Numbers 22 (BOATCB2)

1 Afei, Israelfo no kɔɔ Moab tataw so kɔtenaa Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛhɔ ne Yeriko di nhwɛanim no. 2 Sipor babarima Balak huu nea Israelfo ayɛ Amorifo no nyinaa, 3 na Moab huu Israelfo dodow a wɔwɔ hɔ no, ɔne ne nkurɔfo bɔɔ huboa. 4 Moabfo no ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo no se, “Saa dɔm yi bɛwe biribiara a ɛwɔ ha no, sɛnea nantwi we sare.”Enti Sipor ba Balak a na ɔyɛ Moabhene saa bere no 5 somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn wɔ Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Balak kae se,“Nnipadɔm bi fi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔabɛtena abɛn me. 6 Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, efisɛ wɔyɛ den sen me. Ebia ɛbɛma matumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afi asase no so. Efisɛ minim nhyira a ɛba wɔn a wuhyira wɔn no so, na minim mmusu a ɛba wɔn a wodome wɔn no so nso.” 7 Moab ne Midian mpanyimfo no fii hɔ a na wokita sika a wɔde rekotua Balaam ka ama wadome Israelfo no. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa nea ehia Balak no kyerɛɛ no. 8 Balaam kae se, “Monna mma ade nkye mo. Ade kye a, nea AWURADE bɛkyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛka akyerɛ mo.” Enti Moab mpanyimfo no dae. 9 Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bebisaa no se, “Saa nnipa yi yɛ hefo?” 10 Obuae se, “Wɔde nkra afi Moabhene Balak nkyɛn abrɛ me se: 11 Nnipadɔm bi fi Misraim aba ne hye so. Enti bra na bɛdome wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ne wɔn ako apam wɔn.” 12 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, “Nkɔ. Ɛnsɛ sɛ wodome wɔn, efisɛ mahyira wɔn!” 13 Ade kyee anɔpa no, Balaam ka kyerɛɛ Balak nkurɔfo no se, “Monsan nkɔ fie! AWURADE ampene sɛ me ne mo nkɔ.” 14 Enti Balak mpanyimfo no san bɛbɔɔ amanneɛ se, “Balaam ne yɛn amma.” 15 Balak somaa nnipa dodow pa ara a anuonyamfo a wɔkyɛn kan dɔm no fra wɔn mu. 16 Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se,“Sɛnea Sipor ba Balak se ni, ‘Mma biribiara nsiw wo kwan sɛ wobɛba me nkyɛn, 17 efisɛ metua wo ka yiye. Bra na bɛdome saa nnipa no ma me.’ ” 18 Nanso, Balaam buae se, “Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa mpo a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛde a AWURADE a ɔyɛ me Nyankopɔn no ahyɛ no so. 19 Nanso, monna ha mma ade nkye na yɛnhwɛ sɛ AWURADE bɛka asɛm foforo bi aka nea waka dedaw no ho anaa.” 20 Anadwo no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, “Esiane sɛ nnipa no abɛfrɛ wo no nti, Sɔre na wo ne