2 Chronicles 20 (BOATCB2)

1 Eyi akyi no, Moabfo, Amonfo ne Maonfo asraafo bi tuu Yehosafat so sa. 2 Abɔfo bɛka kyerɛɛ Yehosafat se, “Asraafo bebree fi Nkyene Po no akyi wɔ Edom rebɛko atia wo. Wɔadu Hasason-Tamar” (En-Gedi din baako ne no). 3 Yehosafat tee saa asɛm no, ne ho yeraw no nti, obisaa AWURADE hɔ akwankyerɛ. Ɔhyɛɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yuda no nni abuada. 4 Na nnipa a wɔwɔ Yuda nkurow nyinaa so baa Yerusalem, bɛhwehwɛɛ AWURADE. 5 Na Yehosafat sɔre gyinaa Yudafo ne Yerusalemfo anim wɔ AWURADE Asɔredan no adiwo foforo hɔ. 6 Ɔbɔɔ mpae se,“AWURADE, yɛn agyanom Nyankopɔn, wo nko ne Onyankopɔn a wote ɔsoro. Wo na wudi ahenni a ɛwɔ asase nyinaa so. Woyɛ otumfo ne ɔkɛse a obiara ntumi ne wo nni asi. 7 Yɛn Nyankopɔn, bere a wo nkurɔfo bedui no, woampam wɔn a na wɔte asase yi so no ana? Na woamfa saa asase yi amma wʼadamfo Abraham asefo afebɔɔ ana? 8 Wo nkurɔfo tenaa ha sii saa Asɔredan yi maa wo. 9 Wɔkaa se, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, ɔyare anaa ɔkɔm bi to yɛn a, yebetumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din anuonyam no. Yebetumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wubetie yɛn, agye yɛn.’ 10 “Na afei, hwɛ nea Amonfo, Moabfo ne Seir asraafodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim bere a Israel fii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn. 11 Afei, hwɛ sɛnea wɔretua yɛn so ka. Wɔaba sɛ, wɔrebetu yɛn afi wʼasase a wode maa yɛn sɛ agyapade no so. 12 Yɛn Nyankopɔn, worensiw wɔn ano? Yenni ahoɔden sɛ asraafodɔm kɛse yi a wɔpɛ sɛ wɔbɛtow hyɛ yɛn so yi. Yenhu nea yɛnyɛ, na yɛhwɛ kwan sɛ wobɛboa yɛn.” 13 Bere a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkokoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina AWURADE anim no. 14 AWURADE Honhom baa mmarima a wogyinagyina hɔ no mu baako so. Na ne din de Yahasiel a ɔyɛ Sakaria babarima a ɔno nso yɛ Benaia babarima, na ɔno nso yɛ Yeiel babarima, na ɔno nso yɛ Lewini Matania, a ɔyɛ Asaf aseni no babarima. 15 Ɔkae se, “Ɔhene Yehosafat, tie! Mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa, muntie! Sɛnea AWURADE se ni: Munnsuro. Mommma asraafodɔm kɛse ntu mo koma, efisɛ ɔko no nyɛ mo dea, na ɛyɛ Onyankopɔn dea. 16 Ɔkyena, muntu nten nkɔ wɔn so. Mubehu sɛ wofi Sis atrapoe a ɛwɔ obon no fa a epue Yeruel sare no so hɔ reba. 17 Na ɛho nhia mpo sɛ mobɛko. Munnyinagyina mo afa, monyɛ dinn na monhwɛ AWURADE nkonimdi. Ɔka mo ho, Yuda ne Yerusalem manfo. Munnsuro, na mommma mo koma ntu. Ɔkyena, monkɔ hɔ, na AWURADE ka mo ho.” 18 Na ɔhene Yehosafat sii ne ti ase, na Yuda ne Yerusalem manfo no nyinaa nso yɛɛ saa, de som AWURADE. 