2 Samuel 14 (BOATCB2)

1 Na Yoab huu sɛ ɔhene pɛ sɛ ohu Absalom. 2 Enti ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi a wagye din yiye brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayi mu, na fura ayitam. Nguare anaa mfa aduhuam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbea a wadi awerɛhow nna bebree. 3 Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbea no kɔka no kyerɛɛ no. 4 Na Tekoani bea no duu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuw fam teɛɛ mu se, “Ao Nana! Boa me!” 5 Ɔhene no bisaa no se, “Ɛyɛ asɛm bɛn?”Obuaa no se, “Meyɛ okunafo. 6 Me mma baanu twaa wɔn ho koe, a na obiara nni hɔ a ɔbɛpata wɔn. Ɔbaako bɔɔ ɔbaako kum no. 7 Nanso abusua no nkae no kae se, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no a okum ne nua no na yenkum no bi na wammedi agyapade so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na minni obiara a waka, na me kunu din ne me fi bɛyera wɔ asase so ha.” 8 Ɔhene ka kyerɛɛ no se, “Gyae asɛm no ma me. Kɔ fie na mɛhwɛ sɛ obiara remfa ne nsa nka no.” 9 Ɔkae se, “Me wura, meda wo ase. Mmoa a wode ama me yi nti, sɛ obi kasa tia wo a, mɛfa ho sobo no.” 10 Ɔhene no kae se, “Mma eyi nhaw wo. Sɛ nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me wɔ ha. Na metumi ama wo awerehyɛmu sɛ, obiara renwiinwii wɔ ho bio.” 11 Afei, ɔbea no kae se, “Fa AWURADE, wo Nyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me sɛ, woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Menhwehwɛ mogyahwiegu bio.”Ɔhene no nso kae se, “Mmere dodow a AWURADE te ase yi, wo ba no tinwi a ɛwɔ ne ti so mu baako mpo ho renka.” 12 Afei, ɔbea no kae se, “Ma wo somfo nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene.”Obuae se, “Kɔ so kasa.” 13 Ɔbea no bisae se, “Adɛn nti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo sɛnea wɔahyɛ bɔ sɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho fɔ sɛ woasi saa gyinae yi. Wompɛ sɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asu no ba fie. 14 Nea ɛte biara no, obiara bewu. Na sɛnea nsu hwie gu fam a wosesaw a ɛnyɛ yiye no, saa ara na nkwa te. Ɛno nti na Onyankopɔn san de yɛn ba ne nkyɛn bere a yɛatew yɛn ho afi ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa. 15 “Na maba sɛ merebedi ama me babarima, efisɛ wɔde owu hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho se, ‘Ebia, ɔhene betie me, 16 na wagye yɛn afi wɔn a wobetwa yɛn afi Onyankopɔn nkurɔfo ho no nsam.’ 17 “Yiw, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoe bio. ‘Minim sɛ wote sɛ Onyankopɔn bɔfo a wubetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. AWURADE, wo Nyankopɔn, nka wo ho.’ ” 18 Ɔhene no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Mepɛ sɛ mihu ade baako; mfa nhintaw me.”Ɔbea no kae se, “Ɛyɛ dɛn asɛm, me wura?” 19 “Yoab na ɔsomaa wo ha ana?”Ɔbea no buae se, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa eyi ho atoro? Obiara ntumi mfa biribiara nhintaw wo. Ɛyɛ nokware sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka. 20 Ɔyɛɛ saa, sɛnea mɛfa ɔkwan foforo so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wunim nyansa te sɛ Onyankopɔn bɔfo, na biribiara a esi yɛn ntam ha no nso, wote ase.” 21 Enti ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab bae, na ɔka kyerɛɛ no se, “Eye, kɔ na kɔfa aberante Absalom bra.” 22 Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no se, “Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisade ama me.” 23 Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem. 24 Nanso ɔhene hyɛe se, “Absalom tumi kɔ ɔno ankasa ne fi, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha.” Enti Absalom anhu ɔhene no. 25 Israel nyinaa, na obiara nni hɔ a ne ho yɛ fɛ, te sɛ Absalom. Efi ne ti so kosi ne nan ase, na wuhu sɛ ɔyɛ ɔbarima ankasa. 26 Afe biara, na oyi ne ti pɛnkoro, efisɛ ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ oyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram abien ne fa. 27 Na ɔwɔ mmabarima baasa ne ɔbabea baako. Na ne babea no din de Tamar. Na Tamar nso wɔ ahoɔfɛ a ɛmma ɔka. 28 Absalom tenaa Yerusalem mfe abien a wanhu ɔhene no da. 29 Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ. 30 Ɛno nti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfo se, “Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokofuw a ɛbɛn me de no ho mu.” Na wɔde ogya kɔtoo afuw no mu, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. 31 Na Yoab baa Absalom nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na wʼasomfo akɔto mʼafuw mu gya?” 32 Na Absalom buaa no se, “Efisɛ na mepɛ sɛ wukobisa ɔhene ma me sɛ, adɛn nti na ɔmaa me san fii Gesur bae, nanso ɔmpɛ sɛ ohu mʼanim koraa? Ɛno de, sɛ anka metenaa me dedaw mu hɔ ara a, anka eye. Ma minhu ɔhene no, na sɛ midi fɔ wɔ biribi ho a, otumi kum me.” 33 Enti Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a watew ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom beduu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid few nʼano.

