Ezra 8 (BOATCB2)

1 Eyinom ne abusua mu ntuanofo ne anato ahorow a ɔhene Artasasta di ade no, wɔne me fi Babilonia bae: 2 Pinehas asefo mu no:Gersom;Itamar asefo mu no:Daniel.Dawid asefo mu no:Sekania babarima Hatus. 3 Paros asefo mu no:Sakaria ne mmarima afoforo bi ɔha aduonum. 4 Pahat-Moab asefo mu no:Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforo bi ahannu. 5 Satu asefo mu no:Yahasiel babarima Sekania ne mmarima afoforo bi ahaasa. 6 Adin asefo mu no:Yonatan babarima Ebed ne mmarima afoforo bi aduonum. 7 Elam asefo mu no:Yesaia babarima Atalia ne mmarima afoforo bi aduɔson. 8 Sefatia asefo mu no:Mikael babarima Sebadia ne mmarima afoforo bi aduɔwɔtwe. 9 Yoab asefo mu no:Yehiel babarima Obadia ne mmarima afoforo bi ahannu ne dunwɔtwe. 10 Bani asefo mu no:Yosifia babarima Selomit ne mmarima afoforo bi ɔha aduosia. 11 Bebai asefo mu no:Bebai babarima Sakaria ne mmarima afoforo bi aduonu awotwe. 12 Asgad asefo mu no:Hakatan babarima Yohanan ne mmarima afoforo bi ɔha ne du. 13 Adonikam asefo a wotwa to no:wɔn din de Elifelet, Yeiel, ne Semaia a, mmarima afoforo bi aduosia ka wɔn ho. 14 Bigwai asefo mu no:Utai ne Sakur a mmarima afoforo bi aduɔson ka wɔn ho. 15 Meboaa nnommum no ano wɔ Ahawa nsukwan no so, na yɛma wɔtenaa hɔ nnansa, bere a merehwɛ nnipa no ne asɔfo a wɔabedu hɔ no din mu no, mihuu sɛ Lewifo no mu baako mpo antu ne ho ansi hɔ. 16 Enti mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfo no ntuanofo no. Mesan soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ nimdefo no nso; 17 na mema wɔkɔɔ Ido a na otua Lewifo no ano no nkyɛn wɔ Kasifia. Mekyerɛɛ wɔn nea wɔnka nkyerɛ Ido ne nʼabusuafo ne asɔredan no mu asomfo no wɔ Kasifia, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde ahwɛfo bɛbrɛ yɛn wɔ yɛn Nyankopɔn fi. 18 Esiane sɛ Onyankopɔn adom nsa wɔ yɛn so no nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmabarima ne ne nuabarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafo a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni, 19 ne Merari asefo Yesaia, Hasabia ne ne mmabarima ne ne nuabarimanom aduonu 20 ne asɔredan no mu asomfo ahannu ne aduonu bae. Na asɔredan mu asomfo no yɛ Lewifo no aboafo a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfo kuw bi a Dawid na ɔfaa wɔn kan. Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din. 21 Na Ahawa Suka no ho no, mehyɛɛ sɛ yenni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpae sɛ ɔbɛma yɛakodu dwoodwoo, na wabɔ yɛn ne yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebetu kwan no ho ban. 22 Na mefɛree sɛ mebisa ɔhene no sɛ ɔmma yɛn asraafo ne apɔnkɔsotefo na wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban wɔ ɔkwan so, efisɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene no se, “Yɛn Nyankopɔn bɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuwhyew no tia wɔn a wɔpo no.” 23 Enti yedii mmuada, bɔɔ mpae srɛɛ yɛn Nyankopɔn wɔ eyi ho, na otiee yɛn mpaebɔ. 24 Na miyii asɔfo no ntuanofo dumien a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfo afoforo du a wɔka wɔn ho 25 sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ hweaseammɔ ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufo, ne ntuanofo ne Israelfo de ama Onyankopɔn fi no so. 26 Mede agude no rema wɔn no, mekarii na mihuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkaribo tɔn aduonu anan, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum, sikakɔkɔɔ nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum, 27 sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem bo yɛ pɛ, kɔbere nneɛma abien a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ ankasa. 28 Na meka kyerɛɛ saa asɔfo yi se, “Wɔayi mo ne saa agyapade yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama AWURADE. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ koma pa mu afɔrebɔde a wɔde rema AWURADE, yɛn agyanom Nyankopɔn. 29 Monhwɛ saa agyapade yi so yiye, na momfa mma asɔfo mpanyin, Lewifo ne Israel ntuanofo wɔ adekorae a ɛwɔ Yerusalem asɔredan no mu no.” 30 Enti asɔfo no ne Lewifo no gye too wɔn ho so sɛ wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem. 31 Yefii Ahawa Suka atenae hɔ Ab ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunkron, sii mu kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn fii atamfo ne akwamukafo nsam. 32 Enti yekoduu Yerusalem dwoodwoo, homee wɔ hɔ nnansa. 33 Yeduu no, ne nnaanan so no, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenne a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfo Meremot ne Pinehas babarima Eleasar ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifo no nsa. 34 Wɔkan biribiara dodow, karii mu duru, kyerɛw biribiara. 35 Na wɔn a wofi nnommum mu bae no de anantwi dumien, adwennini aduɔkron asia ne nguantenmma aduɔson ason, bɔɔ ɔhyew afɔre, maa Israel Nyankopɔn. Afei, wɔmaa mmirekyi dumien sɛ bɔne ho afɔrebɔde. Wɔde eyinom nyinaa bae sɛ ɔhyew afɔre maa AWURADE. 36 Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanyimfo ne amradofo a wɔwɔ asu Eufrate agya no, na wɔn nyinaa yɛɛ baako boaa Onyankopɔn asɔredan no si.