19 Na Lewifo a wofi Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyina teɛɛ mu dennen sɔree AWURADE, Israel Nyankopɔn. 20 Ade kyee nʼanɔpahema no, Yuda asraafo no kɔɔ Tekoa sare so. Bere a wɔrekɔ no, Yehosafat gyina kae se, “Muntie me, mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa. Munnye AWURADE, mo Nyankopɔn, nni na mubetumi agyina pintinn. Munnye nʼadiyifo no nni, na mubedi nkonim.” 21 Ɔhene no ne nnipa no ntuanofo dii nkitaho wiei no, oyii nnwontofo bi sɛ wonni asraafo no anim, nto dwom mma AWURADE, nkamfo no wɔ nʼanuonyam kronkron no nti. Dwom no mu nsɛm ni:“Monna AWURADE asena nʼadɔe wɔ hɔ daa!” 22 Bere a wɔpagyaw ayeyi dwom no, AWURADE maa Amon, Moab ne bepɔw Seir asraafo no twaa wɔn ho koe. 23 Moab ne Amon asraafo no dan wɔn ani kyerɛɛ mmarima a wofi bepɔw Seir so no, kunkum wɔn nyinaa. Wowiee Seir asraafo no, wotwaa wɔn ho koe. 24 Na Yuda asraafo no duu baabi a wogyina a wuhu sare no so no, wohuu sɛ afunu gugu fam kɔ akyiri. Atamfo no mu baako mpo antumi anguan. 25 Ɔhene Yehosafat ne nʼakofo no kɔtasee asade. Wonyaa adwumayɛ nneɛma, ntade ne nneɛma a ɛsom bo a wontumi nsoa. Na asade no dɔɔso enti wɔde nnansa na ɛtase ne nyinaa. 26 Nnaanan so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ Nhyira Bon mu. Wɔtoo obon no din saa da no, efisɛ ɛhɔ na nnipa no kamfoo AWURADE, daa no ase. Wɔda so frɛ no Nhyira Bon nnɛ yi. 27 Afei, Yehosafat dii wɔn anim ne wɔn san kɔɔ Yerusalem anigye so sɛ, AWURADE ama wɔadi wɔn atamfo so nkonim. 28 Wɔbɔɔ mmɛnta, asankuten ne ntorobɛnto tuu nten kɔhyɛn Yerusalem na wɔkɔɔ AWURADE Asɔredan no mu. 29 Bere a ahenni a atwa hɔ ahyia no tee sɛ AWURADE no ankasa ako atia Israel atamfo no, AWURADE ho suro baa wɔn so. 30 Na ɛmaa asomdwoe baa Yehosafat ahenni mu, efisɛ ne Nyankopɔn maa no ahomegye wɔ afanan nyinaa. 31 Na Yehosafat dii hene wɔ Yuda asase so. Bere a odii hene no, na wadi mfe aduasa anum. Ɔtenaa Yerusalem dii hene mfe aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea. 32 Na Yehosafat yɛ ɔhene a oye. Ɔyɛɛ nea nʼagya Asa yɛe. Ɔyɛɛ nea ɛsɔ AWURADE ani. 33 Nanso nʼahenni mu no, wammubu abosonsomfo nsɔree so no, na ɔmanfo no nso amfa wɔn koma nyinaa amma wɔn agyanom Nyankopɔn no. 34 Yehosafat ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Hanani babarima Yehu nhoma a wɔde aka Israel Ahemfo nhoma no ho. 35 Nanso ɛrekɔ nʼasetena awiei no, ɔhene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ne tirim yɛ den no kaa wɔn ho bɔɔ mu. 36 Wɔyɛɛ Po so aguadi ahyɛn bebree wɔ Esion-Geber hyɛngyinabea. 37 Na Dodafahu babarima Elieser a ofi Maresa hyɛɛ nkɔm, de tiaa Yehosafat. Ɔkae se, “Esiane sɛ wo ne ɔhene Ahasia ayɛ baako nti, AWURADE bɛsɛe wʼadwuma.” Enti ahyɛn no bobɔe a wɔantumi amfa ankodi gua.

