Judges 4 (BOATCB2)
        
        
          1 Ehud wu akyi no, Israelfo no yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so bio. 2 Enti Awurade de wɔn hyɛɛ Kanaanhene Yabin a na odi ade wɔ Hasor no nsa. Na ɔsahene a otua nʼakofo ano no din de Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim. 3 Na Sisera wɔ nnade nteaseɛnam ahankron, na ɔde atirimɔden hyɛɛ Israelfo no so mfirihyia aduonu. Afei Israelfo no su frɛɛ AWURADE pɛɛ mmoa.  4 Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifobea na ɔbɛyɛɛ Israelfo temmufo. 5 Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔw asase no so. Ɛhɔ na na Israelfo no kɔ ma odi wɔn nsɛm. 6 Da bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes wɔ Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛɛ na AWURADE, Israel Nyankopɔn hyɛ wo sɛ yɛ: Kɔboaboa akofo mpem du ano fi Naftali ne Sebulon mmusuakuw mu wɔ Tabor bepɔw so hɔ. 7 Mɛdaadaa Yabin nsraadɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofo akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.”  8 Barak ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wo ne me bɛkɔ de a, mɛkɔ!”  9 Debora buaa no se, “Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya anuonyam biara wɔ dwumadi yi mu, efisɛ AWURADE nkonimdi wɔ Sisera so no befi ɔbea nsam.” Enti Debora ne Barak kɔɔ Kedes. 10 Kedes hɔ, Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuw ne Naftali abusuakuw mu nnipa nyinaa, na akofo mpem du ne no kɔe. Debora nso kaa wɔn ho kɔe.  11 Na Kenini Heber atwe ne ho afi Kenifo  a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefo no ho, akosi ne ntamadan wɔ dua kɛse bi a esi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho.  12 Bere a wɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔw so no, 13 ɔboaboaa ne nnade nteaseɛnam ahankron ano ne nʼakofo nyinaa, na wotu sen fii Haroset-Hagoyim kɔɔ Asubɔnten Kison ho.  14 Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ, “Yɛ ahoboa! Nnɛ ne da a AWURADE de Sisera so nkonimdi bɛma wo, efisɛ, AWURADE atu ɔsa adi wʼanim.” Enti Barak dii nʼakofo mpem du anim sian Tabor bepɔw no kɔkoe. 15 Bere a Barak tow hyɛɛ wɔn so no, AWURADE maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafo ne nʼakofo no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huruw fii ne teaseɛnam mu sii fam guanee.  16 Barak nteaseɛnam ne ɔtamfo no nsraadɔm no ara kosii Haroset-Hagoyim, kunkum Sisera akofo no nyinaa. Anka wɔn mu baako mpo. 17 Sisera guan kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ na Heber abusuafo ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa.  18 Yael fii adi kohyiaa Sisera ka kyerɛɛ no se, “Owura, bra me ntamadan yi mu. Bra mu. Nsuro.” Enti ɔkɔɔ ntamadan no mu ma ɔde nnaso kataa ne so.  19 Sisera ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, osukɔm de me nti ma me nsu.” Enti ɔmaa no nufusu sɛ ɔnnom, na ɔsan kataa ne so.  20 Sisera ka kyerɛɛ no se, “Gyina ntamadan no ano na sɛ obi bebisa wo se obi wɔ ha a, ka se dabi.”  21 Nanso ɔbrɛ nti, Sisera faa mu dae. Yael, a ɔyɛ Heber yere, yɛɛ brɛoo kɔɔ ne so. Ɔde asae ne pɛe na ɛkɔe. Ɔde pɛe no sii ne moma so de hama no bɔɔ so, kosii sɛ ehwirew ne moma mu sii fam ma owui.  22 Bere a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue behyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.” Enti, odii nʼakyi kɔɔ ntamadan no mu kohuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛe si ne moma so.  23 Da no na Israel huu sɛ Onyankopɔn adi Kanaanhene Yabin so nkonim. 24 Na ɛno akyi no, Israel nyaa ahoɔden tiaa ɔhene Yabin ara kosii sɛ akyiri no, wɔsɛee no.
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    Judges 4 in the ANGEFD
  
