1 Samuel 17 (BOATCB2)

1 Afei, Filistifo boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree nsraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim. 2 Saulo yɛɛ saa ara, boaboaa ne dɔm ano wɔ baabi a ɛbɛn Ela bon. 3 Filistifo faa bepɔw baako, na Israelfo no nso faa baako a obon no da wɔn ntam. 4 Ɔbarima tenten hoɔdenfo bi a ne din de Goliat a ofi Gat no pue fii Filistifo no nsraban mu bae. Na ne tenten bɛboro anammɔn akron. 5 Na ɔhyɛ kɔbere kyɛw, hyɛ kɔbere akotade a akode bobɔ mu, na emu duru yɛ kilogram aduonum ason. 6 Na nʼanan nso, kɔbere nkatanan kata ho na kɔbere peaw nso sɛn nʼakyi. 7 Na ne peaw ano dade no te sɛ ntamanwemfo nsadua mu abaa, na ano dade no kari dwetɛ kilogram ason. Na ne nkatabokurafo di nʼanim. 8 Goliat begyinaa hɔ teɛɛ mu guu Israelfo no so se, “Asraafo yi nyinaa na morebɛko ana? Munyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mesi Filistifo anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka! 9 Sɛ mo nipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mikum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.” 10 Filistini no kae se, “Memmfa Israel asraafo nyɛ hwee, momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.” 11 Bere a Saulo ne Israelfo tee eyi no wɔbɔɔ huboa na wɔn ho popoe. 12 Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ofi Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmabarima baawɔtwe, na Saulo bere so no, na wabɔ akwakoraa a ne mfe a wadi no kɔ anim yiye. 13 Na Yisai mmabarima mpanyimfo baasa na wodii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyi ba din de Abinadab, na nea ɔto so abiɛsa no din de Sama. 14 Dawid de, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanyimfo baasa no na wodii Saulo akyi, 15 nanso na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nguan wɔ Betlehem nso. 16 Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfo asraafo nʼanim anɔpa ne anwummere, saa ara adaduanan. 17 Da koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa nkyewe lita aduonu abien yi ne brodo mua du yi kɔma wo nuabarimanom. 18 Na fa kyiisi du a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛnea wo nuabarimanom no ho te, na gye krataa fi wɔn nkyɛn brɛ me. 19 Na Dawid nuanom ne Israel asraafo no wɔ Ela bon no mu a wɔreko atia Filistifo.” 20 Ade kyee anɔpa no, Dawid gyaw nguan no maa oguanhwɛfo bi na ɔfaa akyɛde no kɔe. Oduu nsraban mu hɔ bere a na asraafo no rekɔ mpasua ahorow no so. Wɔrekɔ no, na wɔreto asafonnwom reteɛteɛ mu. 21 Na Israel ne Filistifo no rebɛn a wodi nhwɛanim. 22 Dawid gyaw ne nneɛma maa akode sohwɛfo no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kokyia ne nuanom. 23 Bere a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfo Goliat a ofi Gat, fii Filistifo asraafo no mu teɛteɛɛ mu ahantan so kyerɛɛ Israel asraafo no. 24 Bere a Israelfo no huu ɔbarima no, wɔn nyinaa de ehu guan kɔe. 25 Afei, na Israelfo keka wɔ wɔn mu se, “Woahu ɔbran no? Ɔba bɛkasa tia Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a obetumi akum no no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babea bɛma no aware, na ne fifo nso, ɔhene remma wontua tow biara a wogye no Israelman mu.” 26 Dawid bisaa mmarima a wogyina ne ho no se, “Dɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a obekum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguase yi afi Israel so? Hena ne saa Filistini bosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ogu Onyankopɔn Teasefo asraafo anim ase?” 27 Wotii asɛm a wɔaka dedaw no mu kyerɛɛ no se, “Nea woate dedaw no yɛ nokware. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a obekum ɔbran no.” 28 Bere a Dawid nuapanyin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuw no, na obisae se, “Adɛn nti na woaba ha? Na nguan kakra a wɔwɔ sare so no, wode wɔn gyaw hena? Minim sɛnea wogye wo ho di ne sɛnea wo komapirim te. Ɔko yi hwɛ ara nti na wobae.” 