In Other Versions

2 Samuel 14 in the ANGEFD

2 Samuel 14 in the ANTPNG2D

2 Samuel 14 in the AS21

2 Samuel 14 in the BAGH

2 Samuel 14 in the BBPNG

2 Samuel 14 in the BBT1E

2 Samuel 14 in the BDS

2 Samuel 14 in the BEV

2 Samuel 14 in the BHAD

2 Samuel 14 in the BIB

2 Samuel 14 in the BLPT

2 Samuel 14 in the BNT

2 Samuel 14 in the BNTABOOT

2 Samuel 14 in the BNTLV

2 Samuel 14 in the BOATCB

2 Samuel 14 in the BOBCV

2 Samuel 14 in the BOCNT

2 Samuel 14 in the BOECS

2 Samuel 14 in the BOGWICC

2 Samuel 14 in the BOHCB

2 Samuel 14 in the BOHCV

2 Samuel 14 in the BOHLNT

2 Samuel 14 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 14 in the BOICB

2 Samuel 14 in the BOILNTAP

2 Samuel 14 in the BOITCV

2 Samuel 14 in the BOKCV

2 Samuel 14 in the BOKCV2

2 Samuel 14 in the BOKHWOG

2 Samuel 14 in the BOKSSV

2 Samuel 14 in the BOLCB

2 Samuel 14 in the BOLCB2

2 Samuel 14 in the BOMCV

2 Samuel 14 in the BONAV

2 Samuel 14 in the BONCB

2 Samuel 14 in the BONLT

2 Samuel 14 in the BONUT2

2 Samuel 14 in the BOPLNT

2 Samuel 14 in the BOSCB

2 Samuel 14 in the BOSNC

2 Samuel 14 in the BOTLNT

2 Samuel 14 in the BOVCB

2 Samuel 14 in the BOYCB

2 Samuel 14 in the BPBB

2 Samuel 14 in the BPH

2 Samuel 14 in the BSB

2 Samuel 14 in the CCB

2 Samuel 14 in the CUV

2 Samuel 14 in the CUVS

2 Samuel 14 in the DBT

2 Samuel 14 in the DGDNT

2 Samuel 14 in the DHNT

2 Samuel 14 in the DNT

2 Samuel 14 in the ELBE

2 Samuel 14 in the EMTV

2 Samuel 14 in the ESV

2 Samuel 14 in the FBV

2 Samuel 14 in the FEB

2 Samuel 14 in the GGMNT

2 Samuel 14 in the GNT

2 Samuel 14 in the HARY

2 Samuel 14 in the HNT

2 Samuel 14 in the IRVA

2 Samuel 14 in the IRVB

2 Samuel 14 in the IRVG

2 Samuel 14 in the IRVH

2 Samuel 14 in the IRVK

2 Samuel 14 in the IRVM

2 Samuel 14 in the IRVM2

2 Samuel 14 in the IRVO

2 Samuel 14 in the IRVP

2 Samuel 14 in the IRVT

2 Samuel 14 in the IRVT2

2 Samuel 14 in the IRVU

2 Samuel 14 in the ISVN

2 Samuel 14 in the JSNT

2 Samuel 14 in the KAPI

2 Samuel 14 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 14 in the KBV