  
    Judges 4 in the ANTPNG2D
  
  
    Judges 4 in the AS21
  
  
    Judges 4 in the BAGH
  
  
    Judges 4 in the BBPNG
  
  
    Judges 4 in the BBT1E
  
  
    Judges 4 in the BDS
  
  
    Judges 4 in the BEV
  
  
    Judges 4 in the BHAD
  
  
    Judges 4 in the BIB
  
  
    Judges 4 in the BLPT
  
  
    Judges 4 in the BNT
  
  
    Judges 4 in the BNTABOOT
  
  
    Judges 4 in the BNTLV
  
  
    Judges 4 in the BOATCB
  
  
    Judges 4 in the BOBCV
  
  
    Judges 4 in the BOCNT
  
  
    Judges 4 in the BOECS
  
  
    Judges 4 in the BOGWICC
  
  
    Judges 4 in the BOHCB
  
  
    Judges 4 in the BOHCV
  
  
    Judges 4 in the BOHLNT
  
  
    Judges 4 in the BOHNTLTAL
  
  
    Judges 4 in the BOICB
  
  
    Judges 4 in the BOILNTAP
  
  
    Judges 4 in the BOITCV
  
  
    Judges 4 in the BOKCV
  
  
    Judges 4 in the BOKCV2
  
  
    Judges 4 in the BOKHWOG
  
  
    Judges 4 in the BOKSSV
  
  
    Judges 4 in the BOLCB
  
  
    Judges 4 in the BOLCB2
  
  
    Judges 4 in the BOMCV
  
  
    Judges 4 in the BONAV
  
  
    Judges 4 in the BONCB
  
  
    Judges 4 in the BONLT
  
  
    Judges 4 in the BONUT2
  
  
    Judges 4 in the BOPLNT
  
  
    Judges 4 in the BOSCB
  
  
    Judges 4 in the BOSNC
  
  
    Judges 4 in the BOTLNT
  
  
    Judges 4 in the BOVCB
  
  
    Judges 4 in the BOYCB
  
  
    Judges 4 in the BPBB
  
  
    Judges 4 in the BPH
  
  
    Judges 4 in the BSB
  
  
    Judges 4 in the CCB
  
  
    Judges 4 in the CUV
  
  
    Judges 4 in the CUVS
  
  
    Judges 4 in the DBT
  
  
    Judges 4 in the DGDNT
  
  
    Judges 4 in the DHNT
  
  
    Judges 4 in the DNT
  
  
    Judges 4 in the ELBE
  
  
    Judges 4 in the EMTV
  
  
    Judges 4 in the ESV
  
  
    Judges 4 in the FBV
  
  
    Judges 4 in the FEB
  
  
    Judges 4 in the GGMNT
  
  
    Judges 4 in the GNT
  
  
    Judges 4 in the HARY
  
  
    Judges 4 in the HNT
  
  
    Judges 4 in the IRVA
  
  
    Judges 4 in the IRVB
  
  
    Judges 4 in the IRVG
  
  
    Judges 4 in the IRVH
  
  
    Judges 4 in the IRVK
  
  
    Judges 4 in the IRVM
  
  
    Judges 4 in the IRVM2
  
  
    Judges 4 in the IRVO
  
  
    Judges 4 in the IRVP
  
  
    Judges 4 in the IRVT
  
  
    Judges 4 in the IRVT2
  
  
    Judges 4 in the IRVU
  
  
    Judges 4 in the ISVN
  
  
    Judges 4 in the JSNT
  
  
    Judges 4 in the KAPI
  
  
    Judges 4 in the KBT1ETNIK
  
  
    Judges 4 in the KBV
  
  
    Judges 4 in the KJV
  
  
    Judges 4 in the KNFD
  
  
