1 Samuel 1 (BOATCB2)
1 Na ɔbarima bi fi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nena nso. Na wofi Tohu fi, a ɛwɔ Suf abusua mu. 2 Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana de, na onni ba. 3 Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafo kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔre ma Asafo AWURADE wɔ AWURADE fi. Na Eli mmabarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ AWURADE asɔfo wɔ hɔ saa bere no. 4 Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔre no, ɔde nam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara. 5 Nanso Hana de, na ne kyɛfa yɛ sononko, efisɛ na ɔdɔ no yiye. 6 Nanso na AWURADE ato nʼawode mu nti, na Penina di ne ho fɛw. 7 Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Bere biara a wɔbɛkɔ AWURADE fi no, Penina bɔ Hana akutia. Na eyi ma Hana su na onnidi mpo. 8 Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no se, “Hana, adɛn na woresu? Adɛn nti na wunnidi? Adɛn nti na wo werɛ ahow? So mensom bo mma wo nsen sɛ anka wowɔ mmabarima du mpo?” 9 Da koro bi a na wɔwɔ Silo no, Hana fii adi anwummere bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ AWURADE fi akɔbɔ mpae. Na ɔsɔfo Eli te baabi a ɔtena daa wɔ AWURADE fi pon ano hɔ. 10 Hana fi awerɛhow a ano yɛ den mu sui, bere a na ɔrebɔ AWURADE mpae. 11 Na ɔhyɛɛ bɔ se, “Ao Asafo AWURADE, sɛ wobɛhwɛ wo somfo awerɛhowdi so, na woatie me mpaebɔ ama me ɔbabarima a, ɛno de mede no bɛsan ama wo. Ne nna a obedi nyinaa ɔbɛyɛ wo de. Nea ɛbɛyɛ adansedi sɛ wɔde no ama AWURADE ne sɛ wɔremfa oyiwan nka ne ti da.” 12 Ogu so rebɔ mpae no, na Eli hwɛ no. 13 Ohuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuw sɛ wanom nsa. 14 Obisaa no se, “Ɛsɛ sɛ woba ha bere a woabow nsa ana? Ma wʼani nna hɔ!” 15 Na Hana buae se, “Dabi, me wura, memmow nsa, na mmom, me werɛ na ahow nti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ AWURADE. 16 Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbea omumɔyɛfo. Na anibere ne awerɛhow so na merebɔ mpae.” 17 Eli buae se, “Fa asomdwoe kɔ! Israel Nyankopɔn nyɛ wʼabisade mma wo.” 18 Hana teɛ mu se, “Ma wʼafenaa nya wʼanim anuonyam a, awura” Ɔsan kɔ kodidii, na wanni awerɛhow bio. 19 Ade kyee anɔpahema no, ofi no mu nnipa sɔre kɔsom AWURADE bio. Afei, wɔsan kɔɔ Rama. Bere a Elkana de ne ho kaa Hana no, AWURADE kaee Hana adebisa no, 20 na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no din Samuel na ɔkae se, “Mibisaa no fii AWURADE nkyɛn.” 21 Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ afirihyia afɔre ama AWURADE. 22 Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu se, “Sɛ abofra no twa nufu a, mede no bɛkɔ AWURADE fi na makogyaw no wɔ hɔ ama AWURADE afebɔɔ.” 23 Elkana kae se, “Nea wugye di sɛ eye ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa; na AWURADE mmoa wo mma wunni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbea no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no. 24 Otwaa no nufu wiei no, ɔde no kɔɔ AWURADE asɔre fi wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfe abiɛsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra bae. 25 Wɔde nantwinini no bɔɔ afɔre wiee no, wɔde abofra no brɛɛ Eli. 26 Hana kae se, “Owura mesrɛ wo. Sɛ wote ase yi, mene ɔbea a obegyinaa wo ho bɔɔ AWURADE mpae no. 27 Mebɔɔ saa abofra yi ho mpae, na AWURADE ayɛ mʼabisade ama me. 28 Enti mprempren, mede abofra yi rema AWURADE. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ AWURADE dea.” Na ɔsom AWURADE wɔ hɔ.