2 Samuel 14 in the KJV

2 Samuel 14 in the KNFD

2 Samuel 14 in the LBA

2 Samuel 14 in the LBLA

2 Samuel 14 in the LNT

2 Samuel 14 in the LSV

2 Samuel 14 in the MAAL

2 Samuel 14 in the MBV

2 Samuel 14 in the MBV2

2 Samuel 14 in the MHNT

2 Samuel 14 in the MKNFD

2 Samuel 14 in the MNG

2 Samuel 14 in the MNT

2 Samuel 14 in the MNT2

2 Samuel 14 in the MRS1T

2 Samuel 14 in the NAA

2 Samuel 14 in the NASB

2 Samuel 14 in the NBLA

2 Samuel 14 in the NBS

2 Samuel 14 in the NBVTP

2 Samuel 14 in the NET2

2 Samuel 14 in the NIV11

2 Samuel 14 in the NNT

2 Samuel 14 in the NNT2

2 Samuel 14 in the NNT3

2 Samuel 14 in the PDDPT

2 Samuel 14 in the PFNT

2 Samuel 14 in the RMNT

2 Samuel 14 in the SBIAS

2 Samuel 14 in the SBIBS

2 Samuel 14 in the SBIBS2

2 Samuel 14 in the SBICS

2 Samuel 14 in the SBIDS

2 Samuel 14 in the SBIGS

2 Samuel 14 in the SBIHS

2 Samuel 14 in the SBIIS

2 Samuel 14 in the SBIIS2

2 Samuel 14 in the SBIIS3

2 Samuel 14 in the SBIKS

2 Samuel 14 in the SBIKS2

2 Samuel 14 in the SBIMS

2 Samuel 14 in the SBIOS

2 Samuel 14 in the SBIPS

2 Samuel 14 in the SBISS

2 Samuel 14 in the SBITS

2 Samuel 14 in the SBITS2

2 Samuel 14 in the SBITS3

2 Samuel 14 in the SBITS4

2 Samuel 14 in the SBIUS

2 Samuel 14 in the SBIVS

2 Samuel 14 in the SBT

2 Samuel 14 in the SBT1E

2 Samuel 14 in the SCHL

2 Samuel 14 in the SNT

2 Samuel 14 in the SUSU

2 Samuel 14 in the SUSU2

2 Samuel 14 in the SYNO

2 Samuel 14 in the TBIAOTANT

2 Samuel 14 in the TBT1E

2 Samuel 14 in the TBT1E2

2 Samuel 14 in the TFTIP

2 Samuel 14 in the TFTU

2 Samuel 14 in the TGNTATF3T

2 Samuel 14 in the THAI

2 Samuel 14 in the TNFD

2 Samuel 14 in the TNT

2 Samuel 14 in the TNTIK

2 Samuel 14 in the TNTIL

2 Samuel 14 in the TNTIN

2 Samuel 14 in the TNTIP

2 Samuel 14 in the TNTIZ

2 Samuel 14 in the TOMA

2 Samuel 14 in the TTENT

2 Samuel 14 in the UBG

2 Samuel 14 in the UGV

2 Samuel 14 in the UGV2

2 Samuel 14 in the UGV3

2 Samuel 14 in the VBL

2 Samuel 14 in the VDCC

2 Samuel 14 in the YALU

2 Samuel 14 in the YAPE

2 Samuel 14 in the YBVTP

2 Samuel 14 in the ZBP