Deuteronomy 12 (BOATCB2)

1 Eyinom ne mmara ne ahyɛde a ɛsɛ sɛ mohwɛ na mudi so, mmere dodow a mote asase a AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn, de ama mo no so. 2 Sɛ mutu aman a wɔtete hɔ no fi hɔ a, mosɛe mmeae ahorow bi sɛ mmepɔw atifi, nkoko so, ne nnua a atrɛtrɛw no ase a wɔsom wɔn anyame no nyinaa. 3 Mummubu wɔn afɔremuka nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhyew wɔn abosompɔw na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfi mmeae ahorow a ɛwɔ no. 4 Mommfa wɔn akwan no so nsom AWURADE, mo Nyankopɔn. 5 Na mmom, monhwehwɛ faako a AWURADE, mo Nyankopɔn, beyi afi mo mmusuakuw mu ama mo no na munnyina ne din wɔ hɔ sɛ nʼatenae. Beae hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ. 6 Ɛhɔ na momfa mo hyew afɔrebɔde mmra mmɛbɔ a mo ntotoso du du, akyɛde sononko, ade a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔde a efi mo pɛ mu, mo anantwi ne mo nguan mu mmakan nso nka ho. 7 Ɛhɔ, AWURADE, mo Nyankopɔn no anim hɔ no, na mo ne mo abusuafo bedidi na mo ani agye wɔ biribiara a mode mo nsa aka ho, efisɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, ahyira mo. 8 Nnɛ yi, nea mopɛ biara na moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ ɛba saa, 9 efisɛ munnuu ahomegyebea ne agyapade a AWURADE, mo Nyankopɔn, de rebɛma mo no hɔ ɛ. 10 Nanso mubetwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a AWURADE, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ agyapade no so. Na ɔbɛma mo ahomegye ne bammɔ afi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nsam na moatena ase dwoodwoo. 11 Momfa biribiara a mehyɛ mo sɛ momfa mmra sɛ ɛyɛ mo ɔhyew afɔrebɔde, ntotoso du du, akyɛde sononko ne mo ɔma ahorow no mfa nhyɛ mo ntanka no mu kena wɔ beae a AWURADE, mo Nyankopɔn, beyi ama mo a sɛ monsɔre ne din wɔ hɔ no. 12 Mo ne mo mmabarima, mo mmabea ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani wɔ hɔ wɔ AWURADE, mo Nyankopɔn no, anim. Na monkae Lewifo a wɔtete mo nkurow so no a wonni wɔn ankasa agyapade no. 13 Monhwɛ yiye na moammɔ mo hyew afɔre wɔ baabiara a mopɛ. 14 Mommɔ wɔ baabi pɔtee a AWURADE ayi afi mo mmusua asase bi mu ama mo no nkutoo. Ɛhɔ na monyɛ biribiara a mehyɛ mo sɛ monyɛ no. 15 Nanso kurow biara a mopɛ so no, mutumi kum mmoa we sɛnea mukum atwe ne adabɔ no. Mutumi we nam dodow biara a AWURADE, mo Nyankopɔn, de behyira mo no. Wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew no nyinaa tumi we bi. 16 Nanso ɛnsɛ sɛ mudi mogya no. Muntwa ngu fam te sɛ nsu. 17 Ɛnsɛ sɛ mudi mo afɔre, ntotoso du du a efi mo atoko mu, mo nsa foforo