2 Kings 18 (BOATCB2)

1 Ahas babarima Hesekia fii ase dii hene wɔ Yuda no, na Ela babarima Hosea adi hene wɔ Israel mfe abiɛsa. 2 Odii hene no na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonu akron. Na ne na yɛ Sakaria babea a wɔfrɛ no Abi. 3 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ AWURADE ani, sɛnea nʼagya Dawid yɛe pɛpɛɛpɛ. 4 Otutuu abosonnan, bubuu afadum kronkron no, kaa Asera nnua no guu fam. Obubuu kɔbere mfrafrae ɔwɔ a Mose ayɛ no, efisɛ na nnipa no hyew nnuhuam ma no de som. Na wɔfrɛ ɔwɔ no a wɔde kɔbere mfrafrae ayɛ no Nehustan. 5 Hesekia de ne ho too AWURADE, Israel Nyankopɔn so. Nʼakyi ne nʼanim no, na ɔhene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno wɔ Yuda asase so. 6 Biribiara mu, odii AWURADE nokware, na ɔde ntoboase dii ahyɛde a AWURADE de maa Mose no nyinaa so. 7 Ne saa nti, na AWURADE ka ne ho, na Hesekia kɔɔ so wɔ biribiara a ɔyɛe mu. Ɔyɛɛ dɔm tiaa Asiriahene, na wantua sonkahiri amma no. 8 Afei, okodii Filistifo so nkonim, de kosii Gasa ne nʼahye so, fi ne nkuraa, de kosii wɔn kuropɔn a wɔato ɔfasu atwa ho no. 9 Hesekia ahenni no mfe anan so a na ɔhene Hosea nso wɔ nʼahenni wɔ Israel mfe ason mu no, Asiriahene Salmaneser kotuaa Israel ano, fii ase kaa Samaria kuropɔn hyɛe. 10 Mfe abiɛsa akyi a, na ɔhene Hesekia adi ade mfe asia a, na ɛyɛ ɔhene Hosea nso adedi wɔ Israel mfe akron mu no, Samaria bɔe. 11 Saa bere no, Asiriahene twaa Israelfo no asu kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan konkɔn so ne nkurow akɛse a ɛwɔ Media mu. 12 Efisɛ wɔantie AWURADE, wɔn Nyankopɔn no. Wobuu nʼapam no so, mmara a AWURADE nam Mose so hyehyɛ maa wɔn no. 13 Ɔhene Hesekia adedi mfe dunan so, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda nkurow a na wɔabɔ ho ban no so, dii wɔn so nkonim. 14 Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis se, “Mayɛ mfomso. Sɛ wubefi ha akɔ nko ara de a, sonkahiri biara a wubegye me no, metua.” Na Asiriahene bisaa mpata a ɛboro dwetɛ tɔn dubaako ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔn baako. 15 Enti ɔhene Hesekia de dwetɛ a wɔakora no wɔ AWURADE Asɔredan no mu ne nea ɛwɔ ahemfi adekorae hɔ nyinaa mae. 16 Mpo, Hesekia waawae sikakɔkɔɔ a wɔde aduradura asɔredan no apon ho, de ne nyinaa maa Asiriahene. 17 Eyinom nyinaa akyi no, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraafodɔmhene ne nʼananmusini fii Lakis ne asraafodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia so wɔ Yerusalem. Asiriafo no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtare nsu a ɛbɛn ɔkwan a ɛde kɔ faako a wɔpa ntama ani no ho. 18 Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanyimfo yi sɛ wonkohyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfi hɔ so, ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfi abakɔsɛm kyerɛwfo. 19 Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Hesekia se,“ ‘Asɛm a otumfo, Asiriahene ka ni: Dɛn na wode wo ho to so a ɛma wugye wo ho di saa? 20 Woka se wowɔ akodi ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hena na ɔtaa wʼakyi a enti wotew mʼanim atua? 21 Hwɛ wʼani da Misraim so, demmire a emu abu a ɛte sɛ pema a wutweri a ɛbɛwɔ wo nsa mu apira wo no! Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no nyinaa. 22 Ebia wobɛka se, “Yɛde yɛn ho to AWURADE, yɛn Nyankopɔn so!” Ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia atutu nʼabosonnan ne afɔremuka nyinaa, ahyɛ Yudafo sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara so no? 23 “ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Sɛ wubenya apɔnkɔsotefo mpenu, afi wo asraafo mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. 24 Na wʼasraafo ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso dae, sɛ wubetumi ne me wura asraafo no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛw no mpo adi asi. Minim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mmoa so. 25 Bio, wugye di sɛ, maba sɛ merebɛtow ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a AWURADE nsa nni mu? AWURADE ankasa ka kyerɛɛ me se menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’ ” 26 Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no se, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte ase yiye. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, efisɛ nnipa a wɔwɔ fasu no so no bɛte.” 27 Na Senaherib nanmusini no buae se, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wobetua kuropɔn yi. Ɔkɔm ne osukɔm werɛmfo bɛde nkurɔfo no ara kosi sɛ, wobedi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.” 28 Afei, ɔsɔre gyinae, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasu no so se, “Muntie nkra a efi Asiria ɔhene kɛse no nkyɛn! 29 Sɛnea ɔhene se ni: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfi me tumi ase. 30 Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkae se, ‘AWURADE begye yɛn! Wɔremfa saa kurow yi mma Asiriahene’ no mma mo tirim nyɛ mo dɛ. 31 “Munntie Hesekia. Nea Asiriahene ka ni: Mo ne me nyɛ asomdwoe nhyehyɛe na mommra me nkyɛn. Na afei, mɛma mo mu biara adi ɔno ankasa bobe ne borɔdɔma na woanom nsu afi ɔno ankasa abura mu. 32 Na mɛyɛ nhyehyɛe de mo akɔ asase foforo bi a ɛte sɛ eyi so. Ɛyɛ ɔman a atoko, nsa, brodo, bobe nturo, ngonnua ne ɛwo abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na munyi owu akwa!“Mommma Hesekia nnaadaa mo nka se, ‘AWURADE begye yɛn!’ 33 Anyame a wɔwɔ aman so no atumi agye wɔn nkurɔfo afi Asiriahene nsam da? 34 Asɛm bɛn na ɛtoo Hamat ne Arpad anyame no? Na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame nso, wɔwɔ he? Wotumi gyee Samaria fii me tumi ase ana? 35 Ɔman bɛn so anyame na watumi agye ne nkurɔfo afi me tumi ase? Mommɔ baako pɛ din. Na afei, dɛn na ɛma mo dwene sɛ AWURADE betumi agye Yerusalem?” 36 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuae biara, efisɛ na Hesekia aka akyerɛ wɔn se wɔnnkasa. 37 Afei Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so, Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntade mu, kɔkaa nea ɔsahene no aka akyerɛ no no.

