Leviticus 18 (BOATCB2)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, 2 ‘Mene AWURADE mo Nyankopɔn, 3 enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfo. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ faako a mede mo rekɔ no. Munnsuasua wɔn. 4 Me mmara ne mʼahyɛde ara so na ɛsɛ sɛ mudi; na ɛsɛ sɛ mudi so pɛpɛɛpɛ, efisɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn. 5 Sɛ mudi so a, mubenya nkwa. Mene AWURADE. 6 “ ‘Mo mu biara nni ho kwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene AWURADE. 7 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbabea ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne na. 8 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wʼagya yerenom mu bi da; ebebu wʼagya animtiaa. 9 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo nuabea anaa wʼagya babea anaa wo na babea da, sɛ wɔwoo no ofi no mu anaa ofi foforo mu. 10 “ ‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nenabea, sɛ ɔyɛ mo babarima babea anaa mo babea babea, efisɛ ebebu mo animtiaa. 11 “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabea a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babea. 12 “ ‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabea, efisɛ ɔyɛ wʼagya busuani pɛɛ. 13 “ ‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo na a ɔyɛ wo na nuabea, efisɛ, ɔyɛ wo na busuani pɛɛ. 14 “ ‘Wʼagya nuabarima yere nso, wunni ho kwan sɛ woware no. 15 “ ‘Wunni ho kwan sɛ woware wo babarima yere, efisɛ ɔyɛ wʼase. 16 “ ‘Saa ara nso na wuntumi nnware wo nuabarima yere, efisɛ ɔyɛ wo nuabarima dea. 17 “ ‘Worentumi nware ɔbea bi nsan nware ne babea anaa ne nenabea nka ho, efisɛ wɔn nyinaa yɛ abusuafo pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso. 18 “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware nuabeanom baanu sɛ akorafo, bere a wo yere te ase. 19 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbea a ɔwɔ afikyirikɔ mu. 20 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu mo ho fi. 21 “ ‘Mfa wo mma mu biara mma Molek mma ɔmmfa no mmɔ afɔre wɔ nʼafɔremuka so. Ngu wo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene AWURADE. 22 “ ‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwade kɛse na ɛyɛ bɔne a ɛso nso. 23 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbea de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwade kɛse. 24 “ ‘Munngu mo ho fi wɔ saa akwan ahorow yi biara so na eyinom ne nea abosonsomfo yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa nti, merebeyi wɔn afi asase a morekɔ so no so. 25 Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno nti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mayi wɔn afi asase no so. 26 Ɛsɛ sɛ mudi me mmara ne mʼahyɛde no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwade yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔho a wɔne mo te nyinaa bi. 27 Ampa ara, efisɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwade yi nti, asase no ho agu fi. 28 Monnyɛ saa ade no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afi asase no so sɛnea mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ mprempren no. 29 “ ‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwade yi mu bi no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ɔman no mu. 30 Enti monhwɛ sɛ mubedi me mmara no so na monnyɛ saa abusude kɛse yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene AWURADE mo Nyankopɔn.’ ”