In Other Versions
1 Samuel 1 in the ANGEFD
1 Samuel 1 in the ANTPNG2D
1 Samuel 1 in the AS21
1 Samuel 1 in the BAGH
1 Samuel 1 in the BBPNG
1 Samuel 1 in the BBT1E
1 Samuel 1 in the BDS
1 Samuel 1 in the BEV
1 Samuel 1 in the BHAD
1 Samuel 1 in the BIB
1 Samuel 1 in the BLPT
1 Samuel 1 in the BNT
1 Samuel 1 in the BNTABOOT
1 Samuel 1 in the BNTLV
1 Samuel 1 in the BOATCB
1 Samuel 1 in the BOBCV
1 Samuel 1 in the BOCNT
1 Samuel 1 in the BOECS
1 Samuel 1 in the BOGWICC
1 Samuel 1 in the BOHCB
1 Samuel 1 in the BOHCV
1 Samuel 1 in the BOHLNT
1 Samuel 1 in the BOHNTLTAL
1 Samuel 1 in the BOICB
1 Samuel 1 in the BOILNTAP
1 Samuel 1 in the BOITCV
1 Samuel 1 in the BOKCV
1 Samuel 1 in the BOKCV2
1 Samuel 1 in the BOKHWOG
1 Samuel 1 in the BOKSSV
1 Samuel 1 in the BOLCB
1 Samuel 1 in the BOLCB2
1 Samuel 1 in the BOMCV
1 Samuel 1 in the BONAV
1 Samuel 1 in the BONCB
1 Samuel 1 in the BONLT
1 Samuel 1 in the BONUT2
1 Samuel 1 in the BOPLNT
1 Samuel 1 in the BOSCB
1 Samuel 1 in the BOSNC
1 Samuel 1 in the BOTLNT
1 Samuel 1 in the BOVCB
1 Samuel 1 in the BOYCB
1 Samuel 1 in the BPBB
1 Samuel 1 in the BPH
1 Samuel 1 in the BSB
1 Samuel 1 in the CCB
1 Samuel 1 in the CUV
1 Samuel 1 in the CUVS
1 Samuel 1 in the DBT
1 Samuel 1 in the DGDNT
1 Samuel 1 in the DHNT
1 Samuel 1 in the DNT
1 Samuel 1 in the ELBE
1 Samuel 1 in the EMTV
1 Samuel 1 in the ESV
1 Samuel 1 in the FBV
1 Samuel 1 in the FEB
1 Samuel 1 in the GGMNT
1 Samuel 1 in the GNT
1 Samuel 1 in the HARY
1 Samuel 1 in the HNT
1 Samuel 1 in the IRVA
1 Samuel 1 in the IRVB
1 Samuel 1 in the IRVG
1 Samuel 1 in the IRVH
1 Samuel 1 in the IRVK
1 Samuel 1 in the IRVM
1 Samuel 1 in the IRVM2
1 Samuel 1 in the IRVO
1 Samuel 1 in the IRVP
1 Samuel 1 in the IRVT
1 Samuel 1 in the IRVT2
1 Samuel 1 in the IRVU
1 Samuel 1 in the ISVN
1 Samuel 1 in the JSNT
1 Samuel 1 in the KAPI
1 Samuel 1 in the KBT1ETNIK
1 Samuel 1 in the KBV
1 Samuel 1 in the KJV
1 Samuel 1 in the KNFD
1 Samuel 1 in the LBA
1 Samuel 1 in the LBLA
1 Samuel 1 in the LNT
1 Samuel 1 in the LSV
1 Samuel 1 in the MAAL
1 Samuel 1 in the MBV
1 Samuel 1 in the MBV2
1 Samuel 1 in the MHNT
1 Samuel 1 in the MKNFD
1 Samuel 1 in the MNG
1 Samuel 1 in the MNT
1 Samuel 1 in the MNT2
1 Samuel 1 in the MRS1T
1 Samuel 1 in the NAA
1 Samuel 1 in the NASB
1 Samuel 1 in the NBLA
1 Samuel 1 in the NBS
1 Samuel 1 in the NBVTP
1 Samuel 1 in the NET2
1 Samuel 1 in the NIV11
1 Samuel 1 in the NNT
1 Samuel 1 in the NNT2
1 Samuel 1 in the NNT3
1 Samuel 1 in the PDDPT
1 Samuel 1 in the PFNT
1 Samuel 1 in the RMNT
1 Samuel 1 in the SBIAS
1 Samuel 1 in the SBIBS
1 Samuel 1 in the SBIBS2
1 Samuel 1 in the SBICS
1 Samuel 1 in the SBIDS
1 Samuel 1 in the SBIGS
1 Samuel 1 in the SBIHS
1 Samuel 1 in the SBIIS
1 Samuel 1 in the SBIIS2
1 Samuel 1 in the SBIIS3
1 Samuel 1 in the SBIKS
1 Samuel 1 in the SBIKS2
1 Samuel 1 in the SBIMS
1 Samuel 1 in the SBIOS
1 Samuel 1 in the SBIPS
1 Samuel 1 in the SBISS
1 Samuel 1 in the SBITS
1 Samuel 1 in the SBITS2
1 Samuel 1 in the SBITS3
1 Samuel 1 in the SBITS4
1 Samuel 1 in the SBIUS
1 Samuel 1 in the SBIVS
1 Samuel 1 in the SBT
1 Samuel 1 in the SBT1E
1 Samuel 1 in the SCHL
1 Samuel 1 in the SNT
1 Samuel 1 in the SUSU
1 Samuel 1 in the SUSU2
1 Samuel 1 in the SYNO
1 Samuel 1 in the TBIAOTANT
1 Samuel 1 in the TBT1E
1 Samuel 1 in the TBT1E2
1 Samuel 1 in the TFTIP
1 Samuel 1 in the TFTU
1 Samuel 1 in the TGNTATF3T
1 Samuel 1 in the THAI
1 Samuel 1 in the TNFD
1 Samuel 1 in the TNT
1 Samuel 1 in the TNTIK
1 Samuel 1 in the TNTIL
1 Samuel 1 in the TNTIN
1 Samuel 1 in the TNTIP
1 Samuel 1 in the TNTIZ
1 Samuel 1 in the TOMA
1 Samuel 1 in the TTENT
1 Samuel 1 in the UBG
1 Samuel 1 in the UGV
1 Samuel 1 in the UGV2
1 Samuel 1 in the UGV3
1 Samuel 1 in the VBL
1 Samuel 1 in the VDCC
1 Samuel 1 in the YALU
1 Samuel 1 in the YAPE
1 Samuel 1 in the YBVTP
1 Samuel 1 in the ZBP