In Other Versions

2 Kings 18 in the ANGEFD

2 Kings 18 in the ANTPNG2D

2 Kings 18 in the AS21

2 Kings 18 in the BAGH

2 Kings 18 in the BBPNG

2 Kings 18 in the BBT1E

2 Kings 18 in the BDS

2 Kings 18 in the BEV

2 Kings 18 in the BHAD

2 Kings 18 in the BIB

2 Kings 18 in the BLPT

2 Kings 18 in the BNT

2 Kings 18 in the BNTABOOT

2 Kings 18 in the BNTLV

2 Kings 18 in the BOATCB

2 Kings 18 in the BOBCV

2 Kings 18 in the BOCNT

2 Kings 18 in the BOECS

2 Kings 18 in the BOGWICC

2 Kings 18 in the BOHCB

2 Kings 18 in the BOHCV

2 Kings 18 in the BOHLNT

2 Kings 18 in the BOHNTLTAL

2 Kings 18 in the BOICB

2 Kings 18 in the BOILNTAP

2 Kings 18 in the BOITCV

2 Kings 18 in the BOKCV

2 Kings 18 in the BOKCV2

2 Kings 18 in the BOKHWOG

2 Kings 18 in the BOKSSV

2 Kings 18 in the BOLCB

2 Kings 18 in the BOLCB2

2 Kings 18 in the BOMCV

2 Kings 18 in the BONAV

2 Kings 18 in the BONCB

2 Kings 18 in the BONLT

2 Kings 18 in the BONUT2

2 Kings 18 in the BOPLNT

2 Kings 18 in the BOSCB

2 Kings 18 in the BOSNC

2 Kings 18 in the BOTLNT

2 Kings 18 in the BOVCB

2 Kings 18 in the BOYCB

2 Kings 18 in the BPBB

2 Kings 18 in the BPH

2 Kings 18 in the BSB

2 Kings 18 in the CCB

2 Kings 18 in the CUV

2 Kings 18 in the CUVS

2 Kings 18 in the DBT

2 Kings 18 in the DGDNT

2 Kings 18 in the DHNT

2 Kings 18 in the DNT

2 Kings 18 in the ELBE

2 Kings 18 in the EMTV

2 Kings 18 in the ESV

2 Kings 18 in the FBV

2 Kings 18 in the FEB

2 Kings 18 in the GGMNT

2 Kings 18 in the GNT

2 Kings 18 in the HARY

2 Kings 18 in the HNT

2 Kings 18 in the IRVA

2 Kings 18 in the IRVB

2 Kings 18 in the IRVG

2 Kings 18 in the IRVH

2 Kings 18 in the IRVK

2 Kings 18 in the IRVM

2 Kings 18 in the IRVM2

2 Kings 18 in the IRVO

2 Kings 18 in the IRVP

2 Kings 18 in the IRVT

2 Kings 18 in the IRVT2

2 Kings 18 in the IRVU

2 Kings 18 in the ISVN

2 Kings 18 in the JSNT

2 Kings 18 in the KAPI

2 Kings 18 in the KBT1ETNIK

2 Kings 18 in the KBV

2 Kings 18 in the KJV

2 Kings 18 in the KNFD

2 Kings 18 in the LBA

2 Kings 18 in the LBLA

2 Kings 18 in the LNT

2 Kings 18 in the LSV

2 Kings 18 in the MAAL

2 Kings 18 in the MBV

2 Kings 18 in the MBV2

2 Kings 18 in the MHNT

2 Kings 18 in the MKNFD

2 Kings 18 in the MNG

2 Kings 18 in the MNT

2 Kings 18 in the MNT2

2 Kings 18 in the MRS1T

2 Kings 18 in the NAA

2 Kings 18 in the NASB

2 Kings 18 in the NBLA

2 Kings 18 in the NBS

2 Kings 18 in the NBVTP

2 Kings 18 in the NET2

2 Kings 18 in the NIV11

2 Kings 18 in the NNT

2 Kings 18 in the NNT2

2 Kings 18 in the NNT3

2 Kings 18 in the PDDPT

2 Kings 18 in the PFNT

2 Kings 18 in the RMNT

2 Kings 18 in the SBIAS

2 Kings 18 in the SBIBS

2 Kings 18 in the SBIBS2

2 Kings 18 in the SBICS

2 Kings 18 in the SBIDS

2 Kings 18 in the SBIGS

2 Kings 18 in the SBIHS

2 Kings 18 in the SBIIS

2 Kings 18 in the SBIIS2

2 Kings 18 in the SBIIS3

2 Kings 18 in the SBIKS

2 Kings 18 in the SBIKS2

2 Kings 18 in the SBIMS

2 Kings 18 in the SBIOS

2 Kings 18 in the SBIPS

2 Kings 18 in the SBISS

2 Kings 18 in the SBITS

2 Kings 18 in the SBITS2

2 Kings 18 in the SBITS3

2 Kings 18 in the SBITS4

2 Kings 18 in the SBIUS

2 Kings 18 in the SBIVS

2 Kings 18 in the SBT

2 Kings 18 in the SBT1E

2 Kings 18 in the SCHL

2 Kings 18 in the SNT

2 Kings 18 in the SUSU

2 Kings 18 in the SUSU2

2 Kings 18 in the SYNO

2 Kings 18 in the TBIAOTANT

2 Kings 18 in the TBT1E

2 Kings 18 in the TBT1E2

2 Kings 18 in the TFTIP

2 Kings 18 in the TFTU

2 Kings 18 in the TGNTATF3T

2 Kings 18 in the THAI

2 Kings 18 in the TNFD

2 Kings 18 in the TNT

2 Kings 18 in the TNTIK

2 Kings 18 in the TNTIL

2 Kings 18 in the TNTIN

2 Kings 18 in the TNTIP

2 Kings 18 in the TNTIZ

2 Kings 18 in the TOMA

2 Kings 18 in the TTENT

2 Kings 18 in the UBG

2 Kings 18 in the UGV

2 Kings 18 in the UGV2

2 Kings 18 in the UGV3

2 Kings 18 in the VBL

2 Kings 18 in the VDCC

2 Kings 18 in the YALU

2 Kings 18 in the YAPE

2 Kings 18 in the YBVTP

2 Kings 18 in the ZBP