In Other Versions

Leviticus 18 in the ANGEFD

Leviticus 18 in the ANTPNG2D

Leviticus 18 in the AS21

Leviticus 18 in the BAGH

Leviticus 18 in the BBPNG

Leviticus 18 in the BBT1E

Leviticus 18 in the BDS

Leviticus 18 in the BEV

Leviticus 18 in the BHAD

Leviticus 18 in the BIB

Leviticus 18 in the BLPT

Leviticus 18 in the BNT

Leviticus 18 in the BNTABOOT

Leviticus 18 in the BNTLV

Leviticus 18 in the BOATCB

Leviticus 18 in the BOBCV

Leviticus 18 in the BOCNT

Leviticus 18 in the BOECS

Leviticus 18 in the BOGWICC

Leviticus 18 in the BOHCB

Leviticus 18 in the BOHCV

Leviticus 18 in the BOHLNT

Leviticus 18 in the BOHNTLTAL

Leviticus 18 in the BOICB

Leviticus 18 in the BOILNTAP

Leviticus 18 in the BOITCV

Leviticus 18 in the BOKCV

Leviticus 18 in the BOKCV2

Leviticus 18 in the BOKHWOG

Leviticus 18 in the BOKSSV

Leviticus 18 in the BOLCB

Leviticus 18 in the BOLCB2

Leviticus 18 in the BOMCV

Leviticus 18 in the BONAV

Leviticus 18 in the BONCB

Leviticus 18 in the BONLT

Leviticus 18 in the BONUT2

Leviticus 18 in the BOPLNT

Leviticus 18 in the BOSCB

Leviticus 18 in the BOSNC

Leviticus 18 in the BOTLNT

Leviticus 18 in the BOVCB

Leviticus 18 in the BOYCB

Leviticus 18 in the BPBB

Leviticus 18 in the BPH

Leviticus 18 in the BSB

Leviticus 18 in the CCB

Leviticus 18 in the CUV

Leviticus 18 in the CUVS

Leviticus 18 in the DBT

Leviticus 18 in the DGDNT

Leviticus 18 in the DHNT

Leviticus 18 in the DNT

Leviticus 18 in the ELBE

Leviticus 18 in the EMTV

Leviticus 18 in the ESV

Leviticus 18 in the FBV

Leviticus 18 in the FEB

Leviticus 18 in the GGMNT

Leviticus 18 in the GNT

Leviticus 18 in the HARY

Leviticus 18 in the HNT

Leviticus 18 in the IRVA

Leviticus 18 in the IRVB

Leviticus 18 in the IRVG

Leviticus 18 in the IRVH

Leviticus 18 in the IRVK

Leviticus 18 in the IRVM

Leviticus 18 in the IRVM2

Leviticus 18 in the IRVO

Leviticus 18 in the IRVP

Leviticus 18 in the IRVT

Leviticus 18 in the IRVT2

Leviticus 18 in the IRVU

Leviticus 18 in the ISVN

Leviticus 18 in the JSNT

Leviticus 18 in the KAPI

Leviticus 18 in the KBT1ETNIK

Leviticus 18 in the KBV

Leviticus 18 in the KJV

Leviticus 18 in the KNFD

Leviticus 18 in the LBA

Leviticus 18 in the LBLA

Leviticus 18 in the LNT

Leviticus 18 in the LSV

Leviticus 18 in the MAAL

Leviticus 18 in the MBV

Leviticus 18 in the MBV2

Leviticus 18 in the MHNT

Leviticus 18 in the MKNFD

Leviticus 18 in the MNG

Leviticus 18 in the MNT

Leviticus 18 in the MNT2

Leviticus 18 in the MRS1T

Leviticus 18 in the NAA

Leviticus 18 in the NASB

Leviticus 18 in the NBLA

Leviticus 18 in the NBS

Leviticus 18 in the NBVTP

Leviticus 18 in the NET2

Leviticus 18 in the NIV11

Leviticus 18 in the NNT

Leviticus 18 in the NNT2

Leviticus 18 in the NNT3

Leviticus 18 in the PDDPT

Leviticus 18 in the PFNT

Leviticus 18 in the RMNT

Leviticus 18 in the SBIAS

Leviticus 18 in the SBIBS

Leviticus 18 in the SBIBS2

Leviticus 18 in the SBICS

Leviticus 18 in the SBIDS

Leviticus 18 in the SBIGS

Leviticus 18 in the SBIHS

Leviticus 18 in the SBIIS

Leviticus 18 in the SBIIS2

Leviticus 18 in the SBIIS3

Leviticus 18 in the SBIKS

Leviticus 18 in the SBIKS2

Leviticus 18 in the SBIMS

Leviticus 18 in the SBIOS

Leviticus 18 in the SBIPS

Leviticus 18 in the SBISS

Leviticus 18 in the SBITS

Leviticus 18 in the SBITS2

Leviticus 18 in the SBITS3

Leviticus 18 in the SBITS4

Leviticus 18 in the SBIUS

Leviticus 18 in the SBIVS

Leviticus 18 in the SBT

Leviticus 18 in the SBT1E

Leviticus 18 in the SCHL

Leviticus 18 in the SNT

Leviticus 18 in the SUSU

Leviticus 18 in the SUSU2

Leviticus 18 in the SYNO

Leviticus 18 in the TBIAOTANT

Leviticus 18 in the TBT1E

Leviticus 18 in the TBT1E2

Leviticus 18 in the TFTIP

Leviticus 18 in the TFTU

Leviticus 18 in the TGNTATF3T

Leviticus 18 in the THAI

Leviticus 18 in the TNFD

Leviticus 18 in the TNT

Leviticus 18 in the TNTIK

Leviticus 18 in the TNTIL

Leviticus 18 in the TNTIN

Leviticus 18 in the TNTIP

Leviticus 18 in the TNTIZ

Leviticus 18 in the TOMA

Leviticus 18 in the TTENT

Leviticus 18 in the UBG

Leviticus 18 in the UGV

Leviticus 18 in the UGV2

Leviticus 18 in the UGV3

Leviticus 18 in the VBL

Leviticus 18 in the VDCC

Leviticus 18 in the YALU

Leviticus 18 in the YAPE

Leviticus 18 in the YBVTP

Leviticus 18 in the ZBP