ne ngo anaa mo anantwi ne mo nguan abakan wɔ mo kurow mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma AWURADE anaa nea mufi mo koma mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛde sononko biara no, ɛnsɛ sɛ mudi. 18 Mmom, ɛsɛ sɛ mudi wɔ AWURADE, mo Nyankopɔn, anim wɔ faako a AWURADE, mo Nyankopɔn no, bɛkyerɛ mo a mo, mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifo a wofi mo nkurow mu ka ho no, munnye mo ani wɔ AWURADE, mo Nyankopɔn no, anim wɔ biribiara a mobɛyɛ no ho. 19 Monhwɛ yiye na moanyi Lewifo no mu wɔ mmere dodow a mote mo asase so no. 20 Sɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, trɛw mo hye mu sɛnea wahyɛ mo ho bɔ no, na sɛ mo kɔn dɔ nam ka se, “Yenya nam bi a anka yɛbɛwe” a, ɛno de, mubetumi awe nam dodow biara a mopɛ. 21 Sɛ faako a AWURADE, mo Nyankopɔn no, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mmeae a mowɔ no ntam ware a, mutumi kum mo anantwi anaa nguan a AWURADE de ama mo no dodow biara a mopɛ no wɔ mo afi mu sɛnea mahyɛ mo no. 22 Monwe sɛnea mowe atwe anaa adabɔ. Wɔn a wɔn ho ntew ne wɔn a wɔn ho tew no nyinaa tumi we bi. 23 Monhwɛ sɛ morenni mogya no, efisɛ mogya no ne nkwa no, na ɛnsɛ sɛ mudi nkwa no ne nam no. 24 Munni mogya no; mmom, munhwie ngu fam sɛ nsu. 25 Munnni mogya no na asi mo ne mo mma yiye, efisɛ moyɛ saa a na moayɛ nea ɛteɛ wɔ AWURADE ani so. 26 Momfa mo nneɛma a moatew ho ne nea moaka ho ntam sɛ mobɛma biara no, na monkɔ beae a AWURADE bɛpaw no. 27 Momfa mo ɔhyew afɔre, nam ne mogya no nyinaa, ngu Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka so. Ɛsɛ sɛ muhwie mo afɔrebɔde no mogya no gu AWURADE, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no nkyɛn. Mmom, mubetumi awe nam no. 28 Monhwɛ sɛ mubedi mmara ahorow a mede rema mo yi nyinaa so, na asi mo ne mo mma a wɔbɛba wɔ mo akyi no yiye, efisɛ ɛno na ɛbɛyɛ nea eye ne nea ɛteɛ wɔ AWURADE, mo Nyankopɔn no ani so. 29 Na AWURADE, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim kan akɔsɛe aman a morekɔtoa wɔn no na mopam wɔn. Na sɛ mopam wɔn kɔtena wɔn nsase no so, 30 na sɛ wonya di mo anim sɛe wɔn a, monhwɛ yiye na moammisa wɔn anyame no ase anka se, “Ɔkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa bi,” amfa so ankɔtɔ afiri mu. 31 Mommfa wɔn kwan so nsom AWURADE, mo Nyankopɔn no, efisɛ wɔn anyame no som mu no, wɔyɛ akyiwade ahorow a AWURADE kyi no nyinaa mpɛ. Mpo, wɔhyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea wɔ ogya sɛ wɔde rebɔ afɔre ama wɔn anyame no. 32 Monhwɛ sɛ mubedi nea mahyɛ mo no nyinaa so; mommfa bi nka ho na munnyi bi nso mfi mu.

