Ezra 6 (BOATCB2)

1 Enti ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔhwehwɛ Babilonia nneɛma dedaw akorae hɔ faako a wɔkora nneɛma a ɛsom bo no. 2 Na Ekbatana aban a ɛwɔ Mediaman no mu hɔ no na wohuu krataa mmobɔwee bi. Na emu nsɛm ni:Amanneɛbɔ krataa: 3 Ɔhene Kores dii ade nʼafe a edi so no, wɔhyɛɛ mmara faa Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho. Ɛkae se ɛsɛ sɛ wɔsan si no wɔ beae a na Yudafo bɔ wɔn afɔre hɔ, wɔ fapem dedaw no so. Ɛsɛ sɛ ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw nso anammɔn aduɔkron. 4 Abo a wɔasiesie no sononko no mmeaso abiɛsa biara so no, ɛsɛ sɛ wɔde nnua gu. Na adehye foto mu na wobefi atua ho ka. 5 Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase fii Onyankopɔn asɔredan a esi Yerusalem no mu de kɔɔ Babilonia no, ɛsɛ sɛ wɔsan de kɔ Yerusalem, de kogu Onyankopɔn asɔredan no mu sɛnea na ɛte no. 6 Na ɔhene Dario de saa nkra yi somae: Mede krataa yi kɔma amrado Tatenai a ɔwɔ asu Eufrate agya ne Setar-Bosnai ne mo mfɛfo ne mpanyimfo a wɔwɔ Eufrate agya sɛ monnkɔ hɔ. 7 Monnkotwintwan Onyankopɔn asɔredan no si anan mu. Wonsi no wɔ beae dedaw mu hɔ ara, na monntoto Yuda amrado ne Yudafo mpanyimfo anan mu wɔ adwuma no yɛ ho. 8 Na mesan hyɛ mo bio sɛ, mommoa saa Yudafo mpanyimfo no wɔ Onyankopɔn asɔredan no si mu.Ɛsɛ sɛ mutua adansi no ho ka nyinaa fi tow a mugyigye fi mo man mu a monntwentwɛn so koraa, sɛnea adwuma no yɛ renka. 9 Biribiara a ɛho hia asɔfo a wɔwɔ Yerusalem, sɛ ebia, nantwimma, adwennini ne nguantenmma a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro no, momfa mma wɔn. Afei, momma wɔn atoko, nkyene, nsa ne ngo a ɛho behia wɔn da biara a monnto mu. 10 Sɛ ɛba saa a, wobetumi abɔ afɔre a ɛsɔ ani ama ɔsorosoro Nyankopɔn, na wɔabɔ mpae ama me ne me mmabarima. 11 Wɔn a wobebu mmara no so wɔ ɔkwan biara so no, wobeyi wɔn adan so mpuran, na wɔde wɔn abobɔ mu, abɔ wɔn mmaa, ama wɔn afi adwiriw, adan sumina siw. 12 Onyankopɔn a wayi Yerusalem kurow sɛ beae a wɔnhyɛ ne din anuonyam no nsɛe ɔhene anaa ɔman biara a wobebu ne mmara so, asɛe asɔredan no.Me Dario na mahyɛ saa mmara yi. Ma ɔmanfo ntie no aso pa mu. 13 Na Tatenai a ɔyɛ asu Eufrate agya amrado ne Setar-Bosnai ne ne mfɛfo dii Dario mmara a ɔhyɛɛ no so prɛko pɛ. 14 Enti Yudafo mpanyimfo toaa wɔn dwumadi no so na asɛm a adiyifo Hagai ne Ido babarima Sakaria kae no hyɛɛ wɔn nkuran. Na wowiee asɔredan no si, sɛnea Israel Nyankopɔn hyɛe na Kores, Dario ne Persiahene Artasasta hyɛɛ mmara no. 15 Wowiee asɔredan no si wɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so dumien, ɔhene Dario ahenni mfe asia so. 16 Israelfo, asɔfo, Lewifo ne nnipa no nkae a wofi nnommum mu aba no de ahosɛpɛw too Onyankopɔn asɔredan no din. 17 Onyankopɔn asɔredan no dinto afahyɛ no mu no, wɔde nantwimma ɔha, adwennini ahannu ne nguantenmma ahannan bɔɔ afɔre. Na wɔmaa mmirekyi dumien sɛ bɔne ho afɔrebɔde, de gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuw dumien no. 18 Na wɔkyekyɛɛ asɔfo ne Lewifo no mu, sɛnea wɔn akuw ahorow te no ma wɔsom wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Nhoma mu no. 19 Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so aduonu baako no, wɔn a wofi nnommum mu bae no dii Twam Afahyɛ. 20 Asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho maa wɔn ho tew maa afahyɛ no. Enti wokum Twam Afahyɛ guamma maa wɔn a wofi nnommum mu bae no nyinaa ne asɔfo a wɔaka ne wɔn ankasa wɔn ho. 21 Nnipa a wɔwɔ Israel a wofi nnommum mu aba no ne nnipa no nkae a wɔwɔ ɔman no mu no a wɔadan afi wɔn amumɔyɛ akwan ho abɛsom AWURADE, Israel Nyankopɔn, no na wodii twam aduan no. 22 Wodii Twam Afahyɛ aduan no, na wɔde nnanson nso dii Apiti Afahyɛ no. Ahosɛpɛw baa ɔman no mmaa nyinaa, efisɛ AWURADE sakraa Asiriahene adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho ma ɔboaa wɔn sii Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn, asɔredan no.

