Jeremiah 11 (BOATCB2)
1 Asɛm a efi AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn ni: 2 “Tie apam yi mu nhyehyɛe na ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem. 3 Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na AWURADE, Israel Nyankopɔn se: ‘Nnome nka onipa a onni apam yi mu nhyehyɛe so, 4 nea mehyɛ maa mo agyanom bere a miyii wɔn fii Misraim, fononoo a wɔnan dade wɔ mu no.’ Mekae se, ‘Monyɛ osetie mma me na monyɛ biribiara a mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn. 5 Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom se, mɛma wɔn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no aba mu,’ asase a mote so nnɛ yi.”Mibuae se, “Amen, AWURADE.” 6 AWURADE ka kyerɛɛ me se, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuru wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so se: ‘Muntie apam yi ho nhyehyɛe na munni so. 7 Efi bere a miyii mo agyanom fii Misraim besi nnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ bere biara se, “Monyɛ osetie mma me.” 8 Nanso wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wodii asoɔden a efi wɔn koma bɔne mu no akyi. Ɛno nti memaa nnome a efi apam a mahyɛ wɔn sɛ wonni so na wɔanni so no mu no baa wɔn so.’ ” 9 Na afei AWURADE ka kyerɛɛ me se, “Atuatew apam bi wɔ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no ntam. 10 Wɔasan kɔ wɔn agyanom a wɔampɛ sɛ wotie mʼasɛm no bɔne ho. Wɔadi anyame foforo akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fifo ne Yuda fifo abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so. 11 Ɛno nti nea AWURADE se ni: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nguan mfi mu bɛba wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ, wosu frɛ me de, nanso merennye wɔn so. 12 Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ akosu afrɛ anyame a wɔhyew nnuhuam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa. 13 Wo Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodow bɛyɛ sɛ wo nkurow; na afɔremuka a moasisi sɛ mobɛhyew nnuhuam wɔ so ama animguase nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔnten.’ 14 “Mmɔ mpae mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, efisɛ, sɛ wosu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a merennye wɔn so. 15 “Dɛn na me dɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mubere a ɔne bebree hyehyɛ nsɛmmɔnedi ho?Ahodwira nam betumi abɔ wo asotwe agu ana?Sɛ woyɛ wʼamumɔyɛsɛm ana wʼani agye.” 16 AWURADE, frɛ wo ngodua a enyin frɔmfrɔma ɛsow aba a ɛyɛ fɛ.Nanso ɔde ahum kɛse bi nteɛmubɛto mu gya,na ne mman bebubu. 17 Asafo AWURADE a oduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, efisɛ Israel fifo ne Yuda fifo ayɛ bɔne ahyɛ me abufuw sɛ wɔhyew nnuhuam ma Baal. 18 Esiane sɛ AWURADE yii pɔw a wabɔ kyerɛɛ me no nti, mihui, efisɛ saa bere no ɔde nea wɔreyɛ no kyerɛɛ me. 19 Meyɛɛ sɛ oguamma a odwo a wɔde no rekɔ akokum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim pɔw atia me sɛ,“Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no;momma yentwa no mfi ateasefo asase so,sɛnea wɔnnkae ne din bio.” 20 Nanso wo, Asafo AWURADE, wo a wubu atɛntreneena wosɔ koma ne adwene hwɛ,ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ. 21 Ɛno nti nea AWURADE ka fa Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum wo na wɔka se, “Nhyɛ nkɔm wɔ AWURADE din mu anyɛ saa a, wubewu wɔ yɛn nsa ano,” 22 Ɛno nti, nea Asafo AWURADE se ni: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmerante bewuwu afoa ano, na ɔkɔm bekunkum wɔn mmabarima ne mmabea. 23 Wɔrennya wɔn nkae biara mpo, efisɛ mede amanehunu bɛba Anatotfo so wɔ wɔn asotwe afe mu.”