29 Dawid bisae se, “Mayɛ dɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?” 30 Afei, ɔdan ne ho ne afoforo kɔkasae. Ɔde asɛm koro no ara bae, na mmarima no buaa no sɛnea wɔaka dedaw no. 31 Asɛm a Dawid kaa no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no. 32 Dawid ka kyerɛɛ Saulo se, “Mma hwee nhaw wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.” 33 Saulo buaa Dawid se, “Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa, nanso ɔno de, ɔyɛ ɔkofo fi ne mmofraase.” 34 Na Dawid ka tii mu se, “Mahwɛ mʼagya nguan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere oguan ba bi afi nguankuw no mu a, 35 mede abaa poriwa di nʼakyi gye aboa no fi nʼanom. Na sɛ aboa no dan nʼani ba me hɔ a, miso nʼabogye, kyere no, de abaa poriwa no bɔ no, kum no. 36 Mayɛ saa akum gyata ne sisi, na saa na mɛyɛ Filistini bosonsomni no nso, efisɛ wagu Onyankopɔn Teasefo asraafo ho fi. 37 AWURADE a ogyee me fii gyata ne sisi awerɛw ano no, ɔno ara na obegye me afi Filistini yi nsam.”Saulo penee so kae se, “Eye, kɔ. AWURADE nka wo ho.” 38 Afei, Saulo de ɔno ankasa akode maa Dawid. Ɔde kɔbere kyɛw ne akotade kaa ho. 39 Dawid hyɛe, de afoa kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ abien, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛnea ɛte, efisɛ na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da.Afei, ɔkae se, “Merentumi mfa eyinom nhyehyɛ me ho nkɔ, efisɛ menhyɛɛ bi saa da.” Enti ɔworɔw ne nyinaa guu hɔ. 40 Ɔfaa kokwabo anum fii asuwa bi mu, de guu ne nguanhwɛfo kotoku mu. Ɔfaa ne nguanhwɛfo pema ne nʼahwimmo nko ara. Afei, osii kwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko. 41 Goliat twiw pinii Dawid a ne nkatabokurafo di nʼanim. 42 Goliat huu Dawid no, obuu no abomfiaa. 43 Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid se, “Meyɛ ɔkraman na wode pema aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid. 44 Goliat kae se, “Bra mʼanim ha, na mede wo nam bɛma nnomaa ne nkekaboa.” 45 Dawid ka kyerɛɛ Filistini no se, “Wode afoa, peaw ne bɛmma na ɛreba me so, na me de, mede Asafo AWURADE, Israel asraafo Nyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so. 46 Nnɛ, AWURADE bedi wo so nkonim, na mekum wo, atwa wo ti. Na mede Filistifo asraafo no afunu mama nnomaa ne nkekaboa, na wiase nyinaa behu sɛ, Onyankopɔn bi wɔ Israel! 47 Na obiara behu sɛ, Onyankopɔn mfa akode na egye ne nkurɔfo. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. AWURADE de wo bɛma yɛn!” 48 Goliat yɛɛ sɛ ɔreba Dawid so no, ntɛm ara, na Dawid nso tuu mmirika kohyiaa no. 49 Ɔde ne nsa hyɛɛ nguanhwɛfo kotoku no mu, yii kokwabo baako de hyɛɛ nʼahwimmo no mu tow ma ɛkɔbɔɔ Filistini no moma so. Kokwabo no wuraa Goliat tirim ma obu hwee, maa nʼanim kobutuw fam. 50 Enti Dawid de ahwimmo ne kokwabo baako dii Filistini ɔkwabran no so. 51 Dawid tuu mmirika kɔɔ Filistini no so kɔtwee nʼafoa fii ne boha mu. Dawid de afoa no kum no twaa ne ti.Bere a Filistifo huu sɛ wɔn kwabran no awu no, wɔtetew san wɔn akyi, guanee. 52 Afei, Israelfo no bɔɔ ose kɛse nkonimdi so, taa Filistifo no ara koduu Gat ne Ekron apon ano. Na Filistifo a wɔawuwu no afunu ne apirafo no gugu ɔkwan so, de fi Saaraim de koduu Gat ne Ekron. 53 Afei, Israelfo asraafo san wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifo nsraban a wɔaguan afi hɔ no mu faa wɔn nneɛma. 54 Dawid faa Goliat ti de kɔɔ Yerusalem, na ɔkoraa Filistini no akode wɔ ɔno ankasa ne ntamadan mu. 55 Bere a Saulo huu Dawid sɛ ɔrekɔ Goliat anim no, obisaa Abner a na ɔyɛ nʼakofo sahene se, “Abner, hena ba ne saa aberante yi?”Abner buae se, “Nokware ni, minnim.” 56 Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ a, bisa.” 57 Dawid kum Goliat akyi no, Abner de no brɛɛ Saulo a na ɔda so kita Filistini no ti no. 58 Saulo ka kyerɛɛ no se, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.”Na Dawid buae se, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.”

