2 Kings 14 (BOATCB2)

1 Bere a Yoas babarima Amasia fii ase dii ade wɔ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi ade wɔ Israel mfe abien. 2 Amasia dii ade no, na wadi mfe aduonu anum, na odii ade wɔ Yerusalem mfe aduonu akron. Na wɔfrɛ ne na se Yehoadin a ofi Yerusalem. 3 Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ AWURADE ani so, nanso anto nea nʼagya Dawid yɛe. Ɔhwɛɛ nʼagya Yoas nhwɛso so. 4 Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. 5 Bere a Amasia tim wɔ nʼahenni mu yiye no, okunkum mmarima a wokum nʼagya a na ɔyɛ ɔhene no. 6 Nanso wɔn a wokunkum wɔn no mma de, wankum wɔn, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara Nhoma no mu no, ne sɛnea AWURADE ahyɛ no sɛ: Wonnkunkum agyanom, wɔn mma bɔne nti; na wonnkunkum mma, agyanom bɔne nti. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara wu wɔ ne bɔne ho. 7 Amasia na okunkum Edomfo mpem du wɔ Nkyene Bon no mu no. Ɔno ara nso na odii Sela so nkonim, na ɔtoo hɔ din Yokteel, din a wɔde frɛ hɔ de besi nnɛ no. 8 Da bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nena anim se, “Behyia me ma yɛnko.” 9 Na Israelhene Yoas buaa Yudahene Amasia se, “Nsɔe a ɛwɔ Lebanon mmepɔw so somaa abɔfo kɔɔ dutan sida nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, ‘Fa wo babea ma me babarima aware.’ Ɛhɔ ara na aboa bi fi wuram betiatiaa nsɔe no so sɛee no. 10 Nokware, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdi no, na tena wo fi. Adɛn nti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafo nyinaa so yi?” 11 Na Amasia antie nti, Israelhene Yoas boaboaa nʼakofo ano ne no kɔkoe. Asraafo dɔm abien no hyiaa mu koe wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. 12 Israel asraafo dii Yuda so nkonim, maa Yuda asraafo no bɔ hwetee, guan kɔɔ wɔn kurom. 13 Israelhene Yoas kyeree Yudahene, Yoas babarima Ahasia babarima Amasia wɔ Bet-Semes. Na Yoas bɔɔ nsra kɔɔ Yerusalem. Afei ɔhyɛɛ nʼakofo no ma wodwiriw Yerusalem fasu no, fi Efraim Pon no de kosii Twɔtwɔw so Pon no, a ne tenten bɛyɛ sɛ anammɔn ahansia no. 14 Ɔfaa sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne nnwinne nyinaa fii AWURADE asɔredan mu ne ahemfi adekoradan mu hɔ. Ɔfaa nnipa no nnommum, na ɔsan kɔɔ Samaria. 15 Yoas ahenni mu nsɛm nkae ne nea ne tumi kosii ne ako a ɔne Yudahene Amasia dii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 16 Bere a Yoas wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yeroboam a ɔto so abien na odii nʼade sɛ ɔhene. 17 Israelhene Yoas, Yehoahas babarima wu akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfe dunum. 18 Amasia ahenni mu nsɛm nkae no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 19 Wɔpam Amasia ti so wɔ Yerusalem nti, oguan kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfo no somaa awudifo, ma wotiw no, kokum no wɔ hɔ. 20 Wɔsan de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurom. 21 Yudafo sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfe dunsia no hene. 22 Nʼagya wu akyi no, Asaria san kyekyeree Elat kurow, dan maa Yuda. 23 Yudahene Yoas babarima Amasia adedi mfe dunum mu no, Israelhene Yoas babarima Yeroboam a ɔto so abien bedii hene wɔ Israel. Odii ade wɔ Samaria mfirihyia aduanan baako. 24 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Na wantwe ne ho amfi abosonsom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfo kɔɔ mu no ho. 25 Yeroboam a ɔto so abien gyigyee Israel nsase a ɛda Lebo Hamat ne Nkyene Po no ntam no sɛnea AWURADE, Israel Nyankopɔn nam Amitai babarima Yona, odiyifo a ofi Gat-Hefer so, hyɛɛ ho bɔ no. 26 AWURADE huu sɛnea obiara a ɔwɔ Israel no reteetee, na wonni obiara a ɔbɛboa wɔn nso. 27 Esiane sɛ AWURADE nkaa se ɔbɛpepa Israel din koraa no nti, ɔnam Yoas babarima Yeroboam nso so gyee wɔn nkwa. 28 Yeroboam a ɔto so abien ahenni mu nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, nea ne tumi ano kosii, nʼakodi ne nsase a ogyigye maa Israel a Damasko ne Hamat a na ɛwɔ Yuda nsam no nyinaa ka ho no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 29 Bere a Yeroboam wui no, wosiee no ne mpanyimfo a na wɔyɛ Israel ahemfo no nkyɛn. Na ne babarima Sakaria na odii nʼade sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Kings 14 in the ANGEFD