saa nnipa no nkɔ na mmom, hwɛ yiye na yɛ nea mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no nko ara.” 21 Ade kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum, tenaa ne so ne Moab mpanyimfo no sii mu. 22 Nanso, Onyankopɔn bo fuw Balaam ahopere a ɔde kɔe no; enti ɔsomaa AWURADE bɔfo ma ogyinaa akwantemfi sɛ onsiw no kwan. Na Balaam te nʼafurum so a nʼasomfo baanu ka ne ho. 23 Afurum no huu AWURADE bɔfo no sɛ okura afoa gyina kwan no mfimfini no, ɔman faa wuram. Balaam hwee no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛfa ɔkwan no so. 24 Na AWURADE ɔbɔfo no gyina ɔkwan hiahiaa bi a ɛwɔ bobeturo afasu abien ntam. 25 Bere a afurum no huu AWURADE bɔfo no, otwerii ɔfasu no ho maa Balaam nan pemee. Enti Balaam san hwee aboa no. 26 Afei, AWURADE bɔfo no kɔɔ nʼanim kogyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afurum no nnya baabi nnan ne ho mfa nifa anaa benkum. 27 Enti obutuw ɔkwan no mu. Balaam bo fuw yiye ma ɔde abaa no hwee no. 28 Afei, AWURADE buee afurum no ano, na obisaa Balaam se, “Mayɛ wo dɛn na nti a wohwe me mprɛnsa saa?” 29 Balaam nso buaa no se, “Woama mayɛ ɔkwasea! Na sɛ mikura afoa a, anka mekum wo mprempren.” 30 Afurum no nso bisaa no se, “Menyɛ wʼafurum a woatena me so daa de abesi nnɛ? So mayɛ sɛɛ pɛn?”Obuae se, “Dabi.” 31 Afei, AWURADE buee Balaam ani ma ohuu ɔsoro bɔfo no sɛ watwe afoa gyina ɔkwan no mfimfini. Enti ɔde nʼanim butuw fam. 32 AWURADE bɔfo no bisaa no se, “Adɛn nti na woahwe wʼafurum no mprɛnsa saa? Maba sɛ merebesiw wo kwan, efisɛ wʼakwan mu no wunni ahwɛyie wɔ mʼanim. 33 Afurum no huu me a ɔman faa nkyɛn mprɛnsa. Sɛ wamman a, anka mekum wo na magyaa no.” 34 Balaam ka kyerɛɛ AWURADE bɔfo no se, “Mafom. Na minnim sɛ wugyina ɔkwan no mu a worebesiw me kwan. Sɛ wʼani nnye ho a mɛsan akɔ.” 35 AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko ara na ka.” Enti Balaam ne Balak mpanyimfo no kɔe. 36 Bere a Balak tee sɛ Balaam reba no, ofii kurow no mu kohyiaa no wɔ Moabfo kurow mu wɔ Arnon hye so, wɔ nʼasase ano. 37 Balak bisaa Balaam se, “Mamfrɛ wo ɔhare so ana? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? So merentumi ntua wo ka ana?” 38 Balaam buae se, “Ɛwɔ mu sɛ maba de, nanso merentumi nka nea mepɛ biara. Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ mʼano no nko ara na ɛsɛ sɛ meka.” 39 Balaam kaa Balak ho ne no kɔɔ Kiria-Husot. 40 Balak kum anantwi ne nguan bɔɔ afɔre na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho. 41 Ade kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ofi hɔ too nʼani huu sɛ Israelfo no sam wɔn atenae hɔ.