In Other Versions

2 Chronicles 20 in the ANGEFD

2 Chronicles 20 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 20 in the AS21

2 Chronicles 20 in the BAGH

2 Chronicles 20 in the BBPNG

2 Chronicles 20 in the BBT1E

2 Chronicles 20 in the BDS

2 Chronicles 20 in the BEV

2 Chronicles 20 in the BHAD

2 Chronicles 20 in the BIB

2 Chronicles 20 in the BLPT

2 Chronicles 20 in the BNT

2 Chronicles 20 in the BNTABOOT

2 Chronicles 20 in the BNTLV

2 Chronicles 20 in the BOATCB

2 Chronicles 20 in the BOBCV

2 Chronicles 20 in the BOCNT

2 Chronicles 20 in the BOECS

2 Chronicles 20 in the BOGWICC

2 Chronicles 20 in the BOHCB

2 Chronicles 20 in the BOHCV

2 Chronicles 20 in the BOHLNT

2 Chronicles 20 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 20 in the BOICB

2 Chronicles 20 in the BOILNTAP

2 Chronicles 20 in the BOITCV

2 Chronicles 20 in the BOKCV

2 Chronicles 20 in the BOKCV2

2 Chronicles 20 in the BOKHWOG

2 Chronicles 20 in the BOKSSV

2 Chronicles 20 in the BOLCB

2 Chronicles 20 in the BOLCB2

2 Chronicles 20 in the BOMCV

2 Chronicles 20 in the BONAV

2 Chronicles 20 in the BONCB

2 Chronicles 20 in the BONLT

2 Chronicles 20 in the BONUT2

2 Chronicles 20 in the BOPLNT

2 Chronicles 20 in the BOSCB

2 Chronicles 20 in the BOSNC

2 Chronicles 20 in the BOTLNT

2 Chronicles 20 in the BOVCB

2 Chronicles 20 in the BOYCB

2 Chronicles 20 in the BPBB

2 Chronicles 20 in the BPH

2 Chronicles 20 in the BSB

2 Chronicles 20 in the CCB

2 Chronicles 20 in the CUV

2 Chronicles 20 in the CUVS

2 Chronicles 20 in the DBT

2 Chronicles 20 in the DGDNT

2 Chronicles 20 in the DHNT

2 Chronicles 20 in the DNT

2 Chronicles 20 in the ELBE

2 Chronicles 20 in the EMTV

2 Chronicles 20 in the ESV

2 Chronicles 20 in the FBV

2 Chronicles 20 in the FEB

2 Chronicles 20 in the GGMNT

2 Chronicles 20 in the GNT

2 Chronicles 20 in the HARY

2 Chronicles 20 in the HNT

2 Chronicles 20 in the IRVA

2 Chronicles 20 in the IRVB

2 Chronicles 20 in the IRVG

2 Chronicles 20 in the IRVH

2 Chronicles 20 in the IRVK

2 Chronicles 20 in the IRVM

2 Chronicles 20 in the IRVM2

2 Chronicles 20 in the IRVO

2 Chronicles 20 in the IRVP

2 Chronicles 20 in the IRVT

2 Chronicles 20 in the IRVT2

2 Chronicles 20 in the IRVU

2 Chronicles 20 in the ISVN

2 Chronicles 20 in the JSNT

2 Chronicles 20 in the KAPI

2 Chronicles 20 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 20 in the KBV

2 Chronicles 20 in the KJV

2 Chronicles 20 in the KNFD

2 Chronicles 20 in the LBA

2 Chronicles 20 in the LBLA

2 Chronicles 20 in the LNT

2 Chronicles 20 in the LSV

2 Chronicles 20 in the MAAL

2 Chronicles 20 in the MBV

2 Chronicles 20 in the MBV2

2 Chronicles 20 in the MHNT

2 Chronicles 20 in the MKNFD

2 Chronicles 20 in the MNG

2 Chronicles 20 in the MNT

2 Chronicles 20 in the MNT2

2 Chronicles 20 in the MRS1T

2 Chronicles 20 in the NAA

2 Chronicles 20 in the NASB

2 Chronicles 20 in the NBLA

2 Chronicles 20 in the NBS

2 Chronicles 20 in the NBVTP

2 Chronicles 20 in the NET2

2 Chronicles 20 in the NIV11

2 Chronicles 20 in the NNT

2 Chronicles 20 in the NNT2

2 Chronicles 20 in the NNT3

2 Chronicles 20 in the PDDPT

2 Chronicles 20 in the PFNT

2 Chronicles 20 in the RMNT

2 Chronicles 20 in the SBIAS

2 Chronicles 20 in the SBIBS

2 Chronicles 20 in the SBIBS2

2 Chronicles 20 in the SBICS

2 Chronicles 20 in the SBIDS

2 Chronicles 20 in the SBIGS

2 Chronicles 20 in the SBIHS

2 Chronicles 20 in the SBIIS

2 Chronicles 20 in the SBIIS2

2 Chronicles 20 in the SBIIS3

2 Chronicles 20 in the SBIKS

2 Chronicles 20 in the SBIKS2

2 Chronicles 20 in the SBIMS

2 Chronicles 20 in the SBIOS

2 Chronicles 20 in the SBIPS

2 Chronicles 20 in the SBISS

2 Chronicles 20 in the SBITS

2 Chronicles 20 in the SBITS2

2 Chronicles 20 in the SBITS3

2 Chronicles 20 in the SBITS4

2 Chronicles 20 in the SBIUS

2 Chronicles 20 in the SBIVS

2 Chronicles 20 in the SBT

2 Chronicles 20 in the SBT1E

2 Chronicles 20 in the SCHL

2 Chronicles 20 in the SNT

2 Chronicles 20 in the SUSU

2 Chronicles 20 in the SUSU2

2 Chronicles 20 in the SYNO

2 Chronicles 20 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 20 in the TBT1E

2 Chronicles 20 in the TBT1E2

2 Chronicles 20 in the TFTIP

2 Chronicles 20 in the TFTU

2 Chronicles 20 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 20 in the THAI

2 Chronicles 20 in the TNFD

2 Chronicles 20 in the TNT

2 Chronicles 20 in the TNTIK

2 Chronicles 20 in the TNTIL

2 Chronicles 20 in the TNTIN

2 Chronicles 20 in the TNTIP

2 Chronicles 20 in the TNTIZ

2 Chronicles 20 in the TOMA

2 Chronicles 20 in the TTENT

2 Chronicles 20 in the UBG

2 Chronicles 20 in the UGV

2 Chronicles 20 in the UGV2

2 Chronicles 20 in the UGV3

2 Chronicles 20 in the VBL

2 Chronicles 20 in the VDCC

2 Chronicles 20 in the YALU

2 Chronicles 20 in the YAPE

2 Chronicles 20 in the YBVTP

2 Chronicles 20 in the ZBP