Joshua 21 (BOATCB2)

1 Afei, Lewifo abusua mu ntuanofo kɔɔ ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw a aka mu ntuanofo no nkyɛn. 2 Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so no se, “AWURADE hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkurow na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwi.” 3 Na sɛnea AWURADE hyɛe no, wɔde nkurow a edidi so yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifo sɛ wɔn agyapade. 4 Aaron asefo a na wɔyɛ Kohat abusuamma, na wɔfra Lewi abusuakuw mu no nyaa nkurow dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuw no dea. 5 Afi a aka wɔ Kohat abusua mu no, wɔmaa wɔn nkurow du fii Efraim ne Dan mmusuakuw no ne Manase abusuakuw fa no nsase mu. 6 Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurow dumiɛnsa fii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuw fa no wɔ Basan. 7 Merari abusua no nyaa nkurow dumien fii Ruben, Gad ne Sebulon mmusuakuw no nkyɛn. 8 Enti Israelfo no dii AWURADE ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkurow yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifo. 9 Israelfo no de saa nkurow a ɛyɛ Yuda ne Simeon mmusuakuw no dea no 10 maa Aaron asefo a wɔfra Kohat abusua mu na ɛka Lewi abusuakuw ho no, efisɛ ntonto kronkron a edi kan no bɔɔ wɔn. 11 Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.) 12 Nanso nsase ne nkuraa a atwa kurow no ho ahyia no de, wɔde maa Yefune babarima Kaleb. 13 Nkurow a edidi so yi ne wɔn adidibea no wɔde maa ɔsɔfo Aaron asefo: Hebron (guankɔbea kuropɔn ma nea ne nsa apa wɔ obi ho), Libna, 14 Yatir, Estemoa, 15 Holon, Debir, 16 Ain, Yuta ne Bet-Semes a ɛyɛ nkurow akron a wonya fii saa mmusuakuw abien yi nkyɛn no. 17 Wofi Benyamin abusuakuw mu de saa nkurow yi ne adidibea a atwa ho ahyia no maa asɔfo:Gibeon, Geba, 18 Anatot, Almon—a ɛyɛ nkurow anan. 19 Enti nkurow dumiɛnsa na wɔde maa asɔfo a wɔyɛ Aaron asefo no. 20 Kohat abusua nkae a wofi Lewi abusuakuw mu no nso, wɔde saa nkurow yi ne adidibea a efi Efraim abusua nkyɛn maa wɔn: 21 Sekem, (guankɔbea kuropɔn), Geser. 22 Kibsaim ne Bet-Horon, a ɛyɛ nkurow anan. 23 Saa nkurow ne adidibea yi nso, wɔde maa asɔfo a wofi Dan abusuakuw mu:Elteke ne Gibeton, 24 Ayalon ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurow anan. 25 Manase abusuakuw fa no de saa nkurow ne wɔn adidibea maa asɔfo no:Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurow abien. 26 Enti nkurow du ne wɔn adidibea na wɔde maa Kohat abusua nkae no. 27 Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuw no fa bi no nso nyaa nkurow abien ne wɔn adidibeafii Manase abusua fa no nkyɛn.Nkurow no ne Golan a ɛwɔ Basan (guankɔbea kuropɔn) ne Beestra. 28 Isakar abusuakuw no nso maa wɔn:Kision, Daberat, 29 Yarmut ne En-Ganim, nkurow anan a wɔn adidibea ka ho. 30 Aser abusuakuw no maaMisal, Abdon, 31 Helkat ne Rehob, a ɛyɛ nkurow anan a wɔn adidibea ka ho. 32 Naftali abusuakuw no maa wɔnKedes a ɛwɔ Galilea (guankɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkurow abiɛsa ne wɔn adidibea. 33 Enti nkurow dumiɛnsa ne ɛho adidibea na wɔde maa Gerson mmusua no. 34 Lewifo nkae a wɔyɛ Merari abusua no nyaa saa nkurow yi aefi Sebulon abusuakuw no nkyɛn:Yokneam, Karta, 35 Dimna ne Nahalal—nkurow anan ne ɛho adidibea. 36 Ruben abusuakuw no nso maa wɔnBeser, Yahas, 37 Kedemot ne Mefaat—nkurow anan ne wɔn adidibea. 38 Gad abusuakuw no maa wɔnRamot a ɛwɔ Gilead (guankɔbea kuropɔn), Mahanaim, 39 Hesbon ne Yaser, nkurow anan ne ho adidibea. 40 Enti nkurow dumien na wɔde maa Merari abusua. 41 Nkurow dodow ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifo no nyinaa yɛ aduanan awotwe. 42 Na kurow biara wɔ adidibea da ho. 43 Enti AWURADE de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfo no, na wodii so nkonim, tenaa hɔ. 44 Na AWURADE ma wonyaa ɔhome wɔ afanan nyinaa, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfo biara antumi annyina wɔn anim, efisɛ AWURADE boaa wɔn ma wodii wɔn atamfo so nkonim. 45 Bɔ pa biara a AWURADE hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu; emu bi anni huammɔ.