In Other Versions

Numbers 22 in the ANGEFD

Numbers 22 in the ANTPNG2D

Numbers 22 in the AS21

Numbers 22 in the BAGH

Numbers 22 in the BBPNG

Numbers 22 in the BBT1E

Numbers 22 in the BDS

Numbers 22 in the BEV

Numbers 22 in the BHAD

Numbers 22 in the BIB

Numbers 22 in the BLPT

Numbers 22 in the BNT

Numbers 22 in the BNTABOOT

Numbers 22 in the BNTLV

Numbers 22 in the BOATCB

Numbers 22 in the BOBCV

Numbers 22 in the BOCNT

Numbers 22 in the BOECS

Numbers 22 in the BOGWICC

Numbers 22 in the BOHCB

Numbers 22 in the BOHCV

Numbers 22 in the BOHLNT

Numbers 22 in the BOHNTLTAL

Numbers 22 in the BOICB

Numbers 22 in the BOILNTAP

Numbers 22 in the BOITCV

Numbers 22 in the BOKCV

Numbers 22 in the BOKCV2

Numbers 22 in the BOKHWOG

Numbers 22 in the BOKSSV

Numbers 22 in the BOLCB

Numbers 22 in the BOLCB2

Numbers 22 in the BOMCV

Numbers 22 in the BONAV

Numbers 22 in the BONCB

Numbers 22 in the BONLT

Numbers 22 in the BONUT2

Numbers 22 in the BOPLNT

Numbers 22 in the BOSCB

Numbers 22 in the BOSNC

Numbers 22 in the BOTLNT

Numbers 22 in the BOVCB

Numbers 22 in the BOYCB

Numbers 22 in the BPBB

Numbers 22 in the BPH

Numbers 22 in the BSB

Numbers 22 in the CCB

Numbers 22 in the CUV

Numbers 22 in the CUVS

Numbers 22 in the DBT

Numbers 22 in the DGDNT

Numbers 22 in the DHNT

Numbers 22 in the DNT

Numbers 22 in the ELBE

Numbers 22 in the EMTV

Numbers 22 in the ESV

Numbers 22 in the FBV

Numbers 22 in the FEB

Numbers 22 in the GGMNT

Numbers 22 in the GNT

Numbers 22 in the HARY

Numbers 22 in the HNT

Numbers 22 in the IRVA

Numbers 22 in the IRVB

Numbers 22 in the IRVG

Numbers 22 in the IRVH

Numbers 22 in the IRVK

Numbers 22 in the IRVM

Numbers 22 in the IRVM2

Numbers 22 in the IRVO

Numbers 22 in the IRVP

Numbers 22 in the IRVT

Numbers 22 in the IRVT2

Numbers 22 in the IRVU

Numbers 22 in the ISVN

Numbers 22 in the JSNT

Numbers 22 in the KAPI

Numbers 22 in the KBT1ETNIK

Numbers 22 in the KBV

Numbers 22 in the KJV

Numbers 22 in the KNFD

Numbers 22 in the LBA

Numbers 22 in the LBLA

Numbers 22 in the LNT

Numbers 22 in the LSV

Numbers 22 in the MAAL

Numbers 22 in the MBV

Numbers 22 in the MBV2

Numbers 22 in the MHNT

Numbers 22 in the MKNFD

Numbers 22 in the MNG

Numbers 22 in the MNT

Numbers 22 in the MNT2

Numbers 22 in the MRS1T

Numbers 22 in the NAA

Numbers 22 in the NASB

Numbers 22 in the NBLA

Numbers 22 in the NBS

Numbers 22 in the NBVTP

Numbers 22 in the NET2

Numbers 22 in the NIV11

Numbers 22 in the NNT

Numbers 22 in the NNT2

Numbers 22 in the NNT3

Numbers 22 in the PDDPT

Numbers 22 in the PFNT

Numbers 22 in the RMNT

Numbers 22 in the SBIAS

Numbers 22 in the SBIBS

Numbers 22 in the SBIBS2

Numbers 22 in the SBICS

Numbers 22 in the SBIDS

Numbers 22 in the SBIGS

Numbers 22 in the SBIHS

Numbers 22 in the SBIIS

Numbers 22 in the SBIIS2

Numbers 22 in the SBIIS3

Numbers 22 in the SBIKS

Numbers 22 in the SBIKS2

Numbers 22 in the SBIMS

Numbers 22 in the SBIOS

Numbers 22 in the SBIPS

Numbers 22 in the SBISS

Numbers 22 in the SBITS

Numbers 22 in the SBITS2

Numbers 22 in the SBITS3

Numbers 22 in the SBITS4

Numbers 22 in the SBIUS

Numbers 22 in the SBIVS

Numbers 22 in the SBT

Numbers 22 in the SBT1E

Numbers 22 in the SCHL

Numbers 22 in the SNT

Numbers 22 in the SUSU

Numbers 22 in the SUSU2

Numbers 22 in the SYNO

Numbers 22 in the TBIAOTANT

Numbers 22 in the TBT1E

Numbers 22 in the TBT1E2

Numbers 22 in the TFTIP

Numbers 22 in the TFTU

Numbers 22 in the TGNTATF3T

Numbers 22 in the THAI

Numbers 22 in the TNFD

Numbers 22 in the TNT

Numbers 22 in the TNTIK

Numbers 22 in the TNTIL

Numbers 22 in the TNTIN

Numbers 22 in the TNTIP

Numbers 22 in the TNTIZ

Numbers 22 in the TOMA

Numbers 22 in the TTENT

Numbers 22 in the UBG

Numbers 22 in the UGV

Numbers 22 in the UGV2

Numbers 22 in the UGV3

Numbers 22 in the VBL

Numbers 22 in the VDCC

Numbers 22 in the YALU

Numbers 22 in the YAPE

Numbers 22 in the YBVTP

Numbers 22 in the ZBP