In Other Versions

Ezra 8 in the ANGEFD

Ezra 8 in the ANTPNG2D

Ezra 8 in the AS21

Ezra 8 in the BAGH

Ezra 8 in the BBPNG

Ezra 8 in the BBT1E

Ezra 8 in the BDS

Ezra 8 in the BEV

Ezra 8 in the BHAD

Ezra 8 in the BIB

Ezra 8 in the BLPT

Ezra 8 in the BNT

Ezra 8 in the BNTABOOT

Ezra 8 in the BNTLV

Ezra 8 in the BOATCB

Ezra 8 in the BOBCV

Ezra 8 in the BOCNT

Ezra 8 in the BOECS

Ezra 8 in the BOGWICC

Ezra 8 in the BOHCB

Ezra 8 in the BOHCV

Ezra 8 in the BOHLNT

Ezra 8 in the BOHNTLTAL

Ezra 8 in the BOICB

Ezra 8 in the BOILNTAP

Ezra 8 in the BOITCV

Ezra 8 in the BOKCV

Ezra 8 in the BOKCV2

Ezra 8 in the BOKHWOG

Ezra 8 in the BOKSSV

Ezra 8 in the BOLCB

Ezra 8 in the BOLCB2

Ezra 8 in the BOMCV

Ezra 8 in the BONAV

Ezra 8 in the BONCB

Ezra 8 in the BONLT

Ezra 8 in the BONUT2

Ezra 8 in the BOPLNT

Ezra 8 in the BOSCB

Ezra 8 in the BOSNC

Ezra 8 in the BOTLNT

Ezra 8 in the BOVCB

Ezra 8 in the BOYCB

Ezra 8 in the BPBB

Ezra 8 in the BPH

Ezra 8 in the BSB

Ezra 8 in the CCB

Ezra 8 in the CUV

Ezra 8 in the CUVS

Ezra 8 in the DBT

Ezra 8 in the DGDNT

Ezra 8 in the DHNT

Ezra 8 in the DNT

Ezra 8 in the ELBE

Ezra 8 in the EMTV

Ezra 8 in the ESV

Ezra 8 in the FBV

Ezra 8 in the FEB

Ezra 8 in the GGMNT

Ezra 8 in the GNT

Ezra 8 in the HARY

Ezra 8 in the HNT

Ezra 8 in the IRVA

Ezra 8 in the IRVB

Ezra 8 in the IRVG

Ezra 8 in the IRVH

Ezra 8 in the IRVK

Ezra 8 in the IRVM

Ezra 8 in the IRVM2

Ezra 8 in the IRVO

Ezra 8 in the IRVP

Ezra 8 in the IRVT

Ezra 8 in the IRVT2

Ezra 8 in the IRVU

Ezra 8 in the ISVN

Ezra 8 in the JSNT

Ezra 8 in the KAPI

Ezra 8 in the KBT1ETNIK

Ezra 8 in the KBV

Ezra 8 in the KJV