In Other Versions

Joshua 21 in the ANGEFD

Joshua 21 in the ANTPNG2D

Joshua 21 in the AS21

Joshua 21 in the BAGH

Joshua 21 in the BBPNG

Joshua 21 in the BBT1E

Joshua 21 in the BDS

Joshua 21 in the BEV

Joshua 21 in the BHAD

Joshua 21 in the BIB

Joshua 21 in the BLPT

Joshua 21 in the BNT

Joshua 21 in the BNTABOOT

Joshua 21 in the BNTLV

Joshua 21 in the BOATCB

Joshua 21 in the BOBCV

Joshua 21 in the BOCNT

Joshua 21 in the BOECS

Joshua 21 in the BOGWICC

Joshua 21 in the BOHCB

Joshua 21 in the BOHCV

Joshua 21 in the BOHLNT

Joshua 21 in the BOHNTLTAL

Joshua 21 in the BOICB

Joshua 21 in the BOILNTAP

Joshua 21 in the BOITCV

Joshua 21 in the BOKCV

Joshua 21 in the BOKCV2

Joshua 21 in the BOKHWOG

Joshua 21 in the BOKSSV

Joshua 21 in the BOLCB

Joshua 21 in the BOLCB2

Joshua 21 in the BOMCV

Joshua 21 in the BONAV

Joshua 21 in the BONCB

Joshua 21 in the BONLT

Joshua 21 in the BONUT2

Joshua 21 in the BOPLNT

Joshua 21 in the BOSCB

Joshua 21 in the BOSNC

Joshua 21 in the BOTLNT

Joshua 21 in the BOVCB

Joshua 21 in the BOYCB

Joshua 21 in the BPBB

Joshua 21 in the BPH

Joshua 21 in the BSB

Joshua 21 in the CCB

Joshua 21 in the CUV

Joshua 21 in the CUVS

Joshua 21 in the DBT

Joshua 21 in the DGDNT

Joshua 21 in the DHNT

Joshua 21 in the DNT

Joshua 21 in the ELBE

Joshua 21 in the EMTV

Joshua 21 in the ESV

Joshua 21 in the FBV

Joshua 21 in the FEB

Joshua 21 in the GGMNT

Joshua 21 in the GNT

Joshua 21 in the HARY

Joshua 21 in the HNT

Joshua 21 in the IRVA

Joshua 21 in the IRVB

Joshua 21 in the IRVG

Joshua 21 in the IRVH

Joshua 21 in the IRVK

Joshua 21 in the IRVM

Joshua 21 in the IRVM2

Joshua 21 in the IRVO

Joshua 21 in the IRVP

Joshua 21 in the IRVT

Joshua 21 in the IRVT2

Joshua 21 in the IRVU

Joshua 21 in the ISVN

Joshua 21 in the JSNT

Joshua 21 in the KAPI

Joshua 21 in the KBT1ETNIK

Joshua 21 in the KBV

Joshua 21 in the KJV

Joshua 21 in the KNFD

Joshua 21 in the LBA

Joshua 21 in the LBLA

Joshua 21 in the LNT

Joshua 21 in the LSV

Joshua 21 in the MAAL

Joshua 21 in the MBV

Joshua 21 in the MBV2

Joshua 21 in the MHNT

Joshua 21 in the MKNFD

Joshua 21 in the MNG

Joshua 21 in the MNT

Joshua 21 in the MNT2

Joshua 21 in the MRS1T

Joshua 21 in the NAA

Joshua 21 in the NASB

Joshua 21 in the NBLA

Joshua 21 in the NBS

Joshua 21 in the NBVTP

Joshua 21 in the NET2

Joshua 21 in the NIV11

Joshua 21 in the NNT

Joshua 21 in the NNT2

Joshua 21 in the NNT3

Joshua 21 in the PDDPT

Joshua 21 in the PFNT

Joshua 21 in the RMNT

Joshua 21 in the SBIAS

Joshua 21 in the SBIBS

Joshua 21 in the SBIBS2

Joshua 21 in the SBICS

Joshua 21 in the SBIDS

Joshua 21 in the SBIGS

Joshua 21 in the SBIHS

Joshua 21 in the SBIIS

Joshua 21 in the SBIIS2

Joshua 21 in the SBIIS3

Joshua 21 in the SBIKS

Joshua 21 in the SBIKS2

Joshua 21 in the SBIMS

Joshua 21 in the SBIOS

Joshua 21 in the SBIPS

Joshua 21 in the SBISS

Joshua 21 in the SBITS

Joshua 21 in the SBITS2

Joshua 21 in the SBITS3

Joshua 21 in the SBITS4

Joshua 21 in the SBIUS

Joshua 21 in the SBIVS

Joshua 21 in the SBT

Joshua 21 in the SBT1E

Joshua 21 in the SCHL

Joshua 21 in the SNT

Joshua 21 in the SUSU

Joshua 21 in the SUSU2

Joshua 21 in the SYNO

Joshua 21 in the TBIAOTANT

Joshua 21 in the TBT1E

Joshua 21 in the TBT1E2

Joshua 21 in the TFTIP

Joshua 21 in the TFTU

Joshua 21 in the TGNTATF3T

Joshua 21 in the THAI

Joshua 21 in the TNFD

Joshua 21 in the TNT

Joshua 21 in the TNTIK

Joshua 21 in the TNTIL

Joshua 21 in the TNTIN

Joshua 21 in the TNTIP

Joshua 21 in the TNTIZ

Joshua 21 in the TOMA

Joshua 21 in the TTENT

Joshua 21 in the UBG

Joshua 21 in the UGV

Joshua 21 in the UGV2

Joshua 21 in the UGV3

Joshua 21 in the VBL

Joshua 21 in the VDCC

Joshua 21 in the YALU

Joshua 21 in the YAPE

Joshua 21 in the YBVTP

Joshua 21 in the ZBP