In Other Versions

Deuteronomy 12 in the ANGEFD

Deuteronomy 12 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 12 in the AS21

Deuteronomy 12 in the BAGH

Deuteronomy 12 in the BBPNG

Deuteronomy 12 in the BBT1E

Deuteronomy 12 in the BDS

Deuteronomy 12 in the BEV

Deuteronomy 12 in the BHAD

Deuteronomy 12 in the BIB

Deuteronomy 12 in the BLPT

Deuteronomy 12 in the BNT

Deuteronomy 12 in the BNTABOOT

Deuteronomy 12 in the BNTLV

Deuteronomy 12 in the BOATCB

Deuteronomy 12 in the BOBCV

Deuteronomy 12 in the BOCNT

Deuteronomy 12 in the BOECS

Deuteronomy 12 in the BOGWICC

Deuteronomy 12 in the BOHCB

Deuteronomy 12 in the BOHCV

Deuteronomy 12 in the BOHLNT

Deuteronomy 12 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 12 in the BOICB

Deuteronomy 12 in the BOILNTAP

Deuteronomy 12 in the BOITCV

Deuteronomy 12 in the BOKCV

Deuteronomy 12 in the BOKCV2

Deuteronomy 12 in the BOKHWOG

Deuteronomy 12 in the BOKSSV

Deuteronomy 12 in the BOLCB

Deuteronomy 12 in the BOLCB2

Deuteronomy 12 in the BOMCV

Deuteronomy 12 in the BONAV

Deuteronomy 12 in the BONCB

Deuteronomy 12 in the BONLT

Deuteronomy 12 in the BONUT2

Deuteronomy 12 in the BOPLNT

Deuteronomy 12 in the BOSCB

Deuteronomy 12 in the BOSNC

Deuteronomy 12 in the BOTLNT

Deuteronomy 12 in the BOVCB

Deuteronomy 12 in the BOYCB

Deuteronomy 12 in the BPBB

Deuteronomy 12 in the BPH

Deuteronomy 12 in the BSB

Deuteronomy 12 in the CCB

Deuteronomy 12 in the CUV

Deuteronomy 12 in the CUVS

Deuteronomy 12 in the DBT

Deuteronomy 12 in the DGDNT

Deuteronomy 12 in the DHNT

Deuteronomy 12 in the DNT

Deuteronomy 12 in the ELBE

Deuteronomy 12 in the EMTV

Deuteronomy 12 in the ESV

Deuteronomy 12 in the FBV

Deuteronomy 12 in the FEB

Deuteronomy 12 in the GGMNT

Deuteronomy 12 in the GNT

Deuteronomy 12 in the HARY

Deuteronomy 12 in the HNT

Deuteronomy 12 in the IRVA

Deuteronomy 12 in the IRVB

Deuteronomy 12 in the IRVG

Deuteronomy 12 in the IRVH

Deuteronomy 12 in the IRVK

Deuteronomy 12 in the IRVM

Deuteronomy 12 in the IRVM2

Deuteronomy 12 in the IRVO

Deuteronomy 12 in the IRVP

Deuteronomy 12 in the IRVT

Deuteronomy 12 in the IRVT2

Deuteronomy 12 in the IRVU

Deuteronomy 12 in the ISVN

Deuteronomy 12 in the JSNT

Deuteronomy 12 in the KAPI

Deuteronomy 12 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 12 in the KBV

Deuteronomy 12 in the KJV

Deuteronomy 12 in the KNFD

Deuteronomy 12 in the LBA

Deuteronomy 12 in the LBLA

Deuteronomy 12 in the LNT

Deuteronomy 12 in the LSV

Deuteronomy 12 in the MAAL

Deuteronomy 12 in the MBV

Deuteronomy 12 in the MBV2

Deuteronomy 12 in the MHNT

Deuteronomy 12 in the MKNFD

Deuteronomy 12 in the MNG

Deuteronomy 12 in the MNT

Deuteronomy 12 in the MNT2

Deuteronomy 12 in the MRS1T

Deuteronomy 12 in the NAA

Deuteronomy 12 in the NASB

Deuteronomy 12 in the NBLA

Deuteronomy 12 in the NBS

Deuteronomy 12 in the NBVTP

Deuteronomy 12 in the NET2

Deuteronomy 12 in the NIV11

Deuteronomy 12 in the NNT

Deuteronomy 12 in the NNT2

Deuteronomy 12 in the NNT3

Deuteronomy 12 in the PDDPT

Deuteronomy 12 in the PFNT

Deuteronomy 12 in the RMNT

Deuteronomy 12 in the SBIAS

Deuteronomy 12 in the SBIBS

Deuteronomy 12 in the SBIBS2

Deuteronomy 12 in the SBICS

Deuteronomy 12 in the SBIDS

Deuteronomy 12 in the SBIGS

Deuteronomy 12 in the SBIHS

Deuteronomy 12 in the SBIIS

Deuteronomy 12 in the SBIIS2

Deuteronomy 12 in the SBIIS3

Deuteronomy 12 in the SBIKS

Deuteronomy 12 in the SBIKS2

Deuteronomy 12 in the SBIMS

Deuteronomy 12 in the SBIOS

Deuteronomy 12 in the SBIPS

Deuteronomy 12 in the SBISS

Deuteronomy 12 in the SBITS

Deuteronomy 12 in the SBITS2

Deuteronomy 12 in the SBITS3

Deuteronomy 12 in the SBITS4

Deuteronomy 12 in the SBIUS

Deuteronomy 12 in the SBIVS

Deuteronomy 12 in the SBT

Deuteronomy 12 in the SBT1E

Deuteronomy 12 in the SCHL

Deuteronomy 12 in the SNT

Deuteronomy 12 in the SUSU

Deuteronomy 12 in the SUSU2

Deuteronomy 12 in the SYNO

Deuteronomy 12 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 12 in the TBT1E

Deuteronomy 12 in the TBT1E2

Deuteronomy 12 in the TFTIP

Deuteronomy 12 in the TFTU

Deuteronomy 12 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 12 in the THAI

Deuteronomy 12 in the TNFD

Deuteronomy 12 in the TNT

Deuteronomy 12 in the TNTIK

Deuteronomy 12 in the TNTIL

Deuteronomy 12 in the TNTIN

Deuteronomy 12 in the TNTIP

Deuteronomy 12 in the TNTIZ

Deuteronomy 12 in the TOMA

Deuteronomy 12 in the TTENT

Deuteronomy 12 in the UBG

Deuteronomy 12 in the UGV

Deuteronomy 12 in the UGV2

Deuteronomy 12 in the UGV3

Deuteronomy 12 in the VBL

Deuteronomy 12 in the VDCC

Deuteronomy 12 in the YALU

Deuteronomy 12 in the YAPE

Deuteronomy 12 in the YBVTP

Deuteronomy 12 in the ZBP