In Other Versions
Jeremiah 11 in the ANGEFD
Jeremiah 11 in the ANTPNG2D
Jeremiah 11 in the AS21
Jeremiah 11 in the BAGH
Jeremiah 11 in the BBPNG
Jeremiah 11 in the BBT1E
Jeremiah 11 in the BDS
Jeremiah 11 in the BEV
Jeremiah 11 in the BHAD
Jeremiah 11 in the BIB
Jeremiah 11 in the BLPT
Jeremiah 11 in the BNT
Jeremiah 11 in the BNTABOOT
Jeremiah 11 in the BNTLV
Jeremiah 11 in the BOATCB
Jeremiah 11 in the BOBCV
Jeremiah 11 in the BOCNT
Jeremiah 11 in the BOECS
Jeremiah 11 in the BOGWICC
Jeremiah 11 in the BOHCB
Jeremiah 11 in the BOHCV
Jeremiah 11 in the BOHLNT
Jeremiah 11 in the BOHNTLTAL
Jeremiah 11 in the BOICB
Jeremiah 11 in the BOILNTAP
Jeremiah 11 in the BOITCV
Jeremiah 11 in the BOKCV
Jeremiah 11 in the BOKCV2
Jeremiah 11 in the BOKHWOG
Jeremiah 11 in the BOKSSV
Jeremiah 11 in the BOLCB
Jeremiah 11 in the BOLCB2
Jeremiah 11 in the BOMCV
Jeremiah 11 in the BONAV
Jeremiah 11 in the BONCB
Jeremiah 11 in the BONLT
Jeremiah 11 in the BONUT2
Jeremiah 11 in the BOPLNT
Jeremiah 11 in the BOSCB
Jeremiah 11 in the BOSNC
Jeremiah 11 in the BOTLNT
Jeremiah 11 in the BOVCB
Jeremiah 11 in the BOYCB
Jeremiah 11 in the BPBB
Jeremiah 11 in the BPH
Jeremiah 11 in the BSB
Jeremiah 11 in the CCB
Jeremiah 11 in the CUV
Jeremiah 11 in the CUVS
Jeremiah 11 in the DBT
Jeremiah 11 in the DGDNT
Jeremiah 11 in the DHNT
Jeremiah 11 in the DNT
Jeremiah 11 in the ELBE
Jeremiah 11 in the EMTV
Jeremiah 11 in the ESV
Jeremiah 11 in the FBV
Jeremiah 11 in the FEB
Jeremiah 11 in the GGMNT
Jeremiah 11 in the GNT
Jeremiah 11 in the HARY
Jeremiah 11 in the HNT
Jeremiah 11 in the IRVA
Jeremiah 11 in the IRVB
Jeremiah 11 in the IRVG
Jeremiah 11 in the IRVH
Jeremiah 11 in the IRVK
Jeremiah 11 in the IRVM
Jeremiah 11 in the IRVM2
Jeremiah 11 in the IRVO
Jeremiah 11 in the IRVP
Jeremiah 11 in the IRVT
Jeremiah 11 in the IRVT2
Jeremiah 11 in the IRVU
Jeremiah 11 in the ISVN
Jeremiah 11 in the JSNT
Jeremiah 11 in the KAPI
Jeremiah 11 in the KBT1ETNIK
Jeremiah 11 in the KBV
Jeremiah 11 in the KJV
Jeremiah 11 in the KNFD
Jeremiah 11 in the LBA
Jeremiah 11 in the LBLA
Jeremiah 11 in the LNT
Jeremiah 11 in the LSV
Jeremiah 11 in the MAAL
Jeremiah 11 in the MBV
Jeremiah 11 in the MBV2
Jeremiah 11 in the MHNT
Jeremiah 11 in the MKNFD
Jeremiah 11 in the MNG
Jeremiah 11 in the MNT
Jeremiah 11 in the MNT2
Jeremiah 11 in the MRS1T
Jeremiah 11 in the NAA
Jeremiah 11 in the NASB
Jeremiah 11 in the NBLA
Jeremiah 11 in the NBS
Jeremiah 11 in the NBVTP
Jeremiah 11 in the NET2
Jeremiah 11 in the NIV11
Jeremiah 11 in the NNT
Jeremiah 11 in the NNT2
Jeremiah 11 in the NNT3
Jeremiah 11 in the PDDPT
Jeremiah 11 in the PFNT
Jeremiah 11 in the RMNT
Jeremiah 11 in the SBIAS
Jeremiah 11 in the SBIBS
Jeremiah 11 in the SBIBS2
Jeremiah 11 in the SBICS
Jeremiah 11 in the SBIDS
Jeremiah 11 in the SBIGS
Jeremiah 11 in the SBIHS
Jeremiah 11 in the SBIIS
Jeremiah 11 in the SBIIS2
Jeremiah 11 in the SBIIS3
Jeremiah 11 in the SBIKS
Jeremiah 11 in the SBIKS2
Jeremiah 11 in the SBIMS
Jeremiah 11 in the SBIOS
Jeremiah 11 in the SBIPS
Jeremiah 11 in the SBISS
Jeremiah 11 in the SBITS
Jeremiah 11 in the SBITS2
Jeremiah 11 in the SBITS3
Jeremiah 11 in the SBITS4
Jeremiah 11 in the SBIUS
Jeremiah 11 in the SBIVS
Jeremiah 11 in the SBT
Jeremiah 11 in the SBT1E
Jeremiah 11 in the SCHL
Jeremiah 11 in the SNT
Jeremiah 11 in the SUSU
Jeremiah 11 in the SUSU2
Jeremiah 11 in the SYNO
Jeremiah 11 in the TBIAOTANT
Jeremiah 11 in the TBT1E
Jeremiah 11 in the TBT1E2
Jeremiah 11 in the TFTIP
Jeremiah 11 in the TFTU
Jeremiah 11 in the TGNTATF3T
Jeremiah 11 in the THAI
Jeremiah 11 in the TNFD
Jeremiah 11 in the TNT
Jeremiah 11 in the TNTIK
Jeremiah 11 in the TNTIL
Jeremiah 11 in the TNTIN
Jeremiah 11 in the TNTIP
Jeremiah 11 in the TNTIZ
Jeremiah 11 in the TOMA
Jeremiah 11 in the TTENT
Jeremiah 11 in the UBG
Jeremiah 11 in the UGV
Jeremiah 11 in the UGV2
Jeremiah 11 in the UGV3
Jeremiah 11 in the VBL
Jeremiah 11 in the VDCC
Jeremiah 11 in the YALU
Jeremiah 11 in the YAPE
Jeremiah 11 in the YBVTP
Jeremiah 11 in the ZBP