In Other Versions

1 Samuel 17 in the ANGEFD

1 Samuel 17 in the ANTPNG2D

1 Samuel 17 in the AS21

1 Samuel 17 in the BAGH

1 Samuel 17 in the BBPNG

1 Samuel 17 in the BBT1E

1 Samuel 17 in the BDS

1 Samuel 17 in the BEV

1 Samuel 17 in the BHAD

1 Samuel 17 in the BIB

1 Samuel 17 in the BLPT

1 Samuel 17 in the BNT

1 Samuel 17 in the BNTABOOT

1 Samuel 17 in the BNTLV

1 Samuel 17 in the BOATCB

1 Samuel 17 in the BOBCV

1 Samuel 17 in the BOCNT

1 Samuel 17 in the BOECS

1 Samuel 17 in the BOGWICC

1 Samuel 17 in the BOHCB

1 Samuel 17 in the BOHCV

1 Samuel 17 in the BOHLNT

1 Samuel 17 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 17 in the BOICB

1 Samuel 17 in the BOILNTAP

1 Samuel 17 in the BOITCV

1 Samuel 17 in the BOKCV

1 Samuel 17 in the BOKCV2

1 Samuel 17 in the BOKHWOG

1 Samuel 17 in the BOKSSV

1 Samuel 17 in the BOLCB

1 Samuel 17 in the BOLCB2

1 Samuel 17 in the BOMCV

1 Samuel 17 in the BONAV

1 Samuel 17 in the BONCB

1 Samuel 17 in the BONLT

1 Samuel 17 in the BONUT2

1 Samuel 17 in the BOPLNT

1 Samuel 17 in the BOSCB

1 Samuel 17 in the BOSNC

1 Samuel 17 in the BOTLNT

1 Samuel 17 in the BOVCB

1 Samuel 17 in the BOYCB

1 Samuel 17 in the BPBB

1 Samuel 17 in the BPH

1 Samuel 17 in the BSB

1 Samuel 17 in the CCB

1 Samuel 17 in the CUV

1 Samuel 17 in the CUVS

1 Samuel 17 in the DBT

1 Samuel 17 in the DGDNT

1 Samuel 17 in the DHNT

1 Samuel 17 in the DNT

1 Samuel 17 in the ELBE

1 Samuel 17 in the EMTV

1 Samuel 17 in the ESV

1 Samuel 17 in the FBV

1 Samuel 17 in the FEB

1 Samuel 17 in the GGMNT

1 Samuel 17 in the GNT

1 Samuel 17 in the HARY

1 Samuel 17 in the HNT

1 Samuel 17 in the IRVA

1 Samuel 17 in the IRVB

1 Samuel 17 in the IRVG

1 Samuel 17 in the IRVH

1 Samuel 17 in the IRVK

1 Samuel 17 in the IRVM

1 Samuel 17 in the IRVM2

1 Samuel 17 in the IRVO

1 Samuel 17 in the IRVP

1 Samuel 17 in the IRVT

1 Samuel 17 in the IRVT2

1 Samuel 17 in the IRVU

1 Samuel 17 in the ISVN

1 Samuel 17 in the JSNT

1 Samuel 17 in the KAPI

1 Samuel 17 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 17 in the KBV