In Other Versions

Ezra 6 in the ANGEFD

Ezra 6 in the ANTPNG2D

Ezra 6 in the AS21

Ezra 6 in the BAGH

Ezra 6 in the BBPNG

Ezra 6 in the BBT1E

Ezra 6 in the BDS

Ezra 6 in the BEV

Ezra 6 in the BHAD

Ezra 6 in the BIB

Ezra 6 in the BLPT

Ezra 6 in the BNT

Ezra 6 in the BNTABOOT

Ezra 6 in the BNTLV

Ezra 6 in the BOATCB

Ezra 6 in the BOBCV

Ezra 6 in the BOCNT

Ezra 6 in the BOECS

Ezra 6 in the BOGWICC

Ezra 6 in the BOHCB

Ezra 6 in the BOHCV

Ezra 6 in the BOHLNT

Ezra 6 in the BOHNTLTAL

Ezra 6 in the BOICB

Ezra 6 in the BOILNTAP

Ezra 6 in the BOITCV

Ezra 6 in the BOKCV

Ezra 6 in the BOKCV2

Ezra 6 in the BOKHWOG

Ezra 6 in the BOKSSV

Ezra 6 in the BOLCB

Ezra 6 in the BOLCB2

Ezra 6 in the BOMCV

Ezra 6 in the BONAV

Ezra 6 in the BONCB

Ezra 6 in the BONLT

Ezra 6 in the BONUT2

Ezra 6 in the BOPLNT

Ezra 6 in the BOSCB

Ezra 6 in the BOSNC

Ezra 6 in the BOTLNT

Ezra 6 in the BOVCB

Ezra 6 in the BOYCB

Ezra 6 in the BPBB

Ezra 6 in the BPH

Ezra 6 in the BSB

Ezra 6 in the CCB

Ezra 6 in the CUV

Ezra 6 in the CUVS

Ezra 6 in the DBT

Ezra 6 in the DGDNT

Ezra 6 in the DHNT

Ezra 6 in the DNT

Ezra 6 in the ELBE

Ezra 6 in the EMTV

Ezra 6 in the ESV

Ezra 6 in the FBV

Ezra 6 in the FEB

Ezra 6 in the GGMNT

Ezra 6 in the GNT

Ezra 6 in the HARY

Ezra 6 in the HNT

Ezra 6 in the IRVA

Ezra 6 in the IRVB

Ezra 6 in the IRVG

Ezra 6 in the IRVH

Ezra 6 in the IRVK

Ezra 6 in the IRVM

Ezra 6 in the IRVM2

Ezra 6 in the IRVO

Ezra 6 in the IRVP

Ezra 6 in the IRVT

Ezra 6 in the IRVT2

Ezra 6 in the IRVU

Ezra 6 in the ISVN

Ezra 6 in the JSNT

Ezra 6 in the KAPI

Ezra 6 in the KBT1ETNIK

Ezra 6 in the KBV

Ezra 6 in the KJV

Ezra 6 in the KNFD

Ezra 6 in the LBA

Ezra 6 in the LBLA

Ezra 6 in the LNT

Ezra 6 in the LSV

Ezra 6 in the MAAL

Ezra 6 in the MBV

Ezra 6 in the MBV2

Ezra 6 in the MHNT

Ezra 6 in the MKNFD

Ezra 6 in the MNG

Ezra 6 in the MNT

Ezra 6 in the MNT2

Ezra 6 in the MRS1T

Ezra 6 in the NAA

Ezra 6 in the NASB

Ezra 6 in the NBLA

Ezra 6 in the NBS

Ezra 6 in the NBVTP

Ezra 6 in the NET2

Ezra 6 in the NIV11

Ezra 6 in the NNT

Ezra 6 in the NNT2

Ezra 6 in the NNT3

Ezra 6 in the PDDPT

Ezra 6 in the PFNT

Ezra 6 in the RMNT

Ezra 6 in the SBIAS

Ezra 6 in the SBIBS

Ezra 6 in the SBIBS2

Ezra 6 in the SBICS

Ezra 6 in the SBIDS

Ezra 6 in the SBIGS

Ezra 6 in the SBIHS

Ezra 6 in the SBIIS

Ezra 6 in the SBIIS2

Ezra 6 in the SBIIS3

Ezra 6 in the SBIKS

Ezra 6 in the SBIKS2

Ezra 6 in the SBIMS

Ezra 6 in the SBIOS

Ezra 6 in the SBIPS

Ezra 6 in the SBISS

Ezra 6 in the SBITS

Ezra 6 in the SBITS2

Ezra 6 in the SBITS3

Ezra 6 in the SBITS4

Ezra 6 in the SBIUS

Ezra 6 in the SBIVS

Ezra 6 in the SBT

Ezra 6 in the SBT1E

Ezra 6 in the SCHL

Ezra 6 in the SNT

Ezra 6 in the SUSU

Ezra 6 in the SUSU2

Ezra 6 in the SYNO

Ezra 6 in the TBIAOTANT

Ezra 6 in the TBT1E

Ezra 6 in the TBT1E2

Ezra 6 in the TFTIP

Ezra 6 in the TFTU

Ezra 6 in the TGNTATF3T

Ezra 6 in the THAI

Ezra 6 in the TNFD

Ezra 6 in the TNT

Ezra 6 in the TNTIK

Ezra 6 in the TNTIL

Ezra 6 in the TNTIN

Ezra 6 in the TNTIP

Ezra 6 in the TNTIZ

Ezra 6 in the TOMA

Ezra 6 in the TTENT

Ezra 6 in the UBG

Ezra 6 in the UGV

Ezra 6 in the UGV2

Ezra 6 in the UGV3

Ezra 6 in the VBL

Ezra 6 in the VDCC

Ezra 6 in the YALU

Ezra 6 in the YAPE

Ezra 6 in the YBVTP

Ezra 6 in the ZBP