2 Kings 14 in the ANTPNG2D

2 Kings 14 in the AS21

2 Kings 14 in the BAGH

2 Kings 14 in the BBPNG

2 Kings 14 in the BBT1E

2 Kings 14 in the BDS

2 Kings 14 in the BEV

2 Kings 14 in the BHAD

2 Kings 14 in the BIB

2 Kings 14 in the BLPT

2 Kings 14 in the BNT

2 Kings 14 in the BNTABOOT

2 Kings 14 in the BNTLV

2 Kings 14 in the BOATCB

2 Kings 14 in the BOBCV

2 Kings 14 in the BOCNT

2 Kings 14 in the BOECS

2 Kings 14 in the BOGWICC

2 Kings 14 in the BOHCB

2 Kings 14 in the BOHCV

2 Kings 14 in the BOHLNT

2 Kings 14 in the BOHNTLTAL

2 Kings 14 in the BOICB

2 Kings 14 in the BOILNTAP

2 Kings 14 in the BOITCV

2 Kings 14 in the BOKCV

2 Kings 14 in the BOKCV2

2 Kings 14 in the BOKHWOG

2 Kings 14 in the BOKSSV

2 Kings 14 in the BOLCB

2 Kings 14 in the BOLCB2

2 Kings 14 in the BOMCV

2 Kings 14 in the BONAV

2 Kings 14 in the BONCB

2 Kings 14 in the BONLT

2 Kings 14 in the BONUT2

2 Kings 14 in the BOPLNT

2 Kings 14 in the BOSCB

2 Kings 14 in the BOSNC

2 Kings 14 in the BOTLNT

2 Kings 14 in the BOVCB

2 Kings 14 in the BOYCB

2 Kings 14 in the BPBB

2 Kings 14 in the BPH

2 Kings 14 in the BSB

2 Kings 14 in the CCB

2 Kings 14 in the CUV

2 Kings 14 in the CUVS

2 Kings 14 in the DBT

2 Kings 14 in the DGDNT

2 Kings 14 in the DHNT

2 Kings 14 in the DNT

2 Kings 14 in the ELBE

2 Kings 14 in the EMTV

2 Kings 14 in the ESV

2 Kings 14 in the FBV

2 Kings 14 in the FEB

2 Kings 14 in the GGMNT

2 Kings 14 in the GNT

2 Kings 14 in the HARY

2 Kings 14 in the HNT

2 Kings 14 in the IRVA

2 Kings 14 in the IRVB

2 Kings 14 in the IRVG

2 Kings 14 in the IRVH

2 Kings 14 in the IRVK

2 Kings 14 in the IRVM

2 Kings 14 in the IRVM2

2 Kings 14 in the IRVO

2 Kings 14 in the IRVP

2 Kings 14 in the IRVT

2 Kings 14 in the IRVT2

2 Kings 14 in the IRVU

2 Kings 14 in the ISVN

2 Kings 14 in the JSNT

2 Kings 14 in the KAPI

2 Kings 14 in the KBT1ETNIK

2 Kings 14 in the KBV

2 Kings 14 in the KJV

2 Kings 14 in the KNFD

2 Kings 14 in the LBA

2 Kings 14 in the LBLA

2 Kings 14 in the LNT

2 Kings 14 in the LSV

2 Kings 14 in the MAAL

2 Kings 14 in the MBV

2 Kings 14 in the MBV2

2 Kings 14 in the MHNT

2 Kings 14 in the MKNFD

2 Kings 14 in the MNG

2 Kings 14 in the MNT

2 Kings 14 in the MNT2

2 Kings 14 in the MRS1T

2 Kings 14 in the NAA

2 Kings 14 in the NASB

2 Kings 14 in the NBLA

2 Kings 14 in the NBS

2 Kings 14 in the NBVTP

2 Kings 14 in the NET2

2 Kings 14 in the NIV11

2 Kings 14 in the NNT

2 Kings 14 in the NNT2

2 Kings 14 in the NNT3

2 Kings 14 in the PDDPT

2 Kings 14 in the PFNT

2 Kings 14 in the RMNT

2 Kings 14 in the SBIAS

2 Kings 14 in the SBIBS

2 Kings 14 in the SBIBS2

2 Kings 14 in the SBICS

2 Kings 14 in the SBIDS

2 Kings 14 in the SBIGS

2 Kings 14 in the SBIHS

2 Kings 14 in the SBIIS

2 Kings 14 in the SBIIS2

2 Kings 14 in the SBIIS3

2 Kings 14 in the SBIKS

2 Kings 14 in the SBIKS2

2 Kings 14 in the SBIMS

2 Kings 14 in the SBIOS

2 Kings 14 in the SBIPS

2 Kings 14 in the SBISS

2 Kings 14 in the SBITS

2 Kings 14 in the SBITS2

2 Kings 14 in the SBITS3

2 Kings 14 in the SBITS4

2 Kings 14 in the SBIUS

2 Kings 14 in the SBIVS

2 Kings 14 in the SBT

2 Kings 14 in the SBT1E

2 Kings 14 in the SCHL

2 Kings 14 in the SNT

2 Kings 14 in the SUSU

2 Kings 14 in the SUSU2

2 Kings 14 in the SYNO

2 Kings 14 in the TBIAOTANT

2 Kings 14 in the TBT1E

2 Kings 14 in the TBT1E2

2 Kings 14 in the TFTIP

2 Kings 14 in the TFTU

2 Kings 14 in the TGNTATF3T

2 Kings 14 in the THAI

2 Kings 14 in the TNFD

2 Kings 14 in the TNT

2 Kings 14 in the TNTIK

2 Kings 14 in the TNTIL

2 Kings 14 in the TNTIN

2 Kings 14 in the TNTIP

2 Kings 14 in the TNTIZ

2 Kings 14 in the TOMA

2 Kings 14 in the TTENT

2 Kings 14 in the UBG

2 Kings 14 in the UGV

2 Kings 14 in the UGV2

2 Kings 14 in the UGV3

2 Kings 14 in the VBL

2 Kings 14 in the VDCC

2 Kings 14 in the YALU

2 Kings 14 in the YAPE

2 Kings 14 in the YBVTP

2 Kings 14 in the ZBP