1 Samuel 17 in the KJV

1 Samuel 17 in the KNFD

1 Samuel 17 in the LBA

1 Samuel 17 in the LBLA

1 Samuel 17 in the LNT

1 Samuel 17 in the LSV

1 Samuel 17 in the MAAL

1 Samuel 17 in the MBV

1 Samuel 17 in the MBV2

1 Samuel 17 in the MHNT

1 Samuel 17 in the MKNFD

1 Samuel 17 in the MNG

1 Samuel 17 in the MNT

1 Samuel 17 in the MNT2

1 Samuel 17 in the MRS1T

1 Samuel 17 in the NAA

1 Samuel 17 in the NASB

1 Samuel 17 in the NBLA

1 Samuel 17 in the NBS

1 Samuel 17 in the NBVTP

1 Samuel 17 in the NET2

1 Samuel 17 in the NIV11

1 Samuel 17 in the NNT

1 Samuel 17 in the NNT2

1 Samuel 17 in the NNT3

1 Samuel 17 in the PDDPT

1 Samuel 17 in the PFNT

1 Samuel 17 in the RMNT

1 Samuel 17 in the SBIAS

1 Samuel 17 in the SBIBS

1 Samuel 17 in the SBIBS2

1 Samuel 17 in the SBICS

1 Samuel 17 in the SBIDS

1 Samuel 17 in the SBIGS

1 Samuel 17 in the SBIHS

1 Samuel 17 in the SBIIS

1 Samuel 17 in the SBIIS2

1 Samuel 17 in the SBIIS3

1 Samuel 17 in the SBIKS

1 Samuel 17 in the SBIKS2

1 Samuel 17 in the SBIMS

1 Samuel 17 in the SBIOS

1 Samuel 17 in the SBIPS

1 Samuel 17 in the SBISS

1 Samuel 17 in the SBITS

1 Samuel 17 in the SBITS2

1 Samuel 17 in the SBITS3

1 Samuel 17 in the SBITS4

1 Samuel 17 in the SBIUS

1 Samuel 17 in the SBIVS

1 Samuel 17 in the SBT

1 Samuel 17 in the SBT1E

1 Samuel 17 in the SCHL

1 Samuel 17 in the SNT

1 Samuel 17 in the SUSU

1 Samuel 17 in the SUSU2

1 Samuel 17 in the SYNO

1 Samuel 17 in the TBIAOTANT

1 Samuel 17 in the TBT1E

1 Samuel 17 in the TBT1E2

1 Samuel 17 in the TFTIP

1 Samuel 17 in the TFTU

1 Samuel 17 in the TGNTATF3T

1 Samuel 17 in the THAI

1 Samuel 17 in the TNFD

1 Samuel 17 in the TNT

1 Samuel 17 in the TNTIK

1 Samuel 17 in the TNTIL

1 Samuel 17 in the TNTIN

1 Samuel 17 in the TNTIP

1 Samuel 17 in the TNTIZ

1 Samuel 17 in the TOMA

1 Samuel 17 in the TTENT

1 Samuel 17 in the UBG

1 Samuel 17 in the UGV

1 Samuel 17 in the UGV2

1 Samuel 17 in the UGV3

1 Samuel 17 in the VBL

1 Samuel 17 in the VDCC

1 Samuel 17 in the YALU

1 Samuel 17 in the YAPE

1 Samuel 17 in the YBVTP

1 Samuel 17 in the ZBP