Ezra 8 in the KNFD

Ezra 8 in the LBA

Ezra 8 in the LBLA

Ezra 8 in the LNT

Ezra 8 in the LSV

Ezra 8 in the MAAL

Ezra 8 in the MBV

Ezra 8 in the MBV2

Ezra 8 in the MHNT

Ezra 8 in the MKNFD

Ezra 8 in the MNG

Ezra 8 in the MNT

Ezra 8 in the MNT2

Ezra 8 in the MRS1T

Ezra 8 in the NAA

Ezra 8 in the NASB

Ezra 8 in the NBLA

Ezra 8 in the NBS

Ezra 8 in the NBVTP

Ezra 8 in the NET2

Ezra 8 in the NIV11

Ezra 8 in the NNT

Ezra 8 in the NNT2

Ezra 8 in the NNT3

Ezra 8 in the PDDPT

Ezra 8 in the PFNT

Ezra 8 in the RMNT

Ezra 8 in the SBIAS

Ezra 8 in the SBIBS

Ezra 8 in the SBIBS2

Ezra 8 in the SBICS

Ezra 8 in the SBIDS

Ezra 8 in the SBIGS

Ezra 8 in the SBIHS

Ezra 8 in the SBIIS

Ezra 8 in the SBIIS2

Ezra 8 in the SBIIS3

Ezra 8 in the SBIKS

Ezra 8 in the SBIKS2

Ezra 8 in the SBIMS

Ezra 8 in the SBIOS

Ezra 8 in the SBIPS

Ezra 8 in the SBISS

Ezra 8 in the SBITS

Ezra 8 in the SBITS2

Ezra 8 in the SBITS3

Ezra 8 in the SBITS4

Ezra 8 in the SBIUS

Ezra 8 in the SBIVS

Ezra 8 in the SBT

Ezra 8 in the SBT1E

Ezra 8 in the SCHL

Ezra 8 in the SNT

Ezra 8 in the SUSU

Ezra 8 in the SUSU2

Ezra 8 in the SYNO

Ezra 8 in the TBIAOTANT

Ezra 8 in the TBT1E

Ezra 8 in the TBT1E2

Ezra 8 in the TFTIP

Ezra 8 in the TFTU

Ezra 8 in the TGNTATF3T

Ezra 8 in the THAI

Ezra 8 in the TNFD

Ezra 8 in the TNT

Ezra 8 in the TNTIK

Ezra 8 in the TNTIL

Ezra 8 in the TNTIN

Ezra 8 in the TNTIP

Ezra 8 in the TNTIZ

Ezra 8 in the TOMA

Ezra 8 in the TTENT

Ezra 8 in the UBG

Ezra 8 in the UGV

Ezra 8 in the UGV2

Ezra 8 in the UGV3

Ezra 8 in the VBL

Ezra 8 in the VDCC

Ezra 8 in the YALU

Ezra 8 in the YAPE

Ezra 8 in the YBVTP

Ezra 8 in the ZBP