians 7 in the LNT

1 Corinthians 7 in the LSV

1 Corinthians 7 in the MAAL

1 Corinthians 7 in the MBV

1 Corinthians 7 in the MBV2

1 Corinthians 7 in the MHNT

1 Corinthians 7 in the MKNFD

1 Corinthians 7 in the MNG

1 Corinthians 7 in the MNT

1 Corinthians 7 in the MNT2

1 Corinthians 7 in the MRS1T

1 Corinthians 7 in the NAA

1 Corinthians 7 in the NASB

1 Corinthians 7 in the NBLA

1 Corinthians 7 in the NBS

1 Corinthians 7 in the NBVTP

1 Corinthians 7 in the NET2

1 Corinthians 7 in the NIV11

1 Corinthians 7 in the NNT

1 Corinthians 7 in the NNT2

1 Corinthians 7 in the NNT3

1 Corinthians 7 in the PDDPT

1 Corinthians 7 in the PFNT

1 Corinthians 7 in the RMNT

1 Corinthians 7 in the SBIAS

1 Corinthians 7 in the SBIBS

1 Corinthians 7 in the SBIBS2

1 Corinthians 7 in the SBICS

1 Corinthians 7 in the SBIDS

1 Corinthians 7 in the SBIGS

1 Corinthians 7 in the SBIHS

1 Corinthians 7 in the SBIIS

1 Corinthians 7 in the SBIIS2

1 Corinthians 7 in the SBIIS3

1 Corinthians 7 in the SBIKS

1 Corinthians 7 in the SBIKS2

1 Corinthians 7 in the SBIMS

1 Corinthians 7 in the SBIOS

1 Corinthians 7 in the SBIPS

1 Corinthians 7 in the SBISS

1 Corinthians 7 in the SBITS

1 Corinthians 7 in the SBITS2

1 Corinthians 7 in the SBITS3

1 Corinthians 7 in the SBITS4

1 Corinthians 7 in the SBIUS

1 Corinthians 7 in the SBIVS

1 Corinthians 7 in the SBT

1 Corinthians 7 in the SBT1E

1 Corinthians 7 in the SCHL

1 Corinthians 7 in the SNT

1 Corinthians 7 in the SUSU

1 Corinthians 7 in the SUSU2

1 Corinthians 7 in the SYNO

1 Corinthians 7 in the TBIAOTANT

1 Corinthians 7 in the TBT1E

1 Corinthians 7 in the TBT1E2

1 Corinthians 7 in the TFTIP

1 Corinthians 7 in the TFTU

1 Corinthians 7 in the TGNTATF3T

1 Corinthians 7 in the THAI

1 Corinthians 7 in the TNFD

1 Corinthians 7 in the TNT

1 Corinthians 7 in the TNTIK

1 Corinthians 7 in the TNTIL

1 Corinthians 7 in the TNTIN

1 Corinthians 7 in the TNTIP

1 Corinthians 7 in the TNTIZ

1 Corinthians 7 in the TOMA

1 Corinthians 7 in the TTENT

1 Corinthians 7 in the UBG

1 Corinthians 7 in the UGV

1 Corinthians 7 in the UGV2

1 Corinthians 7 in the UGV3

1 Corinthians 7 in the VBL

1 Corinthians 7 in the VDCC

1 Corinthians 7 in the YALU

1 Corinthians 7 in the YAPE

1 Corinthians 7 in the YBVTP

1 Corinthians 7 in the ZBP