    Judges 4 in the LBA
  
  
    Judges 4 in the LBLA
  
  
    Judges 4 in the LNT
  
  
    Judges 4 in the LSV
  
  
    Judges 4 in the MAAL
  
  
    Judges 4 in the MBV
  
  
    Judges 4 in the MBV2
  
  
    Judges 4 in the MHNT
  
  
    Judges 4 in the MKNFD
  
  
    Judges 4 in the MNG
  
  
    Judges 4 in the MNT
  
  
    Judges 4 in the MNT2
  
  
    Judges 4 in the MRS1T
  
  
    Judges 4 in the NAA
  
  
    Judges 4 in the NASB
  
  
    Judges 4 in the NBLA
  
  
    Judges 4 in the NBS
  
  
    Judges 4 in the NBVTP
  
  
    Judges 4 in the NET2
  
  
    Judges 4 in the NIV11
  
  
    Judges 4 in the NNT
  
  
    Judges 4 in the NNT2
  
  
    Judges 4 in the NNT3
  
  
    Judges 4 in the PDDPT
  
  
    Judges 4 in the PFNT
  
  
    Judges 4 in the RMNT
  
  
    Judges 4 in the SBIAS
  
  
    Judges 4 in the SBIBS
  
  
    Judges 4 in the SBIBS2
  
  
    Judges 4 in the SBICS
  
  
    Judges 4 in the SBIDS
  
  
    Judges 4 in the SBIGS
  
  
    Judges 4 in the SBIHS
  
  
    Judges 4 in the SBIIS
  
  
    Judges 4 in the SBIIS2
  
  
    Judges 4 in the SBIIS3
  
  
    Judges 4 in the SBIKS
  
  
    Judges 4 in the SBIKS2
  
  
    Judges 4 in the SBIMS
  
  
    Judges 4 in the SBIOS
  
  
    Judges 4 in the SBIPS
  
  
    Judges 4 in the SBISS
  
  
    Judges 4 in the SBITS
  
  
    Judges 4 in the SBITS2
  
  
    Judges 4 in the SBITS3
  
  
    Judges 4 in the SBITS4
  
  
    Judges 4 in the SBIUS
  
  
    Judges 4 in the SBIVS
  
  
    Judges 4 in the SBT
  
  
    Judges 4 in the SBT1E
  
  
    Judges 4 in the SCHL
  
  
    Judges 4 in the SNT
  
  
    Judges 4 in the SUSU
  
  
    Judges 4 in the SUSU2
  
  
    Judges 4 in the SYNO
  
  
    Judges 4 in the TBIAOTANT
  
  
    Judges 4 in the TBT1E
  
  
    Judges 4 in the TBT1E2
  
  
    Judges 4 in the TFTIP
  
  
    Judges 4 in the TFTU
  
  
    Judges 4 in the TGNTATF3T
  
  
    Judges 4 in the THAI
  
  
    Judges 4 in the TNFD
  
  
    Judges 4 in the TNT
  
  
    Judges 4 in the TNTIK
  
  
    Judges 4 in the TNTIL
  
  
    Judges 4 in the TNTIN
  
  
    Judges 4 in the TNTIP
  
  
    Judges 4 in the TNTIZ
  
  
    Judges 4 in the TOMA
  
  
    Judges 4 in the TTENT
  
  
    Judges 4 in the UBG
  
  
    Judges 4 in the UGV
  
  
    Judges 4 in the UGV2
  
  
    Judges 4 in the UGV3
  
  
    Judges 4 in the VBL
  
  
    Judges 4 in the VDCC
  
  
    Judges 4 in the YALU
  
  
    Judges 4 in the YAPE
  
  
    Judges 4 in the YBVTP
  
  
    Judges 4 in the ZBP